Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 24

Wubetumi Agye Wo Ho Afi Satan Mfiri Mu!

Wubetumi Agye Wo Ho Afi Satan Mfiri Mu!

‘Gye wo ho fi Ɔbonsam afiri mu.’​—2 TIM. 2:26.

DWOM 36 Yɛbɔ Yɛn Koma Ho Ban

NEA YƐREBESUA *

1. Adɛn nti na yebetumi de Satan atoto ɔbɔmmɔfo ho?

ƆBƆMMƆFO de, ne botae nyinaa ne sɛ obenya aboa bi akum no. Ɛno nti, osunsum mfiri ahorow-ahorow sɛnea Hiob gyamserefo no mu baako mpo kae no. (Hiob 18:8-10) Sɛ ɔbɔmmɔfo bi pɛ sɛ n’afiri yi aboa bi a, dɛn na ɛyɛ a ɔyɛ? Ɔde n’ani to fam hwɛ sɛnea aboa no yɛ n’ade. Ɛhe na ne kwan da? Aduan bɛn na ɔpɛ? Afiri no mu nea ɛwɔ he na osum a, ebeyi no? Satan te sɛ ɔbɔmmɔfo a yɛreka ne ho asɛm yi. Ɔde n’ani to fam hwɛ sɛnea yɛyɛ yɛn ade. Ɔhwɛ mmeae a yɛde yɛn ani kyerɛ, ne nea yɛn ani gye ho. Afei osum yɛn afiri a ogye di sɛ ebetumi ayi yɛn. Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ, sɛ n’afiri no bi yi yɛn mpo a, yebetumi anya yɛn ho atetew. Afei nso Bible kyerɛ yɛn nea yɛbɛyɛ na yɛammɛn ne mfiri no koraa.

Satan mfiri a ɛyɛ adwuma paa no, emu mmienu ne ahantan ne anibere (Hwɛ nkyekyɛm 2) *

2. Satan mfiri a ɛyɛ adwuma paa no, emu mmienu ne nea ɛwɔ he?

2 Satan mfiri a ɛyɛ adwuma paa no, emu mmienu ne ahantan ne anibere. * Satan de saa mfiri yi ayɛ adwuma mfe mpempem pii de ayi nkurɔfo. Ɔte sɛ nnomaayifo a wɔdɛɛdɛɛ nnomaa ma wɔkɔtɔ afiri anaa atena mu. (Dw. 91:3) Nanso ɛnsɛ sɛ yɛma Satan nya yɛn. Adɛn ntia? Efisɛ Yehowa ama yɛahu mfiri a Satan sunsum no.​—2 Kor. 2:11.

Yebetumi asua biribi afi nea ɛtoo wɔn a Bible ka wɔn ho asɛm no mu, na Ɔbonsam mfiri anyi yɛn, na sɛ eyi yɛn mpo a yɛanya yɛn ho atetew (Hwɛ nkyekyɛm 3) *

3. Adɛn nti na Yehowa ama wɔakyerɛw nnipa bi a na wɔyɛ ahantan ne anibere ho asɛm wɔ Bible mu?

3 Yehowa pɛ sɛ yehu sɛ ahantan ne anibere yɛ subammɔne. Enti n’asomfo bi a wonyaa saa subammɔne no, waka wɔn ho asɛm akyerɛ yɛn wɔ Bible mu, na ayɛ kɔkɔbɔ ama yɛn. Wɔn a yɛbɛka wɔn ho asɛm yi bɛma yɛahu sɛ, wɔn a wɔasom Yehowa akyɛ na wɔwɔ osuahu mpo, Satan afiri tumi yii wɔn. So wei kyerɛ sɛ ɔkwan biara so, Satan afiri beyi yɛn anaa? Daabida! Yehowa ama wɔakyerɛw n’asomfo yi ho nsɛm wɔ Bible mu “de rebɔ yɛn kɔkɔ.” (1 Kor. 10:11) Yehowa nim sɛ yebetumi asua biribi afi nea ɛtoo wɔn no mu, na Ɔbonsam mfiri anyi yɛn, na sɛ eyi yɛn mpo a yɛanya yɛn ho atetew.

