Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Kyerɛ Ne Nkurɔfo Nkwa Kwan

Yehowa Kyerɛ Ne Nkurɔfo Nkwa Kwan

“Ɔkwan no ni. Momfa so.”​YESAIA 30:21.

NNWOM: 65, 48

1, 2. (a) Kɔkɔbɔ bɛn na agye nnipa pii nkwa? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.) (b) Akwankyerɛ bɛn na wɔde ama Onyankopɔn nkurɔfo a ebetumi agye wɔn nkwa?

“GYINA, HWƐ, TIE.” Bɛboro mfe 100 ni na wɔakyerɛw saa asɛm yi asisi mmeae a kar twam wɔ keteke kwan mu wɔ North America. Adɛn ntia? Sɛnea ɛbɛyɛ a kar renkotwam wɔ keteke kwan so mma keteke ntwiw mfa so. Saa kɔkɔbɔ yi a nkurɔfo atie no agye nnipa pii nkwa.

2 Nea Yehowa yɛ de bɔ yɛn ho ban no, ɛsen saa kɔkɔbɔ yi. Ɔkyerɛ ne nkurɔfo kwan sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi atwe wɔn ho afi asiane ho na wɔanya daa nkwa. Yehowa te sɛ oguanhwɛfo pa a ɔkyerɛ ne nguan kwan. Afei nso ɔbɔ ne nguan kɔkɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremfom kwan nkɔtɔ asiane mu.​—Kenkan Yesaia 30:20, 21.

YEHOWA AKYERƐ NE NKURƆFO KWAN FI TETEETE

3. Ɛyɛɛ dɛn na adesamma kɔfaa owu kwan so?

3 Efi teteete na Yehowa de akwankyerɛ ama adesamma. Ɛho nhwɛso ni. Yehowa maa adesamma akwankyerɛ wɔ Eden turom. Ná ɛbɛkyerɛ wɔn kwan ma wɔanya daa nkwa ne anigye. (Genesis 2:15-17) Nanso Adam ne Hawa poo akwankyerɛ a wɔn Agya a ɔdɔ wɔn de maa wɔn no. Hawa tiee afotu a ɛte sɛ nea efi ɔwɔ hɔ. Ɛno akyi, Adam nso tiee ne yere. Dɛn na asoɔden a wɔyɛe no kɔfa bae? Wɔn mmienu nyinaa huu amane, na wowui. Wonni anidaso biara. Afei nso, asoɔden a wɔyɛe nti, ama adesamma nyinaa nam owu kwan so.

4. (a) Nsuyiri no akyi no, adɛn nti na akwankyerɛ foforo ho behiae? (b) Ɔkwan bɛn so na asetena foforo a nnipa baa mu no ma yehu Onyankopɔn adwene?

4 Onyankopɔn maa Noa akwankyerɛ ma egyee nnipa nkwa. Nsuyiri no akyi no, Yehowa kae sɛ ɛnsɛ sɛ nnipa di mogya. Adɛn ntia? Efisɛ na Yehowa rebɛma nnipa awe nam. Asetena foforo a nnipa baa mu nti, na ebehia sɛ wonya akwankyerɛ foforo. Yehowa kae sɛ: “Ɔhonam ne ne kra, kyerɛ sɛ, ne mogya, nkutoo na munnni.” (Genesis 9:1-4) Saa ahyɛde yi ma yehu Onyankopɔn adwene wɔ nkwa ho. Yehowa ne Ɔbɔadeɛ na ɔno na ɔma yɛn nkwa, enti ɔwɔ hokwan sɛ ɔhyehyɛ mmara wɔ nkwa ho. Ɛho nhwɛso ni. Ɔhyɛɛ mmara sɛ ɛnsɛ sɛ onipa kum ne yɔnko nipa. Onyankopɔn bu nkwa ne mogya sɛ ɛyɛ kronkron, na obiara a wamfa anni dwuma yiye no, ɔbɛtwe n’aso.​—Genesis 9:5, 6.

