Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmofra​—Moasiesie Mo Ho sɛ Mobɛbɔ Asu?

Mmofra​—Moasiesie Mo Ho sɛ Mobɛbɔ Asu?

“Mo mu hena na ɔpɛ sɛ osi aban na onni kan ntena ase nsēsē nhwɛ sɛ ɔwɔ nea ɛdɔɔso a ɔde bewie?”​—LUKA 14:28.

NNWOM: 120, 64

Wɔakyerɛw adesua asɛm yi ne nea edi hɔ no ama mmofra a wɔpɛ sɛ wɔbɔ asu

1, 2. (a) Ɛnnɛ, dɛn na ɛma Onyankopɔn nkurɔfo ani gye? (b) Dɛn na awofo a wɔyɛ Kristofo ne asafo mu mpanyimfo betumi ayɛ de aboa mmofra ma wɔate nea asubɔ kyerɛ ase?

ASAFO mu panyin bi ka kyerɛɛ Christopher a wadi mfe 12 sɛ: “Menim wo fi wo mmofraase pɛɛ, na m’ani agye sɛ woreka sɛ wopɛ sɛ wobɔ asu. Ma mimmisa oo, ‘Adɛn nti na wopɛ sɛ wobɔ asu?’” Sɛ asafo mu panyin no bisaa saa asɛm no a, odi bisa. Afe biara sɛ yehu sɛ mmofra mpempem pii rebɔ asu a, yɛn ani gye paa. (Ɔsɛnkafo 12:1) Awofo ne asafo mu mpanyimfo pɛ sɛ wɔboa mmofra ma wɔn ara sisi wɔn gyinae, na wɔte nea asubɔ kyerɛ ase.

2 Bible ma yehu sɛ, sɛ Kristoni hyira ne ho so na ɔbɔ asu a, ɛkyerɛ sɛ wahyɛ abrabɔ foforo ase. Saa abrabɔ foforo yi bɛma wanya nhyira pii afi Yehowa hɔ, nanso Satan bɛsɔ no ahwɛ. (Mmebusɛm 10:22; 1 Petro 5:8) Ɛno nti, ɛsɛ sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo gye bere kyerɛkyerɛ wɔn mma ma wohu nea sɛ obi bɛyɛ Kristo suani a ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Sɛ mmofra bi awofo nyɛ Kristofo a, asafo mu mpanyimfo beyi wɔn yam aboa wɔn ma wɔate nea ahosohyira ne asubɔ kyerɛ ase. (Kenkan Luka 14:27-30.) Sɛ obi pɛ sɛ osi dan a, ɛsɛ sɛ ɔtoto nneɛma yiye ansa na watumi awie. Saa ara nso na ɛsɛ sɛ mmofra siesie wɔn ho yiye ansa na wɔabɔ asu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde nokwaredi bɛsom Yehowa “akosi awiei.” (Mateo 24:13) Dɛn na ɛbɛboa mmofra ma wɔasi wɔn adwene pi sɛ wɔbɛsom Yehowa akosi daa? Momma yɛnhwɛ.

3. (a) Asɛm bɛn na Yesu ne Petro kae a ɛma yehu sɛ asubɔ ho hia? (Mateo 28:19, 20; 1 Petro 3:21) (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho, na adɛn ntia?

3 Woyɛ abofra a wopɛ sɛ wobɔ asu? Sɛ ɛte saa a, ɛyɛ botae papa paa! Ɛyɛ hokwan kɛse sɛ wobɛbɔ asu abɛyɛ Yehowa Danseni. Afei nso, ɛyɛ biribi a ɛsɛ sɛ Kristoni yɛ, na ɛyɛ ade a ɛho hia paa sɛ obi yɛ na ama wɔagye no nkwa wɔ ahohiahia kɛse no mu. (Mateo 28:19, 20; 1 Petro 3:21) Sɛ wobɔ asu a, woda no adi sɛ woahyɛ Yehowa bɔ sɛ wobɛsom no daa. Wopɛ paa sɛ wudi wo bɔhyɛ so, enti nsɛmmisa a edidi so yi bɛboa wo ma woahu sɛ woasiesie wo ho sɛ wobɛbɔ asu anaa: (1) Me ho akokwaw sɛnea ɛsɛ a metumi asi saa gyinae no? (2) Me ara na mepɛ sɛ mebɔ asu anaa? (3) Me ho so a mehyira ama Yehowa no, mete ase? Momma yensusuw saa nsɛmmisa yi ho.