AHANTAN YƐ AFIRI

Hwɛ nkyekyɛm 4

4. Sɛ obi yɛ ahantan a, dɛn na ebetumi ato no?

4 Satan pɛ sɛ yɛma yɛn ho so anaa yɛyɛ ahantan. Onim sɛ, sɛ yɛyɛ ahantan a, na yɛresuasua no, na ɛbɛma daa nkwa abɔ yɛn. (Mmeb. 16:18) Ɛno nti ɔsomafo Paul bɔ yɛn kɔkɔ sɛ obi betumi ayɛ ahantan, “na wahwe atemmu a wɔde ama Ɔbonsam no mu.” (1 Tim. 3:6, 7) Sɛ yɛbaa nokware no mu nkyɛe oo, sɛ yɛde mfe pii na asom Yehowa oo, biribi a ɛte saa betumi ato yɛn mu biara.

5. Sɛn na Ɔsɛnkafo 7:16, 20 ma yehu nea obi yɛ a, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ahantan?

5 Sɛ obi yɛ ahantan a, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ pɛsɛmenkominya nso. Sɛ yehyia ɔhaw a, Satan mpɛ sɛ yɛde Yehowa akwankyerɛ yɛ adwuma, mmom ɔpɛ sɛ yɛyɛ nea yɛn ara yɛpɛ. Yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yɛyɛ pɛsɛmenkominya. Yemmisa sɛ, obi atwa asɛm ato wo so pɛn anaa obi ne wo adi no nwenenweneenwene? Sɛ biribi a ɛte saa nti, Satan hu sɛ wo bo afuw Yehowa anaa wo nuanom a, ɛbɛma n’ani agye paa. Afei nso, sɛ nsɛmnsɛm sɔre wɔ yɛne yɛn nuanom ntam a, akwankyerɛ a Yehowa de ama yɛn wɔ n’Asɛm no mu no, Satan mpɛ sɛ yɛde bɛyɛ adwuma. Mmom ɔpɛ sɛ yenya adwene sɛ ɔkwan baako pɛ a yebetumi afa so asiesie yɛne yɛn nuanom ntam ne sɛ yɛbɛyɛ nea yɛn ara yɛpɛ.​—Kenkan Ɔsɛnkafo 7:16, 20.

6. Dɛn na wubetumi asua afi onuawa bi a ɔwɔ Netherlands asɛm no mu?

6 Yɛnhwɛ onuawa bi a ɔwɔ Netherlands a na onni afoforo sintɔ ho koma koraa. Ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔrentumi ne anuanom mmɔ bio efisɛ ɔtee nka sɛ wɔn suban afono no. Ɔka sɛ: “Metee nka sɛ mayɛ ankonam, na na ɛyɛ den ma me sɛ mɛsesa sɛnea na mete nka wɔ anuanom ho no. Enti meka kyerɛɛ me kunu sɛ ɔmma yɛnkɔ asafo foforo mu.” Saa bere no ara na ɔhwɛɛ March afe 2016 JW Broadcasting® dwumadi no. Dwumadi no mu no, wɔkyerɛɛ nneɛma bi a yɛyɛ a ɛremma afoforo sintɔ nteetee yɛn. Onuawa no ka sɛ: “Sɛ́ anka mɛhwɛ kwan sɛ anuanom a ɛwɔ asafo no mu bɛsesa wɔn suban no, mihui sɛ me mmom na ɛsɛ sɛ mebrɛ me ho ase na migye tom sɛ me nso mfomso wɔ me ho. Dwumadi no boaa me ma mede m’adwene sii Yehowa ne ne tumidi so.” Sɛ́ woahu asuade a ɛwom no? Sɛ wuhyia sɔhwɛ a, fa w’adwene si Yehowa so, srɛ no ma ɔmmoa wo na hu afoforo sɛnea ohu wɔn no. Yɛn Agya a ɔwɔ soro no hu wɔn mfomso, nanso ɔde kyɛ wɔn, na ɔpɛ sɛ wo nso woyɛ saa ara.​—1 Yoh. 4:20.

