Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmofra—Mobɛyɛ Dɛn Asiesie Mo Ho Ama Asubɔ?

Mmofra—Mobɛyɛ Dɛn Asiesie Mo Ho Ama Asubɔ?

“Nea mepɛ ne sɛ mɛyɛ w’apɛde.”​—DWOM 40:8.

NNWOM: 51, 58

1, 2. (a) Kyerɛ nea enti a asubɔ yɛ aniberesɛm. (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ obi hu ansa na wabɔ asu, na dɛn ntia?

WOYƐ abofra a wopɛ sɛ wobɔ asu anaa? Sɛ saa a, ɛnde ɛyɛ hokwan kɛse paa. Sɛnea yehui wɔ adesua a edi eyi anim mu no, asubɔ yɛ aniberesɛm. Ɛma afoforo hu sɛ woahyira wo ho so ama Yehowa. Nea ɛkyerɛ ne sɛ, woahyɛ Yehowa bɔ sɛ wobɛsom no daa, na n’apɛde a wobɛyɛ ne ade a ɛho hia wo paa wɔ w’asetena mu. Esiane sɛ woahyɛ Onyankopɔn bɔ a emu yɛ duru nti, ansa na wobɛbɔ asu no, ɛsɛ sɛ wuhu sɛ wo ho akokwaw sɛnea ɛsɛ, na wopɛ paa sɛ wobɔ asu. Afei nso, wunim nea wo ho so a woahyira ama Onyankopɔn no kyerɛ.

2 Nanso, ebia wuhu sɛ wunsiesiee wo ho sɛ wobɛbɔ asu. Anaa ebia wususuw sɛ woasi w’adwene pi sɛ wobɛbɔ asu nanso w’awofo adwene yɛ wɔn sɛ ɛsɛ sɛ wunyin kakra na wunya osuahu pii wɔ asetenam ansa na woabɔ asu. Sɛ ɛba saa a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Mma w’abam mmu. Mmom, fa saa bere no di dwuma yiye na nya nkɔso. Sɛ woyɛ saa a, ɛrenkyɛ koraa wubetumi afata ama asubɔ. Bere a eyi wɔ w’adwenem no, wubetumi de nea edidi so yi asisi w’ani so: (1) nea wugye di, (2) wo nneyɛe, ne (3) anisɔ a wowɔ.

NEA WUGYE DI

3, 4. Dɛn na mmofra betumi asua afi Timoteo asɛm no mu?

3 Wo de, susuw sɛnea wubebua nsɛmmisa a edidi so yi ho hwɛ: Adɛn nti na migye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ? Adɛn nti na migye di sɛ Bible yɛ Onyankopɔn asɛm? Adɛn nti na midi Onyankopɔn ahyɛde so sen sɛ mesuasua wiase no abrabɔ? Saa nsɛmmisa no bɛboa wo ma wode ɔsomafo Paulo afotu yi ayɛ adwuma: “Na moasɔ ahwɛ ahu Onyankopɔn pɛ a eye na ɛsɔ ani na edi mũ.” (Romafo 12:2) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ woyɛ saa?

 Timoteo gyee nokware no toom, efisɛ osusuw nea wasua no ho na ogye dii

4 Timoteo asɛm no betumi aboa wo. Ná onim Bible mu yiye efisɛ na ne maame ne ne nanabea akyerɛkyerɛ no Kyerɛwnsɛm no. Nanso, Paulo ka kyerɛɛ Timoteo sɛ: “Tena nea woasua na woagye adi sɛ ɛyɛ nokware no mu.” (2 Timoteo 3:14, 15) Ɛha no, asɛm “woagye adi” no kyerɛ sɛ “wubehu biribi na woagye atom sɛ ɛyɛ nokware.” Enti na ɛsɛ sɛ Timoteo gye di sɛ obetumi ahu nokware no wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. Ogye toom, ɛnyɛ sɛ ne maame ne ne nanabea na wɔka kyerɛɛ no sɛ onnye ntom, na mmom ɔno ankasa susuw nea wasua no ho na ogye dii.​—Kenkan Romafo 12:1.

5, 6. Adɛn nti na ɛho hia sɛ wode ‘w’adwene’ yɛ adwuma fi wo mmofraase?

5 Na wo nso ɛ? Ebia wunim nokware no fi wo mmofraase. Sɛ saa a, adɛn nti na womfa nyɛ wo botae sɛ wubedwinnwen nea ɛma wunyaa gyidi ho. Ɛbɛboa wo ma wo gyidi ayɛ den. Sɛ ɛba saa a, w’atipɛnfo, wiase no, ne wo koma mpo rentumi nnaadaa wo.

