Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASETENAM NSƐM

Anammɔn Biara a Mitui No, Me Werɛ Amfi Yehowa

Anammɔn Biara a Mitui No, Me Werɛ Amfi Yehowa

DA KORO anɔpa bi a na awia ayi ne ti wɔ afe 1984 mu no, mifii fie sɛ merekɔ adwuma. Baabi a na yɛte wɔ Caracas a ɛwɔ Venezuela no, na ɛhɔ yɛ fɛ paa. Ɔwɛn Aban foforo bi a na aba no, menam kwan so rekɔ nyinaa na meredwinnwen emu asɛm bi ho. Nea na ɛreka ho asɛm ne sɛnea wɔn a yɛne wɔn te mpɔtam no hu yɛn. Mehwɛɛ afie a na ɛwowɔ kwan no ho no, na mibisaa me ho sɛ: ‘Wɔn a me ne wɔn te mpɔtam ha yi, nea wohu me ara ne sɛ obi a ɔyɛ adwuma wɔ sikakorabea a nneɛma kɔ yiye ma no? Anaa wohu me sɛ obi a ɔsom Onyankopɔn a ɔyɛ adwuma wɔ sikakorabea de hwɛ n’abusua?’ Bere a mihuu sɛnea meyi asɛm no ano no, anyɛ me dɛ. Enti na ɛsɛ sɛ mitu ho anammɔn.

Wɔwoo me May 19, afe 1940 wɔ Amioûn. Ɛyɛ kurow bi a ɛwɔ Lebanon. Mfe kakra akyi no, yɛn abusua no tu kɔɔ Tripoli. Ɛhɔ na wɔtetee me. Ná m’abusuafo nyinaa dɔ Yehowa, enti na m’ani gye. Ná yɛyɛ anuanom nnum, mmea mmiɛnsa ne mmarima mmienu. Me na na misua. M’awofo de, ɛnyɛ adwuma a na wɔbɛyɛ anya sika de ahwɛ yɛn na na ɛyɛ ade titiriw wɔ wɔn asetena mu. Ade titiriw a na yɛyɛ ne sɛ yebesua Bible, akɔ Kristofo nhyiam na yɛaboa afoforo ma wɔabehu Onyankopɔn.

Ná Kristofo a wɔasra wɔn no kakra wɔ yɛn asafo mu. Wɔn mu baako ne Michel Aboud. Kan no, nea na yɛfrɛ no nhoma mu adesua no, ɔno na na ɔhwɛ so. Ohuu nokware no wɔ New York, na afe 1920 mfiase hɔ na ɔde baa Lebanon. Ná Anne ne Gwen Beavor yɛ mmea a na wonnyinyinii pii a na wɔawie Gilead Sukuu. Nanso mekae paa sɛ na onua Aboud bu wɔn, na ɔboaa wɔn paa. Wɔbɛyɛɛ yɛn nnamfo a na yenni wɔn ho agorɔ. Mfe pii akyi no, mikohyiaa Anne wɔ United States, na m’ani gyei paa. Akyiri yi, mihyiaa Gwen, na na ɔne ne kunu Wilfred Gooch resom wɔ Betel a ɛwɔ London wɔ England.

YƐKAA ASƐMPA NO WƆ LEBANON

Bere a meyɛ aberantewa no, na Adansefo kakraa bi na ɛwɔ Lebanon. Nanso yɛde anigye kaa Bible no mu asɛm kyerɛɛ nkurɔfo. Ɛwom sɛ asɔfo bi sɔre tiaa yɛn de, nanso yɛampa abaw. Meda so kae nsɛm bi a esisii.

Da koro bi, na me ne me nuabea Sana reyɛ afie afie asɛnka adwuma no wɔ abansoro bi so. Ɔsɔfo bi baa baabi a na yɛreka asɛmpa no. Ɛbɛyɛ sɛ obi na ɛkɔka kyerɛɛ no sɛ yɛwɔ hɔ. Ɔsɔfo no beduu hɔ ara na ofii ase didii me nuabea no atɛm. N’ani beree paa na osum me nuabea Sana hwee hɔ ma opirae. Wɔn a ɛtete hɔ no bi frɛɛ polisifo ma wɔbae, na wɔbɛboaa Sana. Bere a wɔde ɔsɔfo no kɔɔ police station no, wohui sɛ tuo hyɛ ne ho. Polisifo panyin no bisaa no sɛ: “Wo koraa woyɛ hena? Woyɛ ɔsɔfo anaa woyɛ aturutrafo kuw bi panyin?”

