Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dua Ma Aduru

Dua Ma Aduru

Dua Ma Aduru

Animdefo bu akonta sɛ aborɔfoduru a nnipa nom nnɛ no mu anan biara mu biako fi nnua mu. Wɔn a wogye nhabannuru tom no taa twe adwene si saa nokwasɛm yi so.

Nnua a wɔde sa yare mu nhwehwɛmu pii a nnipa reyɛ no boa ma woyiyi nneɛma pɔtee bi fi mu. Nhwɛso titiriw biako ne aspirin a wonya fi salicin a ɛwɔ dua fitaa bi a wɔfrɛ no white willow abona mu no.

Sɛ wonya yi aduru pɔtee bi fi dua mu a, wotumi de dodow a ɛsɛ ma nkurɔfo de sa wɔn yare. Nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ: “Ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔde dua fitaa no anaasɛ foxglove dua mu nneɛma bɛyɛ nnuru a wɔmemene de sa yare pɔtee bi sen sɛ wɔde ne nhaban ne ne nnubona bɛyɛ aduru anom.”

Nanso, aduru a woyi fi dua mu de sa yare pɔtee bi no nso wɔ ne haw. Saa kwan no ma wotumi hwere aduannuru anaa nnuru foforo a eye a ɛwɔ dua no mu no. Afei nso saa nnuru yi sensen yare mmoawa bi ma nnuru no ntumi wɔn bio.

Ɔhaw wɔ aduru a etumi sa yare pɔtee bi a woyi fi dua mu no mu. Ɛho nhwɛso bi ne kunii aduru a wonya fi cinchona dua mu no. Kunii aduru kum hurae mmoawa mu dodow no ara nanso kakra a entumi nkum wɔn no ase trɛw ntɛmntɛm. Nhwehwɛmu nhoma bi kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Yare mmoawa a nnuru yi sensen wɔn no abɛyɛ aduyɛ mu asɛnnennen.”

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 31]

Wonya aspirin fi saa dua fitaa yi mu

[Asɛm Fibea]

USDA-NRCS PLANTS Database/Herman, D.E. et al. 1996. North Dakota tree handbook

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 31]

“Cinchona” dua a emu na wonya kunii aduru

[Asɛm Fibea]

Courtesy of Satoru Yoshimoto