Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 25

Monnto “Nkumaa Yi” Hintidua

Monnto “Nkumaa Yi” Hintidua

‘Mummmu nkumaa yi mu baako animtiaa.’​—MAT. 18:10.

DWOM 113 Yɛwɔ Asomdwoe

NEA YƐREBESUA *

1. Dɛn na Yehowa ayɛ ama yɛn mu biara?

YEHOWA atwe yɛn mu biara aba ne nkyɛn. (Yoh. 6:44) Wo de, susuw nea ɛno kyerɛ no ho hwɛ. Bere a Yehowa tɔɔ ne bo ase hwehwɛɛ nnipa ɔpepepem pii a ɛwɔ wiase no mu no, ohui sɛ wowɔ koma pa a ɛbɛma woatumi adɔ no. (1 Be. 28:9) Yehowa nim wo, ɔte wo ase, na ɔdɔ wo. Wei nkyekye wo werɛ anaa?

2. Mfatoho bɛn na Yesu mae a ɛkyerɛ sɛ Yehowa dwen ne nguan no mu biara ho?

2 Yehowa dwen wo ho paa, na saa ara nso na odwen wo nuanom Kristofo nyinaa ho. Yesu de Yehowa totoo oguanhwɛfo ho de kyerɛkyerɛɛ saa asɛm yi mu. Sɛ oguanhwɛfo bi wɔ nguan 100 na baako yera a, dɛn na ɔbɛyɛ? ‘Obegyaw 99 no wɔ bepɔw so akɔhwehwɛ nea wayera no.’ Sɛ oguanhwɛfo no hu ne guan no a, ne bo remfuw oguan no sɛ ɔyerae, mmom obedi ahurusi. Asuade a ɛwom no ne sɛn? Oguan biara ho hia Yehowa. Yesu kaa sɛ: “M’Agya a ɔwɔ soro no ani nnye ho sɛ nkumaa yi mu baako mpo bɛyera.”​—Mat. 18:12-14.

3. Dɛn na yebesua wɔ adesua yi mu?

3 Yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ biribiara a ɛbɛma yɛn nuanom aba mu abu. Yɛbɛyɛ dɛn na yɛanto afoforo hintidua? Na sɛ obi yɛ biribi ma ɛhaw yɛn a, dɛn na yebetumi ayɛ? Yebenya nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ adesua yi mu. Nanso “nkumaa yi” a wɔn ho asɛm wɔ Mateo ti 18 no, momma yenni kan nsua wɔn ho ade kakra.

HENANOM NE SAA “NKUMAA YI”?

4. Henanom ne saa “nkumaa yi”?

4 Saa “nkumaa yi” ne Yesu asuafo nyinaa ɛmfa ho mfe a wɔn mu biara adi. Wɔn nyinaa te sɛ “mmofra nkumaa,” efisɛ wɔpɛ sɛ Yesu kyerɛkyerɛ wɔn. (Mat. 18:3) Ɛwom, ɛsono baabi a obiara fi ne wɔn amammerɛ ne sɛnea wodwen nneɛma ho ne wɔn nipaban. Nanso wɔn nyinaa gye Kristo di, ɛno nti Kristo nso dɔ wɔn paa.​—Mat. 18:6; Yoh. 1:12.

5. Sɛ obi to Yehowa nguan no mu bi hintidua anaa ɔyɛ biribi ma ɛhaw no a, Yehowa te nka sɛn?

5 “Nkumaa yi” nyinaa som bo ma Yehowa. Sɛ yɛpɛ sɛ yehu sɛnea Yehowa te nka a, momma yɛnhwɛ sɛnea yɛte nka wɔ mmofra ho. Wɔda yɛn koma so paa. Esiane sɛ wonni ahoɔden, osuahu ne nyansa te sɛ mpanyimfo nti, yɛpɛ sɛ yɛbɔ wɔn ho ban. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yehu sɛ wɔreteetee obi a, ɛhaw yɛn. Nanso sɛ yehu sɛ wɔreteetee abofra bi a, etwa yɛn nsono mu koraa. Saa ara nso na Yehowa pɛ sɛ ɔbɔ yɛn ho ban. Enti sɛ obi to ne nguan no mu bi hintidua anaa ɔteetee no a, ɛhaw no anaa ɛhyɛ no abufuw mpo!​—Yes. 63:9; Mar. 9:42.

