Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | AKYƐDE BƐN NA NE SƐSO NNI HƆ?

Nnipa Rehwehwɛ Akyɛde a Ne Sɛso Nni Hɔ

Nnipa Rehwehwɛ Akyɛde a Ne Sɛso Nni Hɔ

Ɛnna fam koraa sɛ wubehu sɛ akyɛde wei de ɛfata asomasi anaa ɔbenten. Efisɛ onii a ne nsa bɛka akyɛde no, ɔno na ɔbɛkyerɛ sɛ ɛsom bo ma no. Afei ade a ɛsom bo ma obi no, ebia na obi nso de ommu no ade titiriw biara.

Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia abɛɛfo mfiri bi bɛsom bo ama aberante anaa ababaa bi. Ɔpanyin nso de, ebia tete nneɛma a ɛsom bo te sɛ abusua agyapade bi na obi de kyɛ no a, n’ani bɛsɔ paa. Wokɔ mmeae bi nso a, ɔpanyin oo, abofra oo, wokyɛ no sika ma ɔde yɛ nea ɔpɛ a n’ani gye paa.

Ɔhaw yi nyinaa akyi, nnipa pii dwen wɔn adɔfo ho, na wɔkɔ so ara hwehwɛ sɛ wobenya akyɛde a ɛfata ama wɔn. Ɛwom, ɛnyɛ bere nyinaa na obi betumi anya akyɛde a ɛte saa ama obi, nanso sɛ yɛma nsɛm bi tena yɛn adwenem a ebia ebetumi aboa. Yɛnhwɛ nneɛma nnan bi a ebetumi aboa na yɛkyɛ obi ade a, n’ani agye.

Nea onii no pɛ. Bere a ɔbarima bi a ɔwɔ Belfast, Northern Ireland dii bɛyɛ mfe 10 anaa 11 no, obi kyɛɛ no sakre bi a etu mmirika paa. Ɔkyerɛ sɛ ɛno ne akyɛde a ɛsen biara a ne nsa aka. Adɛn ntia? Ɔkyerɛɛ mu sɛ: “Efisɛ na mepɛ bi paa.” Wei ma yehu sɛ, nea obi pɛ na ɛbɛkyerɛ sɛ n’ani begye akyɛde bi ho anaa n’ani rennye ho. Enti dwen onii a wopɛ sɛ wokyɛ no ade no ho. Hwɛ sɛ wubehu nea ɛsom bo ma no, efisɛ nea ɛsom bo ma obi no, ɛno na ɛbɛkyerɛ nea ɔpɛ. Nhwɛso bi ni. Wɔn a wɔwɔ mmanana no, ade baako a ɛsom bo ma wɔn paa ne sɛ wɔne wɔn mmusua bɛbom ayɛ ade. Ebia nea wɔpɛ paa ne sɛ anka daa wobehu wɔn mma ne wɔn mmanana. Sɛ edu akwammabere, na sɛ wɔn mma ne wɔn mmusua antwa wɔn annya a, anka ebia wɔn ani bɛsɔ asen biribi foforo biara.

Sɛ wubetumi ahu nea obi pɛ a, ade a ebetumi aboa paa ne sɛ wobɛyɛ aso atie no. Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛnyɛ ntɛm ntie asɛm, na yɛnyɛ nyaa nkasa.’ (Yakobo 1:19) Sɛ wo ne wo nnamfo ne w’abusuafo rebɔ nkɔmmɔ a, ɛyɛ a tie wɔn yiye na wɔbɛka biribi ama woahu nea wɔpɛ ne nea wɔmpɛ. Woyɛ saa a, wubehu ade a wode kyɛ wɔn a wɔn ani begye paa.

Nea onii no hia. Sɛ obi nya akyɛde bi, na sɛ ɛnkyere so ahe biara mpo a, esiane sɛ ɛyɛɛ biribi a ohia paa maa no nti, ebia ɛbɛsom bo ama no kɛse. Nanso wobɛyɛ dɛn ahu ade a obi betumi ahia?

Ebia ɛbɛyɛ wo sɛ, nea ɛbɛma ayɛ mmerɛw paa ne sɛ wubebisa onii no ahu nea ohia anaa ɔpɛ. Nanso nnipa pii wɔ hɔ a, wɔpɛ sɛ wɔma obi akyɛde a ɛfata ma ɛyɛ no nwonwa. Enti ɛyɛ wɔn sɛ, sɛ onipa no hu akyi a, ɛrenyɛ dɛ. Afei nso, ebinom wɔ hɔ a ɛnhaw wɔn sɛ wɔbɛka nea wɔpɛ ne nea wɔmpɛ, nanso nea wohia no de, ebia wɔrenka nkyerɛ wo.

Enti, fa w’ani to fam na hwɛ onipa no tebea. Ɔyɛ aberante, ababaa, anaa wanyin? Ɔyɛ osigyani, waware, wagyae aware, anaa ɔyɛ okunafo? Ɔyɛ adwuma anaa ɔkɔ pɛnhyen? Afei hwɛ tebea a ɔwom no hwɛ sɛ akyɛde bɛn na obehia.

Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea ohia paa a, ɛnde bisabisa wɔn a wɔakɔ ne tebea no mu pɛn. Ebia na saa nkurɔfo no hia nneɛma titiriw bi a nnipa pii nnim, wobetumi aka akyerɛ wo. Sɛ woyɛ nhwehwɛmu saa a, ebia wubetumi ama onipa no biribi a ohia a afoforo nnwen ho.

