Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Baakoyɛ a Ɛwɔ Kristofo Mu no, Dɛn na Wubetumi Ayɛ De Ahyɛ Mu Den?

Baakoyɛ a Ɛwɔ Kristofo Mu no, Dɛn na Wubetumi Ayɛ De Ahyɛ Mu Den?

“Ne mu na nipadua no nyinaa akeka atoatoam pɛpɛɛpɛ na ɛyɛ adwuma bom.”​EFESOFO 4:16.

NNWOM: 53, 107

1. Efi bere a Onyankopɔn bɔɔ ade no, dɛn na ada adi wɔ ne nnwuma mu?

YEHOWA ne Yesu ayɛ baako fi bere a ɔbɔɔ ade. Yehowa bɔɔ Yesu ansa na ɔrebɔ nneɛma a aka nyinaa. Ɛno akyi no, Yesu ne no yɛɛ adwuma, na ‘na ɔwɔ ne nkyɛn sɛ odwumayɛni a ne ho akokwaw.’ (Mmebusɛm 8:30) Yehowa asomfo nso boom yɛɛ adwuma biara a na ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Ɛho nhwɛso ni. Noa ne n’abusua boom yɛɛ adaka. Akyiri yi, Israelfo boom sii ntamadan no, wɔboom tutui, na wɔsoae de dii atutena. Wɔboom too nnwom dɛdɛ, na wɔbɔɔ sanku nso wɔ asɔrefie hɔ de yii Yehowa ayɛ. Baakoyɛ a na ɛwɔ Yehowa asomfo mu nti, wotumi yɛɛ saa nneɛma yi nyinaa.​—Genesis 6:14-16, 22; Numeri 4:4-32; 1 Beresosɛm 25:1-8.

2. (a) Dɛn na na ɛda nsow wɔ tete Kristofo asafo no ho? (b) Nsɛmmisa bɛn na yɛrebesusuw ho?

2 Tete Kristofo no nso boom yɛɛ ade. Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, ná Kristofo no dom akyɛde ne ɔsom adwuma gu ahorow de, nanso na baakoyɛ wɔ wɔn mu. Wɔn nyinaa dii Yesu Kristo a ɔyɛ asafo no ti no akyi. Paulo de wɔn totoo nipadua a ɛwɔ akwaa ahorow a ne nyinaa bom yɛ adwuma ho. (Kenkan 1 Korintofo 12:4-6, 12.) Na yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ nso ɛ? Yɛbɛyɛ dɛn abom ayɛ asɛnka adwuma no, na yɛama baakoyɛ atena asafo no ne yɛn abusua mu?

MOMMA YƐMMOM NYƐ ASƐNKA ADWUMA NO

3. Anisoadehu bɛn na ɔsomafo Yohane nyae?

3 Asomafo no bere so no, ɔsomafo Yohane huu abɔfo nson bi a na wɔrehyɛn ntorobɛnto wɔ anisoadehu mu. Bere a ɔbɔfo a ɔto so nnum no hyɛn ne torobɛnto no, Yohane huu “nsoromma bi a efi soro abɛhwe asase so.” Saa “nsoromma” no de safoa bi buee amena donkudonku bi a emu yɛ tumm ano. Nea edi kan no, wusiw kumɔnn fii amena no mu bae, na afei mmoadabi bebree fii wusiw no mu bae. Sɛ́ anka mmoadabi no bɛhaw nnua anaa afifide no, wɔhaw nnipa a “wonni Onyankopɔn nsɔano wɔ wɔn moma so no.” (Adiyisɛm 9:1-4) Ná Yohane nim sɛ mmoadabi betumi asɛe ade paa; Mose bere so no, wɔsɛee ade pii wɔ Egypt. (Exodus 10:12-15) Mmoadabi a Yohane hui no gyina hɔ ma Kristofo a wɔasra wɔn a wɔreka asɛm a emu yɛ duru tia atoro som. Nnipa ɔpepem pii a wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛtena asase so no abɛka wɔn ho reboa wɔn. Wɔde baakoyɛ abom reyɛ asɛnka adwuma no. Saa adwuma yi aboa nnipa pii ma wɔafi atoro som mu na Satan nni wɔn so tumi bio.

