Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔbɔɔ Yɛn Sɛ Yɛntena Ase Daa

Wɔbɔɔ Yɛn Sɛ Yɛntena Ase Daa

YƐN MU hena na ɔmpɛ sɛ obenyin akyɛ na n’ani agye wɔ abrabɔ mu? Sɛ wowɔ tebea a edidi so yi mu a, anka wompɛ? Wo de hwɛ sɛ worenwu da, wowɔ anigye, na yare biara nteetee wo! Wowɔ bere pii a wo ne w’adɔfo bɛbɔ, wubetumi atutu akwan akɔ wiase baabiara, wubetumi asua nneɛma foforo, wubenya nimdeɛ pii, na nea ɛda wo koma so biara nso, wubetumi ayɛ!

Adɛn nti na onipa biara pɛ sɛ ɔtena ase daa? Bible ka sɛ Onyankopɔn de biribi a ɛte saa ahyɛ yɛn komam. (Ɔsɛnkafo 3:11) Ɛsan ma yehu sɛ “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yohane 4:8) Wohwɛ a, ɔdɔ Nyankopɔn no de akɔnnɔ a ɛte saa bɛhyɛ yɛn mu bere a onim sɛ yɛn nsa ntumi nka da?

Sɛ yɛbɛka pa ara a, obiara nni hɔ a ɔpɛ sɛ owu. Nokwasɛm ne sɛ, Bible mpo ma yehu sɛ owu yɛ “ɔtamfo.” (1 Korintofo 15:26) Nnipa binom nnyin nkyɛ koraa, na ebinom nso de, wonyin kyɛ. Nanso sɛ ɛdan sɛ ɔbo a, obiara bewu. Nnipa pii mpo de, ehu nti, wɔmpɛ sɛ wɔte owu ho asɛm koraa. Yemmisa sɛ, bere bi bɛba a ɔtamfo yi befi hɔ koraa? Ebetumi ayɛ yiye saa ampa?

NEA ƐMA YEHU SƐ ANIDASO WƆ HƆ

Sɛ yɛka kyerɛ wo sɛ Onyankopɔn ammɔ nnipa sɛ yɛmmra wiase mmewuwu a, anka ɛbɛyɛ wo nwonwa anaa? Genesis nhoma a ɛwɔ Bible mu no ma yehu sɛ Onyankopɔn bɔɔ nnipa baa asase so sɛ yɛmmɛtena so daa. Yehowa Nyankopɔn tɔɔ ne bo ase siesiee asase no yiye sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa betumi atena so. Afei ɔbɔɔ onipa a odi kan Adam de no kɔtenaa paradise turo a ɛwɔ Eden no mu. Ɛno akyi no, “Onyankopɔn huu biribiara a wayɛ, na na eye paa.”​—Genesis 1:26, 31.

Onyankopɔn bɔɔ Adam wɔ ne suban so, na na bɔne biara nni Adam ho. (Deuteronomium 32:4) Adam yere Hawa nso, na bɔne biara nni ne ho, na na odi mũ wɔ biribiara mu. Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monwo na monnɔɔso na monhyɛ asase so mã na munni so, na ɛpo mu mpataa ne wim ntuboa ne mmoa a wɔnenam asase so nyinaa, munni wɔn so.”​—Genesis 1:28.

Ná ebegye bere pii ansa na Adam ne Hawa atumi awo ahyɛ asase so mã. Enti na Hawa bɛwo mma, na ne mma no nso awowo araa kosi sɛ wɔbɛhyɛ asase so mã sɛnea Onyankopɔn kae no. (Yesaia 45:18) Sɛ anka Adam ne Hawa bɛtena ase bere tiaa bi a wɔrenhu wɔn nanankansowanom a, wususuw sɛ anka Yehowa bɛka akyerɛ wɔn sɛ wɔnwo na wɔnnɔɔso na wɔnhyɛ asase so mã anaa? Anka wɔbɛyɛ dɛn ahu sɛ asɛm a Onyankopɔn kae sɛ wɔnwo nhyɛ asase so mã no abam?

Afei nso, susuw asɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam yi ho hwɛ. Ɔka kyerɛɛ no sɛ onni asase so mmoa nyinaa so. Ná ɛsɛ sɛ Adam toto mmoa no nyinaa din, na na wei begye bere pii. (Genesis 2:19) Sɛ na obetumi adi mmoa no so a, na ɛsɛ sɛ ohu wɔn yiye na ohu sɛnea ɔbɛhwɛ wɔn so. Ná wei nso begye bere pii.

Onyankopɔn ka kyerɛɛ awarefo a wodi kan no sɛ wɔnwo nhyɛ asase so mã na wonni mmoa no so. Wei ma yehu sɛ, Onyankopɔn ammɔ wɔn sɛ wɔntena ase bere tiaa bi. Ampa ara nso, Adam tenaa ase kyɛe pa ara.

NEA ONYANKOPƆN PƐ NE SƐ NNIPA BƐTENA ASE DAA WƆ PARADISE ASASE SO

WƆTENAA ASE KYƐE PA ARA

Adam dii mfe 930

Metusala dii mfe 969

Noa dii mfe 950

Ɛnnɛ yedi mfe 70 kosi 80

Bible ma yehu sɛ bere bi a atwam no, na nnipa tumi nyin kyɛ pa ara; ɛnte sɛ nnɛ. Bible ka sɛ: ‘Mfe a Adam dii nyinaa yɛ 930.’ Ɛsan bobɔ mmarima nsia bi a wɔn nyinaa di boroo mfe 900! Wɔn din ne Set, Enos, Kenan, Yared, Metusala, ne Noa. Wɔn nyinaa tenaa ase ansa na Noa bere so Nsuyiri no reba. Noa nso, odii mfe 600 ansa na Nsuyiri no reba. (Genesis 5:5-27; 7:6; 9:29) Saa nnipa yi nyinaa, ɛyɛɛ dɛn na wotumi nyin kyɛe saa?

Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na saa nnipa yi ne Adam ne Hawa ntam nware pii, enti na wɔbɛn pɛyɛ. Ebetumi aba sɛ ɛno ka ho bi nti na wonyin kyɛe saa. Nanso pɛyɛ de, abusuabɔ bɛn na ɛne nkwatenten wɔ? Ɛbɛyɛ dɛn na owu afi hɔ? Sɛ yebenya nsɛm yi ho mmuae a, ɛsɛ sɛ yedi kan hu nea enti a yenyinyin na yewuwu.