Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Akwan a Ebinom Fa So Kyerɛ Nea Ebesi Daakye

Akwan a Ebinom Fa So Kyerɛ Nea Ebesi Daakye

Nea ɛbɛto wo ne w’abusua daakye no, woadwen ho pɛn? Wohwɛ a daakye wubenya sika, anaa nneɛma bɛsɛe? Nkurɔfo bɛpɛ w’asɛm, anaa wobɛyɛ ankonam? Wubenyin akyɛ, anaa wubewu ntɛm? Mfe mpempem pii ni, nkurɔfo akyerɛ wɔn adwene wɔ saa nsɛmmisa yi ho.

Ɛnnɛ, abenfo de wɔn ani to fam hwɛ nea ɛkɔ so wɔ wiase, na wogyina so ka nea ebesi daakye. Wɔn nsɛm no bi baa mu, ebi nso amma mu. Ebi nso de, ɛtow faa ho koraa. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, Guglielmo Marconi ne obi a odii kan yɛɛ afiri bi a wɔde di dwuma ma wutumi ne obi di nkitaho wɔ akyirikyiri (telegraph) a anyinam ahama biara nka ho. Afe 1912 no, wɔkaa ne ho asɛm sɛ ose: “Bere bi bɛba a, yɛremfa anyinam ahama nyɛ adwuma bio, na ɛno bɛma akodi agyae.” Ná ɔbarima bi yɛ adwuma wɔ Decca Record Company; ɛyɛ adwumakuw bi a wɔma nnwontofo gye din. Afe 1962 no, ɔpoo nnwontofo bi a wɔfrɛ wɔn Beatles. N’asɛm ne sɛ, ebedu bere bi no, yɛrente sankubɔfo nka bio.

Nnipa bebree kobisa daakye ho nsɛm wɔ ahonhom hɔ. Ebinom kɔ nsoromma mu ahwɛfo hɔ; wohwɛ nhoma ne atesɛm nkrataa bebree mu a, wɔtaa ka nsoromma mu hwɛ ho asɛm. Afoforo nso kɔ asumanfo anaa adebisafo hɔ. Asumanfo yi kyerɛ sɛ wɔhwɛ sopaa bi so, nɔma ahorow mu, anaa obi nsam ka ne daakye kyerɛ no.

Tete no, esiane sɛ na ebinom pɛ sɛ wohu nea ebesi daakye nti, na wɔkɔ akɔmfo nkyɛn ma akɔmfo no bisa fi wɔn abosom hɔ. Ɛho nhwɛso ne sɛ, wɔka sɛ Ɔhene Croesus a ofi Lydia de akyɛde a ɛsom bo pa ara kɔmaa kɔmfo bi a ɔwɔ Delphi wɔ Greece. Ná ɔpɛ sɛ ohu sɛ, sɛ ɔne Persia hene Kores kɔko a, obedi nkonim anaa. Ɔkɔmfo no kaa sɛ, sɛ Croesus kɔ Kores so a, ɔbɛsɛe “ahemman kɛse bi.” Croesus nyaa awerɛhyem sɛ wadi nkonim awie, enti ɔsɔre kɔɔ Kores so. Nanso ewiee ase no, ɔno ankasa ahemman mmom na wɔsɛee no!

Nea ɔkɔmfo no kae no, na emu nna hɔ; sɛnea ɔkaa asɛm no nti, obiara a obedi nkogu wɔ ɔko no mu no, ɛbɛyɛ te sɛ n’asɛm no yɛ nokware. Daakye ho asɛm a emu anna hɔ amma Croesus nti, ɔhweree biribiara. Ɛnnɛ nso, nkurɔfo fa akwan horow so ka daakye asɛm. Wɔn a wɔkɔ saa nkurɔfo yi hɔ no, asi wɔn yiye anaa?