6. Sɛnea 1 Korintofo 1:26-29 kyerɛ no, sɛn na wiase no bu Yesu asuafo?

6 Ɔkwan foforo bɛn so na Yesu asuafo te sɛ mmofra “nkumaa”? Wohwɛ a, henanom na wiase no bu wɔn sɛ wɔn ho hia? Asikafo, wɔn a wɔagye din ne wɔn a wɔwɔ tumi. Nanso wiase no bu Yesu asuafo no sɛ mmofra “nkumaa” a wɔn so nni mfaso. (Kenkan 1 Korintofo 1:26-29.) Nanso ɛnyɛ saa na Yehowa hu wɔn.

7. Sɛn na Yehowa pɛ sɛ yebu yɛn nuanom Kristofo?

7 Yehowa asomfo a wɔde mfe pii asom no ne wɔn a wɔbaa nokware no mu nkyɛe nyinaa, Yehowa dɔ wɔn. Yɛn nuanom nyinaa ho hia Yehowa, enti yɛn nso ɛsɛ sɛ yɛma wɔn ho hia yɛn. Yɛpɛ sɛ ‘yɛdɔ anuanom nyinaa’ a yɛnyɛ nyiyim. (1 Pet. 2:17) Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara de bɔ wɔn ho ban na yɛkyerɛ sɛ yedwen wɔn ho. Enti sɛ yehu sɛ yɛayɛ biribi ama ahaw obi a, ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so na yɛka sɛ onipa no hwene mu bɔn no dodo, na ɛnsɛ sɛ ɔtwe nsɛm mu. Adɛn nti na ebinom betumi ama asɛm ahaw wɔn? Ebia baabi a wɔtetee anuanom binom nti, wobu wɔn ho abomfiaa. Ebinom nso baa nokware no mu nkyɛe, enti wonnya nhuu sɛnea wobenya afoforo sintɔ ho koma. Sɛnea ɛte biara no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara ma asomdwoe tena yɛne yɛn nuanom ntam. Afei nso sɛ obi ma nea afoforo yɛ taa haw no a, ɛsɛ sɛ ohu sɛ ɛyɛ mmerɛwyɛ a ɛsɛ sɛ ɔyɛ ho adwuma. Ɔyɛ saa a, n’asom bedwo no na ɔne ne nuanom ntam nso bɛyɛ kama.

BU AFOFORO SƐ WƆKYƐN WO

8. Yesu bere so no, suban bɛn na na nkurɔfo wɔ a enyaa n’asuafo no so nkɛntɛnso?

8 Dɛn na ɛmaa Yesu kaa “nkumaa yi” ho asɛm? Ná n’asuafo no abisa no sɛ: “Hena paa na ɔyɛ kɛse wɔ ɔsoro Ahenni no mu?” (Mat. 18:1) Saa bere no, na Yudafo no bebree wɔ hɔ a dibea a obi wɔ ho hia wɔn paa. Nhomanimfo bi ka sɛ: “Nea na nkurɔfo kum wɔn ho hwehwɛ ara ne nidi, edin, anuonyam, dibea ne obu.”

9. Dɛn na na ɛsɛ sɛ Yesu asuafo no yɛ?

9 Esiane sɛ na akansi agye ntini wɔ Yudafo amammerɛ mu nti, na Yesu nim sɛ ɛsɛ sɛ n’asuafo no yere wɔn ho paa na wɔatumi atu saa suban no ase. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma nea ɔyɛ mo mu ɔkɛse no nyɛ sɛ akumaa koraa, na nea odi anim no nyɛ ɔsomfo.” (Luka 22:26) Sɛ ‘yebu afoforo sɛ wɔkyɛn’ yɛn a, ɛno kyerɛ sɛ yɛayɛ yɛn ho “akumaa koraa.” (Filip. 2:3) Sɛ yɛyere yɛn ho nya saa suban no a, ɛbɛyɛ den sɛ yɛbɛto afoforo hintidua.

