Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛ Woresisi Gyinae a, Woyɛ no Sɛn?

Sɛ Woresisi Gyinae a, Woyɛ no Sɛn?

“Monkɔ so nhu Yehowa apɛde.”​—EFE. 5:17.

NNWOM: 69, 57

1. Nneɛma a Bible ahyɛ ho mmara no bi ne nea ɛwɔ he, na sɛ yedi so a, ɛboa yɛn sɛn?

YEHOWA ama yɛn ahyɛde ahorow pɔtee bi wɔ Bible mu. Sɛ nhwɛso no, Yehowa bara aguamammɔ, abosonsom, korɔnbɔ, ne asabow. (1 Kor. 6:9, 10) Onyankopɔn Ba Yesu Kristo ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, mommɔ wɔn asu Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu, monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ! me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kosi wiase nhyehyɛe no awiei.” (Mat. 28:19, 20) Ahyɛde yi yɛ den, nanso sɛ yedi so a, yɛn ani gye. Hwɛ sɛnea Onyankopɔn mmara ne n’ahyɛde bɔ yɛn ho ban! Sɛ yedi saa ahyɛde yi so a ɛma yehu sɛ yɛn so wɔ mfaso kɛse, ɛma yenya apɔwmuden, na yenya anigye pii wɔ yɛn abusua mu. Nea ɛsen ne nyinaa no, sɛ yedi Yehowa ahyɛde so a, yɛma n’ani gye na ohyira yɛn pii. N’ahyɛde no bi ne asɛnka adwuma a yɛyɛ no.

2, 3. (a) Ɛnyɛ nea ɛkɔ so wɔ yɛn asetenam nyinaa na Bible hyehyɛ ho mmara. Adɛn ntia? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

2 Nanso nneɛma bi wɔ hɔ a, yenni ho ahyɛde pɔtee wɔ Bible mu. Ebi ne sɛ, Kyerɛwnsɛm no nka ntade a ɛfata sɛ Kristofo hyɛ ho nsɛm pii. Wei ma yehu sɛ Yehowa wɔ nyansa paa. Wiase baabiara no, ntade a nkurɔfo hyɛ ne wɔn amammerɛ gu ahorow. Saa ara nso na ɛwom ara a ntade a yɛhyɛ ne yɛn amammerɛ tumi sesa. Sɛ Bible kyerɛɛ ntade pɔtee a ɛfata sɛ yɛhyɛ ne sɛnea ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho a, anka seesei ne bere atwam. Ɛno nti na Onyankopɔn Asɛm nhyehyɛ mmara pii wɔ nneɛma bi ho no. Ɛnkyerɛ adwuma pɔtee a ɛfata sɛ Kristoni yɛ, ayaresa a ɛfata sɛ ogye, ne nneɛma a ɛyɛ papa sɛ ɔde gyigye n’ani. Enti ankorankoro ne mmusua ti wɔ hokwan sɛ wosisi nneɛma a ɛte saa ho gyinae.

3 Wei kyerɛ sɛ gyinae biara a yebesi mfa Yehowa ho anaa? Yɛmfa no sɛ yɛpɛ sɛ yesisi gyinae bi a emu yɛ duru a emu bi betumi aka yɛn daakye, nanso yenhu Bible mu mmara biara a ɛfa ho. Sɛ ɛba saa a, yebetumi ayɛ nea yɛpɛ biara? Wohwɛ a, yebetumi aka sɛ esiane sɛ yemmuu Bible mmara biara so nti, yɛn soro Agya no ani bɛsɔ anaa? Sɛ yenni Bible mu mmara pɔtee biara a yebegyina so asisi gyinae a, yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ gyinae a yɛresi no sɔ Yehowa ani?

GYINAE A YESISI KA YƐNE AFOFORO ANAA?

4, 5. Gyinae a yesisi no, ɛka yɛne afoforo sɛn?

4 Nnipa binom adwene yɛ wɔn sɛ wobetumi ayɛ nea wɔpɛ biara. Nanso sɛ yɛpɛ sɛ yesisi gyinae a ɛsɔ Yehowa ani a, ehia sɛ yesusuw n’Asɛm Bible no ho, na yɛde emu mmara ne nnyinasosɛm bɔ yɛn bra. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛbɛsɔ Onyankopɔn ani a, ne mmara a ɛfa mogya ho no, ɛsɛ sɛ yedi so. (Gen. 9:4; Aso. 15:28, 29) Yɛbɔ Yehowa mpae a, ɔbɛboa yɛn ma yɛagyina Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ne emu mmara so asisi gyinae.

