Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | ONYANKOPƆN AKYƐDE A ƐSO BI NNI WUBEGYE ANAA?

Onyankopɔn Akyɛde a Ɛso Bi Nni No, Dɛn na Wobɛyɛ De Akyerɛ sɛ W’ani Sɔ?

Onyankopɔn Akyɛde a Ɛso Bi Nni No, Dɛn na Wobɛyɛ De Akyerɛ sɛ W’ani Sɔ?

“Ɔdɔ a Kristo wɔ no hyɛ yɛn . . . Owu maa obiara na wɔn a wɔte ase no antena ase amma wɔn ho bio, na mmom wɔatena ase ama nea owu maa wɔn.”—2 Korintofo 5:14, 15.

SƐ OBI yɛ ade kɛse bi ma yɛn a, ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yɛyɛ biribi de kyerɛ sɛ yɛn ani asɔ. Yesu kaa biribi de sii wei so dua. Ná yare reteetee mmarima du bi, na saa bere no na ɛho aduru nni hɔ. Nanso Yesu saa wɔn yare. Wɔn mu baako san “bae de nne kɛse hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam.” Yesu bisaa no sɛ: “Ɛnyɛ du na wɔn ho fii? Na baakron a wɔaka no wɔ he?” (Luka 17:12-17) Dɛn na wei kyerɛ? Ɛma yehu sɛ nnipa deɛ, ɛnkyɛ na yɛn werɛ afi nneɛma pa a nkurɔfo ayɛ ama yɛn.

Akyɛde biara nni hɔ a ɛne agyede no sɛ. Ɛno ne akyɛde kɛse paa a yɛn nsa aka. Ɛnde, nea Onyankopɔn ayɛ ama wo yi, dɛn na wobɛyɛ de akyerɛ sɛ w’ani asɔ?

  • Hu Onyankopɔn yiye. Agyede a Onyankopɔn de ama yɛn no nkyerɛ sɛ sɛnea ɛte biara nnipa nyinaa benya daa nkwa. Mmom, Yesu bɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro pɛ no, yiye, ne nea wosomaa no no, Yesu Kristo.” (Yohane 17:3) Fa no sɛ obi aka akyerɛ wo sɛ wo nkwadaaberem anka woreyɛ awu nanso owura bi gyee wo nkwa. Anka wo ho rempere wo sɛ wubehu owura no ho nsɛm pii ne nea enti a ogyee wo nkwa? Yehowa a ɔnam agyede no so agye yɛn nkwa no pɛ sɛ wuhu onii ko a ɔyɛ, na wo ne no fa adamfo paa nso. Bible se ‘bɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn wo.’—Yakobo 4:8.

  • Kyerɛ sɛ wugye agyede no di. “Nea ogye Ɔba no di no wɔ daa nkwa.” (Yohane 3:36) Dɛn na ɛbɛma yɛahu sɛ wowɔ gyidi? Gye sɛ woyɛ biribi. Enti obiara a ogye agyede no di no, ɛsɛ sɛ ɔno nso yɛ biribi. (Yakobo 2:17) Ɛnde dɛn na wobɛyɛ de akyerɛ sɛ wowɔ gyidi? Sɛ akyɛde bi betumi ayɛ wo dea a, gye sɛ wotene wo nsa gye. Agyede no nso, sɛ wubenya so mfaso a, ɛmma kwa. Yɛbɛka a, gye sɛ wotene wo nsa gye. Wubegye no sɛn? Sɛnea Onyankopɔn pɛ sɛ wobɔ wo bra no, sua ho ade na fa yɛ adwuma. * Bɔ mpae sɛ Onyankopɔn mfa wo bɔne nkyɛ wo, na srɛ sɛ ɔmma wunnya ahonim pa. Nya gyidi mapa wɔ Onyankopɔn mu sɛ, sɛnea ɛte biara agyede no bɛma wɔn a wɔwɔ mu gyidi no anya daa nkwa. Saa bere no, nnipa benya asomdwoe, ahotɔ, ne asetena pa!—Hebrifo 11:1.

  • Sɛ yɛrekae Yesu wu no a ɛyɛ a kɔ bi. Yesu fii afahyɛ bi ase. Ná saa afahyɛ no bɛboa yɛn ama yɛakae agyede no afe biara. Ɔkaa afahyɛ yi ho asɛm sɛ: “Monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me.” (Luka 22:19) Yehowa Adansefo bɛkae Yesu wu no Benada, April 11, 2017, bere a awia akɔtɔ. Yɛde bɛyɛ dɔnhwerew baako na ɛbɛyɛ dwumadi no nyinaa. Yɛbɛma ɔkasa de akyerɛkyerɛ mfaso a ɛwɔ Yesu wu no so. Afei yebehu sɛnea yebenya so mfaso seesei ne daakye. Afe a etwaam no, nnipa bɛyɛ ɔpepem 20 na wɔkɔɔ Nkaedi no bi wɔ wiase nyinaa. Yɛde anigye reto nsa afrɛ wo sɛ bɛka yɛn ho, na yɛnkyerɛ sɛ Onyankopɔn akyɛde a ɛso bi nni no, yɛn ani sɔ!

^ nky. 7 Bible yɛ Onyankopɔn Asɛm, enti sɛ yebehu Onyankopɔn yiye na yɛabɛn no a, ɛsɛ sɛ yesua Bible. Yehowa Adansefo betumi aboa wo ama woayɛ saa. Wopɛ nso a kɔ yɛn wɛbsaet, www.pr418.com/tw.