10. Afotu a Paul de mae bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ adwuma?

10 Yɛn nuanom Kristofo nyinaa kyɛn yɛn wɔ ɔkwan bi so. Sɛ yɛde yɛn adwene si suban pa a wɔwɔ so a, ɛrenyɛ den sɛ yebehu. Ɛsɛ sɛ yɛde afotu a ɔsomafo Paul de maa Korintofo no yɛ adwuma. Ɔkaa sɛ: “Hena na ɔma wokyɛn obi? Dɛn koraa na wowɔ a woannya? Na sɛ nya na wunyae a, adɛn nti na wudwa w’anom te sɛ nea woannya yi?” (1 Kor. 4:7) Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛanyɛ biribi a ɛbɛtwetwe nkurɔfo adwene aba yɛn so anaa yɛannya adwene sɛ yɛkyɛn afoforo. Sɛ onua bi tumi ma ɔkasa ma ɛkanyan atiefo anaa ɛnyɛ den mma onuawa bi sɛ obefi Bible adesua ase a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ de ɛho anuonyam nyinaa ma Yehowa.

MUMFI “MO KOMAM” MFA BƆNE NKYƐ

11. Yesu mfatoho a ɛfa ɔhene bi ne n’akoa ho no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

11 Bere a Yesu bɔɔ n’akyidifo kɔkɔ sɛ wɔnhwɛ na wɔanto afoforo hintidua no, ɛno akyi pɛɛ na ɔmaa mfatoho bi a ɛfa ɔhene bi ne n’akoa ho. Ná akoa no de ɔhene no ka kɛse bi, na na ɔtwe ne mu tann a ɔrentumi ntua da. Enti ɔhene no de kyɛɛ no. Akyiri yi, saa akoa yi nso kohyiaa ne yɔnko akoa bi a ɔde no ka ketewaa bi nanso ɔno de wamfa ankyɛ no. Nea akoa tirimɔdenfo yi yɛe nti, ɔhene no de no kɔtoo afiase. Dɛn na yesua fi mu? Yesu kaa sɛ: “Saa ara na mo nso, sɛ moamfi mo komam amfa ankyɛ mo nuanom a, me soro Agya ne mo bedi.”​—Mat. 18:21-35.

12. Sɛ yɛamfa afoforo bɔne ankyɛ wɔn a, ɔkwan bɛn so na ɛhaw wɔn?

12 Nea akoa no yɛe no, ɛnyɛ ɔno nko ara na ɛhaw no; ɛhaw afoforo nso. Nea edi kan, wanhu ne yɔnko akoa no mmɔbɔ, mmom ɔma wɔde no “kɔtoo afiase kosi sɛ obetua ɛka a ɔde no.” Nea ɛto so mmienu, nkoa a wohuu nea ɛkɔɔ so no nso, asɛm no haw wɔn. Bere a ne “mfɛfo nkoa no huu nea asi no, wɔn werɛ howee paa.” Saa ara na yɛn nneyɛe nso tumi haw afoforo. Sɛ obi fom yɛn na yɛamfa ankyɛ no a, dɛn na ebetumi asi? Nea edi kan, esiane sɛ yɛamfa ankyɛ no nti, yehu no a ebia yebeyi yɛn ani anaa yɛrenyɛ biribiara mfa nkyerɛ sɛ yɛdɔ no. Nea ɛto so mmienu, sɛ afoforo a ɛwɔ asafo no mu hu sɛ yɛne yɛn nua bi ntam nnwo a, ɛmma wɔn ho mmae wɔn.

Wode wo nua ho asɛm bɛhyɛ wo mu, anaa wubefi wo komam de akyɛ no? (Hwɛ nkyekyɛm 13-14) *

