Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Meyɛ mogyatɔw mpo no, w’aniwa huu me.”—DWOM 139:16

Onyankopɔn Te Wo Ase Anaa?

Onyankopɔn Te Wo Ase Anaa?

NEA YESUA FI ABƆDE MU

Yɛreka abusuabɔ a emu yɛ den pa ara a nnipa betumi anya a, emu baako ne nea ɛda ntafo a wɔsɛ ntam. Wɔbɛn wɔn ho pa ara. Nancy Segal yɛ ataa, na ɔyɛ adwumam panyin wɔ baabi a wɔyɛ ntafo ho nhwehwɛmu. Ɔkaa sɛ: Ntafo binom “te wɔn ho ase pa ara na wodi nkitaho a wɔmmrɛ ho.” Ɔbaa bi nso ne n’ataa sɛ pa ara, na ɔreka abusuabɔ a ɛda wɔn ntam ho asɛm no, ɔkaa sɛ: “Yɛn mu biara nim biribiara a ɛfa ne yɔnko ho.”

Ntafo a wɔsɛ no, dɛn na ɛma wɔte wɔn ho ase saa? Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ, ɛwom sɛ baabi a ntafo a wɔsɛ nyinii ne ntetee a wonyae no ka ho bi na ɛma wɔte wɔn ho ase de, nanso nea edi mu akoten pa ara ne wɔn awosu a ɛsɛ no.

SUSUW HO HWƐ: Onii a ɔbɔɔ saa awosu a ɛyɛ nwonwa yi, ɛnyɛ dɛn ara a onim sɛnea yɛn mu biara te na ɔte yɛn ase pa ara. Nokwasɛm ne sɛ, odwontofo Dawid kaa sɛ: “Wode me siee me maame yam. Me nnompe anhintaw wo bere a woyɛɛ me ahintawee mu. . . . Bere a meyɛ mogyatɔw mpo no, w’aniwa huu me, na wɔkyerɛw m’akwaa nyinaa wɔ wo nhoma mu.” (Dwom 139:13, 15, 16) Onyankopɔn nkutoo na onim sɛnea yɛn awosu te na ɔte yɛn ase ankasa. Afei nso ɔno nko ara na onim nea yɛafa mu wɔ asetenam a enti ama yɛwɔ suban a seesei yɛwɔ no. Sɛnea Onyankopɔn nim yɛn yiye na ɔte yɛn awosu ase wɔ ɔkwan soronko so no, ɛma yenya awerɛhyem sɛ biribiara mu no, ɔte yɛn ase.

SƐNEA BIBLE MA YEHU SƐ ONYANKOPƆN TE YƐN ASE

Dawid bɔɔ mpae sɛ: “O Yehowa, woahwehwɛ me mu, na wunim me. Wo na wunim m’asetena mu ne me sɔre mu. Woahu m’adwene fi akyirikyiri. Asɛm no nni me tɛkrɛma so, nanso wo, Yehowa, wunim ne nyinaa dedaw.” (Dwom 139:1, 2, 4) Bio nso, Yehowa nim sɛnea yɛte nka ankasa na mpo ‘ohu adwene no mu nyinaa.’ (1 Beresosɛm 28:9; 1 Samuel 16:6, 7) Dɛn na kyerɛwnsɛm yi ma yehu fa Onyankopɔn ho?

Ɛwom, ebia ɛnyɛ nea ɛwɔ yɛn adwenem ne sɛnea yɛte nka nyinaa na yɛka ho asɛm kyerɛ Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu. Nanso yɛn Bɔfo no hwɛ nea yɛyɛ, na afei nso nea enti a yɛyɛ saa no, ɔte ase. Bio nso, sɛ yɛn mmerɛwyɛ nti yentumi nyɛ nea ɛda yɛn koma so mpo a, Onyankopɔn te ase sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ papa. Nokwasɛm ne sɛ, Onyankopɔn na ɔde ɔdɔ hyɛɛ yɛn komam. Ɛno nti, sɛ ɔdɔ ka yɛn ma yesusuw biribi ho anaa yɛyɛ biribi a, Onyankopɔn pɛ pa ara sɛ ohu na ɔte yɛn ase.—1 Yohane 4:7-10.

Biribiara nni hɔ a Onyankopɔn adwene nkɔ so. Sɛ yɛrehu amane na obiara nnim, anaa obiara nte ase mpo a, Onyankopɔn de onim na ɔte yɛn ase pa ara

Kyerɛwnsɛm no ma yɛn awerɛhyem

  • “Yehowa ani wɔ treneefo so, na wayɛ aso ama wɔn adesrɛ.”—1 PETRO 3:12.

  • Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ: “Mɛma woanya nhumu na makyerɛ wo ɔkwan a fa so. M’ani bɛba wo so, na matu wo fo.”—DWOM 32:8.

ONYANKOPƆN WƆ AYAMHYEHYE KƐSE

Sɛ yehu sɛ Onyankopɔn te yɛn nsɛm tebea ne sɛnea yɛte nka no ase a, ɛno betumi aboa yɛn ma yɛagyina nsɛnnennen ano anaa? Yɛnhwɛ nea ɛtoo Anna a ofi Nigeria. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛ mehwɛ sɛnea na merehu amane wɔ asetenam no a, ɛma metee nka sɛ miwui mpo a anka eye. Ná meyɛ okunafo a merehwɛ me babea wɔ ayaresabea. Ná nsu agyina abofra no tirim. Me nso na kokoram abɛtɔ me nufu mu, enti na ɛsɛ sɛ wɔyɛ me oprehyɛn, wɔma me aduru a ano yɛ den, na wɔsan de me fa afiri mu. Wo de hwɛ sɛ me ne me ba no nyinaa da ayaresabea. Ná tebea no yɛ den ma me pa ara.”

Dɛn na ɛboaa Anna ma otumi gyinaa tebea yi ano? Ɔkaa sɛ: “Midwinnwen kyerɛwnsɛm bi te sɛ Filipifo 4:6, 7 ho. Ɛhɔ ka sɛ ‘Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so no bɛbɔ mo koma ne mo adwene nsusuwii ho ban.’ Bere biara a saa kyerɛwsɛm yi bɛba me tirim no, ɛma mihu sɛ Yehowa te me ase koraa sen sɛnea m’ankasa mihu me ho, na wei ma mebɛn no kɛse. Me nuanom a wɔwɔ Kristofo asafo no mu nso hyɛɛ me nkuran pii.

“Ɛwom sɛ yare no da so ara reteetee me de, nanso me ne me babea no tebea ayɛ yiye kakra. Esiane sɛ Yehowa wɔ yɛn afã nti, yɛasua sɛ yɛremfa yɛn adwene nsi nsɛnnennen a yehyia no so. Yakobo 5:11 ma yɛn awerɛhyem sɛ: ‘Yebu wɔn a wɔagyina mu no anigyefo. Moate Hiob boasetɔ no ho asɛm na moahu nea Yehowa ma efii mu bae, sɛ Yehowa wɔ ayamhyehye ne mmɔborɔhunu.’” Ná Yehowa te Hiob tebea no ase pa ara, na yebetumi anya awerɛhyem sɛ yɛn nso, ɔhaw biara a yɛrefa mu no, ɔte ase.