Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 23

Yehowa Ka Wo Ho, Enti Wonyɛ Ankonam

Yehowa Ka Wo Ho, Enti Wonyɛ Ankonam

“Yehowa bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa.”—DW. 145:18.

DWOM 28 Nea Yehowa Bɛfa No Adamfo

NEA YƐREBESUA *

1. Adɛn nti na ɛtɔ da a Yehowa asomfo bi te nka sɛ aka wɔn nko ara?

YƐN mu dodow no ara, ɛtɔ da a yɛte nka sɛ yɛayɛ ankonam. Ebinom wɔ hɔ a saa atenka no nkyɛ, nanso ebinom de, etumi kyɛ paa. Sɛ nnipa atwa yɛn ho ahyia mpo a, yebetumi ate nka sɛ yɛayɛ ankonam. Ebinom kɔ asafo foforo mu a, ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔne anuanom bɛbɔ. Ebinom nso wɔ hɔ a, mframa mfa wɔne wɔn abusuafo ntam koraa, enti sɛ wotu kɔ baabi a wɔn abusuafo mmɛn wɔn a, na wɔayɛ ankonam. Afoforo nso de, ɛyɛ a na wɔn ani agyina wɔn dɔfo bi a wawu. Kristofo binom a wɔbaa nokware no mu nkyɛe nso, sɛ wɔn abusuafo ne wɔn nnamfo a wɔnyɛ Adansefo tan wɔn ani anaa woyi wɔn baako hyɛ wɔn nsa a, ɛma wɔte nka sɛ wɔayɛ ankonam.

2. Nsɛmmisa bɛn na yebenya ho mmuae?

2 Nea yɛrefa mu biara, Yehowa nim na ɔte ase. Sɛ yɛte nka sɛ yɛayɛ ankonam a, onim na ɔpɛ sɛ ɔboa yɛn. Dɛn na Yehowa yɛ de boa yɛn? Dɛn na yɛn nso yebetumi ayɛ? Afei nso, dɛn na yebetumi ayɛ de aboa yɛn asafo mufo a wɔayɛ ankonam? Momma yɛnhwɛ nsɛmmisa yi ho mmuae.

YEHOWA DWEN YƐN HO

Yehowa somaa ɔbɔfo ma ɔkɔmaa Elia awerɛhyem sɛ ɛnkaa ɔno nko ara (Hwɛ nkyekyɛm 3)

3. Dɛn na Yehowa yɛ de kyerɛe sɛ odwen Elia ho?

3 Yehowa dwen n’asomfo nyinaa ho paa. Yehowa bɛn yɛn mu biara, na sɛ yɛn aba mu bu a, ohu. (Dw. 145:18, 19) Wo de, hwɛ nea Yehowa yɛ de kyerɛe sɛ na odwen ne diyifo Elia ho. Saa ɔbarima nokwafo yi bere so no, na nneɛma nkɔ yiye wɔ Israel. Ná wɔretan Yehowa asomfo ani denneennen, na Elia paa na na Israel mpanyimfo a wɔnsom Onyankopɔn no atu wɔn ani asi no so. (1 Ahe. 19:1, 2) Ade foforo nso a ɛbɛyɛ sɛ na ɛhaw Elia ne sɛ, na ɔte nka sɛ ɔno nko ara ne odiyifo a waka a ɔsom Yehowa. (1 Ahe. 19:10) Onyankopɔn antwentwɛn so koraa na ɔyɛɛ biribi de boaa Elia. Yehowa somaa ɔbɔfo bi ma ɔkɔmaa ne diyifo no awerɛhyem sɛ ɛnkaa ɔno nko ara; ɔma ohui sɛ na Israelfo bebree wɔ hɔ a wɔda so ara resom Onyankopɔn!—1 Ahe. 19:5, 18.