5. Dɛn na yebesusuw ho, na adɛn ntia?

5 Noa nna no akyi no, Onyankopɔn kɔɔ so kyerɛɛ ne nkurɔfo kwan. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ akwan bi a ɔfaa so kyerɛɛ ne nkurɔfo kwan. Yɛasi yɛn bo sɛ yebedi Yehowa akwankyerɛ akyi akɔ wiase foforo no mu. Saa nhwehwɛmu yi bɛboa yɛn ma yɛayɛ saa.

ƆMAN FOFORO NYAA AKWANKYERƐ FOFORO

6. Dɛn nti na na ɛho hia sɛ Onyankopɔn nkurɔfo di mmara a ɔnam Mose so de ma wɔn no so, na su bɛn na na ɛsɛ sɛ Israelfo da no adi?

6 Mose bere so no, adɛn nti na Yehowa de abrabɔ ne ɔsom ho akwankyerɛ a emu da hɔ maa ne nkurɔfo? Efisɛ na nneɛma asan asesa. Israelfo kɔyɛɛ nkoa wɔ Egypt bɛboro mfe ahanu. Ná nkurɔfo a Israelfo te wɔn mu no nyinaa som awufo ne ahoni, na na wɔyɛ nneɛma foforo pii a egu Onyankopɔn ho fĩ. Bere a Onyankopɔn gyee ne nkurɔfo fii Egypt no, na wohia akwankyerɛ foforo. Ná wɔrebɛyɛ ɔman a Yehowa Mmara nkutoo na wobedi so. Nhoma bi ka sɛ Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase “mmara” ne asɛmfua foforo bi sɛ. Saa asɛmfua no kyerɛ sɛ “worekyerɛ obi kwan anaa worekyerɛkyerɛ obi.” Ná ɔbrasɛe ne atoro som ahyɛ aman a atwa Israelfo ho ahyia no ma, nanso Mose Mmara no bɔɔ Israelfo ho ban fii saa nneyɛe no ho. Bere biara a Israelfo tiee Onyankopɔn asɛm no, ohyiraa wɔn. Nanso sɛ wɔantie no a, na wotwa so aba yayaayaw.​—Kenkan Deuteronomium 28:1, 2, 15.

7. (a) Kyerɛ nea enti a Yehowa maa ne nkurɔfo akwankyerɛ. (b) Ɔkwan bɛn so na Mose Mmara no bɛyɛɛ kwankyerɛfo maa Israelfo no?

7 Biribi foforo nti, na Israelfo no hia akwankyerɛ foforo. Mose Mmara no siesiee Israelfo no maa biribi titiriw a ɛfa Yehowa atirimpɔw ho. Ɛno ne Mesia, Yesu Kristo a na ɔreba no. Mmara no maa Israelfo no hui sɛ wɔtɔ sin. Ɛboaa wɔn ma wohui nso sɛ wohia agyede, kyerɛ sɛ, afɔre a edi mũ a ebeyi wɔn bɔne afi hɔ korakora. (Galatifo 3:19; Hebrifo 10:1-10) Afei nso, Mmara no bɔɔ abusua a na Mesia no befi mu aba no ho ban, na ɛsan boaa Israelfo no na sɛ Mesia no ba a wɔahu no. Nokwasɛm ne sɛ, na Mmara no te sɛ akwankyerɛ a wɔde di dwuma bere tiaa mu, anaa “kwankyerɛfo” a ɛkyerɛ kwan kɔ Kristo so.​—Galatifo 3:23, 24.

8. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma nnyinasosɛm a ɛwɔ Mose Mmara no mu kyerɛ yɛn kwan?

