Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛnnɛ Mpo, W’ani Betumi Agye

Ɛnnɛ Mpo, W’ani Betumi Agye

ASETENA bɛyɛ dɛ pa ara daakye, efisɛ yare, nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ, ne owu befi hɔ. Wo nso wubetumi anya saa nhyira yi bi! Nanso seesei de baabiara nnwoe; obiara ne ne haw. Yemmisa sɛ, biribi wɔ hɔ a ebetumi aboa wo ama w’ani agye anaa? Sɛ yɛde Bible akwankyerɛ bɔ yɛn bra a, yebenya asetena a anigye ne abotɔyam wom seesei. Wo de, ma yɛnhwɛ ɔhaw ahorow a ɛwɔ wiase nnɛ no bi, na yɛnhwɛ sɛnea Bible betumi aboa yɛn ama yɛagyina ano.

SƐNEA WOBƐMA W’ANI ASƆ NEA WOWƆ

Nea Bible aka: “Mommma sikanibere mmma mo asetena mu, na momma nea mowɔ no ara nnɔɔso mma mo.”​Hebrifo 13:5.

Baabi a yɛbɛfa biara, nkurɔfo de nneɛma puapua yɛn. Wɔka sɛ yenya nneɛma pii a, yɛn ani begye. Nanso Bible ka sɛ ‘yɛmma nea yɛwɔ no ara nnɔɔso mma yɛn.’ Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ wei?

‘Mma w’ani mmere sika.’ “Sikanibere” nti, ebinom fa ɔkwan biara so sɛ wobenya wɔn ho. Sɛ wɔbɛyɛ biribi a ɛbɛsɛe wɔn apɔwmuden, wɔn abusua, wɔne wɔn nnamfo ntam, wɔn suban, anaa din pa a wɔwɔ mpo a, ɛmfa wɔn ho. (1 Timoteo 6:10) Nanso mfaso biara nni so sɛ sika nti yɛbɛhwere saa nneɛma yi. Nea ɛte ne sɛ, awiei koraa no, obi a ɔpɛ adedodow no, “ahonyade mmee no.”​—Ɔsɛnkafo 5:10.

Ma nnipa ho nhia wo nsen ahode. Ɛwom, ahode anaa nneɛma a yɛwɔ tumi boa yɛn. Nanso nea nnipa tumi yɛ ma yɛn no, nneɛma a ɛte saa ntumi nyɛ mma yɛn. Ahode a yɛwɔ no ntumi nna ɔdɔ adi nkyerɛ yɛn, saa ara nso na ɛrentumi nkyerɛ nea yɛyɛ ho anisɔ. Sɛ yɛwɔ ‘yɔnko berɛbo’ bi a, obetumi aboa yɛn ama yɛanya akomatɔyam wɔ asetenam.​—Mmebusɛm 17:17.

SƐ YƐDE BIBLE AKWANKYERƐ BƆ YƐN BRA A, ƐNNƐ MPO, YƐN ANI BETUMI AGYE

SƐNEA WUBEGYINA YARE KOANKORƆ ANO

Nea Bible aka: “Anigye koma sa yare.”​Mmebusɛm 17:22.

Sɛnea yɛnom aduru de sa yɛn ho yare no, saa ara na anigye nso betumi aboa yɛn ama yɛagyina yɛn yare ano. Nanso sɛ yare bi abɛtena yɛn so a, yɛbɛyɛ dɛn anya anigye?

Kyerɛ nneɛma ho anisɔ. Sɛ yedwen yɛn haw ho dodoodo a, da biara yɛbɛbotow. (Mmebusɛm 15:15) Nanso Bible ka sɛ: “Monkyerɛ nneɛma ho anisɔ.” (Kolosefo 3:15) Enti sua sɛ wobɛma w’ani asɔ nneɛma nketenkete mpo. Ebi ne owia a ɛrekɔtɔ, mframa pa bi a ɛrefa wo ho, anaa mpo wo dɔfo bi a watew n’anim aserew akyerɛ wo. Saa nneɛma nketenkete yi tumi ma yɛn koma tɔ yɛn yam pa ara.

Yɛ nneɛma fa boa afoforo. Sɛ yɛn apɔwmuden nyɛ papa mpo a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ “ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.” (Asomafo Nnwuma 20:35) Sɛ yɛyɛ nneɛma boa afoforo na wɔkyerɛ ho anisɔ a, ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam, na ɛboa ma yennwen yɛn haw ho dodoodo. Sɛ yɛboa afoforo ma wɔn asetena tu mpɔn a, yɛn nso ebesi yɛn yiye.

SƐNEA WOBƐMA W’AWARE ASƆ

Nea Bible aka: ‘Mompɛɛpɛɛ mu nhu nneɛma a ehia koraa no.’​Filipifo 1:10.

Sɛ awarefo annya bere amma wɔn ho a, ebetumi ama wɔn aware no agyigya. Enti ɛsɛ sɛ okunu anaa ɔyere hu n’aware no sɛ, ɛka nneɛma a ɛho hia pa ara wɔ n’asetenam no ho.

Monyɛ nneɛma mmom. Sɛ́ anka wobɛyɛ nneɛma a wo nko ara w’ani gye ho no, adɛn nti na wo ne wo hokafo nyɛ nhyehyɛe sɛ mobɛyɛ nneɛma abom? Bible ka sɛ: “Baanu ye sen obiakofo.” (Ɔsɛnkafo 4:9) Mubetumi abom anoa aduan, ateɛteɛ mo apɔw mu, akɔtena baabi adwudwo mo ho, anaa moadi agorɔ.

Ma wo kunu anaa wo yere nhu sɛ wodɔ no. Bible hyɛ awarefo nkuran sɛ wonnya ɔdɔ ne obu mma wɔn ho. (Efesofo 5:28, 33) Sɛ awarefo tew wɔn anim serew kyerɛ wɔn ho, wɔbam wɔn ho, anaa wɔma wɔn ho akyɛde nketenkete mpo a, ebetumi ama wɔn aware asɔ. Afei nso, ɛsɛ sɛ awarefo hwɛ yiye na wɔn mu biara amfa ne yɔnko akyi.​—Hebrifo 13:4.