Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wunim?

So Wunim?

Yesu bere so no, tow bɛn na na ɛsɛ sɛ nkurɔfo tua?

EFI teteete nyinaa, na Israelfo tua tow de boa nokware som. Nanso ebeduu Yesu bere so no, na tow a Yudafo no tua no abɛyɛ hwanyann, na na ɛrebu wɔn kɔn mu.

Ɔkwan baako a na wɔfa so boa Onyankopɔn som ne sɛ, na ɛsɛ sɛ Yudafo a wɔadi mfe 20 rekɔ nyinaa tua dwetɛbona fã (drakma mmienu). Yesu bere so no, asɔrefie a Herode sii no na na ɛwɔ hɔ. Enti na wɔde sika no bi tuatua ɛka a na wɔbɔ wɔ asɔrefie no ho no. Afei nso na wɔde bi totɔ nneɛma a na wɔde bɔ afɔre wɔ hɔ no. Bere bi a Yudafo bi bisaa Petro adwene a Yesu wɔ wɔ saa tow yi ho no, Yesu anka sɛ ɛnsɛ sɛ wotua. Mmom, ɔkyerɛɛ Petro baabi a obenya sika de akotua saa tow no.​—Mat. 17:24-27.

Saa bere no, na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo tua taet. Ɛno ne wɔn nnɔbae anaa wɔn sika so ntotoso du du a na woyi no. (Lev. 27:30-32; Num. 18:26-28) Atosode bi te sɛ “onunum ne wisa ne nketenkete” mpo, na nyamesom akannifo a ɛwɔ hɔ saa bere no hwɛ kwan sɛ Israelfo no beyi so ntotoso du du pɛpɛɛpɛ. Yesu anka sɛ ɛnsɛ sɛ wotua taet, mmom ɔkasa tiaa akyerɛwfo ne Farisifo no nyaatwom no, efisɛ na wɔagye ntotoso du du no ho asɛm agyinam denneennen, nanso mmara a na ɛho hia paa no de, na wonni so.​—Mat. 23:23.

Saa bere no, esiane sɛ Romafo na na wodi Israelfo so nti, na ɛsɛ sɛ Israelfo tua tow ahorow pii ma Roma aban no. Emu baako ne sɛ, na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ asaase tua ho tow. Ná wobetumi de wɔn nnɔbae anaa sika atua. Nhwehwɛmu a wɔayɛ kyerɛ sɛ na ɛsɛ sɛ wɔkyɛ wɔn nnɔbae mu 4 anaa 5 de baako tua. Ɛno da nkyɛn a, na ɛsɛ sɛ Yudani biara nso tua tow. Saa tow yi ho asɛm na Farisifo no kobisaa Yesu no. Bere a Yesu rema wɔn mmuae a ɛfata no, ɔkaa sɛ: “Muntua Kaesare de mma Kaesare, na muntua Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.”​—Mat. 22:15-22.

Bio nso, sɛ obi de biribi ba ɔmantam bi mu sɛ ɔrebɛtɔn anaasɛ ɔbɛtɔ biribi na ɔde rekɔ a, na ɛsɛ sɛ otua tow. Ná wogyigye saa tow yi wɔ mpoano, bridge so, nkwantanan so, akwan a wɔfa so kɔ kurow bi mu, anaa akwan a wɔfa so kɔ baabi a wodi gua.

Tow ahorow a na ɔmanfo no tua ma Roma aban no, na ano yɛ hyew dodo. Roma abakɔsɛm kyerɛwfo Tacitus ka sii so sɛ, bere a Yesu wɔ asaase so a na Ɔhempɔn Tiberio di ade no, “Siriafo ne Yudafo a na tow rebu wɔn kɔn mu no kosu guu no so sɛ ɔntew so mma wɔn.”

Nea na etwa Israelfo no nsono mu koraa ne ɔkwan a na Roma aban no fa so gyigye tow no. Hokwan a na obi benya sɛ obegyigye tow wɔ ɔmantam bi mu no, nea ne sika so paa na na wɔtɔn ma no. Onii a wɔbɛtɔn ama no no, ɔno nso de ne mfaso to so. Afei ɔbɔ nkurɔfo paa ma wogyigye ma no. Wei ma onya ne ho sɛɛ tam. Wɔn a wɔbɔ nkurɔfo paa ma wogyigye tow ma wɔn no, ɛbɛyɛ sɛ na Sakeo yɛ wɔn mu baako. (Luka 19:1, 2) Ntease wom sɛ ɔmanfo no kasa tiaa ɔkwan a na wɔfa so gyigye tow no. Afei nso, ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔkasa tiaa wɔn a wogyigye tow no sɛ wɔyɛ nnipabɔnefo.