Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛ Wutie Kɔkɔbɔ a, Ebetumi Agye Wo Nkwa!

Sɛ Wutie Kɔkɔbɔ a, Ebetumi Agye Wo Nkwa!

DECEMBER 26, 2004 no, asasewosow kɛse paa bi sii wɔ Simeulue supɔw so. Sɛ wugyina Sumatra a ɛwɔ Indonesia mpoano a, Simeulue da atifi fam. Saa da no, na nnipa a wogyinagyina mpoano no nyinaa rehwɛ nea ɛrekɔ so wɔ ɛpo no so. Na ɛpo no retwe kɔ n’akyi ntɛmntɛm. Amonom hɔ ara nnipa no nyinaa fii ase sɛ wɔreguan akɔ mmepɔw so, na wɔteɛteɛm wɔn kasa mu sɛ, “Smong! Smong!” Saa smong no kyerɛ tsunami anaa asasewosow a esi ɛpo mu. Wɔ simma 30 ntam no, asorɔkye a ano yɛ den paa bɔ faa po no ano sɛee afie ne nkuraa a ɛwowɔ hɔ no mu dodow no ara.

Simeulue Supɔw no so na saa ɛpo mu asasewosow a ɛsɛee nneɛma bebree no dii kan fii ase. Nnipa 78,000 na wɔte supɔw no so, nanso emu 7 pɛ na wowui. Dɛn nti na nnipa kakraa bi pɛ na wowui? * Supɔw no sofo ka asɛm bi sɛ: ‘Sɛ asase wosow denneennen na ɛpo no twe kɔ n’akyi a, guan kɔ bepɔw so, efisɛ ɛpo nsu no bɛsan de ahoɔhare apuw aba.’ Nea asi pɛn nti Simeuluefo ahu sɛ, sɛ ɛpo no twe kɔ n’akyi a, na ɛkyerɛ sɛ ɛde ahoɔhare bɛsan apuw aba. Enti kɔkɔbɔ a wɔyɛɛ ho biribi no gyee wɔn nkwa.

Bible ka ɔsɛe bi a ɛreba ho asɛm sɛ “ahohiahia kɛse a, efi wiase mfitiase besi mprempren ebi nsii, na ebi nso nsi bio bɛba.” (Mateo 24:21) Nanso, wei nkyerɛ sɛ nnipa anaa atoyerɛnkyɛm bi na ɛbɛsɛe Asase no, efisɛ Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ asase ntena hɔ daa. (Ɔsɛnkafo 1:4) Mmom, Onyankopɔn na ɔde ahohiahia a ɛreba no rebɛsɛe “wɔn a wɔresɛe asase no.” Ɛno bɛma amanehunu ne abɔnefosɛm nyinaa to atwa. (Adiyisɛm 11:18; Mmebusɛm 2:22) Nhyira kɛse bɛn ara ni!

Afei nso, ɔsɛe a ɛreba no renkunkum nnipa treneefo te sɛ nea ɛpo mu asasewosow, ogya a ɛpae fi mmepɔw mu, anaa asasewosow yɛ no. Bible ka sɛ, “Onyankopɔn ne dɔ,” na Onyankopɔn a ne din de Yehowa no ahyɛ bɔ sɛ “treneefo benya asase no adi, na wɔatena so daapem.” (1 Yohane 4:8; Dwom 37:29) Ɛnde, wobɛyɛ dɛn na woanya wo ti adidi mu wɔ ahohiahia a ɛreba no mu na wo nsa aka nhyira a wɔahyɛ ho bɔ no? Asɛm no ara ne sɛ: Tie kɔkɔbɔ!

MMU W’ANI NGU NSAKRAE AHOROW NO SO

Yɛrentumi nkyerɛ bere pɔtee a abɔnefosɛm ne amanehunu nyinaa to betwa, efisɛ Yesu kae sɛ: “Ɛdefa saa da no ne dɔn no ho de obiara nnim, abɔfo a wɔwɔ ɔsoro ne Ɔba no mpo nnim, gye Agya no nko.” Nanso, Yesu hyɛɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛnkɔ so nwɛn.’ (Mateo 24:36; 25:13) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛwɛn? Bible no ma yehu nsɛm a ebesisi wɔ wiase ansa na Onyankopɔn ama awiei no aba. Sɛnea ɛpo no a ɛtwe kɔɔ n’akyi maa Simeuluefo hui tsunami rebesi no, saa ara nso na nsakrae a ɛrekɔ so wiase no kyerɛ sɛ wiase awiei no abɛn. Adaka no mu nsɛm no ma yehu nsakrae akɛse a Bible ka ho asɛm no bi.

Ɛwom, sɛ yɛfa nsɛm a ɛwɔ adaka no mu mmaako mmaako a, ebi asisi pɛn. Nanso Yesu kae sɛ, sɛ yehu sɛ “eyinom nyinaa” abom resisi a, na ɛkyerɛ sɛ awiei no abɛn. (Mateo 24:33) Bisa wo ho sɛ, ‘Wɔ abakɔsɛm mu no, bere bɛn na nea wɔaka yi nyinaa (1) asisi wɔ wiase, (2) asisi bere koro mu, na (3) sɛe ara na nneɛma rekɔ so sɛe?’ Ɛda adi sɛ yɛte bere a Yesu kaa ho asɛm no mu.

