Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnianim nsɛm

Nnianim nsɛm

Ɔtan abu so wɔ wiase yi mu. Ɛnnɛ wofa ha a nnipa mu nyiyim, ɔkyena wobɛte na obi redi obi atɛm, anaa obi aboro obi apirapira no. Kyerɛ sɛ, nneɛma a nkurɔfo yɛ de kyerɛ sɛ wɔtan afoforo de, yɛse yɛreka a, adaagye bɛbɔ yɛn. Enti asɛm no ne sɛ, bere bi bɛba a, ɔtan to betwa? Ɔwɛn-Aban yi bɛma yɛahu sɛnea Bible betumi aboa yɛn ama yɛadi ɔtan so nkonim. Ɛbɛsan ama yɛahu sɛ, Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ, obeyi ɔtan afi hɔ korakora.