Hwɛ nkyekyɛm 7

7. Dɛn na ɛtoo Ɔhene Usia?

7 Ahantan nti Yuda hene Usia antie afotu, na ɔyɛɛ biribi a onni ho kwan sɛ ɔyɛ. Ná Usia bɔ ne ho mmɔden paa. Ná ɔbɔ mmɔden wɔ akodi, adansi ne kuayɛ mu. “Nokware Nyankopɔn no ma esii no yiye.” (2 Be. 26:3-7, 10) Nanso Bible ka sɛ: “Ɔyɛɛ den ara pɛ, ne koma maa ne ho so, na ɛde no kɔɔ ɔsɛe mu.” Ná Yehowa adi kan ahyɛ mmara sɛ asɔfo no nko ara na wɔwɔ hokwan sɛ wɔhyew aduhuam wɔ asɔrefie hɔ. Nanso Ɔhene Usia buu n’ani guu ahyɛde yi so kɔɔ asɔrefie hɔ sɛ ɔrekɔhyew aduhuam. Nea ɔhene a na ahantan adidi ne mu yi yɛe no, Yehowa ani annye ho, na ɔmaa kwata yɛɛ no. Usia yaree kwata kosii sɛ owui.​—2 Be. 26:16-21.

8. Sɛnea 1 Korintofo 4:6, 7 kyerɛ no, yɛbɛyɛ dɛn akwati ahantan?

8 Wohwɛ a, ahantan betumi ama nea ɛtoo Usia no bi ato yɛn anaa? Ma yɛnhwɛ nea ɛtoo José. Ɔno ara na na ɔyɛ n’adwuma, na na ɛkɔ yiye paa. Ná ɔyɛ asafo mu panyin a anuanom bu no. Ná ɔma ɔkasa wɔ amansin ne amantam nhyiam ase, na na amansin so ahwɛfo gye afotu fi ne hɔ. Ɔka sɛ: “Ná migye me ho di, na na misusuw sɛ mewɔ osuahu. Enti miyii Yehowa sii nkyɛn. Ná ɛyɛ me sɛ biribiara rentumi me, enti mantie Yehowa kɔkɔbɔ ne N’afotu.” José yɛɛ bɔne a emu yɛ duru na wotuu no fii asafo no mu. Mfe kakra a abɛsen kɔ no na wɔsan gyee no. Seesei ɔka sɛ: “Yehowa ama mahu sɛ ɛnyɛ hokwan a obi benya na ehia, na mmom nea ehia ne sɛ yebetie no.” Momma yɛnkae sɛ ɔdom akyɛde biara anaa hokwan biara a yɛwɔ wɔ asafo no mu no fi Yehowa. (Kenkan 1 Korintofo 4:6, 7.) Sɛ yɛyɛ ahantan a, Yehowa remfa yɛn nyɛ hwee.

ANIBERE YƐ AFIRI

Hwɛ nkyekyɛm 9

9. Dɛn na anibere maa Satan ne Hawa yɛe?

9 Sɛ yɛka anibere ho asɛm a, Satan Ɔbonsam na ne ho asɛm taa ba yɛn tirim. Esiane sɛ na Satan ka Yehowa abɔfo no ho nti, ɛbɛyɛ sɛ na ɔwɔ hokwan pii. Nanso ne nyinaa ansɔ n’ani. Ná ɔpɛ ɔsom a ɛfata sɛ yɛde ma Yehowa nko ara no nso aka ho. Satan pɛ sɛ yesuasua no, enti ɔyɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛma yɛate nka sɛ nea yɛwɔ no sua. Bere a edi kan a ɔyɛɛ saa ne bere a ɔne Hawa kasae no. Esiane sɛ na Yehowa dɔ Hawa ne ne kunu nti, ɔmaa wɔn nnuan bebree, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ “turom ha nnua nyinaa” mubetumi adi nea mopɛ gye baako pɛ. (Gen. 2:16) Ne nyinaa akyi no, Satan daadaa Hawa ma onyaa adwene sɛ ɛsɛ sɛ odi turo no mu aduaba baako pɛ a na Yehowa abara no. Hawa ani ansɔ nea ɔwɔ, na ɔrepɛ bi aka ho. Yenim nea asɛm no kowiei. Hawa yɛɛ bɔne na ewiee ase no, owui.​—Gen. 3:6, 19.