Asɛm baako nso a mekae paa ne sɛ, bere bi yɛn asafo no han kar de kɔɔ kurow bi a atew ne ho so kɔkaa asɛmpa no. Mfiase no biribiara kɔɔ so kama. Nanso akyiri yi a kurow no mu sɔfo tee sɛ yɛaba hɔ no, ɔboaboaa nkurɔfo ano ma wɔbɛtow hyɛɛ yɛn so. Wodii yɛn ani paa, na wɔpaa yɛn abo mpo maa me papa pirae. Mekae sɛ na Paapa anim nyinaa ayɛ mogya. Ɔne me maame san kɔɔ kar no ho. Yɛn a yɛaka no nso, esiane sɛ na yɛayɛ basaa nti, yedii wɔn akyi. Nanso ade baako a me werɛ remfi da ne sɛ, bere a na Maame repopa Paapa kuru no anim ama no no, Maame kaa sɛ: “Yehowa, fa kyɛ wɔn. Wonnim nea wɔreyɛ.”

Bere bi nso yɛkɔsraa yɛn abusuafo wɔ yɛn kurom. Bere a yɛkɔɔ me nanabarima fie no, na ɔsɔfo panyin bi wɔ hɔ. Ná ɔsɔfo panyin no nim sɛ m’awofo yɛ Yehowa Adansefo, nanso me a meyɛ abofra a madi mfe nsia pɛ no, me mmom na obisaa me asɛm. Obisaa me sɛ: “Adɛn nti na wommɔɔ asu?” Meka kyerɛɛ no sɛ meda so ara yɛ abofra, enti sɛ mɛbɔ asu a, gye sɛ misua Bible no yiye na minya gyidi kɛse ansa. Me mmuae no anyɛ no dɛ, enti ɔka kyerɛɛ me nanabarima sɛ mimmu ade.

Yenyaa suahu bebree, nanso nea ɛtete sei a ɛma obi abam bu no de, na ɛnnɔɔso. Lebanonfo dodow no ara pɛ nnipa na wɔn yam ye. Enti yɛne wɔn mu bebree bɔɔ Bible mu nkɔmmɔ ma yɛn ani gyei, na yɛne wɔn mu bi nso yɛɛ Bible adesua.

YƐYƐE SƐ YEBETU AKƆ ƆMAN FOFORO SO

Bere a meda so kɔ sukuu wɔ Lebanon no, onua aberantewa bi fi Venezuela baa hɔ nsrahwɛ. Ɔbae no, na ɔba yɛn adesua. Ɔne me nuabea Wafa faa adamfo hwɛe sɛ wobetumi aware anaa. Bere bi akyi no, wɔwaree na wɔkɔtenaa Venezuela. Bere biara a Wafa bɛkyerɛw Paapa no, na ɔka kyerɛ no sɛ ɔmma yɛn abusua no nyinaa ntu nkɔ Venezuela. Nea enti a na ɔyɛ saa ne sɛ na wafe yɛn paa. Ewiee ase no, yɛn nyinaa tu kɔe ma onyaa ne koma so ade!

Afe 1953 na yetu kɔɔ Venezuela. Yɛkɔe no, yɛkɔtenaa Caracas. Baabi a yɛkɔtenae no, na ɛhɔ bɛn baabi a ɔmampanyin no te. Esiane sɛ na meda so ara yɛ aberantewa nti, sɛ mihu sɛ ɔmampanyin no te ne kar mu abetwam a, na m’ani agye. Nanso m’awofo de, na ɔman foforo yi so asetena nyɛ mmerɛw mma wɔn koraa. Kasa no a wobesua, ɛha amammerɛ, aduan no ne sɛnea ewim yɛ hyew fa no, na wontumi koraa. Nokwasɛm ne sɛ, “wɔn nan reyɛ agye fam” ara na awerɛhosɛm bi sii.