5 Gyinae a yesi no bi wɔ hɔ a, emu yɛ duru, na ebetumi aka yɛn som paa. Gyinae biara a yebesi no, ebetumi ama yɛne Yehowa ntam ayɛ papa anaa asɛe. Sɛ yesi gyinae pa a, ɛbɛma yɛne Onyankopɔn abusuabɔ mu ayɛ den, nanso sɛ yesi gyinae bɔne a, ebetumi asɛe yɛne Yehowa ntam. Afei nso, sɛ yɛansi gyinae pa a, ebetumi ahaw afoforo anaa ato wɔn hintidua mpo, na ebetumi asɛe wɔn gyidi. Bio nso, ebetumi asɛe baakoyɛ a ɛwɔ asafo no mu no. Nokwasɛm ne sɛ, gyinae a yesisi no ka yɛne afoforo.—Kenkan Romafo 14:19; Galatifo 6:7.

6. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ ho sisi gyinae?

6 Sɛ Bible nhyɛɛ da nhyɛɛ mmara biara mfaa gyinae a yɛresi ho a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ɛba saa a, ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yɛhwehwɛ asɛm no mu yiye. Ɛnsɛ sɛ yegyina nneɛma a yɛn ani gye ho kɛkɛ so sisi gyinae. Mmom biribi a Yehowa pɛ na ogye tom no, ɛno na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ ho sisi gyinae.—Kenkan Dwom 37:5.

HU NEA YEHOWA PƐ

7. Sɛ Bible nhyɛɛ mmara pɔtee biara mfaa asɛm bi ho a, yɛbɛyɛ dɛn ahu nea yɛyɛ a ɛbɛsɔ Yehowa ani?

7 Ebia wubebisa sɛ, ‘Sɛ yenni ahyɛde pɔtee a Bible aka afa asɛm bi ho a, yɛbɛyɛ dɛn ahu nea ɛsɔ Yehowa ani?’ Efesofo 5:17 ka sɛ: “Monkɔ so nhu Yehowa apɛde.” Sɛ Bible ankyerɛ mmara pɔtee bi a ɛsɛ sɛ yedi so a, yɛbɛyɛ dɛn ahu nea ɛsɔ Onyankopɔn ani? Ɛsɛ sɛ yɛbɔ no mpae na yɛma ne honhom no kyerɛ yɛn kwan.

8. Ɛyɛɛ dɛn na Yesu huu nea Yehowa pɛ sɛ ɔyɛ? Ma ɛho nhwɛso.

8 Ɛyɛɛ dɛn na Yesu huu nea n’Agya pɛ sɛ ɔno Yesu yɛ? Mprenu na Yesu dii kan bɔɔ mpae ansa na ɔrefa anwonwakwan so ama nnipadɔm bi aduan. (Mat. 14:17-20; 15:34-37) Nanso bere a ɔkɔm de ɔno ankasa na Ɔbonsam sɔɔ no hwɛe wɔ sare no so sɛ ɔmma abo nnan paanoo no, wanyɛ. (Kenkan Mateo 4:2-4.) Ná Yesu nim n’Agya adwene, enti ohui sɛ ɛnsɛ sɛ ɔma abo dan paanoo. Yesu hui sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn apɛde ne sɛ ɔde tumi a Onyankopɔn de ama no no bɛyɛ nea ɔno ara pɛ. Yesu anyɛ saa, na ɛno ma yehu sɛ na ɔma Yehowa kyerɛ no kwan. Afei nso, na ɔwɔ gyidi sɛ Yehowa betumi ama ne nsa aka n’ano aduan.

9, 10. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛasisi gyinae pa? Ma mfatoho.

