Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Anidaso a Ɛwɔ hɔ ma Wɔn a Wɔanya Adwenemhaw

Anidaso a Ɛwɔ hɔ ma Wɔn a Wɔanya Adwenemhaw

Anidaso a Ɛwɔ hɔ ma Wɔn a Wɔanya Adwenemhaw

TETE no, na nkurɔfo ntaa ne wɔn a wɔanya nkate mu yare mmɔ. Ne saa nti, wɔn a wonyaa yare no bi no mu pii bɛyɛɛ akobɔfo. Woyii wɔn mu binom adi fii adwumam anaasɛ sɛ wɔrepɛ adwuma ayɛ a na wonnya bi. Afoforo nso abusuafo poo wɔn. Mpɛn pii no, na eyi ma yare no mu yɛ den na na ɛmma wɔn a wɔanya yare no nnya mmoa.

Nanso nnansa yi, nkɔso kɛse aba ma yɛahu sɛnea adwenemhaw a emu yɛ den ne adwenemyare a ɛma obi yɛ ade tra so no te. Afei de abɛyɛ yare a obiara nim sɛ wotumi sa ma ɛyɛ yiye. Nanso ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw sɛ wobenya mmoa. Dɛn ntia?

Ɛho Sɛnkyerɛnne a Wobehu

Ɛnyɛ mogya mu nhwehwɛmu a wɔbɛyɛ anaa X ray mfonini a wobetwa kɛkɛ na ɛbɛma wɔahu sɛ obi anya nkate mu yare. Mmom no, wɔde bere tenten bi yɛ obi suban, ne nsusuwii, ne sɛnea ɔde atɛmpa di dwuma no mu nhwehwɛmu. Ɛsɛ sɛ wohu sɛnkyerɛnne ahorow bi ansa na wɔahu yare pɔtẽẽ no. Nea ɛhaw adwene ne sɛ ɛtɔ bere bi a, abusuafo ne nnamfonom ntumi nhu sɛ ebia nea wohu no kyerɛ sɛ onii no anya nkate mu yare anaa. Ɔbenfo David J. Miklowitz kyerɛw sɛ: “Sɛ nkurɔfo adwene hyia wɔ sɛnea obi nneyɛe sakra ho mpo a, ebetumi asono adwene a obiara benya wɔ sɛnea onipa no yɛ n’ade no ho.”

Bio nso, sɛ abusuafo susuw sɛ tebea no yɛ aniberesɛm a, ebetumi ayɛ den sɛ wɔbɛma ɔyarefo no ate ne ho ase sɛ ɛsɛ sɛ wɔde no kɔ ayaresabea. Anaa sɛ wo na woyare a, ebia w’ani rennye ho sɛ wɔbɛboa wo. Oduruyɛfo Mark S. Gold kyerɛw sɛ: “Sɛ wunya adwenemhaw a, ebia wubegye nneɛma a ɛbɛba w’adwenem no atom—sɛ wonsɛ hwee, enti ɛho nhia sɛ wokɔ ayaresabea kɔhwehwɛ mmoa bere a w’anidaso nyinaa asa no. Ebia wobɛpɛ sɛ woka ho asɛm kyerɛ obi nanso wususuw sɛ ɛyɛ aniwu sɛ wubenya adwenemhaw, na w’ankasa na wama tebea no aba saa. . . . Ebia na wunnim sɛ ɛyɛ adwenemhaw na ama wote nka saa.” Nanso ehia sɛ wɔn a wɔwɔ adwenemhaw a emu yɛ den no hwehwɛ mmoa wɔ ayaresabea.

Nokwarem no, ɛtɔ da a obiara tumi haw, nanso eyi nkyerɛ sɛ wanya nkate mu yare. Sɛ ɛkɔba sɛ saa atenka yi mu yɛ den sen bere tiaa mu haw nso ɛ? Na sɛ ɛtra hɔ kyɛ—bɛyɛ adapɛn abien anaa nea ɛboro saa nso ɛ? Bio nso, fa no sɛ nkate mu haw ama wuntumi nyɛ nneɛma sɛnea woyɛ daa wɔ adwuma mu, anaa sukuu, anaa bere a wone afoforo ahyia no. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wobɛkɔ oduruyɛfo a ɔfata a obetumi ahu sɛnea adwenemhaw te na wasa wo yare no nkyɛn.