NEA ƐMA YEHU SƐ ONYANKOPƆN DƆ YƐN

United States ɔmampanyin bi kae sɛ: “Sɛ wɔde kɔkɔbɔ ma ntɛm a, . . . etumi gye afoforo nkwa.” Bere a afe 2004 ɛpo mu asasewosow no sii akyi no, wɔyɛɛ biribi a ebetumi abɔ nkurɔfo kɔkɔ wɔ mmeae a esisii no. Ná wei bɛboa ma sɛ ebi si bio a, ankunkum nkurɔfo saa. Saa ara nso na Onyankopɔn ayɛ nhyehyɛe ma wɔde kɔkɔbɔ rema ansa na awiei no aba. Bible hyɛɛ nkɔm sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”—Mateo 24:14.

Afe a etwaam nkutoo no, Yehowa Adansefo de nnɔnhwerew bɛboro ɔpepepem 1, ɔpepem 900 kaa asɛmpa no wɔ nsase 240 so wɔ kasa bɛboro 700 mu. Nea ɛrekɔ so nnɛ yi yɛ adanse kɛse a ɛkyerɛ sɛ awiei no abɛn. Esiane sɛ Yehowa Adansefo dɔ wɔn yɔnko nnipa nti, wɔbɔ mmɔden bɔ afoforo kɔkɔ wɔ Onyankopɔn atemmu da a ɛreba ntɛmntɛm no ho. (Mateo 22:39) Wubetumi anya kɔkɔbɔ yi so mfaso, na ɛkyerɛ sɛ Yehowa dɔ wo. Kae sɛ ‘Onyankopɔn mpɛ sɛ obiara bɛsɛe, na mmom ɔpɛ sɛ obiara nya adwensakra.’ (2 Petro 3:9) Wobɛma Onyankopɔn dɔ yi akanyan wo ma woatie kɔkɔbɔ a wɔde rema no?

GUAN PERE WO NKWA!

Kae sɛ bere a Simeuluefo nkurow a egu mpoano no mufo hui sɛ ɛpo no retwe kɔ n’akyi no, woguan kɔɔ mmepɔw so de peree wɔn nkwa; wɔantwentwɛn wɔn nan ase. Gyinae a wosii no ntɛm ara no ma wonyaa wɔn ti didii mu. Sɛ yɛbɛka a, ɛsɛ sɛ wo nso wuguan kɔ mmepɔw so ntɛm ara na ama woanya nkwa wɔ ahohiahia a ɛreba no mu. Ɔkwan bɛn so? Onyankopɔn honhom kaa odiyifo Yesaia ma ɔkyerɛw nsa a wɔbɛto afrɛ nkurɔfo wɔ “nna a edi akyiri yi” mu ho asɛm. Saa bere no mu na yɛwɔ yi. Ɔkae sɛ: “Mommra mma yɛnkɔ Yehowa bepɔw so, . . . na ɔbɛkyerɛ yɛn n’akwan na yɛanantew n’atempɔn so.”​—Yesaia 2:2, 3.

Sɛ wukogyina bepɔw so a, ɛma wuhu ade kɔ akyiri na ɛsan ma wunya ahobammɔ. Saa ara nso na nnɛ nnipa ɔpepem pii renya Bible adesua so mfaso wɔ wiase nyinaa. Wei ama wɔahu Onyankopɔn akwan na wɔasesa wɔn abrabɔ. (2 Timoteo 3:16, 17) Wei a wɔayɛ nti ama wɔafi ase ‘renantew Onyankopɔn atempɔn so,’ na wɔanya n’anim dom ne n’ahobammɔ.

Wubegye saa nsato no so na ama woanya Onyankopɔn ahobammɔ wɔ mmere a emu yɛ den yi mu? Kyerɛwnsɛm a ɛwɔ adaka no mu no kyerɛ sɛ yɛwɔ “nna a edi akyiri” no mu, yɛhyɛ wo nkuran sɛ tɔ wo bo ase susuw ho yiye. Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ no ani begye sɛ wɔbɛboa wo ma woate kyerɛw nsɛm no ase yiye na woahu sɛnea wode bɛbɔ wo bra. Anaa sɛ wokɔ yɛn wɛbsaet, www.pr418.com/tw a, wubenya wo nsɛmmisa ho mmuae. Hwɛ BIBLE NKYERƐKYERƐ > BIBLE NSƐMMISA HO MMUAE.

^ nky. 3 Nnipa bɛboro 220,000 na ɛpo mu asasewosow a esii afe 2004 no kunkum wɔn. Sɛ yɛka ɛpo mu asasewosow a asɛe nneɛma paa a, wei yɛ emu baako.