NEA ƐKYERƐ SƐ WO HO AKOKWAW SƐNEA ƐSƐ

4, 5. (a) Ɛnyɛ wɔn a wɔanyinyin nko ara na ɛsɛ sɛ wɔbɔ asu. Adɛn ntia? (b) Dɛn na ɛma yehu sɛ Kristoni bi ho akokwaw?

4 Bible nka sɛ wɔn a wɔanyin anaa wɔn a wɔadi mfe pɔtee bi nko ara na wobetumi abɔ asu. Mmebusɛm 20:11 ka sɛ: “Abofra mpo, wɔde ne nneyɛe na ehu sɛ ne nnwuma ho tew na ɛteɛ.” Enti abofra mpo betumi ahu nea ɛteɛ na wahyira ne nkwa so ama Ɔbɔadeɛ no. Abofra biara a wada no adi sɛ ne ho akokwaw na wahyira ne ho so ama Yehowa no betumi abɔ asu, efisɛ asubɔ yɛ ade a ɛho hia na ɛfata.—Mmebusɛm 20:7.

5 Dɛn na ɛkyerɛ sɛ obi ho akokwaw? Ɛnyɛ mfe a wadi anaa ne tenten ne ne kɛse na yɛde hu. Bible ma yehu sɛ nnipa a wɔn ho akokwaw de “wɔn adwene yɛ adwuma,” enti wɔatete no ma etumi hu papa ne bɔne mu nsonsonoe. (Hebrifo 5:14) Obi a ne ho akokwaw nim nea ɛyɛ papa, na wasi gyinae ne komam sɛ ɔbɛyɛ saa. Enti ɛbɛyɛ den sɛ biribi bɛtwetwe no ma wayɛ bɔne. Afei nso, enhia sɛ da biara obi ka kyerɛ no sɛ ɔnyɛ adepa. Sɛ abofra a wabɔ asu awofo anaa ɔpanyin foforo biara nni hɔ a, yɛhwɛ kwan sɛ ɔbɛyɛ nea ɛteɛ.—Fa toto Filipifo 2:12 ho.

6, 7. (a) Kyerɛ ɔhaw a Daniel hyiae wɔ Babilon. (b) Dɛn na Daniel yɛe de kyerɛɛ sɛ ne ho akokwaw?

6 Abofra betumi ada ahokokwaw a ɛte saa adi anaa? Yɛnhwɛ Daniel. Ɛbɛyɛ sɛ bere a wɔfaa no fii n’awofo nkyɛn kɔɔ Babilon no na onnya nnii mfe aduonu. Prɛko pɛ, Daniel na wakɔtena nkurɔfo a wɔnsom Onyankopɔn mu yi. Nanso, momma yensusuw Daniel asɛm no ho kakra. Wobuu no sɛ onipa titiriw wɔ Babilon. Ná wahwehwɛ mu ayi mmofra kakra sɛ wɔnsom ɔhene no, na na Daniel ka ho. (Daniel 1:3-5, 13) Ɛbɛyɛ sɛ Daniel nyaa dibea kɛse wɔ Babilon sen nea anka obenya wɔ Israel.

7 Abarimaa Daniel yɛɛ n’ade sɛn? Ɔmaa Babilonfo sesaa ne suban anaa wɔmaa ne gyidi yɛɛ mmerɛw? Dabida! Bible ma yehu sɛ bere a Daniel wɔ Babilon no, osuaee “ne komam sɛ ɔremfa” atoro som ho biribiara “ngu ne ho fĩ.” (Daniel 1:8) Ɛkyerɛ sɛ na ne ho akokwaw ankasa!

