Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bɔhyɛ Ahorow a Ɛbɛbam

Bɔhyɛ Ahorow a Ɛbɛbam

Sɛnea Yesu hyɛɛ nkɔm no, ɛnnɛ, wɔreka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa wɔ asase so nyinaa. (Mateo 24:14) Bible mu nhoma a ɛne Daniel no ma yehu sɛ saa Ahenni no yɛ aban a Onyankopɔn ahyehyɛ. Daniel ti 2 ka nkɔmhyɛ bi ho asɛm. Ɛne sɛ nnipa aban anaa ahenni ahorow a ɛwɔ tumi pa ara bedidi so aba; fi tete Babilonfo bere so besi yɛn bere yi so. Nkyekyɛm 44 ka nea ebesi daakye. Ɛka sɛ:

“Ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni bi so. Wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw ahenni no mma ɔman foforo biara. Ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.”

Saa nkɔmhyɛ yi ne Bible mu nkɔmhyɛ afoforo ma yehu sɛ Onyankopɔn Ahenni bɛba abesi nnipa tumidi nyinaa ananmu, na ɛde ahotɔ abrɛ adesamma wɔ asase so. Afei nso, biribiara bɛkɔ so pɛpɛɛpɛ. Sɛ Ahenni no redi tumi a, asetena bɛyɛ sɛn? Bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ anika a ɛrenkyɛ ɛbɛbam no, ebi na edidi so yi.

  • AKODI BEFI HƆ

    Dwom 46:9: ‘Onyankopɔn ma akodi gyae kosi asase ano. Obubu agyan mu, na otwitwa peaw mu asinasin; ɔde gya hyew nteaseɛnam.’

    Wo de, susuw ho hwɛ. Sika ne nimdeɛ a seesei wɔde yɛ akode de kunkum nnipa no, sɛ wɔde reyɛ nneɛma a ɛso bɛba nnipa mfaso a, anka wiase bɛyɛ sɛn? Sɛ Onyankopɔn Ahenni redi tumi a, saa bɔhyɛ yi bɛbam.

  • YARE BEFI HƆ

    Yesaia 33:24: “Ɔmanfo no mu biara renka sɛ: ‘Meyare.’”

    Fa w’ani bu sɛ yɛte wiase a komayare, kokoram, atiridiinini, anaa yare foforo biara nteetee nipa biara bio. Saa bere no, yɛrenhia ayaresabea anaa nnuru bio. Daakye, nnipa a wɔte asase so no benya apɔwmuden a edi mũ.

  • ƆKƆM BEFI HƆ

    Dwom 72:16: “Asase no so nnɔbae bɛdɔɔso; ebebu so akodu mmepɔw atifi.”

    Asase no bɛbɔ aduan ama aso obiara so, na obiara benya bi adi amee. Ɔkɔm befi hɔ, na obiara benya aduan pa adi.

  • ƆYAW, AWERƐHOW, NE OWU BEFI HƆ

    Adiyisɛm 21:4: ‘Onyankopɔn bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.’

    Wei kyerɛ sɛ nnipa bɛyɛ pɛ, na yɛbɛtena ase daa wɔ paradise asase so! Ɛno ne ɛbɔ a yɛn Bɔfo a ɔwɔ ɔdɔ no, Yehowa Nyankopɔn ahyɛ.

ƐBƐBAM ƆKWAN BIARA SO

Sɛ wudwinnwen nsɛm yi nyinaa ho a, ɛsɛ anansesɛm wɔ w’asom anaa? Ɛwom, nkurɔfo bebree begye atom ntɛm ara sɛ, asetena a Bible ahyɛ ho bɔ no obiara ani gye ho. Nanso, asɛm a ɛne sɛ yɛbɛtena ase daa no, sɛ nnipa pii susuw ho a, ɛnsen wɔn tirim. Wei nyɛ nwonwa, efisɛ onipa desani biara nni hɔ a wanya asetena a ɛte saa pɛn, enti ɛbɛyɛ den sɛ obi bɛkyerɛ saa asetena no mu ama yɛate ase.

Bɔne ne owu de nnipa ayɛ nkoa, na ɔyaw, amanehunu, ne asiane ateetee yɛn akyɛ. Wei nti nkurɔfo pii abegye atom sɛ saa asetena yi ara na nnipa betumi anya. Nanso bere a Yehowa Nyankopɔn bɔɔ nnipa no, na ɛnyɛ saa asetena yi koraa na ɔpɛ sɛ yenya.

Nea ɛbɛyɛ na yɛanya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa bɛbam no, Onyankopɔn aka afa n’asɛm ho sɛ: “Ɛrensan mma me nkyɛn kwa, gye sɛ ɛyɛ nea mepɛ, na ewie nea enti a mesomae no.”—Yesaia 55:11.

Bible no ka Yehowa ho asɛm sɛ ɔyɛ Onyankopɔn a “ontumi nni atoro.” (Tito 1:2) Esiane sɛ wahyɛ bɔ sɛ yebenya nneɛma pa yi nyinaa daakye nti, nyansa wom sɛ yesusuw nsɛm yi ho: Enti ɛyɛ ampa sɛ nnipa betumi atena ase daa wɔ Paradise asase a wɔde ahyɛ yɛn bɔ no so? Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya Onyankopɔn bɔhyɛ no so mfaso? Nsɛm a edidi so wɔ nhoma yi mu no, wubenya nsɛm pii a ɛbɛboa wo ama woanya nsɛmmisa yi ho mmuae.