Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mɛyɛ Dɛn Atumi Ayɛ Baguam Ɔkasafo Pa?

Mɛyɛ Dɛn Atumi Ayɛ Baguam Ɔkasafo Pa?

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Mɛyɛ Dɛn Atumi Ayɛ Baguam Ɔkasafo Pa?

“Ná misusuw sɛ atiefo no hu me mfomso nyinaa ne ahotoso a minni no. Na mintumi mfa m’adwene nsi nsɛm a mereka no so. Na mete nka sɛ atiefo no reserew me wɔ wɔn tirim.”—Sandy. *

ASA kɛse a sukuufo hyia so no ayɛ ma tɔ. Wote sɛ wɔabɔ wo din, na prɛko pɛ obiara hwɛ wo. Anammɔn kakraa a wubetu adu ɔkasafo pon ho no yɛ wo sɛ kwan tenten bi. Wo nsam fi ase te fifiri, wo nan mu yɛ hodwoo, na biribi nti, ɛte sɛ nea w’anom ntasu awe no. Wunhu nea ɛbɛyɛ na fifiri retene fa w’afono ho yɔɔ. Aniwusɛm bɛn ni! Wunim sɛ wommuaa wo kumfɔ, nanso wote nka saa.

Momma yɛnka nokware: Yɛn mu pii suro nnipa anim kasa. (Yeremia 1:5, 6) Nnipa binom mpo ka sɛ wosuro baguam kasa sen owu! Nanso sɛnea wote nka wɔ ho biara no, ɛwɔ nea enti a ɛsɛ sɛ woma baguam ɔkasa ho hia wo. Ma yensusuw emu bi ho na hwɛ sɛnea wubetumi abɛyɛ baguam ɔkasafo pa.

Bere a Wɔato Nsa Afrɛ Wo sɛ Bɛkasa

Baguam ɔkasa ntetee ho dawurubɔ bi ka sɛ: “Baguam ɔkasa yɛ adeyɛ a ehia obiara.” Yiw, etwa sɛ wokasa kyerɛ atiefo. Ade biako ne sɛ wɔhyɛ baguam ɔkasa ho nkuran wɔ sukuu pii mu. Ababaa bi a ne din de Tatiana ka sɛ: “Ná metaa gyina me mfɛfo sukuufo anim kasa kyerɛ wɔn.” Mpɛn pii no, ɛsɛ sɛ adesuafo no siesie wɔn ho sɛ wɔbɛka nhoma a wɔkenkan, mfonini ne ɔkasa a wɔde bom kyerɛ nnipakuw bi ade, ne nsɛm a afanu tumi kyerɛ ho adwene ho asɛm akyerɛ adesuafo no.

Sɛ wufi ase yɛ adwuma a, ebia wɔbɛto nsa afrɛ wo sɛ bɛkyerɛkyerɛ biribi mu kyerɛ wo mfɛfo adwumayɛfo kuw, anaa wɔbɛma wode adwumam nhyehyɛe bi ato ɔdetɔfo bi anim, anaasɛ wɔbɛma woakyerɛkyerɛ mo sikasɛm mu akyerɛ adwumam mpanyimfo. Nokwasɛm ne sɛ ahokokwaw a obi de kasa no so wɔ mfaso wɔ nnwuma pii te sɛ nsɛnkyerɛw, adwuma sohwɛ, nnipa ntam nkitahodi ne adetɔn mu.

Na sɛ wopaw sɛ wubedi paa anaa wobɛyɛ krakyedwuma nso ɛ? Wiɛ, nsɛm a ɛtɔ asom a wode bebua adwuma ho nsɛmmisa no na ɛbɛkyerɛ sɛ wɔbɛfa wo adwuma no mu anaa wɔremfa wo. Wɔ adwuma mu no, sɛ wutumi kasa yiye a, ebedi aboa wo. Bere a Corrine wiee sukuu no, ɔyɛɛ adwuma sɛ adidibea hwɛfo mfe abiɛsa. Ɔka sɛ: “Sɛ wo kasa mu da hɔ a, wobu wo sɛ obi a wo ho akokwaw a wubetumi adi asɛyɛde pii ho dwuma. Ebetumi mpo ama wanya adwuma pa ayɛ, agye akatua kɛse anaa anyɛ yiye koraa no wɔabu wo yiye.”

