Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wiase foforo a ɛrenkyɛ ɛbɛba no, sɛ wototo wo nneɛma yiye nnɛ a, wo nso wubetumi akɔ hɔ bi

Wiase Foforo No Abɛn!

Wiase Foforo No Abɛn!

Onyankopɔn bɔɔ asaase no sɛ apapafo ntena so afebɔɔ. (Dwom 37:29) Bere a ɔbɔɔ Adam ne Hawa no, ɔde wɔn kɔtenaa turo fɛfɛɛfɛ bi a wɔfrɛ no Eden mu. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔne wɔn asefo nnɔw asaase no na wɔnhwɛ so.​—Genesis 1:28; 2:15.

Nanso ɛnnɛ wohwɛ wiase a yɛte mu no a, asɛe. Ɛnte sɛ turo a Onyankopɔn de nnipa mmienu a wodi kan no kɔtenaa mu no. Nanso wei nkyerɛ sɛ Onyankopɔn bɛhwɛ ama nneɛma akɔ sei ara. Ɔbɛma asaase no asan ayɛ Paradise bio. Ɔbɛyɛ no sɛn? Sɛnea yɛadi kan ahu no, Onyankopɔn rensɛe asaase no. Mmom, obesiesie so ama apapafo atena so. Nneɛma a Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama nnipa no, sɛ ɔyɛ a, asetena bɛyɛ sɛn?

Aban baako na ebedi nnipa nyinaa so

Ɛrenkyɛ koraa, Onyankopɔn aban a ɛwɔ soro no bɛba abedi nnipa nyinaa so. Ɛba saa a, asaase yi so asetena bɛyɛ dɛ, na nnipa nyinaa bɛyɛ baako. Obiara bɛyɛ adwuma a ɛbɛma n’ani agye na ne koma atɔ ne yam. Hena na Onyankopɔn ayi no sɛ ommedi hene wɔ asaase so? Ɛyɛ Yesu Kristo. Ɛnnɛ, atumfoɔ bebree wɔ hɔ a, wonnwen wɔn manfo ho. Nanso Yesu de, ɔnte saa. Ɔbɛhwɛ ama obiara nsa aka nea ohia. Ɔbɛda ɔdɔ ne mmɔborɔhunu adi akyerɛ obiara, na ɔne nnipa nyinaa bedi no pɛpɛɛpɛ.​—Yesaia 11:4.

Nnipa a ɛwɔ asaase so nyinaa bɛyɛ baako

Sɛ Onyankopɔn aban no bedi asaase so a, nnipa nyinaa bɛyɛ baako. Obiara renka sɛ mifi ha anaa mifi ha. (Adiyisɛm 7:9, 10) Nnipa a ɛwɔ asaase so nyinaa bɛdɔ Onyankopɔn na wɔadɔ wɔn yɔnko nnipa. Wɔn nyinaa bɛbom de asomdwoe ne baakoyɛ ayɛ adwuma ama asaase yi ayɛ fɛfɛɛfɛ sɛnea na Onyankopɔn pɛ sɛ ɛyɛ no.​—Dwom 115:16.

Atoyerɛnkyɛm befi hɔ, na nnipa ne mmoa bɛtena ase dwoodwoo

Sɛ Onyankopɔn Ahenni bedi asaase so a, nneɛma bi te sɛ atoyerɛnkyɛm ne nea ɛkeka ho renteetee nnipa bio. (Dwom 24:1, 2) Bere a Yesu wɔ asaase so no, ɔmaa nkurɔfo huu tumi a Onyankopɔn de ama no no ho mpopoe kakra. Ebi ne sɛ, ɔmaa mframa a ano yɛ den ano brɛɛ ase. (Marko 4:39, 41) Sɛ Kristo bedi asaase so a, yɛrensuro sɛ atoyerɛnkyɛm bekunkum yɛn anaa ɛbɛsɛe yɛn nneɛma bio. Saa bere no, nnipa renyɛ biribiara mfa nsɛe asaase no, na atoyerɛnkyɛm nso renhaw yɛn. Afei nso nnipa ne mmoa bɛtena ase dwoodwoo.​—Hosea 2:18.

Obiara benya apɔwmuden, na aduan nso bebu so

Nnipa nyinaa benya apɔwmuden. Obiara renyare, obiara nni hɔ a ɔbɛbɔ akwakoraa anaa aberewa, na owu nso befi hɔ. (Yesaia 35:5, 6) Asaase yi bɛsan ayɛ fɛ te sɛ Eden turo a Onyankopɔn de nnipa a wodi kan no kɔtenaa mu no. Wiase foforo no mu no, asaase yi bɛbɔ aduan te sɛ nea na ɛte wɔ Eden turo no mu no, na aduan bebu so ama obiara anya bi adi. (Genesis 2:9) Sɛnea Onyankopɔn hyiraa Israel man no ma ‘wodidi mee’ no, saa ara na ɔbɛyɛ ama nnipa a wɔbɛtena Paradise no.​—Leviticus 26:4, 5.