Esiane sɛ yɛyɛ baako nti, yetumi ka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa

4. Adwuma bɛn na ɛsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo yɛ nnɛ, na ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi ayɛ saa adwuma no?

4 Yɛn adwuma ne sɛ yɛbɛka “asɛmpa” no akyerɛ nnipa wɔ wiase nyinaa ansa na awiei no aba. Saa adwuma yi sõ! (Mateo 24:14; 28:19, 20) Ɛsɛ sɛ yɛfrɛ nnipa a “osukɔm” de wɔn nyinaa ma wɔbɛnom “nkwa nsu,” kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛka nokware a ɛwɔ Bible mu no kyerɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wotie nyinaa. (Adiyisɛm 22:17) Nanso sɛ yebetumi ayɛ eyi a, gye sɛ ‘yɛkeka toatoam pɛpɛɛpɛ’ na yɛyɛ baako wɔ asafo no mu.​—Efesofo 4:16.

5, 6. Yɛyɛ asɛnka adwuma no a, sɛn na ɛka yɛn bom?

5 Ɛsɛ sɛ yɛtoto nneɛma yiye na ama yɛatumi aka asɛmpa no akyerɛ nnipa bebree. Akwankyerɛ a yenya fi yɛn asafo mu no boa yɛn ma yɛyɛ saa adwuma yi. Sɛ yɛyɛ asɛnka nhyiam wie a, yɛkɔka Ahenni no ho Asɛmpa kyerɛ nkurɔfo. Yɛsan nso ma wɔn nhoma a yɛde sua Bible. Nokwasɛm ne sɛ, yɛde nhoma a yɛde sua Bible ɔpepem pii ama nkurɔfo wɔ wiase nyinaa. Ɛtɔ mmere bi a, wɔma yɛyɛ ɔsatu atitiriw. Sɛ wode wo ho hyɛ ɔsatu a ɛte saa mu a, ɛkyerɛ sɛ wo ne nnipa ɔpepem pii a wɔreka asɛm koro no ara wɔ wiase nyinaa ayɛ baako! Sɛ woyɛ saa a, na wo ne abɔfo nso a wɔreboa Onyankopɔn nkurɔfo ma wɔaka asɛmpa no abom reyɛ adwuma.​—Adiyisɛm 14:6.

6 Sɛ yɛkenkan Yearbook na yehu nkɔso a asɛnka adwuma no renya wɔ wiase nyinaa a, yɛn ani gye paa! Afei nso, sɛ yɛto nsa frɛ nkurɔfo ba yɛn amantam nhyiam ase a, ná yɛne yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa ayɛ baako. Asɛm koro na yɛn nyinaa tie wɔ nhyiam no ase. Kasa ahorow a yetie, drama ne ɔyɛkyerɛ ahorow a yɛhwɛ no hyɛ yɛn nkuran ma yɛyɛ nea yebetumi biara wɔ Yehowa som mu. Afe biara nso, yɛkɔ Nkaedi ase a, yɛne yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa yɛ baako. (1 Korintofo 11:23-26) Yɛn nyinaa hyiam da koro, Nisan 14, bere a owia akɔtɔ de kyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea Yehowa ayɛ ama yɛn no. Yɛyɛ saa a, na yɛredi Yesu ahyɛde so. Sɛ aka adapɛn kakra ma Nkaedi no adu a, yɛbom to nsa frɛ nnipa pii ma wɔbɛka yɛn ho wɔ saa afahyɛ titiriw yi ase.