Efi benkum kɔ nifa: Me papa. Me maame. Me ni; ɛyɛ bere a m’abusua no tu kɔɔ Venezuela afe 1953

AWERƐHOSƐM BI SII

Yare bi bɔɔ me papa. Ná yɛnhwɛ kwan koraa efisɛ na ɔyɛ obi a ɔte apɔw. Ná yɛnkae mpo sɛ wayare da. Wɔyɛɛ nhwehwɛmu no, wohui sɛ kokoram atɔ n’akitegya anaa pancreas mu, enti wɔyɛɛ no oprehyɛn. Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, nnawɔtwe baako pɛ akyi na owui.

Nea na yɛrefa mu saa bere no nti, asɛm no bubuu yɛn paa. Saa bere no na madi mfe 13 pɛ. Nea esii no tɔɔ yɛn so, na yɛtee nka sɛ yɛn wiase nyinaa aba awiei. Ná ɛyɛ den ma Maame sɛ obegye atom sɛ Paapa nni hɔ bio. Nanso eduu baabi no, yehui sɛ nea ebesi anya asi enti ɛsɛ sɛ yɛtoa abrabɔ no so, na Yehowa nso boaa yɛn. Midii mfe 16 no na miwiee ntoaso sukuu wɔ Caracas. Mihui paa sɛ ɛsɛ sɛ meboa ma yɛhwɛ yɛn abusua no.

Me nuabea Sana ne ne kunu Rubén boaa me paa ma minyaa nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu

Saa bere no mu ara na me nuabea Sana waree Rubén Araujo. Ná Rubén awie Gilead Sukuu ama wasan aba Venezuela. Wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wobetu akɔ New York. Bere a m’abusua no sii gyinae sɛ menkɔ suapɔn no, mekɔɔ no wɔ New York efisɛ na menya baabi atena. Bere a mekɔtenaa me nuabea ne m’akonta nkyɛn no, wɔboaa me paa ma minyaa nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu. Afei nso, asafo a na yɛwom wɔ Brooklyn a yɛka Spanish kasa no, na anuanom a wɔn ho akokwaw bebree wom. Wɔn mu mmienu a mihuu wɔn yiye maa m’ani gyei ne Milton Henschel ne Frederick Franz; na wɔn mmienu nyinaa som wɔ Brooklyn Betel.

Bere a mebɔɔ asu afe 1957

Aka kakra ma matwa afe baako wɔ suapɔn no mu no, na m’adwene nsi me pi efisɛ na minhu baabi a m’abrabɔ ani kyerɛ. Ná makenkan nsɛm bi wɔ Ɔwɛn Aban mu adwinnwen ho akɔ akyiri ahu sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo de botae ahorow sisi wɔn ani so. Mihui sɛ anuanom akwampaefo ne Betelfo a na ɛwɔ yɛn asafo no mu ani gye paa, na minyae a na anka mete sɛ wɔn. Nanso, na minnya mmɔɔ asu. Ankyɛ koraa na mihui sɛ ɛsɛ sɛ mihyira me ho so ma Yehowa. Enti mihyiraa me ho so, na mituu anammɔn a ɛho hia paa no bɔɔ asu March 30, afe 1957.

MISISII GYINAE AHOROW A ƐHO HIA

Bere a mituu saa anammɔn a ɛho hia no wiei no, mesan susuw ho hwɛe sɛ metumi atu anammɔn foforo abɛyɛ ɔkwampaefo anaa. Ade rekye a ade resa nyinaa na akwampae adwuma no ho akɔnnɔ a ɛwɔ me mu no reyɛ kɛse. Nanso mihui sɛ na ɛbɛyɛ den sɛ metu saa anammɔn no. Ná mɛyɛ dɛn aka akwampae adwuma no ne suapɔn adesua no abɔ so ma ayɛ yiye? Ná ɛsɛ sɛ mekyerɛw lɛtɛ mpɛn pii kɔkyerɛkyerɛ mu kyerɛ me maame ne me nuanom sɛ mepɛ sɛ migyae suapɔn no san ba Venezuela bɛyɛ ɔkwampaefo. Ebiara a mɛkyerɛw akɔ no na wɔn nso akyerɛw bi aba.