Sɛ nipaduam ahoɔdennuru bi na ɛnyɛ adwuma yiye a, ebia ɔbɛma wo aduru. Wɔ tebea foforo mu no, ebia wɔbɛkasa akyerɛ ɔyarefo no akyerɛ no sɛnea obegyina ne tebea no ano. Wɔ tebea horow bi mu no, wɔfa akwan abien no nyinaa so sa yare no. * Nea ehia ne sɛ wubedi kan ahwehwɛ mmoa. Lenore a ɔwɔ adwenemyare a ɛma ɔyɛ ade tra so a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ: “Mpɛn pii no, wɔn a wɔwɔ adwenemhaw no suro sɛ wɔbɛka ho asɛm, na ɛyɛ wɔn aniwu. Nanso nea ɛyɛ aniwu ankasa ne sɛ wubesusuw sɛ wowɔ ɔhaw bi na wonhwehwɛ ɛho mmoa a wuhia paa no.”

Lenore reka n’ankasa suahu no, ɔka sɛ: “Na mada mpa mu bɛyɛ afe. Da bi a metee nka sɛ me ho ye kakra no, mefrɛɛ oduruyɛfo bi ne no yɛɛ nhyehyɛe a mede bɛkɔ ne nkyɛn.” Wohui sɛ Lenore anya adwenemyare a ɛma ɔyɛ ade tra so, enti wɔmaa no aduru. Eyi de nsakrae titiriw baa n’asetra mu. Lenore ka sɛ: “Sɛ mefa m’aduru no a, m’ani so da hɔ, nanso bere nyinaa memma me werɛ mmfi sɛ, sɛ migyae aduru no fa a, mɛsan akɔ me tebea dedaw no mu.”

Saa ara na ɛte wɔ Brandon a ɔwɔ adwenemhaw no fam. Ɔka sɛ: “Sɛ́ ɔbabun no, metaa dwennwen ahodɔmdi ho esiane sɛ mete nka bere nyinaa sɛ mensɛ hwee nti. Mikuraa saa adwene yi mu ara kosii sɛ midii mfirihyia 30 ansa na merekohu oduruyɛfo.” Te sɛ Lenore no, Brandon fa aduru na ama watumi ako ne yare no, nanso ɔmma ɛnso hɔ ara. Ɔka sɛ: “Nea ɛbɛyɛ na manya akwahosan pa no, mehwɛ m’adwene ne me nipadua so yiye. Migye m’ahome sɛnea ɛsɛ, na minnidi basabasa. Afei mede Bible mu nsusuwii a eye hyɛ m’adwenem.”

Brandon ka sɛ, adwenemhaw a ano yɛ den nyɛ honhom mu yare na mmom ɛyɛ yare a wɔde aduru na ɛko. Eyi a obi behu no ho hia na ama ne ho atɔ no. Brandon ka n’asɛm sɛ: “Bere bi, me yɔnko Kristoni bi a ɔwɔ adwempa ka kyerɛɛ me sɛ esiane sɛ Galatifo 5:22, 23 ka sɛ anigye yɛ Onyankopɔn honhom kronkron no aba nti, adwenemhaw a manya no befi biribi a mereyɛ de asiw saa honhom no kwan. Ɛmaa m’ani wui, na ɛhaw me kɛse. Nanso bere a minyaa mmoa akyi no, m’ani so daa hɔ maa m’ani gyei. Metee nka sɛ me ho ye paa! Minyae a anka mehwehwɛɛ mmoa ntɛm.”

Sɛnea Wodi Yare No So

Sɛ wohu yare no na sɛ wofi ase sa mpo a, ɛda adi sɛ ɔyarefo no bɛkɔ so ara ahyia nsɛnnennen. Kelly a ɔwɔ adwenemhaw no ani sɔ ayaresafo mmoa a ama wanya nnuru a ɛfata no. Nea ɛka ho nso ne sɛ wahu sɛ afoforo nkuranhyɛ ho hia paa. Mfitiase no, na Kelly mpɛ sɛ ɔhwehwɛ afoforo mmoa efisɛ na ɔmpɛ sɛ ɔyɛ adesoa ma obiara. Ɔka sɛ: “Na ɛsɛ sɛ misua sɛ mɛhwehwɛ mmoa na magye atom nso. Sɛ mammɛn afoforo a, anka me tebea no remmrɛ ase.”