Abofra a ne ho akokwaw renyɛ ne ho sɛ Onyankopɔn adamfo wɔ Ahenni Asa so na ɔkɔ sukuu a wayɛ ne ho sɛ wiase no adamfo (Hwɛ nkyekyɛm 8)

8. Dɛn na wubetumi asua afi Daniel Asɛm no mu?

8 Dɛn na wubetumi asua afi Daniel Asɛm no mu? Sɛ abofra a ne ho akokwaw hyia tebea a ɛyɛ den mpo a, ne gyidi renhinhim. Ɔrenyɛ ne ho sɛ ɔbosomaketew a ɔdannan ne kɔla ma ɛyɛ te sɛ baabi a ɔwɔ no. Bio nso, ɔrenyɛ ne ho sɛ Onyankopɔn adamfo wɔ Ahenni Asa so, na ɔkɔ sukuu a wayɛ ne ho sɛ wiase no adamfo. Mmom, sɛ wɔsɔ no hwɛ mpo a, ɔbɛkɔ so adi nokware.​—Kenkan Efesofo 4:14, 15.

Sɛ abofra a ne ho akokwaw hyia tebea a ɛyɛ den mpo a, ne gyidi renhinhim

9, 10. (a) Sɛ abofra bi dwinnwen sɛnea ɔyɛɛ n’ade bere a ohyiaa ne gyidi ho sɔhwɛ bi nnansa yi ho a, ɛbɛboa no sɛn? (b) Dɛn na asubɔ kyerɛ?

9 Nokwasɛm ne sɛ, obiara nyɛ pɛ. Ɛtɔ da a, mmofra ne mpanyin nyinaa di mfomso. (Ɔsɛnkafo 7:20) Nanso, sɛ wopɛ sɛ wobɔ asu a, ɛbɛyɛ papa sɛ wohwehwɛ wo mu hwɛ sɛ woasi wo bo paa sɛ wubetie Yehowa anaa. Bisa wo ho sɛ, ‘Mayɛ osetie ama Yehowa nnansa yi?’ Bere a etwa to a wɔsɔɔ wo gyidi hwɛe no, woyɛɛ w’ade sɛn? Wutumi huu nea ɛfata sɛ woyɛ? Sɛnea ɛtoo Daniel no, obi atu wo fo sɛ fa wo nimdeɛ ne wo dom akyɛde boa Satan wiase yi anaa? Sɛ biribi a ɛte saa resɔ wo gyidi ahwɛ a, wutumi hu Yehowa apɛde?—Efesofo 5:17.

10 Adɛn nti na ɛho hia sɛ wunya saa nsɛmmisa no ho mmuae? Ɛbɛboa wo ma woahu sɛ asubɔ yɛ aniberesɛm paa. Sɛ wobɔ asu a, ɛma afoforo hu sɛ woahyɛ Yehowa bɔ titiriw bi. Woahyɛ Yehowa bɔ sɛ wobɛdɔ no na wode wo koma nyinaa asom no daa. (Marko 12:30) Ɛsɛ sɛ obiara a wabɔ asu si ne bo sɛ obedi ɛbɔ a wahyɛ Yehowa no so.​—Kenkan Ɔsɛnkafo 5:4, 5.

ƐYƐ WO ARA NA WOPƐ SƐ WOBƆ ASU?

11, 12. (a) Sɛ obi pɛ sɛ ɔbɔ asu a, dɛn na ɛsɛ sɛ ohu? (b) Dɛn na ɛbɛboa wo ma woanya nhyehyɛe a Yehowa ayɛ ama asubɔ no ho adwene pa?

11 Bible ma yehu sɛ Yehowa asomfo nyinaa a mmofra mpo ka ho, “betu wɔn ho ama koraa” asom no. (Dwom 110:3) Sɛ obi pɛ sɛ ɔbɔ asu a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ sɛ ɛnyɛ obi na ɔrepiapia no na mmom ɔno ara na ɔpɛ sɛ ɔbɔ asu. Ne titiriw no, sɛ wɔtetee wo wɔ nokware no mu a, ebehia sɛ wohwehwɛ wo koma mu yiye.