9 Sɛ yebetumi asisi gyinae pa sɛnea Yesu yɛe no a, ɛsɛ sɛ yɛma Yehowa kyerɛ yɛn kwan. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra ma ɛne Bible mu asɛm a nyansa wom yi hyia. Ɛka sɛ: “Fa wo koma nyinaa to Yehowa so, na mfa wo ho ntweri w’ankasa ntease. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛma w’akwan ateɛ. Nyɛ w’ani so onyansafo. Suro Yehowa na dan fi bɔne ho.” (Mmeb. 3:5-7) Sɛ yesua Bible na yehu Yehowa adwene a, ebetumi aboa ama yɛahu nea Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ wɔ tebea pɔtee bi mu. Dodow a yehu Yehowa adwene no, dodow no ara na yɛde yɛn koma betie n’asɛm.—Hes. 11:19.

10 Mfatoho bi ni. Wo de hwɛ ɔbaa warefo bi a ɔretotɔ nneɛma. Ohu mpaboa bi a n’ani gye ho, nanso ne bo yɛ den. Enti obisa ne ho sɛ, ‘Sɛ mede sika kɛse a ɛte sei tɔ mpaboa yi a, me kunu bɛte nka sɛn?’ Ɛwom sɛ ɔbea no kunu nka ne ho wɔ gua so hɔ de, nanso onim sɛnea ne kunu bɛte nka. Ɔbɛyɛ dɛn ahu? Ɔne ne kunu atena akyɛ, enti onim sɛnea ne kunu no pɛ sɛ wodi wɔn sika. Ɛno nti ohu adwene a ne kunu benya wɔ atotɔatotɔ a ɛte saa ho. Saa ara na sɛ yɛde nkakrankakra hu Yehowa adwene ne n’akwan a, yehu nea yɛn soro Agya no pɛ sɛ yɛyɛ wɔ tebea biara mu.

WOBƐYƐ DƐN AHU YEHOWA ADWENE?

11. Sɛ yɛrekenkan Bible anaa yɛresua ade a, nsɛm bɛn na yebetumi abisa yɛn ho? (Hwɛ adaka yi, “ Sɛ Woresua Onyankopɔn Asɛm a, Bisa Wo Ho Sɛ . . . ”)

11 Sɛ yebehu Yehowa adwene a, ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn Asɛm a yɛbɛkenkan na yɛasua no ho asɛm hia yɛn paa. Yɛrekenkan Onyankopɔn Asɛm anaa yɛresua a, yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘Dɛn na asɛm a merekenkan anaa meresua yi ma mihu fa Yehowa ho? Dɛn na ɛma mihu fa Yehowa akwan ne n’adwene ho?’ Ɛsɛ sɛ yenya su a odwontofo Dawid nyae no bi. Ɔtoo dwom sɛ: “O Yehowa, ma minhu w’akwan; kyerɛkyerɛ me w’atempɔn. Ma mennantew wo nokware mu na kyerɛkyerɛ me, efisɛ wone me nkwagye Nyankopɔn. M’ani da wo so daa nyinaa.” (Dw. 25:4, 5) Bere a woredwinnwen Bible mu asɛm bi ho no, wubetumi asusuw nsɛmmisa a ɛte sɛ nea edidi so yi ho: ‘Mɛyɛ dɛn de saa asɛm yi ayɛ adwuma wɔ m’abusua mu? Ɛhe na metumi de ayɛ adwuma? Me fie? M’adwuma mu? Sukuu mu? Asɛnka mu?’ Sɛ yenya hu baabi a yebetumi de asɛm no ayɛ adwuma a, ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ yebehu ɔkwan a yɛbɛfa so de ayɛ adwuma.

12. Sɛ yebenya Yehowa adwene wɔ nneɛma ho yiye a, yɛn nhoma ahorow ne asafo nhyiam boa yɛn sɛn?

12 Ɔkwan foforo a yebetumi afa so ahu Yehowa adwene yiye ni. Ɛne sɛ yebetie akwankyerɛ a egyina Bible so a n’ahyehyɛde no de ma yɛn. Sɛ nhwɛso no, wɔayɛ Watch Tower Publications Index ne Nhoma a Yehowa Adansefo De Yɛ Nhwehwɛmu no sɛ ɛmmoa yɛn. Ɔkwan bɛn so? Nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛn ankasa sisi ho gyinae. Saa nhoma yi bɛma yɛahu Yehowa adwene wɔ ho. Yɛkɔ Kristofo nhyiam na yɛyɛ aso tie dwumadi no na yɛma mmuae a, ɛno nso boa yɛn paa. Sɛ yedwinnwen nsɛm a yɛte no ho a, ɛboa yɛn ma yehu Yehowa adwene yiye na yenya n’adwene no bi. Bio nso, sɛ yɛyere yɛn ho sua Yehowa asɛm a, nkakrankakra, yebehu n’akwan yiye. Ɛbɛma yɛatumi asisi gyinae a ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani, na ɔbɛma asi yɛn yiye.

