Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn na Bible Aka?

Dɛn na Bible Aka?

Dɛn ne Harmagedon?

Ebinom gye di sɛ . . .

nuklea topae anaa nneɛma a ɛresɛe wɔ asase so no bɛma wiase nyinaa asɛe. Wudwen ho sɛn?

Nea Bible aka

Harmagedon yɛ “ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn da kɛse no mu ko no;” ɔbɛko atia nsɛmmɔnedifo.​—Adiyisɛm 16:14, 16.

Dɛn bio na Bible aka?

  • Harmagedon ko no, ɛnyɛ asase na Onyankopɔn de bɛsɛe no, mmom ɔde bɛsɛe wɔn a wɔsɛe asase no.​—Adiyisɛm 11:18.

  • Harmagedon ko no bɛma akodi nyinaa aba awiei.​—Dwom 46:8, 9.

Enti yebetumi anya yɛn ti adidi mu wɔ Harmagedon ko no mu anaa?

Wubebua sɛn?

  • Aane

  • Dabi

  • Ebia

Nea Bible aka

Harmagedon ko no na ɛde “ahohiahia kɛse no” bɛba awiei, na “nnipakuw kɛse bi” a wofi amanaman nyinaa mu benya wɔn ti adidi mu.​—Adiyisɛm 7:9, 14.

Dɛn bio na Bible aka?

  • Onyankopɔn nyae a, anka obiara benya nkwa wɔ Harmagedon. Sɛ ɔyɛ nea obetumi biara na nnebɔneyɛfo ansakra a, ɛnna ɔbɛsɛe wɔn.​—Hesekiel 18:32.

  • Bible kyerɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya nkwa wɔ Harmagedon.​—Sefania 2:3.