Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Enti mmɔden a wɔrebɔ sɛ wɔbɛyɛ nnipa nkwammoaa mu nsakrae no betumi ama yɛanya nkwatenten anaa?

Nnipa Rehwehwɛ Nkwatenten

Nnipa Rehwehwɛ Nkwatenten

“Mahu adwuma a Onyankopɔn de ama adesamma sɛ wɔnyɛ no. Wayɛ ade nyinaa fɛfɛɛfɛ wɔ ne bere mu. Ɔde bere a enni awiei ahyɛ wɔn komam.”​—Ɔsɛnkafo 3:10, 11.

ƆHENE Solomon nyansafo a ɔtenaa ase tete no na ɔkaa saa asɛm yi. Ɛma yehu nea ɛwɔ nnipa komam. Esiane sɛ nnipa nkwa yɛ tiaa na obiara ntumi nkwati owu nti, nnipa fi bere tenteenten apere nkwatenten. Sɛ wohwɛ nnipa abakɔsɛm mu a, nnipa ayɛ nea wobetumi biara sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi atena ase akyɛ.

Wo de, ma yɛmfa Sumeriafo hene bi a ne din de Gilgamesh nyɛ nhwɛso. Wɔakyerɛw anansesɛm pii afa n’asetena ho. Emu baako wɔ nea wɔfrɛ no Gilgamesh Anwensɛm no mu. Saa anansesɛm no kyerɛ sɛ otuu kwan bi a ɛyɛ hu sɛ ɔrekɔpɛ owu ano aduru aba, nanso nea ɔyɛe nyinaa ankosi aga.

Tete nyansahufo bi a ɔwɔ n’adwumayɛbea

Bɛyɛ mfe 400 ansa na wɔrewo Yesu no, China nyansahufo bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ aduru bi a ɛbɛma nnipa atena ase akyɛ. Aduru a wɔyɛe no, na mercury ne ade bi a wɔfrɛ no arsenic frafra mu. Ebinom susuw sɛ saa aduru yi kunkum Chinafo ahemfo pii. Europe nso, bɛyɛ afe 500 kosi afe 1500 wɔ Yesu wu akyi no, nyansahufo bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛfa ɔkwan bi so ama nnipa atumi amene sika kɔkɔɔ sɛ aduan ama nipadua no ayam. Ná wosusuw sɛ esiane sɛ sika kɔkɔɔ ntumi nwe nkannare nti, sɛ ɛkɔ nipadua no mu a, ebetumi ama nnipa atena nkwa mu akyɛ.

Ɛnnɛ nso, nyansahufo binom rebɔ mmɔden sɛ wobehu nea enti a nnipa nyinyin na wowuwu. Mmɔden a wɔrebɔ no kyerɛ sɛ, nnipa da so ara wɔ anidaso sɛ wobenya mpanyinyɛ ne owu ano aduru. Nanso dɛn na afi saa nhwehwɛmu no nyinaa mu aba?

ONYANKOPƆN DE “BERE A ENNI AWIEI AHYƐ WƆN KOMAM.”​—ƆSƐNKAFO 3:10, 11

WƆREHWEHWƐ NEA ƐDE MPANYINYƐ BA NNƐ

Nyansahufo a wosua nnipa nkwammoaa ho ade no de nea ɛma nnipa nyinyin na wowuwu no mu nkyerɛkyerɛmu bɛboro 300 na ama. Nnansa yi, nyansahufo atumi ayɛ biribi a ɛma mmoa a wɔyɛ wɔn mu nhwehwɛmu no tumi tena ase kyɛ. Saa ara nso na wɔatumi ayɛ biribi a ɛma nnipa nkwammoaa a wɔde yɛ nhwehwɛmu no tena nkwa mu kyɛ. Saa nkɔanim yi nti asikafo bi atua sika ama nyansahufo sɛ wɔmfa mpɛ owu ano aduru. Dɛn na saa nhwehwɛmu yi ama wɔatumi ayɛ?

Wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛma nnipa anyin akyɛ. Nyansahufo bi ka sɛ biribi wɔ yɛn nkwammoaa mu a wɔfrɛ no telomeres. Wɔkyerɛ sɛ ɛno ne ade titiriw a ɛde mpanyinyɛ ba. Sɛ yɛn nkwammoaa bi mu kyɛ a, telomeres no bɔ emu nneɛma bi ho ban. Nanso, bere biara a yɛn nkwammoaa mu bɛkyɛ no, telomeres no so huan. Sɛ ɛso huan araa du baabi a, nkwammoaa no mu ntumi nkyekyɛ bio. Ɛba saa a, na mpanyinyɛ afi ase.

Elizabeth Blackburn nyaa Nobel abasobɔde wɔ afe 2009 mu. Ɔne ne mfɛfo adwumayɛfo ahu ade bi a ɛwɔ nkwammoaa mu a ɛmma telomeres no so nhuan ntɛmntɛm na nkwammoaa atumi atena nkwa mu akyɛ. Nanso wogye toom wɔ wɔn nhwehwɛmu no mu sɛ, telomeres no “ntumi mma yennyin mmoro sɛnea yenyin no.”

Nkwammoaa a wɔyɛ emu nsakrae nso yɛ ɔkwan baako a wɔfa so si onyin ano. Sɛ yɛn nkwammoaa nyin dodo a, emu ntumi nkyekyɛ bio. Ɛba saa a, entumi ne nkwammoaa a ɛbɔ yɛn ho ban fi nyarewa ho no nni nkitaho yiye. Ɛno tumi ma yɛn nipadua no fã bi honhon, etumi ma yɛte yaw, na ɛde nyarewa afoforo brɛ yɛn. Nnansa yi, nyansahufo a wɔwɔ France yii nkwammoaa fii nnipa a wɔn mfe akɔ anim mu. Ná wɔn mu bi adi boro mfe 100. Nkwammoaa a nyansahufo no yi fii wɔn mu no, wɔyɛɛ nsakrae bi wom. Wei maa nkwammoaa no nyaa ahoɔden, na emu fii ase kyekyɛe bio. Ɔbenfo Jean-Marc Lemaître a ɔda nhwehwɛmufo no ano no kaa sɛ, adwuma a wɔyɛe no ma wohui sɛ, sɛ nkwammoaa bi nyin mpo a, wobetumi ama asan anya ahoɔden foforo.

NYANSAHUFO BETUMI AMA YƐANYIN AKYƐ ANAA?

Nnipa abɔ mmɔden sɛ wɔbɛfa akwan ahorow so ama yɛanyin akyɛ nanso nea nyansahufo pii reka ne sɛ, wonnye nni sɛ wei betumi ayɛ yiye. Ɛwom, wohwɛ mfe 200 a abɛsen kɔ no a, wuhu sɛ nnipa tumi nyin kyɛ kakra sen kan no. Nanso nea ama aba saa ne sɛ, seesei nnipa di wɔn ho ni, yetumi ko tia nsanyare, na yɛanya nnuru a yɛde siw nyarewa ano. Nyansahufo binom gye di sɛ sɛnea nnipa benyin no ara na yenyin no.

Bɛyɛ mfe 3,500 a atwam ni na Bible kyerɛwfo Mose kaa sɛ: “Yɛn mfe nna de, ɛyɛ aduɔson; na sɛ yɛwɔ ahoɔden paa a, na edu aduɔwɔtwe, nanso ɔhaw ne amanehunu nkutoo na ahyɛ mu mã; etwam ntɛm, na yɛyera.” (Dwom 90:10) Mmɔden a nnipa abɔ sɛ wobenya nkwatenten nyinaa akyi no, asetena te sɛ nea Mose kae no ara.

Nanso abɔde afoforo bi tumi nyin kyɛ pa ara. Akyekyedeɛ ahorow bi tumi di boro mfe 150, na nnua akɛse bi nso tumi di mfe mpempem pii. Enti sɛ yɛde yɛn nkwa nna toto weinom ne abɔde afoforo ho a, asɛm a ebia yebebisa yɛn ho ara ne sɛ, ‘Enti mfe 70 anaa 80 ara na yebetumi adi?’