7. Sɛ yɛbom yɛ asɛnka adwuma no a, dɛn na yetumi yɛ?

7 Sɛ mmoadabi no baako tew ne ho a, dɛn ara na obetumi ayɛ? Saa ara nso na yɛn nkutoo rentumi nka asɛmpa no nkyerɛ nnipa nyinaa. Nanso, esiane sɛ yɛbom yɛ adwuma no nti, yetumi ka Yehowa ho asɛm kyerɛ nnipa ɔpepem pii, na yetumi boa ebinom ma woyi Yehowa ayɛ na wɔhyɛ no anuonyam.

MOMMA YƐNYƐ BAAKO WƆ ASAFO NO MU

8, 9. (a) Mfatoho bɛn na Paulo de kyerɛɛ Kristofo sɛ ehia sɛ wɔyɛ baako? (b) Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ baako wɔ asafo no mu?

8 Paulo kyerɛkyerɛɛ sɛnea wɔahyehyɛ asafo no mu kyerɛɛ Efesofo no, na ɔma wohuu sɛ ɛsɛ sɛ asafo no mufo nyinaa ‘nyin wɔ nneɛma nyinaa mu.’ (Kenkan Efesofo 4:15, 16.) Paulo de nipadua no yɛɛ nhwɛso de kyerɛɛ sɛnea Kristoni biara betumi aboa ma asafo no ayɛ baako. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛredi Yesu a ɔne asafo no ti no akyi. Ɔkae sɛ nipadua akwaa no nyinaa bom yɛ adwuma ma “kwaa biara de nea ehia ma.” Sɛ yɛyɛ mmofra oo, mpanyin oo, yɛte apɔw oo, yɛnte apɔw oo, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara yɛ?

Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa ma baakoyɛ atena asafo no mu?

9 Yesu apaw mpanyimfo sɛ wonni asafo no anim, na ɔpɛ sɛ yɛkyerɛ obu ma wɔn na yedi akwankyerɛ biara a wɔde bɛma yɛn akyi. (Hebrifo 13:7, 17) Ɛwom, ɛtɔ da a, saa a yɛbɛyɛ no nna fam. Nanso sɛ yɛsrɛ Yehowa hɔ mmoa a, ɔde ne honhom kronkron bɛboa yɛn ma yɛatumi de akwankyerɛ biara a mpanyimfo no de bɛma yɛn no ayɛ adwuma. Afei nso, sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase na yɛne asafo mu mpanyimfo no yɛ baako a, wo de hwɛ sɛnea yebetumi aboa asafo no. Baakoyɛ bɛtena yɛn asafo no mu, na ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn ho yɛn ho no mu bɛyɛ den paa.

10. Dɛn na asafo mu asomfo yɛ de boa ma baakoyɛ tena asafo no mu? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

10 Asafo mu asomfo nso boa ma baakoyɛ tena asafo no mu. Wɔyɛ adwumaden de boa mpanyimfo no, na yɛn ani sɔ nea wɔyɛ nyinaa. Ɛho nhwɛso ni. Asafo mu asomfo hwɛ sɛ yɛn nsa bɛka nhoma a yɛde bɛkɔ asɛnka, na wogye ahɔho a wɔba yɛn nhyiam no fɛw so. Wɔsan nso yɛ nnwuma ahorow de siesie Ahenni Asa so ma ɛhɔ tew kama. Sɛ yɛne anuanom mmarima yi bom yɛ adwuma a, ɛkyerɛ sɛ yɛyɛ baako na yɛwɔ nhyehyɛe pa a yɛde resom Yehowa.—Fa toto Asomafo Nnwuma 6:3-6 ho.

