Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛ Kristofo ne aban mpanyimfo redi a, ɛsɛ sɛ Kristofo de wɔn ahonim a wɔde Bible atete no yɛ adwuma

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Dɛn na ɛbɛma Kristofo ahu sɛ ɛfata sɛ wotua biribi ma aban mpanyimfo anaa wɔkyɛ wɔn ade?

Ehia sɛ yɛhwɛ nneɛma bi ansa. Ɛsɛ sɛ Kristofo di nokware. Sɛ aban hyɛ mmara na entia Yehowa mmara a, ɛnde ɛyɛ Kristoni asɛde sɛ odi saa mmara no so. (Mat. 22:21; Rom. 13:1, 2; Heb. 13:18) Bible ka sɛ, ɛsɛ sɛ Kristofo ‘dɔ wɔn yɔnko sɛ wɔn ho.’ Enti baabi a wɔte biara no, wɔnkasa ntia ɛhɔ amammerɛ ne sɛnea nkurɔfo yɛ wɔn ade. (Mat. 22:39; Rom. 12:17, 18; 1 Tes. 4:11, 12) Kristofo de saa nnyinasosɛm yi yɛ adwuma, enti sɛ Kristofo bɛma aban mpanyimfo biribi oo, wɔbɛkyɛ wɔn ade oo, ɔman a wɔwom na ɛbɛkyerɛ.

Mmeae bebree wɔ hɔ a, sɛ obi wɔ hokwan sɛ aban adwumayɛfo yɛ biribi no a, ɛho nhia sɛ ɔma wɔn biribi ansa na wɔayɛ ama no. Wɔn a wɔyɛ aban adwuma no, aban tua wɔn ka. Enti wɔnsrɛ sika na wɔnhwɛ kwan sɛ nkurɔfo bɛma wɔn biribi aka wɔn akatua ho. Aman pii so no, etia mmara sɛ aban mpanyimfo bɛsrɛ ade anaa wobegye biribi ansa na wɔayɛ wɔn adwuma. Nea ɔde rema oo, nea ɔregye oo, ne nyinaa, ɔman no bu no sɛ adanmude. Baabi a ɛte saa no, ɛremma Kristoni biara adwenem mpo sɛ ɔbɛma aban mpanyimfo biribi anaa ɔbɛkyɛ wɔn ade ansa na wɔayɛ wɔn adwuma. Akyɛde a ɛtete saa nyinaa tia mmara.

Nanso aman bi so deɛ, saa mmara no bi nni hɔ. Sɛ ebi wɔ hɔ mpo a, ɛnhyɛ da nyɛ adwuma papa. Ɛhɔ saa no, entia mmara sɛ aban mpanyimfo begye biribi ansa na wɔayɛ wɔn adwuma. Wokɔ aman bi so a, sɛ adwuma bi na aban mpanyimfo reyɛ ama obi a, wobɛhwɛ na wɔde wɔn dibea resisi no. Woantua biribi a, wɔrenyɛ adwuma no da! Enti aban mpanyimfo a wogyina hwɛ ma nkurɔfo ware, wɔn a wogyigye tow, ne wɔn a wɔma nkurɔfo kwan ma wosisi adan ne wɔn a ɛkeka ho nyinaa, wɔn nyinaa gye biribi ansa na wɔayɛ wɔn adwuma. Sɛ wɔhwɛ na wompɛ sɛ wutua a, adwuma a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ma wo mpo, wɔbɛhyɛ da ayɛ wo kɔ-na-bra, kɔ-na-bra saa ama wo ho akyere wo. Anhwɛ koraa a, wɔbɛka akyerɛ wo sɛ ɛrenyɛ yiye. Ɔman bi so mpo deɛ, yɛse sɛ gya tɔ baabi a, woantua biribi a emu yɛ duru amma odumgyafo a, wɔrennum gya no da!