4. Yehowa asomfo a ebia afoforo ayi wɔn baako ahyɛ wɔn nsa no, sɛn na Marko 10:29, 30 ma yehu sɛ Yehowa dwen wɔn ho?

4 Yehowa nim sɛ yɛn mu bi pɛ sɛ yɛsom no a, gye sɛ yɛde nneɛma bebree bɔ afɔre. Ebi betumi ayɛ mmoa a yɛn abusuafo ne yɛn nnamfo a wɔnyɛ Yehowa Adansefo de ma yɛn. Bere bi a ɛbɛyɛ sɛ na ɔsomafo Petro redwen ne daakye ho no, obisaa Yesu sɛ: “Yɛagyaw nneɛma nyinaa hɔ abedi w’akyi; enti dɛn na yebenya?” (Mat. 19:27) Yesu maa n’asuafo no awerɛhyem sɛ wobenya anuanom bebree a wɔte sɛ wɔn abusuafo. (Kenkan Marko 10:29, 30.) Yehowa, yɛn Agya a ɔwɔ soro no hyɛ bɔ sɛ ɔbɛboa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom no no. (Dw. 9:10) Sɛ woayɛ ankonam a, hwɛ nneɛma pɔtee bi a wubetumi ayɛ na Yehowa aboa wo ama woatumi agyina ano.

WOTE NKA SƐ WOAYƐ ANKONAM A, DƐN NA WUBETUMI AYƐ?

5. Sɛ wode w’adwene si nea Yehowa reyɛ ma wo no so a, ɛbɛboa wo sɛn?

5 Fa w’adwene si nea Yehowa reyɛ ma wo no so. (Dw. 55:22) Wei bɛma woahu sɛ ɛnkaa wo nko ara. Carol * yɛ onuawa a ɔnwaree na n’abusuafo nso nni nokware no mu. Ɔka sɛ: “Ɔhaw a mihyiae nyinaa, sɛ mibu kɔmpɔ hwɛ m’akyi na mehwɛ sɛnea Yehowa boaa me a, ɛma mihu sɛ ɛnkaa me nko ara. Ɛma minya awerɛhyem sɛ daa Yehowa bɛboa me.”

6. Wɔn a wɔayɛ ankonam no, ɔkwan bɛn so na asɛm a ɛwɔ 1 Petro 5:9, 10 betumi ahyɛ wɔn nkuran?

6 Susuw sɛnea Yehowa reboa anuanom a wɔayɛ ankonam no ho. (Kenkan 1 Petro 5:9, 10.) Hiroshi yɛ yɛn nuabarima a ɔde mfe pii asom Yehowa. Yɛrekasa yi, ɔno nko ara na ɔyɛ Ɔdansefo wɔ n’abusua mu. Ɔka sɛ: “Obiara nni asafo no mu a onni haw. Sɛ mihu sɛ obiara reyɛ nea obetumi biara asom Yehowa a, yɛn a yɛn ho nipa biara nni nokware no mu no, ɛhyɛ yɛn nkuran.”

7. Sɛn na mpaebɔ betumi aboa wo?

7 Bɔ mpae daa, kenkan Bible, na kɔ adesua. Sɛ worebɔ mpae a, ka wo komam asɛm kyerɛ Yehowa. (1 Pet. 5:7) Massiel yɛ onuawa kumaa bi. Bere a obehuu nokware no, ɔtee nka sɛ wayɛ ankonam efisɛ na ne busuani biara nsom Yehowa. Ɔka sɛ: “Bere a na meyɛ ankonam no, ade baako a ɛboaa me paa ne sɛ, na mifi me koma nyinaa mu bɔ Yehowa mpae denneennen. Mihui sɛ ɔyɛ me Papa enti na mebɔ no mpae mpɛn pii da biara, na na meka sɛnea mete nka no kyerɛ no.”

Bible ne asafo nhoma ahorow mu nsɛm a yɛbɔ tie no, sɛ wɔn a wɔayɛ ankonam no bɔ tie a, ebetumi aboa wɔn na wɔante nka sɛ wɔayɛ ankonam (Hwɛ nkyekyɛm 8) *

8. Sɛ wokenkan Onyankopɔn Asɛm na wudwinnwen ho a, ɛbɛboa wo sɛn?

8 Kenkan Onyankopɔn Asɛm daa. Afei emu nsɛm a ɛma wuhu sɛ Yehowa dɔ wo no, dwinnwen ho. Bianca yɛ yɛn nuabea a n’abusuafo taa kasa tia no. Dɛn na ɛboa no ma otumi gyina ano? Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bible mu nsɛm ne Yehowa asomfo asetenam nsɛm a ɛfa nea merehyia no ho no, sɛ mekenkan na midwinnwen ho a, ɛboa me paa.” Kristofo binom nso, kyerɛwnsɛm a ɛka wɔn koma te sɛ Dwom 27:10 ne Yesaia 41:10 no, ɛyɛ a wɔkyere gu wɔn tirim. Ebinom nso, adesua nsɛm anaa Bible a yɛbɔ tie no, sɛ wɔde siesie wɔn ho ma adesua anaa wɔde yɛ wɔn Bible akenkan a, ɛmma wɔnte nka sɛ wɔayɛ ankonam.

