Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bere Bi Bɛba a Ɔtan Befi Hɔ!

Bere Bi Bɛba a Ɔtan Befi Hɔ!

Ebia yɛn de, yɛbɛbɔ mmɔden ayi ɔtan afi yɛn koma mu. Nanso nea afoforo yɛ ne suban a wɔda no adi de, yenni so tumi. Ɔtan nti, wɔn a wɔn ho nni asɛm rehu amane. Ɛnde yemmisa sɛ, dɛn paa ne ɔtan ano aduru?

Ɔtan a abu so wɔ wiase yi mu no, Yehowa Nyankopɔn nko ara na obetumi ayi afi hɔ korakora, na Bible no ahyɛ bɔ sɛ, saa pɛpɛɛpɛ na ɔbɛyɛ.—Mmebusɛm 20:22.

NNEƐMA A ƐDE ƆTAN BA NO, ONYANKOPƆN BEYI AFI HƆ

  1. 1. SATAN ƆBONSAM. Ɔtan a ɛwɔ wiase mu nnɛ no, yɛbɛka paa a, ɔbɔfo bɔne Satan na ɔhyɛ akyi. Onyankopɔn bɛsɛe Satan ne obi biara a ɔtan ne yɔnko.—Dwom 37:38; Romafo 16:20.

  2. 2. SATAN WIASE A ƆTAN AHYƐ MU MÃ NO. Amanyɔfo a wonni adwempa ne nyamesom akannifo a wɔayɛ wɔn ho ohintaduakyi a wɔkeka nkurɔfo ti bom ma wɔtan wɔn ho no, Onyankopɔn beyi wɔn nyinaa afi hɔ. Aguadifo a wɔyɛ pɛsɛmenkominya, wɔn ani bere ade, na wobu nkurɔfo fa so no, Onyankopɔn beyi wɔn nyinaa nso afi hɔ.—2 Petro 3:13.

  3. 3. BƆNE A ƐWƆ ONIPA HO. Bible ma yehu sɛ wɔde bɔne awo nnipa nyinaa. Ɛno nti, nneɛma a yedwen ho ne nneɛma a ɛwɔ yɛn koma mu nyinaa tɔ kɔ bɔne so. (Romafo 5:12) Bɔne a ɛwɔ yɛn ho nti, ɛnyɛ den sɛ yebenya obi ho tan wɔ yɛn mu, na yɛayɛ no bɔne. Nanso asɛmpa ne sɛ, Onyankopɔn bɛboa yɛn ama yɛade yɛn ho afi bɔne ho. Ɛba saa a, obiara rennya afoforo ho tan bio.—Yesaia 54:13.

BIBLE AHYƐ BƆ SƐ ƆTAN BEFI HƆ KORAA

  1. 1. OBIARA RENSISI NE YƆNKO BIO. Onyankopɔn Ahenni a ɛwɔ soro no bedi asaase so afebɔɔ, na ebebu atɛntrenee. (Daniel 2:44) Onyankopɔn Ahenni no ba a, ɛremma da sɛ sɛnea obi te, baabi a ofi, anaa ɔyɛ buroni anaa bibini nti, nkurɔfo bɛtan no. Afei nsisi a abu so wɔ wiase mu nnɛ no, Onyankopɔn beyi ne nyinaa afi hɔ.— Luka 18:7.

  2. 2. OBIARA ASOM BEDWO NO. Obiara nni hɔ a awudisɛm anaa akodi nti, obehu amane. (Dwom 46:9) Asomdwoe bɛba asaase so, na nnipa a wɔpɛ asomdwoe nko ara na wɔbɛtena so.—Dwom 72:7.

  3. 3. NNIPA NYINAA HO BƐTƆ WƆN, NA WƆBƐTENA ASE DAA. Wɔn a wɔbɛtena asaase so no, obiara bɛda ɔdɔ adi akyerɛ ne yɔnko. (Mateo 22:39) Obiara nni hɔ a obehu amane, na nneɛma a ɛma yɛteetee no, yɛrenkae bio. (Yesaia 65:17) Saa bere no, obiara nni hɔ a obenya ɔtan ketekete mpo wɔ ne komam, na wɔn a wɔbɛtena asaase so no, “wobegye wɔn ani wɔ asomdwoe bebree mu.”—Dwom 37:11.

W’ani gye ho sɛ wobɛtena wiase a ɛte saa mu anaa? Yɛrekasa yi, nnipa pii resua Bible no, na aboa wɔn ama wɔredi ɔtan so nkonim. (Dwom 37:8) Saa pɛpɛɛpɛ na Yehowa Adansefo a ɛwɔ wiase nyinaa reyɛ. Ɛwom wofi aman ahorow so, na ɛsono wɔn amammerɛ, nanso wɔn nyinaa yɛ abusua baako, wɔdodɔ wɔn ho, na baakoyɛ wɔ wɔn ntam.—Yesaia 2:2-4.

Yehowa Adansefo ani begye ho paa sɛ nea wɔresua no, wɔbɛka bi akyerɛ wo. Wei bɛboa wo na sɛ nkurɔfo tan w’ani, anaa wɔne wo anni no yiye a, woatumi agyina ano. Nea wubesua no bɛboa wo ama nkakrankakra woayi ɔtan afi wo mu, na wode ɔdɔ ahyɛ anan. Wubehu sɛnea wobɛda ɔdɔ adi akyerɛ nnipa nyinaa. Wɔn a wonyi ayɛ ne wɔn a wɔtan wo mpo, wubehu sɛnea wo ne wɔn bɛtena. Sɛ wutumi yɛ saa a, w’ani begye nnɛ, na wo ne afoforo ntam bɛyɛ kama. Nea ɛsen saa no, wubehu nea woyɛ a ɛbɛma woanya nhyira a Onyankopɔn Ahenni de bɛba no bi. Saa bere no, na yɛne ɔtan nni hwee yɛ bio; yɛne no too nkwanta a, yɛapae.—Dwom 37:29.