Bere no. Bible ka sɛ: “Asɛm a wɔka wɔ bere a ɛsɛ mu de, O hwɛ sɛnea eye!” (Mmebusɛm 15:23) Bible asɛm yi ma yehu sɛ, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ bere a ɛfata a yebetumi aka asɛm bi. Saa ara na yɛn nneyɛe nso te. Sɛnea asɛm a yɛka wɔ bere pa mu tumi ma obi ani gye no, saa ara nso na yɛkyɛ obi ade bere pa mu anaa tebea a eye mu a, ebetumi ama onii no ani agye paa.

Ebia w’adamfo bi rebɛware. Ɔbabun bi rebewie sukuu. Ɔbea warefo bi nyem. Mpɛn pii no, nkurɔfo a wɔwɔ tebea a ɛte saa mu na yɛtaa kyɛ wɔn ade. Nea ebinom yɛ ne sɛ, wɔhwɛ afe a edi hɔ no hu nkurɔfo a wɔbɛkɔ tebea a ɛte saa mu, afei wɔkyerɛw to hɔ. Wɔyɛ saa a, wotumi dwen tebea no ho hu akyɛde a ɛbɛfata wɔn. *

Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛkyɛ ade wɔ mmere titiriw nko ara mu. Yebetumi akyɛ ade ama yɛn ani agye bere biara. Nanso biribi kakra wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ no yiye. Nhwɛso bi ni. Fa no sɛ ɔbarima bi akɔkyɛ ɔbea bi ade a onni nnyinaso biara. Ebia ɔbea no bedwen sɛ ɔbarima no ani gye ne ho na ɔpɛ sɛ ohu no yiye nti na ɔde saa akyɛde no maa no. Sɛ ɛyɛ ampa sɛ ɔbarima no ani gye ɔbea no ho, na ɛyɛ ne kwan so de a, ɛnde mfomso biara nni ho. Nanso sɛ ɛnte saa a, ebetumi akɔfa ɔhaw aba. Eyi ma yehu sɛ biribi foforo wɔ hɔ a ɛho hia sɛ nea ɔrekyɛ ade no dwen ho. Ɛno ne adwene a ɛwɔ akyi.

Adwene a ɛwɔ akyi. Nhwɛso a yɛayɛ yi ma yehu sɛ, sɛ yɛrekɔkyɛ obi ade a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ akyɛde no bɛma onii no anya adwene a ɛmfata wɔ akyi anaa. Afei wo a worekɔkyɛ ade no nso, ɛsɛ sɛ wohwɛ adwene a wowɔ wɔ akyi. Ɛwom, nnipa pii besusuw sɛ wɔde adwempa na ɛkyɛ ade. Nanso wɔn mu bebree wɔ hɔ a, wɔkyɛ ade bere titiriw bi wɔ afe no mu, efisɛ wɔte nka sɛ saa bere no de, ɛsɛ sɛ wɔkyɛ obi ade. Ebinom nso de, adwene a wɔde kyɛ ade ne sɛ, wɔpɛ nnipa anim anuonyam anaa wɔpɛ sɛ wɔn nso nya biribi.

Ɛdɛn na wobɛyɛ na ama woatumi de adwempa akyɛ ade? Bible ka sɛ: “Monyɛ biribiara ɔdɔ mu.” (1 Korintofo 16:14) Sɛ ɔdɔ kann a wowɔ ma nkurɔfo ne wɔn ho adwempa nti na wokyɛ wɔn ade a, ɛnde wubetumi akyɛ nkurɔfo ade ama wɔn ani agye, na anigye mapa a wɔn a wɔkyɛ ade nya no, wo nso wubenya bi. Sɛ wufi wo komam kyɛ ade a, woma yɛn soro Agya no nso ani gye. Bere a tete Kristofo a wɔwɔ Korinto no fii wɔn komam de anigye boaa wɔn mfɛfo Kristofo a na wɔwɔ Yudea no, ɔsomafo Paulo kamfoo wɔn. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Onyankopɔn dɔ nea ɔtew n’anim ma.”—2 Korintofo 9:7.

Nsɛm a yɛaka yi, wode w’adwene si so a, ebetumi aboa paa na sɛ wokyɛ nkurɔfo ade a wɔn ani agye. Onyankopɔn ayɛ nhyehyɛe ama nnipa nsa aka akyɛde a ne sɛso nni hɔ, na nea yɛaka yi ne nsɛm afoforo ka ho bi na ama yɛn nsa aka saa akyɛde no. Yɛsrɛ wo, toa so kenkan asɛm a edi hɔ no na hu saa akyɛde a ne sɛso nni hɔ no.

^ nky. 13 Nnipa pii nso, wɔtaa kyɛ ade bere a nkurɔfo redi wɔn awoda anaa nnapɔnna. Nanso edu saa mmere no a, mpɛn pii no wɔyɛ nneɛma a etia nea Bible kyerɛkyerɛ. Hwɛ asɛm a yɛato din, “Nsɛm a Akenkanfo Bisa—Ɛsɛ sɛ Kristofo Di Buronya Anaa?” a ɛwɔ saa Ɔwɛn-Aban yi mu no.