12 Ebia bere a worenyin no woahu sɛ nnipa pii rebɔ asu, na ebia wo nnamfo ne wo nuanom binom mpo abɔ asu. Hwɛ yiye na woannya adwene sɛ ɛyɛ wo sɛ woanyin anaa obiara rebɔ asu nti, ɛsɛ sɛ wo nso wobɔ asu. Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ wowɔ adwene a Yehowa wɔ wɔ asubɔ ho no bi? Gye bere susuw nea enti a asubɔ ho hia paa no ho. Wubenya nneɛma pa pii afi adesua yi ne nea edi hɔ no mu.

13. Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ wo ara na woasi gyinae sɛ wopɛ sɛ wobɔ asu?

13 Nneɛma bi wɔ hɔ a ebetumi ama woahu sɛ wo ara na wopɛ sɛ wobɔ asu na ɛnyɛ obi na ɔrepiapia wo. Emu baako ne sɛ wobɛhwɛ sɛnea wobɔ mpae. Mpɛn sɛn na wobɔ Yehowa mpae? Nneɛma pɔtee bɛn na wobɔ ho mpae? Nsɛmmisa yi ho mmuae bɛma woahu sɛ wo ne Yehowa ntam yɛ papa anaasɛ ɛnte saa. (Dwom 25:4) Mpɛn pii no, Yehowa nam Bible so bua yɛn mpaebɔ. Ade foforo a ɛbɛma woahu sɛ wopɛ sɛ wobɛn Yehowa, na wufi wo komam som no ne sɛ wobɛhwɛ nhyehyɛe a woayɛ de sua ade. (Yosua 1:8) Bisa wo ho sɛ: ‘Metaa sua Bible? Mifi me komam de me ho hyɛ abusua som mu?’ Saa nsɛmmisa no ho mmuae bɛboa wo ma woahu sɛ wo ara na wopɛ sɛ wobɔ asu anaa.

NEA AHOSOHYIRA KYERƐ

14. Kyerɛkyerɛ nsonsonoe a ɛwɔ ahosohyira ne asubɔ mu.

14 Ebetumi aba sɛ mmofra bi wɔ hɔ a wonnim nsonsonoe a ɛwɔ ahosohyira ne asubɔ mu ankasa. Ebia ebinom bɛka sɛ wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa dedaw, nanso wɔnyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛbɔ asu. Ɛbɛyɛ dɛn na atumi ayɛ yiye saa? Ahosohyira yɛ mpae a wobɔ de hyɛ Yehowa bɔ sɛ wobɛsom no daa. Sɛ wobɔ asu a, woma afoforo hu sɛ woahyira wo ho so ama Yehowa dedaw. Enti ansa na wobɛbɔ asu no, ɛsɛ sɛ wuhu nea ahosohyira kyerɛ ankasa.

15. Obi hyira ne ho so a, ɛkyerɛ sɛn?

15 Sɛ wuhyira wo ho so ma Yehowa a, woma ohu sɛ woyɛ ne dea. Wohyɛ no bɔ sɛ wobɛma ne som ho ahia wo asen biribiara wɔ w’asetena mu. (Kenkan Mateo 16:24.) Sɛ wohyɛ Onyankopɔn bɔ bi a ɛte saa a, ɛsɛ sɛ wofa no aniberesɛm paa! (Mateo 5:33) Dɛn na wode kyerɛ sɛ wunim sɛ wonte ase mma wo ho bio, na mmom seesei woyɛ Yehowa dea?​—Romafo 14:8.

16, 17. (a) Sɛ Bible ka sɛ obi mpa ne ho akyi a, mfatoho bɛn na wode bɛkyerɛkyerɛ mu? (b) Sɛ obi hyira ne ho so a, na dɛn paa na ɔrekyerɛ?