9. Wokɔ adesua a, ɛbɛboa wo sɛn?

9 Bɔ mmɔden kɔ adesua daa. Woyɛ saa a, dwumadi no bɛhyɛ wo nkuran na wubehu anuanom nso yiye. (Heb. 10:24, 25) Massiel a yɛadi kan aka n’asɛm no ka sɛ: “Ná meyɛ obi a mefɛre ade paa nanso meyɛɛ m’adwene sɛ mɛkɔ asafo nhyiam biara, na mekɔ nso a mɛma mmuae. Wei boaa me ma metee nka sɛ meka asafo no ho.”

10. Adɛn nti na ɛho hia sɛ wo ne wo nuanom Kristofo fa nnamfo?

10 Wo ne wo nuanom Kristofo mfa nnamfo. Anuanom a ɛwɔ asafo no mu a wubetumi asua biribi afi wɔn hɔ no, fa wɔn nnamfo. Sɛ wo ne wɔn mmɔ tipɛn anaa ɛsono baabi a wofi mpo a, wubetumi afa wɔn nnamfo. Bible ma yehu sɛ “nkwakoraa mu na nyansa wɔ.” (Hiob 12:12) Wɔn a wɔn ani afi wɔ asafo no mu no betumi asua biribi afi mmofra mpo hɔ. Ná Yonatan anyin sen Dawid koraa, nanso wotumi faa adamfo denneennen. (1 Sam. 18:1) Dawid ne Yonatan hyiaa ɔhaw a emu yɛ den pii, nanso wɔn mu biara boaa ne yɔnko ma otumi som Yehowa. (1 Sam. 23:16-18) Irina a ɔno nko ara na ɔyɛ Ɔdansefo wɔ n’abusua mu no ka sɛ: “Yebetumi afa yɛn nuanom Kristofo sɛ yɛn awofo ne yɛn nuanom ankasa. Yehowa betumi afa wɔn so ama yɛn nsa aka nea yɛahwere biara.”

11. Yɛbɛyɛ dɛn ama yɛne yɛn nuanom adamfofa mu ayɛ den?

11 Sɛ wopɛ sɛ wofa obi adamfo a, ebetumi ayɛ den. Na sɛ wofɛre ade a, ɛnde na asɛm no asɛe koraa. Ratna yɛ onuawa a ɔfɛre ade; ohyiaa ɔsɔretia pii ansa na ɔrehu nokware no. Ɔka sɛ: “Mibehui sɛ na mihia me nuanom Kristofo mmoa.” Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobɛma obi ahu nea worefa mu, nanso sɛ woka wo komam asɛm kyerɛ wo yɔnko a, ɛma mo adamfofa no mu yɛ den. Wo nnamfo pɛ sɛ wɔhyɛ wo nkuran na wɔboa wo, nanso gye sɛ wotɔn wo yare na woanya ano aduru.

12. Ɔkwan bɛn so na asɛnka adwuma no betumi aboa wo ama woanya nnamfo pa?

12 Sɛ wopɛ sɛ wunya nnamfo a, ɔkwan titiriw baako a wubetumi afa so ne sɛ wo ne wo mfɛfo Kristofo bɛkɔ asɛnka. Carol a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ: “Me ne anuanom mmea bebree akɔ asɛnka, na me ne wɔn ayɛ nneɛma foforo wɔ Yehowa som mu. Wei ama manya nnamfo pa pii. Yehowa afa saa nnamfo yi so aboa me mfe pii.” Sɛ woyere wo ho ne wo nuanom Kristofo fa adamfo a, wo brɛ renyɛ kwa da. Sɛ ankonamyɛ nti, wobotow a, Yehowa bɛfa saa nnamfo no so ahyɛ wo den.—Mmeb. 17:17.

BOA AFOFORO MA WƆNTE NKA SƐ WƆTE SƐ YƐN ABUSUAFO

13. Asɛde bɛn na asafo no mufo nyinaa wɔ?

13 Ɛyɛ yɛn nyinaa asɛde sɛ yɛbɛboa ama ɔdɔ ne asomdwoe atena asafo no mu sɛnea ɛbɛyɛ a obiara rente nka sɛ wayɛ ankonam. (Yoh. 13:35) Yɛn kasa ne yɛn nneyɛe betumi ahyɛ afoforo nkuran paa! Hwɛ nea onuawa bi kae: “Bere a mihuu nokware no, asafo no bɛyɛɛ m’abusua. Sɛ ɛnyɛ wɔn mmoa anka mantumi ammɛyɛ Yehowa Danseni.” Wɔn a wɔn ho nipa biara nni asafo no mu no, dɛn na wubetumi ayɛ de aboa wɔn?