6 Sɛ wode ‘w’adwene’ yɛ adwuma bere a woda so yɛ abofra a, wubetumi abua nsɛmmisa a w’atipɛnfo bisa wo. Ebi ne: ‘Dɛn na ɛma wuhu paa sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ? Sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn a, adɛn nti na ɔma nneɛma bɔne sisi? Adɛn nti na yɛka sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ fi teteete?’ Sɛ wusua Bible yiye a, nsɛmmisa a ɛte saa remma w’adwenem nyɛ wo naa, mmom ɛbɛma wo gyidi ayɛ den.

7-9. Kyerɛ sɛnea nneɛma a yɛde sua Bible a ɛwɔ Intanɛt so wɔ “Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?” afã hɔ no betumi aboa wo ma woahyɛ wo gyidi den.

7 Sɛ wotɔ wo bo ase sua ade a, ebetumi aboa wo ma woanya wo nsɛmmisa ho mmuae, ama w’adwene asi wo pi, na wo gyidi ayɛ den. (Asomafo Nnwuma 17:11) Yɛwɔ nhoma pii a yɛde sua Bible a ebetumi aboa wo ma woayɛ saa. Nnipa pii ahu sɛ, sɛ wosua yɛn nhoma a ɛka yɛn Bɔfo Kɛse no ne n’abɔde ho asɛm a, ɛboa wɔn paa. Afei nso, mmabun pii ani agye “Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?” a ɛwɔ jw.org so no ho, na aboa wɔn paa. Wubehu wɔ BIBLE NKYERƐKYERƐ afã hɔ. Wɔayɛ saa ɔfã no sɛ ɛmmoa wo na hyɛ wo gyidi den wɔ Bible mu asɛm bi ho.

8 Esiane sɛ wusua Bible nti, ebia wunim nsɛmmisa a ɛwɔ nneɛma a yɛde sua Bible afã hɔ wɔ jw.org no bi ho mmuae dedaw. Wugye saa mmuae no tom anaa? Saa ɔfã no bɛboa wo ma woatɔ wo bo ase asusuw kyerɛwsɛm ahorow ho, na ahyɛ wo nkuran ma woakyerɛw nea wo gyidi gyina so wɔ hɔ. Ɛbɛboa wo ma woahu sɛnea wobɛkyerɛkyerɛ wo gyidi mu akyerɛ afoforo. Sɛ wutumi kɔ Intanɛt so a, wubetumi de “Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?” fã hɔ no asua ade na aboa wo ma wo gyidi ayɛ den.

9 Ɛsɛ sɛ w’ankasa wugye tom sɛ nokware no ni. Ɛno bɛboa wo ma woasiesie wo ho sɛ wobɛbɔ asu. Ababaa bi kae sɛ: “Ansa na meresi gyinae sɛ mɛbɔ asu no, misuaa Bible, na mihui sɛ nokware som ni. Da biara da, me gyidi yɛ den.”

WO NNEYƐE

10. Adɛn nti na ntease wom sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Kristoni a wabɔ asu gyidi bɛda adi wɔ ne nneyɛe mu?

10 Bible ka sɛ: “Gyidi nso sɛ nnwuma nka ho a, na awu.” (Yakobo 2:17) Sɛ wo gyidi yɛ den a, ɛbɛda adi wɔ wo nneyɛe mu. Ɛno na Bible frɛ no “abrabɔ kronkron ne onyamesom pa” no.​—Kenkan 2 Petro 3:11.

11. Asɛm, “abrabɔ kronkron” no kyerɛ sɛn?

11 Bible ka “abrabɔ kronkron” a, ɛkyerɛ sɛn? Sɛ wo nneyɛe yɛ kronkron a, ɛkyerɛ sɛ w’abrabɔ ho tew. Wo de, kaakae abosome nsia a atwam no. Bere a biribi yɛɛ wo sɛ yɛ bɔne no, wudwenee nea ɛyɛ papa ne bɔne ho yiye huu nea ɛsɛ sɛ woyɛ? (Hebrifo 5:14) Wokae mmere pɔtee bi a ɛyɛɛ wo sɛ yɛ bɔne bi na woanyɛ, anaa bere bi a woanni w’atipɛnfo akyi ankɔyɛ bɔne? Woda suban pa adi wɔ sukuu a afoforo betumi asuasua? Wokɔ so di Yehowa nokware, anaasɛ wompɛ sɛ wo sukuufo di wo ho fɛw nti, ɛyɛ a woyɛ w’ade te sɛ wɔn? (1 Petro 4:3, 4) Ɛwom, obiara tɔ sin. Ɛtɔ da a, fɛre betumi aka wɔn a wɔde mfe bebree asom Yehowa mpo ma ayɛ den ama wɔn sɛ wɔbɛka asɛmpa no akyerɛ afoforo. Nanso, obi a wahyira ne ho so ama Onyankopɔn ma n’abrabɔ ho tew, na ɔmfɛre sɛ ɔbɛma afoforo ahu sɛ ɔyɛ Yehowa Dansefo.