11. Dɛn na mmerante betumi ayɛ de aboa ma baakoyɛ atena asafo no mu?

11 Asafo mu mpanyimfo binom de mfe pii ayɛ adwumaden wɔ asafo no mu. Nanso ebia onyin nti, wontumi nyɛ pii sɛ kan no. Anuanom mmerante betumi aboa wɔn. Sɛ mpanyimfo no tete wɔn a, wobetumi de asafo no mu dwumadi pii ahyehyɛ wɔn nsa. Sɛ asafo mu asomfo yere wɔn ho a, daakye wobetumi abɛsom sɛ mpanyimfo. (1 Timoteo 3:1, 10) Mmerante binom a wɔsom sɛ mpanyimfo anya nkɔso pii. Seesei wɔsom sɛ amansin so ahwɛfo, na wɔreboa anuanom wɔ asafo ahorow pii mu. Sɛ mmerante yi wɔn yam som anuanom a, yɛn ani sɔ paa.​—Kenkan Dwom 110:3; Ɔsɛnkafo 12:1.

MOMMA YƐNYƐ BAAKO WƆ ABUSUA MU

12, 13. Dɛn na ebetumi de baakoyɛ aba abusua mu?

12 Yɛbɛyɛ dɛn aboa yɛn abusua ma baakoyɛ atena yɛn mu? Sɛ yɛyɛ abusua som nnawɔtwe biara a, ebetumi aboa yɛn. Sɛ awofo ne wɔn mma bom sua Yehowa ho ade a, ɔdɔ a ɛwɔ wɔn ntam no mu bɛyɛ den. Wobetumi de saa bere no abobɔ asɛm a wɔbɛka wɔ asɛnka mu so, na ɛbɛboa wɔn nyinaa ma wɔasiesie wɔn ho yiye. Sɛ abusua no mufo bɔ nokware no ho nkɔmmɔ, na wohu sɛ abusua no muni biara dɔ Yehowa na ɔpɛ sɛ ɔyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani a, ɛma ayɔnkofa a ɛwɔ wɔn ntam mu yɛ den.

Sɛ awarefo dɔ Yehowa na wɔbom som no a, wɔbɛyɛ baako na wɔanya anigye wɔ wɔn aware mu

13 Dɛn na ebetumi ama awarefo ayɛ baako? (Mateo 19:6) Sɛ wɔn mmienu nyinaa dɔ Yehowa na wɔbom som no a, wɔbɛyɛ baako na wɔanya anigye wɔ wɔn aware mu. Ɛsɛ sɛ wɔdodɔ wɔn ho nso, sɛnea Abraham ne Sara, Isak ne Rebeka, ne Elkana ne Hanah yɛe no. (Genesis 26:8; 1 Samuel 1:5, 8; 1 Petro 3:5, 6) Sɛ awarefo yɛ saa a, wɔbɛyɛ baako na wɔne Yehowa ntam bɛyɛ kama.​—Kenkan Ɔsɛnkafo 4:12.

Abusua som betumi aboa mpanyin ne mmofra nyinaa ma ayɔnkofa a ɛwɔ wɔn ntam mu ayɛ den (Hwɛ nkyekyɛm 12, 15)