13. Dɛn na wusua fi ɔkwampaefo bi asɛm no mu?

13 Sɛ yɛde yɛn nuanom bɔne kyɛ wɔn a, ɛboa yɛn ankasa ne afoforo. Ɔkwampaefo bi a yɛbɛfrɛ no Crystal behui sɛ saa asɛm no yɛ nokware. Onuawa bi a ɔwɔ asafo no mu yɛɛ ade ma ɛhyee no. Crystal ka sɛ: “Ɛtɔ da a, onuawa no nsɛm wowɔ sɛ sekan. Sɛ yɛrekɔ asɛnka a, na mempɛ sɛ me ne no bɛtena kar baako mu mpo. Afei nkakrankakra anigye ne ahokeka a mede yɛ asɛnka adwuma no kɔɔ fam.” Ná Crystal te nka sɛ, sɛ ne bo fuw a, ɛyɛ ne kwan so, nanso wamfa onuawa no ho asɛm anhyɛ ne mu, na saa ara nso na wamma onuawa no asɛm no anhyɛ ne so. Ɔkenkan asɛm bi a yɛato din, “Fi Komam Fa Firi,” na ɔbrɛɛ ne ho ase de Kyerɛwnsɛm mu afotu a ɛwom no yɛɛ adwuma. Saa asɛm no puei wɔ October 15, 1999 Ɔwɛn-Aban no mu. Enti ɔde nea onuawa no yɛɛ no no kyɛɛ no. Crystal ka sɛ: “Afei na mahu sɛ yɛn nyinaa rebɔ mmɔden sɛ yɛbɛhyɛ suban foforo no, na Yehowa yi ne yam de yɛn bɔne kyɛ yɛn da biara. Mete nka sɛ adesoa kɛse bi afi me so. M’ani asan agye bio.”

14. Sɛnea asɛm a ɛwɔ Mateo 18:21, 22 kyerɛ no, dɛn na na ɛyɛ den ma ɔsomafo Petro sɛ ɔbɛyɛ, na dɛn na yebetumi asua afi mmuae a Yesu de maa no no mu?

14 Yenim sɛ ade a ɛfata sɛ yɛyɛ ne sɛ yɛde afoforo bɔne bɛkyɛ wɔn. Nanso ɛtɔ da a, ɛyɛ den sɛ yɛbɛyɛ saa. Ɔsomafo Petro nso, ɛtɔ da a na ɛbɛyɛ sɛ ɔte nka saa ara. (Kenkan Mateo 18:21, 22.) Ɛnde dɛn na ebetumi aboa yɛn? Nea edi kan, ɛsɛ sɛ yedwinnwen yɛn bɔne bebree a Yehowa de akyɛ yɛn no ho. (Mat. 18:32, 33) Yɛmfata sɛ anka ɔde yɛn bɔne kyɛ yɛn nanso oyi ne yam de kyɛ yɛn. (Dw. 103:8-10) Ɛno da nkyɛn a, yɛn ankasa nso “ɛsɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho.” Enti ɛnyɛ sɛ yɛpɛ a na yɛde bɔne kyɛ; etwa sɛ yɛde kyɛ! Ɛyɛ yɛn asɛde sɛ yɛde yɛn nuanom mfomso kyɛ wɔn. (1 Yoh. 4:11) Nea ɛto so mmienu, sɛ yɛde bɔne kyɛ a, yennwinnwen nea ebefi mu aba no ho. Ebia ɛbɛboa onua a wafom yɛn no, ɛbɛma baakoyɛ atena asafo no mu, ɛbɛma yɛne Yehowa adamfofa mu ayɛ den, na ayi adesoa afi yɛn so. (2 Kor. 2:7; Kol. 3:14) Nea etwa to no, Onii a ose yɛmfa bɔne nkyɛ no, bɔ no mpae. Asomdwoe a ɛwɔ wo ne wo mfɛfo Kristofo ntam no, mma Satan kwan mma ɔnnsɛe no. (Efe. 4:26, 27) Sɛ yɛmpɛ sɛ Satan afiri yi yɛn a, ɛsɛ sɛ yɛma Yehowa boa yɛn.