8 Kristofo nso betumi anya akwankyerɛ a Yehowa nam Mose Mmara no so de mae no so mfaso. Yɛbɛyɛ dɛn anya so mfaso? Sɛ yɛrekenkan Mose Mmara no a, yebetumi agyina anaa yɛato yɛn bo ase ahwɛ nnyinasosɛm a ɛwom no. Ɛwom sɛ yɛnhyɛ saa mmara no ase de, nanso ɛnnɛ mpo, emu pii betumi akyerɛ yɛn kwan wɔ yɛn asetena ne Yehowa som mu. Yehowa ma wɔkyerɛw saa mmara no wɔ Bible mu sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi asua biribi afi mu, na yɛama emu nnyinasosɛm akyerɛ yɛn kwan. Bio nso, ɛbɛma yɛahu sɛ Yesu kyerɛɛ yɛn biribi a ɛkyɛn Mose Mmara no. Tie asɛm a Yesu kae yi: “Motee sɛ wɔkae sɛ, ‘Nsɛe aware.’ Nanso mise mo sɛ obiara a ɔbɛkɔ so ahwɛ ɔbea anya akɔnnɔ ama no no asɛe aware dedaw ne koma mu.” Enti ɛnsɛ sɛ yɛsɛe aware, na saa ara nso na ɛsɛ sɛ yeyi yɛn adwene fi ɔbrasɛe so, na yeyi akɔnnɔ bɔne fi yɛn koma mu.​—Mateo 5:27, 28.

9. Tebea foforo bɛn na ɛmaa ɛho behiae sɛ Onyankopɔn de akwankyerɛ foforo ma?

9 Bere a Yesu baa asase so sɛ Mesia no, Yehowa de akwankyerɛ foforo mae, na ɔma yehuu n’atirimpɔw ho nsɛm pii. Adɛn nti na na eyi ho hia? Afe 33 no, Yehowa poo Israel man no, na ɔpaw Kristofo asafo no sɛ ne nkurɔfo. Ɛno maa Onyankopɔn nkurɔfo tebea sesae bio.

HONHOM FAM ISRAEL NYAA AKWANKYERƐ

10. Dɛn nti na wɔde mmara foforo maa Kristofo asafo no, na adɛn nti na saa mmara no nte sɛ nea wɔde maa Israelfo no?

10 Yehowa de Mose Mmara no maa Israelfo no sɛnea ɛbɛma wɔahu ɔkwan a wɔbɛfa so abɔ wɔn bra na wɔasom no. Asomafo no bere so no, na Onyankopɔn nkurɔfo nyɛ ɔman baako mufo bio, na mmom na wofi aman ne mmusua pii mu. Ná wɔfrɛ wɔn honhom fam Israel. Wɔn na wɔde wɔn hyehyɛɛ Kristofo asafo no, na na wɔhyɛ apam foforo ase. Yehowa maa wɔn akwankyerɛ foforo a wɔde bɛbɔ wɔn bra na wɔasom no. Nokwasɛm ni, “Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim, na mmom ɔman biara mu no, onipa a osuro no na ɔyɛ adetrenee no, ogye no tom.” (Asomafo Nnwuma 10:34, 35) Honhom fam Israelfo dii “Kristo mmara” so. Ná “Kristo mmara” no gyina nnyinasosɛm a wɔakyerɛw agu wɔn koma mu so na ɛnyɛ abopon so. Ná saa mmara no bɛkyerɛ Kristofo kwan na aboa wɔn wɔ baabiara a wɔte.​—Galatifo 6:2.

11. Nneɛma mmienu bɛn na Kristofo yɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔredi “Kristo mmara” no so?

11 Yehowa nam Yesu so de akwankyerɛ maa honhom fam Israelfo no, na ɛboaa wɔn paa. Yesu de ahyɛde mmienu mae ansa na ɔreyɛ apam foforo no ho nhyehyɛe. Ná ahyɛde no baako fa asɛnka adwuma ho. Ɛnna nea ɛka ho no kyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ Kristofo bɔ wɔn bra ne sɛnea ɛsɛ sɛ wɔne wɔn nuanom Kristofo tena. Wɔde saa akwankyerɛ yi maa Kristofo nyinaa. Enti sɛ yɛwɔ anidaso sɛ yɛbɛtena ase daa wɔ soro oo, asase so oo, ɛfa yɛn nyinaa ho nnɛ.