Sɛ́ Yehowa Dansefo no, Kelly ne ne mfɛfo gyidifo kɔ nhyiam ahorow wɔ Ahenni Asa so. Nanso ɛtɔ da a, ohyia nsɛnnennen wɔ baabi a anigye wɔ yi. “Ɛtaa ba sɛ anyinam nkanea no ne nnipa pii a ahyia no, ne nhyiam no akyi dede no ma meyɛ basaa. Afei m’ani fi ase wu me tirim na adwenemhaw no mu yɛ den, efisɛ ɛyɛ a mete nka sɛ me yare no fi mmerɛw a mayɛ wɔ honhom fam no nti.” Ɔkwan bɛn so na Kelly di saa tebea yi ho dwuma? Ɔka sɛ: “Mahu sɛ adwenemhaw yɛ yare bi a ɛsɛ sɛ minya ho abotare. Ɛne ɔdɔ a mewɔ ma Onyankopɔn ne mfɛfo Kristofo no nni abusuabɔ biara. Ɛnyɛ ɛno na ɛkyerɛ sɛnea me honhom fam yiyedi te ankasa.”

Lucia a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ani sɔ aduyɛ a edi mũ a wanya no. Ɔka sɛ: “Adwenemyare ho duruyɛfo nkyɛn a mekɔe no aboa me paa ma matumi adi me nkate mu nsakrae a yare yi ama manya no so.” Afei Lucia si mfaso a ɛwɔ ahomegye so no so dua. Ɔka sɛ: “Nna ho hia paa na obi atumi adi anigye mmoroso a adwenemhaw de ba no so. Sɛ mantumi anna a, na yare no mu ayɛ den. Sɛ mekɔda hɔ na sɛ mintumi nna mpo a, sɛ anka mɛsɔre afi kɛtɛ so no, masua sɛ mɛkɔ so ada hɔ agye m’ahome.”

Sheila nso a yɛkaa ne ho asɛm no anya nhoma bi a otumi kyerɛw sɛnea ɔte nka da biara da no gu mu no so mfaso. Ohu sɛ ne tebea no atu mpɔn paa. Nanso, ɔda so ara hyia nsɛnnennen. Sheila ka sɛ: “Ɔkwan bi so no, sɛ mete nka sɛ mabrɛ a, ɛma m’adwenem yɛ me basaa. Nanso masua sɛ mɛbrɛ saa nkate no ase kakra.”

Awerɛkyekye a Efi Onyankopɔn Asɛm Mu

Bible no kyekye nnipa pii a “dadwen” hyɛ wɔn so no werɛ. (Dwom 94:17-19, 22) Sɛ nhwɛso no, Cherie nyaa nkuranhyɛ pii fii Dwom 72:12, 13 mu. Odwontofo no ka Onyankopɔn Hene a wapaw no, Yesu Kristo ho asɛm wɔ hɔ sɛ: “Obegye ohiani a osu frɛ no, ne ɔmanehunufo a onni boafo. Ɔbɛkora ɔbrɛfo ne ohiani so, na wagye ahiafo kra nkwa.” Afei ɔsomafo Paulo nsɛm a ɛwɔ Romafo 8:38, 39 no hyɛ Cherie nkuran: “Migye midi ampa sɛ owu anaa nkwa anaa abɔfo anaa atumfo anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa ahoɔden anaa ɔsoro anaa ebun anaa abɔde foforo biara rentumi ntetew yɛne Nyankopɔn dɔ . . . mu.”

Elaine a wanya adwenemyare a ɛma ɔyɛ ade tra so no hu sɛ ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ no aboa no paa. Odwontofo no nsɛm yi ma onya awerɛkyekye pii: “Onyankopɔn afɔre ne honhom a abubu; Onyankopɔn, koma a abubu na apɛtɛw na worempo.” (Dwom 51:17) Ɔkyerɛ sɛ: “Hu a mahu sɛ yɛn soro Agya Yehowa, a ɔwɔ dɔ no te yɛn ase no ma minya awerɛkyekye. Mpaebɔ mu a mifi bɛn no no ahyɛ me den yiye, titiriw bere a dadwen ne awerɛhow hyɛ me so kɛse no.”

Sɛnea yebetumi ahu no, ɛnna fam koraa sɛ obi begyina nkate mu yare ano. Nanso, Cherie ne Elaine hui sɛ mpaebɔ mu a wofi de wɔn ho ato Onyankopɔn so ne aduyɛ a ɛfata a wɔanya no aboa wɔn paa wɔ wɔn asetram. Nanso ɔkwan bɛn so na abusuafo ne nnamfonom betumi aboa wɔn a wɔanya adwenemyare a ɛma wɔyɛ ade tra so ne adwenemhaw no?