Hwɛ nkyekyɛm 10

10. Ɛyɛɛ dɛn na anibere sum Ɔhene Dawid afiri?

10 Anibere maa Ɔhene Dawid werɛ fii nea Yehowa ayɛ ama no no. Ná wama wanya ahonyade, anuonyam, na na waboa no ama wadi n’atamfo pii so nkonim. Dawid ani sɔɔ nea Onyankopɔn ayɛ ama no no, na ɔkaa ho asɛm mpo sɛ “ɛdɔɔso dodo!” (Dw. 40:5) Nanso bere bi, Dawid werɛ fii nea Yehowa ayɛ ama no no. N’ani ansɔ nea na ɔwɔ no, na ɔrepɛ bi aka ho. Ɛwom sɛ na Dawid wɔ yerenom pii, nanso onyaa ɔbarima foforo yere ho akɔnnɔ bɔne wɔ ne komam. Ná ɔbea no ne Bat-Seba, na na ne kunu nso ne Uria a ɔyɛ Hitini no. Pɛsɛmenkominya nti, Dawid ne Bat-Seba dae, na onyinsɛnee. Awaresɛe no anso hɔ ara, mmom Dawid san yɛɛ nhyehyɛe ma wokum Uria! (2 Sam. 11:2-15) Dawid koraa, na n’adwene yɛ no sɛn? Ná ɛyɛ no sɛ Yehowa renhu anaa? Yehowa somfo a na ɔyɛ ɔnokwafo yi maa pɛsɛmenkominya ne anibere nyaa no, na otwaa so aba yayaayaw. Nanso anigyesɛm ne sɛ, bere bi akyi no, Dawid gyee ne mfomso toom na onuu ne ho. Wo de, hwɛ sɛnea n’ani begye afa bere a Yehowa de ne bɔne kyɛɛ no no!​—2 Sam. 12:7-13.

11. Sɛnea Efesofo 5:3, 4 kyerɛ no, dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛn ani ammere ade?

11 Dɛn na yesua fi nea ɛtoo Dawid no mu? Ɛne sɛ, sɛ yɛda Yehowa ase wɔ nea wayɛ ama yɛn nyinaa ho a, ɛremma yɛn ani mmere ade. (Kenkan Efesofo 5:3, 4.) Ɛsɛ sɛ yɛn ani sɔ nea yɛwɔ. Sɛ yɛne nkurɔfo resua Bible a, yebetumi ahyɛ wɔn nkuran sɛ wonnwen ade pɔtee bi a Yehowa ayɛ ama wɔn ho, na wɔnna no ase. Sɛ obi yɛ saa da biara a, ɛntɔ ara sɛ nnawɔtwe no mmra n’awiei no, na wabɔ nneɛma nson ho mpae. (1 Tes. 5:18) Wo nso, woyɛ saa anaa? Sɛ wudwinnwen nea Yehowa ayɛ ama wo nyinaa ho a, ɛbɛma woanya biribi agyina so ada no ase. Woyɛ saa a, ɛbɛma w’ani asɔ nea wowɔ. Sɛ w’ani sɔ nea wowɔ a, anibere betu ayera.

Hwɛ nkyekyɛm 12

12. Dɛn na anibere nti, Yuda Iskariot yɛe?

12 Anibere nti, Yuda Iskariot yɛɛ biribi a enye koraa, na ɔsan yii Yesu mae. Nanso mfiase no, ɛnyɛ saa na na ɔte. (Luka 6:13, 16) Yesu paw no sɛ ɔsomafo. Ɛbɛyɛ sɛ na Yuda yɛ mmɔdenbɔfo a na Yesu betumi de ne ho ato no so, efisɛ ɔno na na ɔhwɛ sika adaka no so. Ná Yesu ne n’asomafo no de saa sika no bɔ wɔn asɛnka adwuma no ho bra. Ɔkwan bi so no, na ɛte sɛ ntoboa a yeyi no nnɛ de boa wiase nyinaa adwuma no. Ɛwom sɛ na Yuda ate sɛ Yesu abɔ nkurɔfo kɔkɔ mpɛn pii wɔ anibere ho, nanso ne nyinaa ampusuw no. Obuu n’ani guu kɔkɔbɔ a ɛte saa nyinaa so. Afei de eduu baabi no, ofii ase wiawiaa sika.​—Mar. 7:22, 23; Luka 11:39; 12:15.

