Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Anidaso Bɛn Na Ɛwɔ Hɔ Ma Awufo?

Anidaso Bɛn Na Ɛwɔ Hɔ Ma Awufo?

Owu da amansan kɔn mu. Nanso obi wu a, na asa? Enti awufo akyi ayera koraa? Anidaso bi wɔ hɔ ma awufo anaa?

HWƐ NEA BIBLE AKA:

ANIDASO WƆ HƆ MA AWUFO

‘Wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa befi adi.’​—Yohane 5:28, 29.

Onyankopɔn werɛ mfii awufo; wɔn a wɔwɔ ne nkae mu no bɛsan aba nkwa mu bio.

AWUFO BƐSAN ANYAN ABA NKWA MU BIO WƆ ASASE SO

“Bere bi bɛba a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre afi awufo mu.”​—Asomafo Nnwuma 24:15.

Onyankopɔn benyan nnipa ɔpepepem pii a wɔawuwu no aba nkwa mu, na wobenya anidaso sɛ wɔbɛtena ase daa wɔ asomdwoe bebree mu.

YEBETUMI AGYE ADI AMPA SƐ AWUFO BƐSƆRE

‘Onyankopɔn kan nsoromma dodow, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn.’​—Dwom 147:4.

Onyankopɔn tumi bobɔ nsoromma no nyinaa din frɛfrɛ wɔn, enti ɛrenyɛ den koraa sɛ ɔbɛkae wɔn a obenyan wɔn afi awufo mu no.