MMA NEA AFOFORO YƐ NTO WO HINTIDUA

15. Sɛnea Kolosefo 3:13 ka no, sɛ onua anaa onuawa bi yɛ biribi ma ɛhaw yɛn a, dɛn na yebetumi ayɛ?

15 Na sɛ wo yɔnko Kristoni bi ayɛ ade ama ahye wo paa nso ɛ? Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Yɛ nea wubetumi biara ma asomdwoe ntena mo ntam. Fi wo komam bɔ Yehowa mpae. Srɛ Yehowa sɛ onhyira onii a wafom wo no, na ɔmmoa wo na hu suban pa a ɔwɔ a Yehowa nso ani gye ho no. (Luka 6:28) Sɛ worentumi mmu w’ani ngu nea wo nua no de ayɛ wo no so a, ɛnde pɛ ɔkwan bi a wobɛfa so ne no aka ho asɛm. Bere biara, nea ɛsɛ sɛ woma ɛtena wo tirim ne sɛ, wo nua no renhyɛ da nyɛ biribi sɛ ɔde rehaw wo. (Mat. 5:23, 24; 1 Kor. 13:7) Sɛ wo ne no rekasa a, fa no sɛ wanhyɛ da. Na sɛ ɔmpɛ sɛ ɔbɛma moasiesie mo ntam nso ɛ? ‘Kɔ so ara nya ne ho abotare;’ mpa abaw. (Kenkan Kolosefo 3:13.) Nea ehia paa no, mfa wo nua no ho asɛm nhyɛ wo mu da, efisɛ woyɛ saa a ɛbɛsɛe wo ne Yehowa adamfofa. Mma biribiara nnto wo hintidua da. Woyɛ saa a ɛkyerɛ sɛ Yehowa na wodɔ no paa.​—Dw. 119:165.

16. Asɛde bɛn na yɛn mu biara wɔ?

16 Yɛanya hokwan de baakoyɛ resom Yehowa sɛ “kuw baako” a “ɔhwɛfo baako” na ɔrekyerɛ yɛn kwan. Wei yɛ hokwan a ɛsom bo ma yɛn paa. (Yoh. 10:16) Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde nhoma no, kratafa 165 ka sɛ: “Seesei worenya saa baakoyɛ no so mfaso, enti ɛsɛ sɛ wo nso woboa ma ɛtena hɔ.” Enti ɛsɛ sɛ “yebu yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea sɛnea Yehowa bu wɔn” no. Yehowa de, obu yɛn nyinaa sɛ mmofra “nkumaa” a yɛda ne koma so. Saa ara na wo nso wubu wo nuanom anaa? Biribiara a woyɛ de boa wo nuanom anaa woyɛ de kyerɛ sɛ wudwen wɔn ho no, Yehowa hu na n’ani sɔ.​—Mat. 10:42.

17. Dɛn na yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

17 Yɛdɔ yɛn mfɛfo Kristofo. Enti ‘yɛasi yɛn bo sɛ yɛremfa hintidua anaa akwanside nto onua biara anim.’ (Rom. 14:13) Yebu yɛn nuanom sɛ wɔkyɛn yɛn na yɛpɛ sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu de wɔn bɔne kyɛ wɔn. Momma yɛnhwɛ na nea nkurɔfo ka anaa wɔyɛ anto yɛn hintidua. Mmom, “nneɛma a ɛde asomdwoe ba ne nneɛma a ɛma yɛhyehyɛ yɛn ho den no, momma yenni ɛno akyi.”​—Rom. 14:19.

DWOM 130 Fa Bɔne Kyɛ

^ nky. 5 Esiane sɛ yɛtɔ sin nti, yebetumi ayɛ biribi anaa yɛaka asɛm bi ama ahaw yɛn nuanom. Ɛba saa a, dɛn na yɛyɛ? Ɛyɛ a, yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yebesiesie yɛne yɛn nua no ntam anaa? Yɛyɛ ntɛm pa yɛn nua no kyɛw? Anaa yɛka sɛ me de menyɛɛ hwee, ɔno ara na wama ahaw no. Na nea nkurɔfo yɛ ne nea wɔka no, ɛreyɛ ara ni na ama yɛn bo afuw nso ɛ? Ɛyɛ a, nea yɛde yi yɛn ho ano ne sɛ me de saa na mete anaa? Anaa sɛnea yɛte no, yehu sɛ ɛyɛ mmerɛwyɛ bi a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ho adwuma?

^ nky. 53 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Yɛn nuabea bi bo afuw onuawa bi wɔ asafo no mu. Wɔasiesie wɔn ntam ama asɛm de n’asɛm kɔ, na seesei wɔabom de anigye resom Yehowa.