13. Bere bɛn na ɛbɛdaa adi sɛ Yuda yɛ oniberefo?

13 Aka kakra ama Yesu awu no, asɛm bi sii. Saa bere no na ɛbɛdaa adi sɛ Yuda yɛ oniberefo. Ná Simon kwatani no ato pon ama Yesu ne n’asuafo no, na na Maria ne ne nuabea Marta nso wɔ hɔ bi. Bere a wɔredidi no, Maria sɔree na ohwiee ngo huahuaahuam bi a ne bo yɛ den paa guu Yesu tirim. Yuda ne asuafo a aka no bo fuwii paa. Asuafo a aka no de, ɛbɛyɛ sɛ wɔtee nka sɛ wobetumi de sika no aboa asɛnka adwuma no. Nanso Yuda de, na ɛsono n’adwene koraa; “na ɔyɛ ɔkorɔmfo,” na na ɔpɛ sɛ owiawia sika a ɛwɔ adaka no mu no. Anibere nti, akyiri yi okoyii Yesu mae de gyee sika a na wɔde tɔ akoa.​—Yoh. 12:2-6; Mat. 26:6-16; Luka 22:3-6.

14. Sɛn na awarefo bi de afotu a ɛwɔ Luka 16:13 no yɛɛ adwuma?

14 Yesu maa n’akyidifo huu nokwasɛm titiriw yi: “Morentumi nyɛ Onyankopɔn nkoa nsan nyɛ Ahonyade nkoa.” (Kenkan Luka 16:13.) Saa asɛm no da so ara yɛ nokware. Momma yɛnhwɛ sɛnea awarefo bi a wɔwɔ Romania de Yesu asɛm yi yɛɛ adwuma. Wonyaa adwuma bi a wɔbɛyɛ no bere tiaa bi wɔ ɔman bi a wɔn sikasɛm kɔ yiye mu. Wɔka sɛ: “Ná yɛakɔbɔ bosea kɛse bi wɔ sikakorabea a na ɛsɛ sɛ yetua. Enti bere a yenyaa saa adwuma no, adwene a yedii kan nyae ne sɛ, wei de Yehowa ahyira yɛn.” Nanso wohui sɛ ɛde ɔhaw bɛba. Ná adwuma no bɛma ayɛ den sɛ wɔbɛsom Yehowa yiye. Enti wɔkenkan asɛm bi a yɛato din “Momma Yɛmfa Koma Koro Nkɔ So Nni Nokware.” Saa asɛm no puei wɔ August 15, 2008 Ɔwɛn-Aban no mu. Bere a wɔkenkan wiei no, wosii gyinae. Wɔka sɛ: “Sɛ sika bebree a yɛrepɛ nti na yɛpɛ sɛ yɛkɔyɛ adwuma wɔ ɔman foforo so a, ɛnde na ɛnyɛ Yehowa som ne ade a ɛho hia yɛn paa wɔ yɛn asetena mu. Yehui paa sɛ, sɛ yɛkɔ a, yɛne Yehowa ntam bɛsɛe.” Ɛno nti awarefo yi ankɔyɛ adwuma no. Dɛn na esii? Ɔbarima no nyaa adwuma wɔ wɔn kurom hɔ ara, na na ɛbɛma wɔn nsa aka nea wohia nyinaa. Ɔbea no ka sɛ: “Yehowa nsa nyɛ tiaa da.” Saa awarefo yi ani agye paa efisɛ wɔde Yehowa na edii kan wɔ wɔn asetena mu, na ɛnyɛ sika.