Yebenya asomdwoe ne ahobammɔ

Sɛ Onyankopɔn aban no bedi asaase so a, obiara asom bedwo no, obiara ne ne yɔnko bedi no yiye, na obiara rensisi ne yɔnko. Akodi befi hɔ, obiara remfa ne tumi renhyɛ obi so, na obiara nsa bɛka nea ohia. Bible ahyɛ bɔ sɛ: “Wɔn mu biara bɛtena ne bobe ne ne borɔdɔma dua ase, na obiara renhunahuna wɔn.”​—Mika 4:3, 4.

Obiara benya baabi atena na wayɛ adwuma a ɛda ne koma so

Abusua biara besi ne dan atena mu, na wɔrensuro sɛ ofiewura bi bɛba abetu wɔn. Adwuma biara a yɛbɛyɛ no, ɛbɛkɔ yiye ama yɛn. Bible ka sɛ, wɔn a wɔbɛtena Onyankopɔn wiase foforo no mu no, “wɔrenyɛ adwuma mmrɛ ngu kwa.”​—Yesaia 65:21-23.

Onyankopɔn bɛkyerɛkyerɛ yɛn

Bible ahyɛ bɔ sɛ: “Yehowa ho nimdeɛ bɛyɛ asaase so ma.” (Yesaia 11:9) Nnipa a wɔbɛtena wiase foforo no mu no besua ade afi Ɔbɔadeɛ a ɔwɔ nyansa no hɔ. Ɛno da nkyɛn a, wobesua nneɛma fɛfɛɛfɛ a Yehowa abɔ no ho ade. Nimdeɛ a wobenya no, wɔremfa nyɛ akode, na wɔremfa nyɛ biribiara a ebepira wɔn yɔnko nipa. (Yesaia 2:4) Mmom no, Yehowa bɛkyerɛkyerɛ wɔn ama wɔahu sɛnea wɔbɛtena ase asomdwoe mu, na ɔbɛsan akyerɛkyerɛ wɔn ama wɔahu sɛnea wɔbɛhwɛ asaase yi so yiye.​—Dwom 37:11.

Yɛbɛtena ase afebɔɔ

Onyankopɔn tɔɔ ne bo ase siesiee asaase no sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa a ɛte so no ani begye da biara. Wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛma nnipa atena asaase so daa. (Dwom 37:29; Yesaia 45:18) Ɔbɛyɛ no sɛn? Bible ka sɛ, “ɔbɛmene owu afebɔɔ.” (Yesaia 25:8) Bible asan ahyɛ bɔ sɛ wiase foforo no mu no, ‘owu befi hɔ, na awerɛhow ne osu ne yaw nso befi hɔ.’ (Adiyisɛm 21:4) Sɛ Onyankopɔn sɛe wiase bɔne yi a, obegye nnipa bi nkwa. Afei nso obenyan nnipa a wɔawuwu no bebree asan aba nkwa mu. Sɛ saafo yi nyinaa yɛ nea ɛteɛ a, Onyankopɔn bɛma wɔatena ase daa.​—Yohane 5:28, 29; Asomafo Nnwuma 24:15.

Ɛrenkyɛ koraa, Onyankopɔn Ahenni no bɛba abedi saa wiase yi so. Ɛnnɛ, nnipa ɔpepem pii retoto wɔn nneɛma yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akɔ saa wiase no mu bi. Ɛwom, bɔne wɔ wɔn ho, nanso wɔreyɛ nea wobetumi biara sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn begye wɔn atom, na ɔde wɔn akɔ wiase foforo no mu. Dɛn na wɔreyɛ? Wɔresua Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba Yesu Kristo a ɔsomaa no no ho ade.—Yohane 17:3.

Nea obi yɛ a ɛbɛma Onyankopɔn agye ne nkwa akɔ wiase foforo no mu no, wopɛ sɛ wusua ho ade pii anaa? Sɛ saa a, ɛnde ma Yehowa Danseni bi ne wo mmɛbɔ Bible mu nkɔmmɔ a wuntua hwee. Mode nhoma a yɛato din Wubetumi Anya Anigye Daa! na ɛbɛbɔ nkɔmmɔ no.