12. Ahyɛde foforo bɛn na wɔde mae wɔ asɛnka adwuma no ho?

12 Tete no, na ɛsɛ sɛ amanaman mufo ba Israel bɛsom Yehowa. (1 Ahene 8:41-43) Nanso Yesu de ahyɛde a ɛwɔ Mateo 28:19, 20 no mae. (Kenkan.) Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ “monkɔ” nnipa nyinaa nkyɛn. Pentekoste afe 33 no, Yehowa daa no adi sɛ ɔpɛ sɛ wɔka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa. Saa da no, honhom kronkron hyɛɛ asafo foforo no mufo bɛyɛ 120 mãmã, na wofii ase kaa kasa foforo kyerɛɛ Yudafo ne wɔn a wɔasakra abɛyɛ Yudafo no. (Asomafo Nnwuma 2:4-11) Afei wɔkɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ Samariafo. Ɛno akyi, afe 36 no, wɔkɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ Amanaman mufo a wontwaa twetia. Eyi kyerɛ sɛ, na ɛsɛ sɛ Kristofo kɔka asɛmpa no kyerɛ nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa!

13, 14. (a) “Ahyɛde foforo” a Yesu de mae no hwehwɛ sɛ yɛyɛ dɛn? (b) Dɛn na yesua fi nea Yesu yɛe no mu?

13 Yesu san de “ahyɛde foforo” mae. Ɔkaa sɛnea ɛsɛ sɛ yɛne yɛn nuanom tena ho asɛm. (Kenkan Yohane 13:34, 35.) Da biara da ɛsɛ sɛ yɛma wohu sɛ yɛdɔ wɔn, na saa ara nso na ɛsɛ sɛ yɛyɛ krado sɛ yɛde yɛn nkwa bɛto hɔ ama wɔn. Ná eyi nni Mose Mmara no mu.​—Mateo 22:39; 1 Yohane 3:16.

14 Sɛ yɛreka obi a ɔdaa ɔdɔ kann adi sen obiara a, ɔne Yesu. Ná ɔdɔ n’asuafo no araa ma ɔde ne nkwa too hɔ maa wɔn. Ɔpɛ sɛ n’akyidifo nyinaa yɛ saa. Enti ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho sɛ yebehu amane ama yɛn nuanom, na sɛ etwa sɛ yewu ma wɔn mpo a, yɛayɛ saa.​—1 Tesalonikafo 2:8.

AKWANKYERƐ A WƆDE MA YƐN NNƐ NE NEA YEBENYA DAAKYE

15, 16. Tebea foforo bɛn na yɛwom, na sɛn na Onyankopɔn kyerɛ yɛn kwan?

15 Yesu apaw “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no sɛ ɔmma n’akyidifo honhom fam “aduan bere a ɛsɛ mu.” (Mateo 24:45-47) Saa aduan no bi ne akwankyerɛ atitiriw a wɔde ma Onyankopɔn nkurɔfo bere a tebea no asesa. Tebea foforo bɛn na yɛwom?

16 Yɛte “nna a edi akyiri” mu, na ɛrenkyɛ ahohiahia a ebi mmae da bɛba. (2 Timoteo 3:1; Marko 13:19) Afei nso wɔatow Satan ne n’adaemone afi soro agu asase so, na ama adesamma rehu amane paa. (Adiyisɛm 12:9, 12) Bio nso, yɛredi Yesu ahyɛde so. Enti nnɛ, yɛreka asɛmpa no sen bere biara wɔ wiase nyinaa! Yɛreka akyerɛ nnipa pii wɔ kasa bebree mu.

