Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn akyɛde a ɛne agyede no bɛma yɛatumi anya daa nkwa, na ɛno ne akyɛde a ne sɛso nni hɔ

ASƐM A ƐDA SO | AKYƐDE BƐN NA NE SƐSO NNI HƆ?

Akyɛde Bɛn na Ne Sɛso Nni Hɔ?

Akyɛde Bɛn na Ne Sɛso Nni Hɔ?

“Akyɛde pa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ biara fi soro; efi hann Agya no nkyɛn.” (Yakobo 1:17) Bible mu asɛm yi ma yehu sɛ yɛn soro Agya Yehowa Nyankopɔn yam ye. Nanso akyɛde pii a Onyankopɔn de ama nnipa no, baako bi wɔ hɔ a ɛsen ne nyinaa. Ɛyɛ dɛn? Yɛhwɛ Yohane 3:16 a, yebehu Yesu asɛm a nkurɔfo nim no yiye paa no. Ɛka sɛ: “Onyankopɔn dɔ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ɔkyerɛ no mu gyidi no ansɛe na mmom wanya daa nkwa.”

Onyankopɔn de ne Ba a ɔwoo no koro no mae sɛ akyɛde. Ɛno ne akyɛde a ɛsen biara a yɛn mu biara nsa betumi aka. Akyɛde no betumi ama yɛade yɛn ho afi bɔne, mpanyinyɛ ne owu nkoasom mu. (Dwom 51:5; Yohane 8:34) Ɛmfa ho nea yɛbɛyɛ biara no, yɛn ankasa rentumi nnye yɛn ho mfi saa nkoasom no mu da. Nanso ɔdɔ kɛse a Onyankopɔn wɔ nti, wama yɛn nea yehia a ebetumi agye yɛn. Yehowa Nyankopɔn de ne Ba a ɔwoo no koro, Yesu Kristo, ama yɛn sɛ agyede. Eyi ama nnipa asoɔmmerɛwfo anidaso sɛ daakye wobetumi anya daa nkwa. Agyede no koraa, ɛyɛ dɛn? Adɛn nti na ɛho hia? Na yɛbɛyɛ dɛn anya so mfaso?

Agyede yɛ biribi a yetua san de gye biribi a yɛahwere, anaa yɛde gye obi fi nkoasom mu. Bible ma yehu sɛ, bere a Onyankopɔn bɔɔ yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa no, na bɔne biara nni wɔn ho. Ɔmaa wɔn anidaso sɛ, wɔne wɔn mma a wɔbɛwo wɔn no betumi de anigye atena ase daa wɔ paradise asase so. (Genesis 1:26-28) Awerɛhosɛm ne sɛ, wɔpaw sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn so asoɔden. Eyi ma wɔhweree saa anidaso yi nyinaa, enti wɔbɛyɛɛ abɔnefo. Dɛn na efii mu bae? Bible ma mmuae sɛ: “Ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae, ma owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” (Romafo 5:12) Sɛ́ anka Adam de nkwa a ɛyɛ pɛ bɛwo ne mma no, ɔde bɔne ne ɛho nsunsuanso a ɛne owu mmom na ɛwoo wɔn.

Sɛ yɛretua agyede bi a, ɛsɛ sɛ nea yɛretua no ne ade a yɛahwere no yɛ pɛpɛɛpɛ. Bere a Adam hyɛɛ da yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden no, ɔyɛɛ bɔne na nea efii mu bae ne sɛ ɔhweree onipa nkwa a ɛyɛ pɛ. Ɛno ne n’ankasa nkwa. Bible ma yehu sɛ, eyi maa Adam asefo bɛyɛɛ nkoa maa bɔne ne owu. Eyi nti, na ehia sɛ wɔde onipa foforo nkwa a ɛyɛ pɛ bɔ afɔre na ama wɔatumi agye nnipa afi saa nkoasom yi mu. Ɛno ne Yesu nkwa. (Romafo 5:19; Efesofo 1:7) Agyede a Onyankopɔn fi ɔdɔ mu tuae no, ɛno nko ara ne ade a ɛma nnipa nya anidaso sɛ wɔn nsa bɛka nea Adam ne Hawa hweree no. Ɛno ne daa nkwa wɔ paradise asase so.​—Adiyisɛm 21:3-5.