Ɛtɔ da a, Kristoni betumi atua biribi kakra ama aban mpanyimfo ama wɔayɛ n’adwuma bi ama no

Baabi a saa nneɛma yi kɔ so no, ebinom te nka sɛ biribi a ɛsɛ sɛ aban yɛ ma wɔn mpo no, ebetumi aba sɛ wobetua biribi ama aban mpanyimfo ansa na wɔayɛ wɔn adwuma. Sɛ Kristoni te baabi a ɛte saa, na otua biribi a, obetumi afa no sɛ ɛka ne ka ho. Nanso baabi a porɔwee abu so no, ehia sɛ Kristoni de n’ani to fam paa hu nea ɛfata na wanyɛ biribi a Onyankopɔn ani nnye ho. Ɛsono sɛ woretua biribi ama aban mpanyimfo ama wɔayɛ biribi ama wo, ɛnna ɛsono sɛ woretua biribi ama wɔabu mmara so ayɛ biribi ama wo. Baabi a porɔwee wɔ no, ebinom hyɛ aban mpanyimfo anaa apolisifo afono mu ma wowia wɔn ho yɛ biribi ma wɔn anaa wɔma wɔn biribi ma wotwa sika a ɛsɛ sɛ wotua mu. Sɛ ɛyɛ adanmude anaa kɛtɛasehyɛ a, ɛnde nea ɔregye oo, nea ɔretua oo, ne nyinaa yɛ bɔne. Emu biara tia mmara.​—Ex. 23:8; Deut. 16:19; Mmeb. 17:23.

Ahonim ho asɛm nti, sɛ aban mpanyimfo srɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw sɛ wɔmma wɔn biribi a, ɛyɛ a wɔn tirim ntene wɔn. Wɔte nka sɛ, sɛ wɔyɛ saa a, na wɔreboa kɛtɛasehyɛ ne porɔwee. Enti sɛ aban mpanyimfo srɛ biribi fi wɔn hɔ a, sɛ́ ɛyɛ sika oo, sɛ́ ɛyɛ dɛn oo, wɔmfa mma wɔn.

Ɛwom, Kristofo a wɔn ho akokwaw nim sɛ, sɛ wɔhyɛ aban mpanyimfo afono mu ma wɔyɛ biribi a etia mmara a, ebetumi ayɛ kɛtɛasehyɛ. Nanso baabi a obi te ne sɛnea ɛhɔfo yɛ wɔn ade nti, Kristoni betumi atua biribi kakra ama aban mpanyimfo ama wɔayɛ n’adwuma bi ama no, anaa obetua biribi ama ne nsa aka nea ɔrehwehwɛ na wɔanyɛ no kɔ-na-bra, kɔ-na-bra. Ɛtɔ da a, sɛ Kristofo kɔ ayaresabea ma wɔhwɛ wɔn wie a, wotumi kyɛ ayaresafo no ade de da wɔn ase. Wɔtwɛn ma wɔhwɛ wɔn wie ansa na wɔama wɔn biribi na ankɔyɛ sɛ wɔrehyɛ wɔn afono mu ama wɔahwɛ wɔn yiye.

Nneɛma a ɛrekɔ so wɔ aman ahorow so no, ɛnyɛ ne nyinaa na yebetumi aka ho asɛm wɔ ha. Enti sɛnea ɛte wɔ baabi a wowɔ biara no, ɛsɛ sɛ Kristofo hwɛ yiye na wɔanyɛ biribi a ɛbɛma wɔn ahonim ahaw wɔn. (Rom. 14:1-6) Ɛnsɛ sɛ Kristofo yɛ biribiara a etia mmara. (Rom. 13:1-7) Nneyɛe biara a ebegu Yehowa din ho fĩ anaa ɛbɛto afoforo hintidua no, ɛsɛ sɛ Kristofo twe wɔn ho fi ho. (Mat. 6:9; 1 Kor. 10:32) Gyinae a wobesi no, ɛsɛ sɛ ɛkyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn yɔnko nnipa.​—Mar. 12:31.

Sɛ wotu obi na wogye no a, dɛn na asafo no betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wɔn ani agye?