Mesan kɔɔ Caracas June afe 1957. Nanso mekɔe no, mihui sɛ nneɛma nkɔ yiye wɔ m’abusua no mu. Ná ɛsɛ sɛ obi foforo nso yɛ adwuma de boa. Dɛn na na metumi ayɛ de aboa? Minyaa adwuma wɔ sikakorabea bi, nanso na mepɛ paa sɛ meyɛ ɔkwampaefo nso. Ade yi, akwampae adwuma no ara nti na mesan baa me nkyi. Ná masi me bo sɛ mɛyɛ mmienu no nyinaa. Mede mfe kakra yɛɛ adwuma wɔ sikakorabea hɔ; saa bere no ara nso na meyɛ ɔkwampaefo. Ɛwom sɛ na minnya me ho atwaye koraa, nanso na m’ani gye paa!

Ade foforo nso a ɛmaa m’ani gyei ne sɛ, mihyiaa Sylvia, onuawa hoɔfɛfo bi a ofi Germany a ɔdɔ Yehowa paa, na yɛwaree. Ná ɔne n’awofo atu abɛtena Venezuela. Akyiri yi, yɛwoo mmienu, ɔbea baako ne ɔbarima baako. Ɔbea no din de Samira, na ɔbarima no din de Michel anaa Mike. Bio nso, memaa me maame bɛtenaa yɛn nkyɛn, na mehwɛɛ no. Sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ahwɛ m’abusua no nti migyaee akwampae adwuma no, nanso asɛnka adwuma no de mantoto no ase. Sɛ yɛkɔ liif a, bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, na me ne Sylvia yɛ akwampaefo boafo adwuma no bi.

MESAN TUU ANAMMƆN KƐSE BI

Bere a na meredwinnwen nea mekaa ho asɛm de fii m’asɛm yi ase ho no, na me mma no da so ara kɔ sukuu. Nokwasɛm ne sɛ na mete yiye paa. Sikakorabea adwuma no mu nso, na wobu me. Nanso, nea na mepɛ paa ne sɛ nkurɔfo behu me sɛ Yehowa somfo. Nea na ɛrekɔ so wɔ me tirim no yɛɛ me kɔdaanna. Enti me ne me yere tenaa ase hwɛɛ sɛnea yɛn sikasɛm te. Sɛ migyae sikakorabea adwuma no a, na wɔbɛma me sika puduo bi. Esiane sɛ na yɛnne ka nti, yehui sɛ, sɛ yɛtetew nneɛma so a, sika a yebenya no, yebetumi de atwitwa yɛn ho akyɛ.

Ná ɛnyɛ mmerɛw sɛ metu saa anammɔn no. Nanso me yere a medɔ no no, ne me maame nyinaa taa m’akyi. Afei de, na metumi asan akɔyɛ akwampae adwuma no. Hwɛ sɛnea m’ani gyei! Ná ɛyɛ me sɛ afei de kwan mu ateɛ. Nanso, ankyɛ na yɛtee asɛm bi a na yɛnhwɛ kwan.

ANIGYESƐM BI A NA YƐNHWƐ KWAN!

Yɛwoo Gabriel, yɛn ba a ɔto so mmiɛnsa no, na ɛyɛ anigyesɛm a yɛnhwɛ kwan

Da koro bi yɛn dɔkota ka kyerɛɛ yɛn sɛ Sylvia nyem. Ná yɛn mmienu nyinaa nhwɛ kwan koraa! Ná ɛyɛ anigyesɛm, nanso anammɔn a na matu sɛ mɛyɛ ɔkwampaefo no nso ho asɛm besii me tirim. Ná mɛyɛ dɛn ayɛ akwampae adwuma no? Ankyɛ na yehui sɛ nea ebesi anya asi, enti ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn adwene yiye na yɛyɛ ntotoe a yɛde bɛhwɛ abofra a ɔreba no kwan. Nanso na meda so ara redwen ho sɛ, na akwampae adwuma no nso ɛ, mɛyɛ no dɛn?