16 Momma yɛnhwɛ asɛm yi. Fa no sɛ w’adamfo bi akyɛ wo kar. Ɔde kar no ho nkrataa ama wo, na ɔka kyerɛɛ wo sɛ: “Wo kar ni.” Afei, ɔka kyerɛɛ wo sɛ: “Kar no safoa de, ɛwɔ me hɔ. Me na mɛka kar no, na ɛnyɛ wo.” Wobɛte nka sɛn wɔ saa akyɛde yi ho? Adwene bɛn na wubenya wɔ w’adamfo a ɔde kar no kyɛɛ wo no ho?

17 Sɛ obi hyira ne ho so ma Yehowa a, ɔka kyerɛ Onyankopɔn sɛ: “Mahyira me ho so ama wo. Meyɛ wo dea.” Ɛfata sɛ Yehowa hwɛ kwan sɛ onipa no bedi ne bɔhyɛ so. Nanso sɛ onipa no yɛ Yehowa so asoɔden na owia ne ho ne obi a ɔnsom Onyankopɔn yɛ aware nhyehyɛe ɛ? Anaasɛ onipa no kɔyɛ adwuma bi a ɛmma onnya bere pii nyɛ asɛnka adwuma no anaa ɛma ɔtoto asafo nhyiam mu nso ɛ? Sɛ ɛba saa a, ɛkyerɛ sɛ onipa no anni ɛbɔ a wahyɛ Yehowa no so. Ɛbɛyɛ sɛ onii a ɔde kar kyɛɛ n’adamfo na ɔde safoa no hyɛɛ ne ho no. Sɛ yehyira yɛn ho so ma Yehowa a, na yɛreka akyerɛ no sɛ, “Meyɛ wo dea, mente ase mma me ho bio.” Enti sɛ nea Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ no, ɛnyɛ ɛno na yɛpɛ sɛ yɛyɛ mpo a, yɛbɛyɛ nea Yehowa pɛ bere nyinaa. Momma yensuasua Yesu. Ɔkae sɛ: “Mifi soro aba sɛ merebɛyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, ɛnyɛ m’ankasa m’apɛde.”​—Yohane 6:38.

Ɛda adi sɛ asubɔ yɛ aniberesɛm paa ne hokwan kɛse

18, 19. (a) Ɔkwan bɛn so na Rose ne Christopher anom asɛm ma yehu sɛ, sɛ obi bɔ asu a ɛma onya nhyira pii? (b) Wubu asubɔ sɛn?

18 Ɛda adi sɛ asubɔ yɛ aniberesɛm paa. Ɛyɛ hokwan kɛse paa sɛ obi behyira ne ho so ama Yehowa na wabɔ asu. Sɛ mmofra dɔ Yehowa na wɔte nea ahosohyira kyerɛ ase a, wɔntwentwɛn wɔn nan ase sɛ wobehyira wɔn ho so ama Onyankopɔn na wɔabɔ asu. Sɛ mmofra si gyinae a ɛte saa a, wonnu wɔn ho. Ababaa bi a ne din de Rose a wabɔ asu kae sɛ: “Medɔ Yehowa, na biribiara nni hɔ a mɛyɛ ama m’ani agye paa sen sɛ mɛsom no. Biribiara nni hɔ a mayɛ wɔ m’asetena mu a m’adwene asi me pi wɔ ho sen gyinae a misii sɛ mɛbɔ asu.”

19 Christopher a yɛkaa ne ho asɛm wɔ adesua yi mfiase no nso ɛ? Bere a odii mfe 12 no na ɔbɔɔ asu. Ɔte nka sɛn wɔ gyinae a osii no ho? Ɔka sɛ n’ani agye paa sɛ osii saa gyinae no. Bere a odii mfe 17 no, ɔbɛyɛɛ daa kwampaefo, na odii mfe 18 no ɔbɛyɛɛ asafo mu somfo. Seesei ɔresom wɔ Betel. Ɔka sɛ: “Misii gyinae pa sɛ mebɔɔ asu. Mereyɛ adwuma ama Yehowa ne n’ahyehyɛde no, na ɛma me koma tɔ me yam paa.” Sɛ wopɛ sɛ wobɔ asu a, wobɛyɛ dɛn asiesie wo ho? Yebenya asɛmmisa yi ho mmuae wɔ adesua a edi hɔ no mu.