14. Sɛ obi ba w’asafo mu foforo na wopɛ sɛ wofa no adamfo a, dɛn na wubetumi ayɛ?

14 Di kan tu ho anammɔn. Sɛ obi ba yɛn asafo mu foforo a, yebetumi ayi yɛn yam ama no akwaaba. (Rom. 15:7) Nanso yɛremma nkyia no nso ho ara. Yɛpɛ sɛ nkakrankakra wɔbɛyɛ yɛn nnamfo a wɔbɛn yɛn paa. Enti yɛ biribi fa kyerɛ sɛ wudwen wɔn ho paa. Mfeefee wɔn nsɛm mu nanso bɔ mmɔden sɛ wubehu nea wɔrefa mu. Ebinom wɔ hɔ a ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛka wɔn komam asɛm, enti hwɛ yiye na wanhyɛ wɔn sɛ wɔnkasa. Mmom, fa nhumu yɛ adwuma na bisa wɔn nsɛm a ɛbɛma wɔakasa, na sɛ wɔrekasa nso a nya abotare tie wɔn. Sɛ nhwɛso no, wubetumi abisa wɔn nea ɛyɛe a wobehuu nokware no.

15. Sɛn na Kristofo a wɔn ho akokwaw betumi aboa afoforo wɔ asafo no mu?

15 Sɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw, ɛnkanka, asafo mu mpanyimfo yɛ biribi de kyerɛ sɛ wodwen asafo no mufo ho a, ɛbɛma obiara gyidi ayɛ den. Melissa a ne maame tetee no nokware no mu ka sɛ: “Anuanom mmarima a mfe bi a abɛsen kɔ wɔbɛyɛe sɛ me papanom nyaa bere maa me no, m’ani sɔ wɔn paa. Minhu nea menka mpo mfa nna wɔn ase. Da koro koraa nni hɔ a minnya obi a mɛka m’asɛm akyerɛ no.” Yɛnhwɛ onua aberantewa Mauricio. Bere a nea ɔne no suaa ade fii nokware no mu no, ɔtee nka sɛ wayɛ ankonam. Ɔka sɛ: “Nea asafo mu mpanyimfo yɛ de kyerɛe sɛ wodwen me ho no boaa me paa. Ná daa wɔne me bɔ nkɔmmɔ, wɔne me kɔ asɛnka, wɔka nea wɔasua afi Bible mu no bi kyerɛ me, na na yɛbom di agorɔ mpo.” Seesei Melissa ne Mauricio nyinaa reyɛ bere nyinaa som adwuma no bi.

Asafo a wowom no, hena na wuyi wo yam nya bere ma no a n’ani begye paa? (Hwɛ nkyekyɛm 16-19) *

16-17. Nneɛma bɛn bio na yebetumi ayɛ de aboa afoforo?

16 Yɛ nneɛma pɔtee bi fa boa afoforo. (Gal. 6:10) Leo yɛ ɔsɛmpatrɛwni wɔ ɔman foforo bi so, na ɔmmɛn n’abusuafo koraa. Ɔka sɛ: “Mpɛn pii no, nea ehia ara ne sɛ obi beyi ne yam ayɛ biribi ketewaa bi ama wo wɔ bere a ɛsɛ mu. Mekae sɛ bere bi minyaa kar akwanhyia. Bere a mebɔɔ mmɔden beduu fie no, na mabrɛ sɛɛ tam. Nanso awarefo bi too nsa frɛɛ me ma me ne wɔn kodidii wɔ wɔn fie. Aduan a yedii de, menkae, nanso mekae sɛ woyii wɔn yam tiee me. Wei maa me koma tɔɔ me yam!”