KWATI SATAN MFIRI

15. Adɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ, sɛ Satan afiri yi yɛn mpo a, yebetumi anya yɛn ho atetew?

15 Sɛ yehu sɛ yɛyɛ ahantan anaasɛ yɛn ani bere ade a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yɛsesa yɛn suban! Paul kaa sɛ, wɔn a Ɔbonsam “akyere wɔn” no betumi anya wɔn ho atetew. (2 Tim. 2:26) Saa pɛpɛɛpɛ na Dawid yɛe. Otiee Natan nkaanim no, ɔsesaa ne suban, na osiesiee ɔne Yehowa ntam. Mma wo werɛ mfi da sɛ Yehowa ho yɛ den sen Satan. Enti sɛ yɛma kwan ma Yehowa boa yɛn a, Ɔbonsam afiri biara a ayi yɛn no, yebetumi anya yɛn ho atetew.

16. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛakwati Satan mfiri?

16 Sɛ́ anka yɛbɛma Satan mfiri ayi yɛn na yɛanya yɛn ho atetew no, nea eye paa ne sɛ yɛremma enyi yɛn koraa. Sɛ Onyankopɔn nsa nnim a, ɛrenyɛ yiye. Nanso ɛnsɛ sɛ yegyaagyaa yɛn ho! Ebinom a wɔde mfe pii asom Yehowa mpo abɛyɛ ahantan ne aniberefo. Enti bɔ Yehowa mpae daa, na srɛ no sɛ, sɛ saa subammɔne yi bi ayi ne ti wɔ wo mu a, ɔmmoa wo na hu. (Dw. 139:23, 24) Mma kwan mma subammɔne a ɛtete saa nnye ntini wɔ wo mu da!

17. Dɛn na ɛbɛto yɛn tamfo Bonsam nnansa yi ara?

17 Mfe mpempem pii ni na Satan ayɛ ne ho sɛ ɔbɔmmɔfo. Nanso ɛrenkyɛ koraa wɔbɛkyekyere no, na awiei koraa no wɔayi no afi hɔ. (Adi. 20:1-3, 10) Yɛrehwɛ saa da no kwan denneennen. Nanso enkosi saa da no, hwɛ yiye wɔ Satan mfiri ho. Yere wo ho na woamma ahantan anaa anibere annye ntini wɔ wo mu. Si wo bo sɛ ‘wubesiw Ɔbonsam kwan, na obeguan afi wo ho.’​—Yak. 4:7.

DWOM 127 Onipa Kõ a Ɛsɛ sɛ Meyɛ

^ nky. 5 Satan te sɛ ɔbɔmmɔfo a onim ahayɔ paa. Sɛ yɛasom Yehowa akyɛ sɛ dɛn mpo a, ɔpɛ sɛ osum yɛn afiri. Adesua yi mu no, yebehu sɛnea Satan pɛ sɛ ɔma ahantan ne anibere sɛe yɛne Onyankopɔn ntam. Afei nso, yɛbɛhwɛ sɛnea ebinom maa ahantan ne anibere sum wɔn afiri, na yɛahwɛ nea yɛbɛyɛ na mfiri a ɛtete saa anyi yɛn.

^ nky. 2 NSƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Adesua yi bɛma yɛahu nea ahantan ne anibere kyerɛ. Sɛ obi te nka sɛ ɔkyɛn afoforo a, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ahantan. Afei, sɛ nea esi obi ani so nyinaa ne sɛ ɔpɛ sɛ onya sika pii, tumi pii, onya ɔbea ne ɔbarima nna mu kyɛfa pii, ne nea ɛtete saa a, ɛkyerɛ sɛ n’ani bere ade.

^ nky. 53 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Ahantan nti, onua bi mpɛ sɛ otie afotu pa a wɔde rema no. Onuawa bi a ɔwɔ nneɛma pii pɛ sɛ onya bi ka ho.

^ nky. 55 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onyankopɔn bɔfo bi bɛyɛɛ ahantan, na saa ara na Ɔhene Usia nso yɛɛ ahantan. Hawa dii aduaba a na wɔabara no. Dawid nso ne Bat-Seba sɛee aware. Yuda nso, na owiawia sika. Wɔn nyinaa, anibere na epiapiaa wɔn ma wɔyɛɛ saa.