17, 18. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade sɛn wɔ akwankyerɛ a wɔde rema yɛn no ho?

17 Onyankopɔn ahyehyɛde no ma yɛn nneɛma pii a ɛboa yɛn ma yɛyɛ asɛnka adwuma no. Ɛyɛ a wode yɛ adwuma? Yɛkɔ asafo nhyiam a, wɔkyerɛ yɛn sɛnea yɛde saa nneɛma no bɛyɛ adwuma yiye. Wubu saa akwankyerɛ yi sɛ efi Onyankopɔn?

18 Ɛsɛ sɛ yɛyɛ aso tie akwankyerɛ a Onyankopɔn nam Kristofo asafo no so de ma yɛn no nyinaa. Yɛyɛ saa a, obehyira yɛn. Sɛ yetie akwankyerɛ a wɔde ma yɛn nnɛ a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yebetie akwankyerɛ wɔ “ahohiahia kɛse” no mu. Saa bere no na wɔbɛsɛe Satan wiase bɔne no nyinaa. (Mateo 24:21) Ɛno akyi no, yebehia akwankyerɛ foforo a yɛde bɛbɔ yɛn bra wɔ wiase foforo no mu. Ebedu hɔ no na Satan nkɛntɛnso biara afi hɔ.

Yɛkɔ Paradise a, yebenya nhoma mmobɔwee a akwankyerɛ foforo wom de abɔ yɛn bra (Hwɛ nkyekyɛm 19, 20)

19, 20. Nhoma mmobɔwee bɛn na wobebuebue mu, na dɛn na ɛbɛma yɛanya?

19 Mose bere so no, na Israelfo hia akwankyerɛ foforo, enti Onyankopɔn de Mose Mmara no maa wɔn. Akyiri yi, na ɛsɛ sɛ Kristofo asafo no di “Kristo mmara” so. Afei nso, Bible ma yehu sɛ yɛkɔ wiase foforo no mu a, yebenya nhoma mmobɔwee a akwankyerɛ foforo wom. (Kenkan Adiyisɛm 20:12.) Yebetumi ahwɛ kwan sɛ saa nhoma mmobɔwee no bɛma yɛahu nea Yehowa pɛ sɛ adesamma yɛ saa bere no. Sɛ nnipa nyinaa ne wɔn a wɔasɔre afi awufo mu no sua nea ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu a, wobetumi ahu nea Onyankopɔn pɛ sɛ wɔyɛ. Nhoma mmobɔwee no bɛboa yɛn ma yɛahu Yehowa adwene yiye. Yɛbɛte Bible ase yiye nso, na ɛbɛma obiara a ɔwɔ Paradise ne ne yɔnko atena ɔdɔ, obu, ne nidi mu. (Yesaia 26:9) Wo de, hwɛ nneɛma a Ɔhene Yesu Kristo bɛkyerɛkyerɛ yɛn na yɛn nso yɛde akyerɛkyerɛ afoforo!

20 Sɛ yedi akwankyerɛ a ‘wɔakyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee’ no mu akyi, na yɛkɔ so di Yehowa nokware wɔ sɔhwɛ a etwa to no mu a, ɔbɛkyerɛw yɛn din wɔ “nkwa nhoma no” mu afebɔɔ. Ɛno kyerɛ sɛ yebenya daa nkwa! Enti ɛsɛ sɛ YEGYINA anaa yɛtɔ yɛn bo ase kenkan Bible, YƐHWƐ nea ɛkyerɛ, na yedi Onyankopɔn akwankyerɛ so de kyerɛ sɛ YETIE no. Sɛ yɛyɛ saa nneɛma yi a, yebetumi anya nkwa wɔ ahohiahia kɛse no mu, na yebesua Yehowa Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ ne nyansa no ho ade akosi daa.​—Ɔsɛnkafo 3:11; Romafo 11:33.