Yɛsan dwinnwen akwampae adwuma a na mɛyɛ no ho, na yesii gyinae sɛ yɛrensesa gyinae a na yɛasi no. April afe 1985 mu no, yɛwoo yɛn babarima Gabriel. Ne nyinaa akyi no, migyaee adwuma a na meyɛ wɔ sikakorabea no, na mesan fii akwampae adwuma no ase June afe 1985. Bere bi akyi no, minyaa hokwan kɔkaa Baa Boayikuw no ho. Esiane sɛ na Betel no nni Caracas nti, na ɛsɛ sɛ mitwa kwan akwansin 50 anaa kilomita 80 kɔ hɔ. Nnawɔtwe biara na mekɔ hɔ mprenu anaa mprɛnsa.

YƐSAN TUI

Ná Betel no wɔ kurow bi a wɔfrɛ no La Victoria mu, enti yɛn abusua no yɛe sɛ yebetu akɔ hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛbɛn Betel. Ná ɛyɛ nsakrae kɛse ma yɛn nyinaa. Minhu nea menka mpo mfa nna m’abusua no ase. Nea wɔyɛe no boaa me paa. Me nuabea Baha penee so sɛ ɔbɛhwɛ Maame. Saa bere no, na Mike aware, nanso Samira ne Gabriel de, na wɔda so te yɛn nkyɛn. Enti bere a yetu kɔɔ La Victoria no, wɔne wɔn nnamfo a ɛwɔ Caracas no ntam tetewee. Afei nso esiane sɛ kurow kɛse a emu yɛ bagyabagya mu ara na na me dɔfo Sylvia atena nti, na ɛsɛ sɛ osua sɛnea ɔbɛtena kurow ketewa mu. Ná ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa nso sua sɛnea yɛbɛtena ofie ketewa mu. Nokwasɛm ni, na ɛnna fam sɛ yebetu afi Caracas akɔ La Victoria.

Nanso nneɛma san sesae bio. Gabriel waree na Samira nso tew ne ho. Afei afe 2007 no, wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛka Betel abusua no ho, na yɛda so som wɔ hɔ besi nnɛ. Yɛn ba panyin Mike yɛ asafo mu panyin, na ɔne ne yere Monica yɛ akwampaefo. Gabriel nso yɛ asafo mu panyin na ɔne ne yere Ambra resom wɔ Italy. Samira nso yɛ ɔkwampaefo, na ɔsan yɛ adwuma fi fie de boa Betel.

Efi benkum kɔ nifa: Me ne me yere Sylvia wɔ Venezuela Betel. Yɛn ba panyin Mike ne ne yere Monica. Yɛn babea, Samira. Yɛn ba Gabriel ne ne yere Ambra

ANKA MƐSAN ATU SAA ANAMMƆN NO ARA

Anokwa, matutu anammɔn pii a ɛho hia wɔ m’asetena mu, na minnuu me ho. Sɛ merefi ase bio a, anka anammɔn a mitui no ara na anka mɛsan atu. Hokwan bebree a manya de asom Yehowa no, m’ani sɔ paa. Mfe a mede asom Yehowa nyinaa mu no, mabehu sɛ ɛho hia paa sɛ yɛma yɛne Yehowa adamfofa mu yɛ den. Anammɔn a ɛsɛ sɛ yetutu no, sɛ ɛyɛ ketewa oo, sɛ ɛyɛ kɛse oo, Yehowa betumi aboa yɛn ma yɛanya “asomdwoe a ɛboro ntease nyinaa so.” (Filip. 4:6, 7) Me ne Sylvia ani agye sɛ yɛresom wɔ Betel. Yɛte nka sɛ anammɔn biara a yɛatu wɔ yɛn asetena mu no Yehowa ahyira so, efisɛ ne nyinaa mu no yɛankɔ annyaw no.