Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

SƐNEA YEBETUMI ADI ƆTAN SO NKONIM

3 | Yi Ɔtan Fi W’akomam

3 | Yi Ɔtan Fi W’akomam

Bible Afotusɛm:

“Monsesa mo adwene mfa nyɛ mo ho foforo, sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu nea Onyankopɔn pɛ, a eye, na ɛsɔ ani, na edi mu no.”ROMAFO 12:2.

Nea Ɛkyerɛ:

Nneɛma a yedwen ho no ho hia Onyankopɔn. (Yeremia 17:10) Ɛwom, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ biribi anaa yɛka biribi a ɛkyerɛ sɛ yɛtan afoforo. Nanso ɛnyɛ ɛno nko, ɛsɛ sɛ yɛyɛ biribi foforo ka ho. Ade baako a ɛsɛ sɛ yɛkae ne sɛ, ɔtan fi ase wɔ adwene ne koma no mu. Ɛno nti, sɛ yehu sɛ ɔtan afi ase refifi wɔ yɛn adwene anaa yɛn koma mu a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ntɛm tu ase. Ɛba saa a, ɛkyerɛ sɛ ‘yɛresesa yɛn adwene,’ na yɛpɛ sɛ yedi ɔtan so nkonim.

Nea Wubetumi Ayɛ:

Wo ara tena ase na bisa wo ho sɛ, ‘Sɛn na mihu afoforo, titiriw wɔn a ɛsono baabi a wofi ne kasa a wɔka no? Minim wɔn yiye paa? Anaa nea matete afa wɔn ho ama manya wɔn ho adwene a ɛmfata?’ Ade baako a ɛbɛboa wo ne sɛ, nsɛm a ɛnenam sohyia midia so, sini, ne biribi foforo biara a awudisɛm wom anaa ebetumi ama woanya afoforo ho tan no, twe wo ho fi ho.

Onyankopɔn Asɛm betumi aboa yɛn ma yɛatutu ɔtan ase afi yɛn koma ne yɛn adwene mu

Ɛtɔ da a, ɛyɛ den sɛ yɛn ara yɛbɛtena ase asese ahu sɛ biribi nkɔ yiye wɔ yɛn ho. Nanso ɛhɔ na Onyankopɔn Asɛm Bible no ba mu no. Ebetumi aboa yɛn ama yɛahu yɛn “komam adwene ne emu nsusuwii.” (Hebrifo 4:12) Enti kɔ so ara sua Bible no. Ɛyɛ a bisa wo ho sɛ, nea woresua no, sɛ wode toto adwene a wowɔ no ho a, ɛte sɛn. Bɔ mmɔden sɛ wode nea woresua no bɛteɛteɛ adwene biara a ɛmfata a wowɔ no. Sɛ ɔtan agye ntini anaa “ase atim denneennen” wɔ yɛn koma ne yɛn adwene mu a, Onyankopɔn Asɛm no betumi aboa yɛn ama yɛatu ase.—2 Korintofo 10:4, 5.