Nea etwa to no, Kristofo mmofra som no hwehwɛ sɛ wɔtaa gyina afoforo anim kasa. (Hebrifo 10:23) Taneisha ka sɛ: “Ɛho hia sɛ wokasa ma emu da hɔ yiye. Yɛanya hokwan a yɛde ka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa.” (Mateo 24:14; 28:19, 20) Kristofo mmofra ntumi ‘nnyae nea wɔahu na wɔate ho asɛm ka’ wɔ asafo no mu ne asɛnka adwuma no mu no.—Asomafo no Nnwuma 4:20; Hebrifo 13:15.

Wusua sɛnea wɔkasa yiye a, ɛso betumi aba wo mfaso wɔ akwan pii so. Ne nyinaa mu no, sɛ wususuw atiefo anim a wubegyina no ho a, ebia ebegyaw wo adwennwen. So biribi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ de adi ehu a ɛhyɛ wo so no so? Yiw ɛte saa.

Di Ehu a Ɛhyɛ Wo So no So

Oduruyɛfo Morton C. Orman a ɔyɛ adwennwen ne baguam ɔkasa ho nimdefo no ka sɛ: “Ɛnyɛ nhomanim na ɛbɛma woayɛ ɔkasafo pa. Nea enti a wɔma baguam ɔkasa ni: Sɛ́ wode biribi a ɛho hia bɛma w’atiefo.” Wɔ ɔkwan foforo so no, fa w’adwene si asɛm no so, na ɛnyɛ w’ankasa anaa wo ho a ɛyera wo no so. Ná afeha a edi kan no mufo bi susuw sɛ ɔsomafo Paulo nyɛ ɔkasafo a n’ano atew, nanso esiane sɛ bere nyinaa na ɔka nsɛm a ɛho hia nti, na ne kasa tu mpɔn. (2 Korintofo 11:6) Saa ara na sɛ wo nso woka biribi a aba wom a w’ankasa wugye di a, ehu a ɛhyɛ wo so no bɛbrɛ ase kɛse.

Ron Sathoff, ɔkasafo foforo a wagye din na ɔtete akasafo no de nyansahyɛ yi ma sɛ: Nsusuw wo kasa no ho sɛ ade a worekɔyɛ ama afoforo ahwɛ. Fa no sɛ nkɔmmɔbɔ. Yiw, bɔ mmɔden ne w’atiefo nni nkitaho, ɛnyɛ sɛ nnipakuw na mmom sɛ ankorankoro, sɛnea wo ne wɔn redi nkɔmmɔ no. Kyerɛ w’atiefo no ho anigye na kasa kyerɛ wɔn sɛnea wokasa daa no. (Filipifo 2:3, 4) Dodow a woma wo kasa no yɛ sɛ nkɔmmɔbɔ no, dodow no ara na wunya abotɔyam.

Ade foforo a ɛde ahoyeraw ba ne fɛre anaa suro a wusuro sɛ w’atiefo bɛka wo ho asɛmmɔne no. Lenny Laskowski a ɔyɛ ɔkasafo a wonim no yiye na ɔtete akasafo no kae yɛn sɛ, atiefo de adwempa na etie ɔkasa biara. “Wɔpɛ wo yiyedi—na ɛnyɛ w’asehwe.” Enti nya adwempa. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, di kan kyia w’atiefo no binom a wɔaba no. Bu wɔn sɛ nnamfo, na ɛnyɛ atamfo.