12. Nneɛma a ɛkyerɛ “onyamesom pa” no bi ne dɛn, na sɛn na ɛsɛ sɛ wubu no?

12 Dɛn ne “onyamesom pa”? Ɛfa nneɛma a woyɛ wɔ asafo no mu ho. Ebi ne asafo nhyiam ne asɛnka a wobɛkɔ. Ebi nso ne nneɛma a woyɛ a afoforo nhu te sɛ mpae a wobɔ ne Bible a w’ankasa wusua. Obi a wahyira ne ho so ama Yehowa rennya adwene sɛ saa nneɛma no yɛ adesoa. Obenya adwene a Ɔhene Dawid nyae no bi. Dawid kae sɛ: “Nea mepɛ ne sɛ mɛyɛ w’apɛde, O me Nyankopɔn, na wo mmara wɔ me koma mu.”—Dwom 40:8.

“Nneɛma pɔtee bɛn na wobɔ ho mpae, na ɛma wuhu sɛ wodɔ Yehowa anaa?”

13, 14. Dɛn na ɛbɛboa wo ma woada “onyamesom pa” adi, na ɔkwan bɛn so na aboa mmofra bi?

13 Nea ɛbɛboa wo ma wode botae asisi w’ani so no, hwɛ Questions Young People Ask—Answers That Work, nhoma no Po 2, kratafa 308 ne 309. Wubehu nsɛmmisa bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wubua. Wubetumi akyerɛw nsɛmmisa no ho mmuae wɔ hɔ. Nsɛmmisa no bi ne: “Nneɛma pɔtee bɛn na wobɔ ho mpae, na ɛma wuhu sɛ wodɔ Yehowa anaa?” “Sɛ woresua ade a, dɛn na wusua?” “Sɛ w’awofo ankɔ asɛnka mpo a, ɛyɛ a wokɔ?” Baabi wɔ saa fã hɔ nso a wubetumi akyerɛw botae biara a wopɛ sɛ wode si w’ani so. Ebetumi ayɛ mpaebɔ, ade a w’ankasa wusua, ne asɛnka.

14 Mmofra pii a wɔpɛ sɛ wɔbɔ asu ahu sɛ saa ɔfã yi so wɔ mfaso paa. Ababaa bi a ne din de Tilda kae sɛ: “Mekyerɛw botae a mede asisi m’ani so wɔ saa ɔfã hɔ. Miduu saa botae no ho mmaako mmaako, na bɛyɛ afe baako akyi no, na masi m’adwene pi sɛ mɛbɔ asu.” Aberante bi a ne din de Patrick nso yɛɛ saa ara. Ɔkae sɛ: “Ná minim botae a mede asi m’ani so dedaw, nanso esiane sɛ mekyerɛwee nti ɛma meyeree me ho duu ho.”

Sɛ mpo w’awofo gyae Yehowa som a, wobɛkɔ so asom no anaa? (Hwɛ nkyekyɛm 15)

15. Adɛn nti na wo ara na ɛsɛ sɛ wuhyira wo ho so?

15 Nsɛmmisa a ɛwɔ nhoma no mu baako ne sɛ: “Sɛ mpo w’awofo ne wo nnamfo gyae Yehowa som a, wobɛkɔ so asom no anaa?” Sɛ wuhyira wo ho so ma Yehowa na wobɔ asu a, Yehowa bɛyɛ w’adamfo. Ɛnyɛ w’awofo anaa obi foforo nti na ɛsɛ sɛ wosom Yehowa. W’abrabɔ kronkron ne wo nyamesom pa kyerɛ sɛ wugye di sɛ woahu nokware no, na wopɛ sɛ wode Onyankopɔn asɛm bɔ wo bra. Woyɛ saa a, ɛrenkyɛ wobɛfata ama asubɔ.

ANISƆ A WOWƆ

16, 17. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛkanyan obi ma ɔyɛ Kristoni? (b) Mfatoho bɛn na wode bɛkyerɛ sɛnea w’ani sɔ agyede no?