Yehu Yesu mfatoho bi a ɛka koma wɔ Luka ti 15. Ne mfatoho no mu no, ɔkaa ɔbarima bi a ɔwɔ nguan 100 ho asɛm. Bere a nguan no baako yerae no, ɔbarima no gyaw nguan 99 a aka no wɔ sare so kɔhwehwɛɛ nea wayera no ‘kosii sɛ ohuu no.’ Yesu toaa so sɛ: ‘Bere a ohuu no no, ɔde no bɔɔ ne kɔn ho na odii ahurusi. Na oduu fie no ɔfrɛfrɛɛ ne nnamfonom ne ne yɔnkonom boaa ano ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ne me nni ahurusi, efisɛ mahu me guan a ɔyerae no.”’ Yesu de mfatoho no baa awiei sɛ: “Enti mise mo sɛ anigye pii bɛba ɔsoro wɔ ɔdebɔneyɛfo biako a wasakra ho sen treneefo aduɔkron akron a wonhia adwensakra.”​—Luka 15:4-7.

Ná akyerɛwfo ne Farisifo no akasa atia Yesu sɛ ɔne towgyefo ne nnebɔneyɛfo na ɛbɔ. Enti Yesu kaa asɛm yi de teɛɛ adwene a na wokura no. (Luka 15:1-3) Yesu kae sɛ, sɛ ɔdebɔneyɛfo baako sakra n’adwene a, anigye ba ɔsoro. ‘Esiane sɛ anigye ba soro nti,’ yemmisa sɛ, ‘sɛ ɔdebɔneyɛfo baako sakra n’adwene, na ɔdan ne ho, na ɔma n’anammɔn yɛ tee a, ɛnsɛ sɛ anigye ba asase so anaa?’​—Heb. 12:13.

Yɛwɔ nea enti a sɛ wotu obi na wɔsan gye no ba asafo no mu a, ɛsɛ sɛ ɛma yɛn ani gye. Ehia sɛ onipa no kɔ so di Onyankopɔn nokware, nanso ɛsɛ sɛ ɔsakra ansa na wɔagye no aba asafo no mu. Na ɛyɛ yɛn dɛ sɛ wasakra n’adwene. Ne saa nti, sɛ asafo mu mpanyimfo bɔ amanneɛ sɛ wɔasan agye obi a wotuu no aba asafo no mu, na sɛ ɛka onua bi koma a, obetumi abɔ ne nsam sɛnea ɛfata.

Yerusalem tare a ɛwɔ Betesda no, ɛbɛyɛ sɛ dɛn na na ɛma ‘ɛfono,’ anaa ɛhono?

Yesu bere so no, ná Yerusalemfo binom adwene yɛ wɔn sɛ, sɛ Betesda tare no “fono,” anaa ɛhono a, etumi sa yare. (Yoh. 5:1-7) Ɛno nti, na nkurɔfo a wɔrehwehwɛ ayaresa tumi kɔboa wɔn ho ano wɔ hɔ.

Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ, na Yudafo no dwira wɔn ho wɔ Betesda tare no mu. Nea ɛbɛyɛ na wɔanya nsu daa wɔ Betesda tare no mu no, na wɔma nsu fi ɔtare foforo a ɛbɛn hɔ mu kogu mu. Nhwehwɛmu a wɔayɛ wɔ Betesda ɔtare no amamfõ so ma yehu sɛ, na atare mmienu na ɛwɔ hɔ; ná ɛban bi na etwa ntam. Ná wotumi bue nsu a ɛwɔ tare no baako mu ma ɛfa ɛpono bi a wɔatutu mu ntokuru mu. Afei, ɛtene kogu Betesda ɔtare a Yudafo no dwira wɔn ho wom no mu. Nsu no de ahoɔden na ekogu ɔtare no mu. Sɛ ɛba saa a, esiane sɛ ɛreworo so nti, ɛma ɔtare no ani wosowosow.

Yohane 5:4 ka sɛ ɛyɛ a ɔbɔfo bi ba bɛhono nsu no. Nanso nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ ne nsow ne sɛ, Codex Sinaiticus, afeha a ɛto so nnan Hela nsaano nkyerɛwee a wonni ho agorɔ no, saa nkyekyɛm no nnim. Ne nyinaa akyi no, Betesda, ɛhɔ na ɔbarima bi a na wayare mfe 38 no, Yesu saa no yare. Ɔbarima no antu ne nan ansi ɔtare no mu mpo, nanso prɛko pɛ na onyaa ayaresa.