Sɛ yɛhwɛ nea agyede no tumi yɛ a, akyinnye biara nni ho sɛ ɛno ne Onyankopɔn akyɛde a ɛso bi nni. Ɛno na ɛbɛma yɛanya daa nkwa. Yɛadi kan ahwɛ nneɛma bi a ɛma akyɛde yɛ nea ɛfata. Nea ɛbɛma yɛate ase paa sɛ agyede no yɛ “adekyɛde a ɛyɛ pɛ” no, momma yɛmfa saa nneɛma no ntoto agyede no ho. Ɛbɛma yɛahu sɛnea Onyankopɔn akyɛde yi du ho boro so koraa.

Ɛyɛ nea yɛpɛ ma yɛn. Yɛn nnipa de, yɛpɛ paa sɛ yɛbɛkɔ so atena ase. (Ɔsɛnkafo 3:11) Ɛkaa yɛn nko ara a anka saa apɛde yi, yɛrentumi mma ɛnyɛ hɔ. Nanso agyede no nti, ebetumi ayɛ yiye. Bible ka sɛ: “Efisɛ bɔne akatua ne owu, na akyɛde a Onyankopɔn de ma ne daa nkwa a ɛnam yɛn Awurade Kristo Yesu so.”​—Romafo 6:23.

Ɛyɛ nea yehia ma yɛn. Anka nnipa rentumi ntua agyede no da. Bible ka sɛ: “Wɔn kra gye bo yɛ den enti wɔrentumi ntua da.” (Dwom 49:8) Eyi nti, na yehia Onyankopɔn mmoa paa na ama yɛatumi ade yɛn ho afi bɔne ne owu nkoasom mu. Nanso Onyankopɔn ‘nam Kristo Yesu agyede no so’ ama yɛn nea na yehia paa.​—Romafo 3:23, 24.

Ɛbaa bere pa mu. Bible aka akyerɛ yɛn sɛ: “Yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn.” (Romafo 5:8) Onyankopɔn tuaa agyede no bere a “yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo. Eyi ma yɛn awerɛhyem sɛ yɛn bɔne nyinaa akyi no ɔdɔ yɛn paa. Afei nso, ɔhaw a bɔne no de aba no, ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ yemia yɛn ani fa mu de, nanso agyede no ma yɛn anidaso sɛ nhyira pii da yɛn anim.

Ɛma yehu sɛ ɔde adwempa na ɛyɛe na ɛnyɛ pɛsɛmenkominya. Bible ma yehu nea ɛmaa Onyankopɔn de ne Ba no mae sɛ agyede. Ɛka sɛ: “Eyi mu na woyii Onyankopɔn dɔ adi wɔ yɛn ho, efisɛ Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔwoo no koro no baa wiase sɛ yɛmfa ne so nnya nkwa. Eyi mu na ɔdɔ no wɔ, ɛnyɛ sɛ yɛn na yɛdɔɔ Onyankopɔn, na mmom ɔno na ɔdɔɔ yɛn.”​—1 Yohane 4:9, 10.

Wobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ w’ani sɔ akyɛde a ɛsen biara yi? Kae Yesu asɛm a ɛwɔ Yohane 3:16 no. Ɛma yehu sɛ wɔn a ‘wɔbɛkyerɛ ne mu gyidi’ no nko ara na wobenya daa nkwa. Sɛnea Bible kyerɛ no, gyidi yɛ “awerɛhyem a yɛde twɛn biribi a yɛn ani da so.” (Hebrifo 11:1) Sɛ yebenya saa awerɛhyem no a, nokware nimdeɛ ho hia. Eyi nti, yɛhyɛ wo nkuran sɛ, Yehowa Nyankopɔn a ɔde “adekyɛde a ɛyɛ pɛ” yi mae no, tɔ wo bo ase sua ne ho ade. Afei nso, daa nkwa a Yesu agyede afɔre no nti wubetumi anya no, sua nea ɛsɛ sɛ woyɛ na ama wo nsa aka.

Sɛ wokɔ www.pr418.com a, wubehu Bible mu nkyerɛkyerɛmu pii wɔ hɔ, na wubetumi asua eyinom nyinaa ho ade. Yehowa Adansefo ani gye ho sɛ wɔbɛboa wo. Yegye di sɛ, bere a wusua akyɛde a ɛsen biara yi ho ade na wunya so mfaso no, ɛbɛka wo ma woaka sɛ: “Aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka Onyankopɔn!”​—Romafo 7:25.