HU YEHOWA ADWENE ANSA NA WOASISI GYINAE

13. Sɛ wunya Yehowa adwene a, ɛbɛboa wo ama woasisi gyinae pa. Ma ɛho nhwɛso.

13 Sɛ yehu Yehowa adwene a, ebetumi aboa yɛn ama yɛasisi gyinae pa. Momma yɛnhwɛ. Ebia yɛyɛ Ahenni dawurubɔfo, na yɛpɛ sɛ yɛyɛ daa kwampaefo, enti yebefi ase ayɛ nsakrae bi wɔ yɛn asetena mu na ama yɛatumi ayɛ. Bere a yɛreyɛ nsakrae no, ebia yɛn adwene bɛyɛ yɛn sɛ, sɛ yɛannya honam fam nneɛma ne sika pii a, yɛn ani rennye papa. Nokwasɛm ne sɛ, asɛm biara nni Bible mu a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ akwampae adwuma; yebetumi akɔ so asom Yehowa nokware mu sɛ adawurubɔfo. Nanso Yesu maa yɛn awerɛhyem sɛ Yehowa behyira wɔn a Ahenni no nti wɔde nneɛma bɔ afɔre no. (Kenkan Luka 18:29, 30.) Bio nso, Kyerɛwnsɛm no ma yehu sɛ, sɛ yɛde “ayɛyɛde” ma Yehowa, kyerɛ sɛ, yeyi no ayɛ na yɛde anigye yɛ nea yebetumi biara de boa nokware som a, yɛma n’ani gye. (Dw. 119:108; 2 Kor. 9:7) Sɛ yesusuw Bible mu nsɛm yi ho, na yɛbɔ mpae a, yɛrenhu Yehowa adwene anaa? Sɛ yehu Yehowa adwene a, ebetumi aboa yɛn ama yɛasisi gyinae a ɛso bɛba yɛn mfaso, na ɛbɛsɔ yɛn soro Agya no ani.

14. Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ Yehowa ani gye atade pɔtee bi ho anaa n’ani nnye ho?

14 Momma yɛnhwɛ asɛm foforo: Fa no sɛ wunim paa sɛ wohyɛ atade bi a w’ani gye ho a, ebetumi ahaw asafo no mufo binom. Nanso ebia wunnim Bible mu asɛm biara a ɛkasa tia saa atade no. Sɛ ɛte saa a, wobɛyɛ dɛn ahu Yehowa adwene? Onyankopɔn maa ɔsomafo Paulo kyerɛw afotu a edi so yi maa yɛn. Ɔkae sɛ: ‘Mmea mfa fɛre ne adwenemtew nhyɛ ntade a ɛfata, ɛnyɛ mmɛsawɔw soronko ne sika anaa nhene anaa ntade a ne bo yɛ den kɛse mu na mmom nea ɛfata mmea a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn, denam nnwuma pa so.’ (1 Tim. 2:9, 10) Saa afotu yi fa Kristofo mmarima nso ho. Esiane sɛ yɛyɛ Yehowa asomfo a yɛahyira yɛn ho so nti, ɛnyɛ nea yɛn ankasa ani gye ho nkutoo na yedwen ho, na mmom yedwen sɛnea yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie bɛka afoforo nso. Ahobrɛase ne ɔdɔ ka yɛn ma yesusuw yɛn nuanom Kristofo ho. Enti yɛnhyɛ ntade a ɛbɛtwetwe wɔn adwene anaa mpo ɛbɛhaw wɔn. (1 Kor. 10:23, 24; Filip. 3:17) Sɛ yɛkae nea Kyerɛwnsɛm no ka a, ɛbɛboa yɛn ama yɛahu Yehowa adwene wɔ ahosiesie ho na ɛbɛma yɛasisi gyinae a ɛsɔ n’ani.