[Ase hɔ asɛm]

^ Nyan! nhyɛ akwan pɔtẽẽ biara a wɔfa so ho nkuran. Ɛsɛ sɛ Kristofo hwɛ hu sɛ ayaresa biara a wɔbɛhwehwɛ no ne Bible nnyinasosɛm ahorow hyia.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 10]

“Bere a minyaa mmoa akyi no, m’ani so daa hɔ maa m’ani gyei. Metee nka sɛ me ho ye paa!”—BRANDON

[Adaka wɔ kratafa 9]

Nea Okunu Bi Kae

“Ansa na Lucia reyare no, ɔde ne nimdeɛ boaa nnipa pii. Seesei mpo, sɛ me yere ani so da hɔ na sɛ nkurɔfo kɔsra no a, ɛte sɛ nea anigye a ɔwɔ no nya wɔn so nkɛntɛnso no. Nea nnipa pii nnim ne sɛ, ɛtɔ da a, Lucia tumi nya adwenemhaw a ano yɛ den, na bere foforo nso, na wanya anigye mmoroso. Eyi fi adwenemyare a ɛma obi yɛ ade tra so a onyae bɛyɛ mfe anan a atwam ni no.

“Sɛ tebea no ma Lucia ani gye mmoroso a, otumi tra ase ara kosi ɔdasum, na ɛma osusuw nneɛma pii ho. Ɛba saa a, ɔyɛ ade ahoɔden so. Asɛm a ɛnyɛ asɛm biara si a, na ne bo afuw denneennen, na ɛma ɔsɛe sika pii nso. Ɔyɛ nneɛma a ebetumi ama watɔ asiane mu, na osusuw sɛ biribiara—abrabɔ fam, honam fam, anaa ade foforo biara—ntumi no. Nea ɛbata saa suban a ɛyɛ hu yi ho ne di a obetumi adi ne ho dɔm no. Mpɛn pii no, sɛ yare no ma obi ani gye mmoroso a, na ɔrebenya adwenemhaw, na ɛno nso mu taa yɛ den saa ara.

“M’asetra asesa koraa. Aduru a Lucia fa nyinaa akyi no, tebea no tumi sakra bere biara. Nsakrae a ɛbɛba no na ɛbɛkyerɛ yɛn nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Mihu sɛ ɛsɛ sɛ meyɛ fakaa sen sɛnea misusuwii no koraa.”—Mario.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 11]

Bere a Wɔma Aduru

Ebinom te nka sɛ aduru a wɔbɛfa no kyerɛ mmerɛwyɛ. Nanso susuw ho saa kwan yi so hwɛ: Ɛsɛ sɛ obi a wanya asikreyare di aduyɛ ho akwankyerɛ a ebia ebehia sɛ ɔwɔ paane daa akyi. So eyi kyerɛ mmerɛwyɛ? Dabi da! Ɛyɛ ɔkwan a nipadua no nam so de aduannuru di dwuma yiye na ama ɔyarefo no atumi ate apɔw.

Saa ara na ɛte bere a obi anya adwenemhaw anaa adwenemyare a ɛma ɔyɛ ade tra so na ɔfa aduru no. Ɛwom sɛ nnipa pii atumi anya ayaresa denam afotu a wɔde ma wɔn ma wohu sɛnea yare no te so de, nanso ahwɛyiye ho hia. Sɛ nipadua no mu ahoɔdennuru bi ho aba asɛm a, afotu kɛkɛ ntumi nsa yare no. Steven a wanya adwenemyare a ɛma ɔyɛ ade tra so no ka sɛ: “Oduruyɛfo a ɔhwɛɛ me no kyerɛkyerɛɛ mu saa kwan yi so sɛ: Wubetumi akyerɛ obi sɛnea wɔka kar nyinaa, nanso sɛ woma saa nipa no kar a enni stia anaa breki a, mfaso biara remma nea wokyerɛɛ no no so. Ɔkwan a ɛte saa ara so no, afotu nkutoo a wode bɛma obi a wanya adwenemhaw no rentumi mmoa no. Nea edi kan a ɛho hia sɛ woyɛ ne sɛ wobɛma adwene no mu ahoɔdennuru atumi ayɛ adwuma yiye.”

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Bible no kyekye nnipa pii a adwemmɔne hyɛ wɔn so no werɛ