14. Sɛ wo kunu anaa wo yere nyɛ Yehowa somfo a, dɛn na wubetumi ayɛ ma w’aware asɔ?

14 Bible ka pefee sɛ ɛnsɛ sɛ yɛware obi a ɔnsom Yehowa. (2 Korintofo 6:14) Nanso, anuanom bi wɔ hɔ a, wɔn kununom anaa wɔn yerenom nyɛ Yehowa Adansefo. Ebinom waree ansa na wɔrehu nokware no, nanso wɔn ahokafo ammɛyɛ Adansefo. Ebia afoforo nso waree Yehowa somfo, nanso wɔn kunu anaa wɔn yere fii asafo no mu. Sɛ ɛba saa a, Kristofo yɛ nea wobetumi biara de Bible mu afotu yɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn aware bɛkɔ so agyina. Ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw. Ɛho nhwɛso ni. Ná Mary ne ne kunu David nyinaa som Yehowa. Akyiri yi, David gyaee asafo nhyiam kɔ. Nanso, Mary bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkɔ so ayɛ ɔyere pa na ɔde Bible mu asɛm abɔ ne bra. Ɔsan kyerɛkyerɛɛ ne mma nsia no Yehowa ho ade, na ɔtoaa so kɔɔ asafo nhyiam ne ɔmantam nhyiam. Mfe bi akyi, bere a Mary mma no nyinyinii na wɔn nyinaa tew wɔn ho no, ɔbɛyɛɛ ankonam, nanso ɔkɔɔ so som Yehowa. Afei, ne kunu David fii ase kenkan nsɛmma nhoma a na Mary de gu hɔ ma no no. Bere bi akyi no, ɔsan fii ase kɔɔ asafo nhyiam. Ná David banana a wadi mfe nsia no gyaw kwan to hɔ ma no bere nyinaa, na sɛ wamma adesua a, na abarimaa no ka sɛ, “Nanabarima, ɛnnɛ woamma adesua.” Mfe 25 akyi no, David san baa Yehowa nkyɛn, na seesei ɔne ne yere nyinaa ani agye sɛ wɔabom resom Yehowa bio.

15. Awarefo a wɔn mfe akɔ anim bɛyɛ dɛn aboa awarefo a wɔyɛ mmerante ne mmabaa no?

15 Ɛnnɛ, Satan de n’ani asi mmusua so. Ɛno nti na ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere a wɔsom Yehowa yɛ baako. Ɛmfa ho bere tenten a mode aware no, monhwɛ sɛ nea mo mu biara bɛka anaa ɔbɛyɛ no bɛma mo aware asɔ. Sɛ moyɛ awarefo a mo mfe akɔ anim a, mubetumi ayɛ nhwɛso pa ama awarefo a wɔyɛ mmerante ne mmabaa no. Ebia mubetumi ato nsa afrɛ wɔn ma wɔne mo abɛyɛ abusua som. Wobehu sɛ, sɛ awarefo bi waree akyɛ mpo a, ɛsɛ sɛ wɔdodɔ wɔn ho na wɔyɛ baako.—Tito 2:3-7.

“YƐNKƆ YEHOWA BEPƆW SO”

16, 17. Dɛn na Onyankopɔn asomfo a wɔayɛ baako rehwɛ kwan?

16 Sɛ na Israelfo rekodi afahyɛ wɔ Yerusalem a, na wɔbom yɛ ade. Ná wɔfa nneɛma a wobehia wɔ akwantu no mu ansa na wɔasi kwan so. Afei na wɔbom twa kwan no, na obiara boa ne yɔnko. Ná wɔn nyinaa bom yi Yehowa ayɛ som no wɔ asɔrefie hɔ. (Luka 2:41-44) Ɛnnɛ, bere a yɛresiesie yɛn ho akɔ wiase foforo no mu no, ehia sɛ yɛka bom na yɛne yɛn ho yɛn ho tena baakoyɛ mu. Akwan bi wɔ hɔ a wubetumi afa so ayɛ eyi kɛse?

17 Mpaapaemu wɔ wiase yi mu na nnipa adwene nhyia wɔ nneɛma pii ho. Nanso, yɛn de, yɛda Yehowa ase sɛ waboa yɛn ma yɛahu nokware no na ama yɛanya asomdwoe! Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa resom no wɔ ɔkwan a ɔpɛ so. Ne titiriw, wɔ nna a edi akyiri yi mu no, Yehowa nkurɔfo ayɛ baako sen bere biara. Sɛnea Yesaia ne Mika hyɛɛ ho nkɔm no, yɛabom reforo akɔ “Yehowa bepɔw so.” (Yesaia 2:2-4; kenkan Mika 4:2-4.) Daakye, sɛ asase sofo nyinaa ‘bom yɛ adwuma’ na wɔde baakoyɛ som Yehowa a, yɛn ani begye paa!