17 Yɛn nyinaa kɔ nhyiam akɛse ne nketewa a, yɛn ani gye. Ade baako nti a ɛte saa ne sɛ, yenya bere ne yɛn nuanom afoforo bɔ, na yɛne wɔn bɔ dwumadi no ho nkɔmmɔ. Nanso Carol a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ: “Sɛ mekɔ nhyiam akɛse ne nketewa a, ɛhɔ paa na mete nka sɛ mayɛ ankonam.” Adɛn ntia? Ɔtoa so sɛ: “Ɛwom sɛ anuanom mpempem atwa me ho ahyia nanso mpɛn pii no, wobɛhwɛ na obiara ne n’abusua. Sɛ mihu wɔn saa a, na etwa me nsono mu.” Obi nso wɔ hɔ a na ne kunu anaa ne yere awu ama aka ɔno nko ara. Enti bere a edi kan a ɔbɛkɔ nhyiam kɛse anaa ketewa no, na ayɛ den ama no. Wunim obi a ɔrefa ɔhaw yi bi mu? Nhyiam a edi hɔ a mobɛkɔ no, wubetumi ato nsa afrɛ no ama wabɛka w’abusua no ho.

18. Sɛ yɛresom nkurɔfo hɔho a, yɛbɛyɛ dɛn de asɛm a ɛwɔ 2 Korintofo 6:11-13 no ayɛ adwuma?

18 Nya bere ma afoforo. Bɔ mmɔden nya bere ma anuanom nyinaa, titiriw wɔn a wɔayɛ ankonam. Yɛpɛ sɛ ‘yebue yɛn komam kɛse’ ma anuanom a wɔte saa no. (Kenkan 2 Korintofo 6:11-13.) Melissa a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ: “Sɛ anuanom to nsa frɛ yɛn sɛ yɛmmɛsra wɔne wɔn mmusua anaa yentu kwan nkɔhwehwɛ baabi a, ɛyɛ a yɛn ani gye paa.” Obi wɔ mo asafo mu a wubetumi asom no hɔho anaa?

19. Bere bɛn na wo ne wo mfɛfo Kristofo bɔ a, ebetumi aboa wɔn paa?

19 Bere pɔtee bi wɔ hɔ a, sɛ yenya bere ma yɛn mfɛfo Kristofo a, wɔn ani begye paa. Anuanom a wɔn abusuafo nni asafo no mu no, sɛ abusuafo no redi wɔn afahyɛ bi a, ebetumi ayɛ den ama wɔn. Ebinom nso de, sɛ da a wɔn dɔfo bi wui du so a, ɛyɛ a wotumi di awerɛhow paa. Sɛ yenya bere ma yɛn nuanom a wɔrefa ɔhaw a ɛte saa mu a, yɛma wohu sɛ ‘yɛayi yɛn yam’ paa na ɛreboa wɔn.—Filip. 2:20.

20. Sɛ yɛte nka sɛ yɛayɛ ankonam a, sɛn na Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 12:48-50 no bɛboa yɛn?

20 Nneɛma a ebetumi ama Kristoni bi ate nka sɛ wɔayɛ ankonam no dɔɔso. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi da sɛ biribiara a yɛrefa mu no, Yehowa nim. Mpɛn pii no, ɔfa yɛn nuanom Kristofo so ma yɛn nsa ka nea yehia. (Kenkan Mateo 12:48-50.) Yɛn nso, sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara boa yɛn nuanom Kristofo a, na yɛreka akyerɛ Yehowa sɛ nhyehyɛe pa a wayɛ ama yɛn no, yɛn ani sɔ. Sɛ ɛtɔ da na yɛte nka sɛ yɛayɛ ankonam a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ɛnkaa yɛn nko ara efisɛ Yehowa ka yɛn ho bere nyinaa!

DWOM 46 Yɛda Wo Ase, Yehowa

^ nky. 5 Ɛtɔ da a ɛyɛ a wote nka sɛ woayɛ ankonam anaa? Sɛ saa a, nya awerɛhyem sɛ Yehowa nim nea worefa mu no paa, na ɔpɛ sɛ ɔboa wo. Sɛ wote nka sɛ woayɛ ankonam a, adesua yi bɛboa wo ama woahu nea wobɛyɛ de agyina ano. Afei nso, yɛbɛhwɛ nea wubetumi ayɛ de aboa wo nuanom Kristofo a wɔayɛ ankonam.

^ nky. 5 Wɔasesa edin ahorow no bi.

^ nky. 60 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Bible ne adesua nsɛm a yɛbɔ tie no, onua bi a ne yere awu agyaw no retie bi.

^ nky. 62 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua bi ne ne babea akɔsra onua bi a n’ani afi a ɔwɔ wɔn asafo mu, na wɔakɔkyɛ no ade.