15, 16. (a) Sɛ yɛkɔ so dwinnwen nna mu ɔbrasɛe ho a, Yehowa bɛte nka sɛn? (b) Sɛ yɛrepaw nneɛma a yɛde begyigye yɛn ani a, yɛbɛyɛ dɛn ahu nea Yehowa pɛ? (d) Sɛ woresi gyinae a emu yɛ duru a, wobɛyɛ no sɛn?

15 Bible ma yehu sɛ, sɛ nkurɔfo yɛ nneɛma bɔne na wɔn “komam nsusuwii nyinaa yɛ bɔne bere nyinaa” a, ɛma Yehowa werɛ how. (Kenkan Genesis 6:5, 6.) Wei ma yehu sɛ ɛyɛ bɔne sɛ yebedwinnwen nna mu ɔbrasɛe ho efisɛ ebetumi ama yɛayɛ bɔne a emu yɛ duru a Kyerɛwnsɛm no bara, anaa biribi a ɛne Yehowa adwene nhyia. Osuani Yakobo kae sɛ: “Nyansa a efi soro no de, nea edi kan no, ɛho tew, ɛpɛ asomdwoe, ɛwɔ ntease, ɛyɛ asoɔmmerɛw, mmɔborɔhunu ne aba pa ayɛ no mã, ɛnhwɛ nnipa anim nyɛ nyiyim, ɛnyɛ nyaatwom.” (Yak. 3:17) Ne saa nti, anigyede biara a ɛma yenya adwene ne nsusuwii bɔne no, ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho. Kristoni a onim nea Yehowa pɛ ne nea ɔmpɛ no nim nhoma a ɛfata sɛ ɔkenkan, sini a ɛfata sɛ ɔhwɛ, anaa agorɔ a ɛfata sɛ odi. Yehowa adwene wɔ nneɛma a ɛte saa ho no, waka ho asɛm pefee wɔ n’Asɛm no mu.

16 Nneɛma pii wɔ hɔ a, ɛmfa ho sɛnea yebesi ho gyinae biara no, Yehowa ani gye ho. Nanso sɛ ehia sɛ yesisi gyinae a emu yɛ duru a, ɛtɔ mmere bi a ɛbɛyɛ papa sɛ yɛhwehwɛ afotu fi asafo mu mpanyimfo anaa Kristofo a wɔn ho akokwaw hɔ. (Tito 2:3-5; Yak. 5:13-15) Ne nyinaa mu no, ɛrenyɛ papa sɛ yɛbɛka sɛ afoforo nsi gyinae mma yɛn. Ɛsɛ sɛ Kristofo tete wɔn adwene na wɔde yɛ adwuma. (Heb. 5:14) Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa tie Paulo afotu yi. Ɔkae sɛ: “Obiara bɛsoa n’ankasa adesoa.”—Gal. 6:5.

17. Sɛ yesisi gyinae a ɛsɔ Yehowa ani a, mfaso bɛn na yenya?

17 Sɛ yegyina Yehowa adwene so sisi gyinae a, ɛma yɛbɛn no kɛse. (Yak. 4:8) Yenya n’anim dom ne ne nhyira. Afei nso, yɛn soro Agya no mu gyidi a yɛwɔ no, ɛma emu yɛ den. Enti ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn nnyinasosɛm ne ne mmara a ɛwɔ Bible mu kyerɛ yɛn kwan, efisɛ ɛma yehu n’adwene. Nokwasɛm ne sɛ, yɛrensua Yehowa ho ade nwie da. (Hiob 26:14) Nanso ɛnnɛ mpo, sɛ yɛyere yɛn ho a, yebetumi anya nyansa, nimdeɛ, ne nhumu de asisi gyinae pa. (Mmeb. 2:1-5) Esiane sɛ bɔne wɔ nnipa ho nti, nhyehyɛe ne nsusuwii biara a wɔde bɛto gua no, ɛnkyɛ na atwam. Nanso odwontofo no kae sɛ: “Yehowa agyina de, etim hɔ daa; ne komam nsusuwii wɔ hɔ fi awo ntoatoaso so kosi awo ntoatoaso so.” (Dw. 33:11) Yɛahu pefee sɛ, sɛ yɛn adwene ne yɛn nneyɛe ne Yehowa adwene hyia a, yebetumi asisi gyinae pa, efisɛ yɛn Nyankopɔn no yɛ nyansa nyinaa wura.