16 Da bi, ɔbarima bi a onim Mose Mmara no yiye bisaa Yesu sɛ: “Mmara no mu ahyɛde bɛn na ɛyɛ kɛse?” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.” (Mateo 22:35-37) Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, ade a ɛsɛ sɛ ɛkanyan obi ma ɔbɔ asu bɛyɛ Kristoni ne Yehowa ho dɔ. Ɔkwan baako a wubetumi afa so ahyɛ ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa mu den ne sɛ, wubedwinnwen agyede no ho. Ɛno ne Onyankopɔn akyɛde a ɛsen biara a ɔde ama adesamma. (Kenkan 2 Korintofo 5:14, 15; 1 Yohane 4:9, 19.) Sɛ wudwinnwen agyede no ho a, ɛbɛkanyan wo ma woakyerɛ ho anisɔ kɛse.

17 Yebetumi akyerɛkyerɛ anisɔ a wowɔ ma agyede no mu wɔ saa kwan yi so: Fa no sɛ nsu refa wo, ɛnna obi beyii wo. Wobɛsɔre aprapra wo ho na woakɔ wo fie, na wo werɛ afi nea onipa no ayɛ ama wo anaa? Dabi! Akyinnye biara nni ho sɛ wo werɛ remfi nea onipa no yɛ maa wo no da! Saa ara na ɛsɛ sɛ yenya anisɔ kɛse ma agyede no a Yehowa ne Yesu de ama yɛn no. Ɛnyɛ wɔn a anka yenni anidaso biara! Wɔagye yɛn afi bɔne ne owu mu. Ɔdɔ a wɔwɔ ma yɛn nti, seesei yɛwɔ anidaso sɛ yɛbɛtena ase daa wɔ Paradise asase so!

18, 19. (a) Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ wusuro sɛ wode wo ho bɛma Yehowa? (b) Sɛ wosom Yehowa a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛma w’asetena ayɛ papa?

18 W’ani sɔ nea Yehowa ayɛ ama wo? Sɛ saa a, ɛnde ade a ɛfata sɛ woyɛ ne sɛ wubehyira wo ho so na woabɔ asu. Sɛ wuhyira wo ho so a, wohyɛ Onyankopɔn bɔ sɛ wobɛyɛ n’apɛde daa. Ɛsɛ sɛ wusuro sɛ wobɛhyɛ bɔ a ɛte saa anaa? Dabi! Yehowa pɛ sɛ esi wo yiye, na obetua wɔn a wɔyɛ n’apɛde no ka. (Hebrifo 11:6) Sɛ wuhyira wo ho so ma Onyankopɔn na wobɔ asu a, worennu wo ho da, na mmom ebesi wo yiye! Onua bi a wadi mfe 24 a ɔbɔɔ asu ansa na ɔredi mfe 13 ka sɛ, “Sɛ minyinii kakra ansa na merebɔ asu a, ebia anka menya ntease a emu dɔ, nanso misii gyinae hyiraa me ho so maa Yehowa, na ɛno aboa me ma manni wiase nneɛma akyi.”

Satan yɛ pɛsɛmenkominya na onnwen wo ho

19 Yehowa pɛ sɛ esi wo yiye paa. Nanso, Satan de, ɔyɛ pɛsɛmenkominya na onnwen wo ho. Sɛ wudi n’akyi a, onni biribi papa biara a ɔde bɛma wo. Ɛbɛyɛ sɛ kwaterekwa reka akyerɛ wo sɛ ɔbɛma wo ntama. Satan nni asɛmpa biara, na onni anidaso biara nso. Esiane sɛ ebewie no bɔne daakye nti, daakye papa biara nni hɔ a obetumi de ama wo!​—Adiyisɛm 20:10.

20. Dɛn na abofra betumi ayɛ na ama wanya nkɔso ahyira ne ho so abɔ asu? (Hwɛ adaka a wɔato din “ Nea Ɛbɛboa Ma Woanya Nkɔso” no nso.)

20 Gyinae a eye sen biara wubetumi asi wɔ w’asetenam ne sɛ wubehyira wo ho so ama Yehowa. Woasiesie wo ho sɛ wobɛyɛ saa? Sɛ saa a, ɛnde nsuro sɛ wobɛhyɛ saa bɔ no. Nanso, sɛ wususuw sɛ wunsiesiee wo ho a, fa nyansahyɛ a ɛwɔ adesua yi mu yɛ adwuma na nya nkɔso. Paulo ka kyerɛɛ anuanom a wɔwɔ Filipi no sɛ wɔnyere wɔn ho nnya nkɔso. (Filipifo 3:16) Sɛ wode saa afotu no yɛ adwuma a, ɛrenkyɛ koraa w’ani begye sɛ wubehyira wo ho so ama Yehowa na woabɔ asu.