Kae nso sɛ ehu nyɛ adebɔne ankasa. Nea ɛne nnipa pii adwene bɔ abira no, onimdefo bi ka sɛ: “Ehu a ɛhyɛ wo so no betumi aboa wo wɔ wo kasa no mu.” Dɛn ntia? Efisɛ ehu kakra a ɛhyɛ wo so no kyerɛ sɛ wowɔ ahobrɛase, na ɛmma wunnye wo ho nni dodo. (Mmebusɛm 11:2) Agumadifo, nnwontofo ne wɔn a wɔyɛ ayɛsɛm ho ɔyɛkyerɛ pii te nka sɛ ehu kakra a ɛhyɛ wɔn so no ma wotumi bɔ wɔn ho mmɔden, na ebetumi aba saa wɔ baguam ɔkasafo nso fam.

Nyansahyɛ a Ɛbɛma Woayɛ Ɔkasafo Pa

Kristofo mmofra binom a wɔde nyansahyɛ ahorow yi ne afoforo redi dwuma no anya ɔkasa mu osuahu na wɔnam so abɛyɛ akasafo pa wɔ sukuu, adwumam ne wɔn asafo ahorow mu. Hwɛ sɛ ebia wɔn nyansahyɛ no bi betumi aboa wo anaa.

Jade: “Fa w’ankasa nsɛm kasa. Ɛsɛ sɛ wugye di sɛ mfaso wɔ nea worebɛka no so. Sɛ wote nka sɛ mfaso wɔ wo kasa no so a, saa ara na w’atiefo no nso bɛte nka.”

Rochelle: “Sɛ mitwa me ho mfonini gu video kasɛt so hwɛ bere a meresiesie ɔkasa no a, ɛboa me. Ɛma wuhu wo sintɔ ahorow, nanso mfaso wɔ so. Afei nso, paw asɛmti a w’ani gye ho. W’anigye no bɛda adi wɔ wo kasa mu.”

Margrett: “Mihu sɛ, sɛ mede nsɛntiaa a wɔhwɛ so ma ɔkasa di dwuma a, ɛma mitumi de me ara me nne kasa, na meda nkɔmmɔbɔ su adi mmom sen sɛ mɛkyerɛw nsɛm no nyinaa na makenkan. Afei nso, sɛ migu ahome ansa na mafi ɔkasa no ase a, ɛma me abotɔyam.”

Corrine: “Mma ɛnhaw wo sɛ wobɛserew bere a wadi mfomso no. Obiara di mfomso. Bɔ mmɔden yɛ nea wubetumi.”

Nokwarem no, wuntumi mfa biribiara nsi osuahu ne ade a wubesua no yiye no ananmu, sɛnea ɛte wɔ agodi, adwinnidi anaa nnwonto mu no ara pɛ. Tatiana de nyansahyɛ ma sɛ, siesie ɔkasa no to hɔ bere tenten na ama woanya bere a ɛfata de asua. Mma w’abam mmmu. Ɔka sɛ: “Mpɛn dodow a migyina afoforo anim kasa no, dodow no ara na minya akomatɔyam.” Nanso mmoa foforo wɔ hɔ a ɛnsɛ sɛ wo werɛ fi, titiriw bere a wɔato nsa afrɛ wo sɛ bɛka nokware som ho asɛm no.

Mmoa a Efi Nkitahodifo Kɛse no Hɔ

Ná Dawid a ɔbɛyɛ Israelfo hene daakye no agye din sɛ aberante a “onim nsɛm mu anaa ɔkasa nyansam.” (1 Samuel 16:18) Dɛn na ɛma ɛbaa saa? Ɛda adi sɛ aberante Dawid nam mpaebɔ so ne Nkitahodifo Kɛse, Yehowa Nyankopɔn, nyaa abusuabɔ a emu yɛ den wɔ bere tenten a ɔde hwɛɛ nguan wɔ sare so no mu. (Dwom 65:2) Eyi siesiee no ma ɔde nnam kasae maa emu daa hɔ wɔ bere a emu yɛ den mpo mu.—1 Samuel 17:34-37, 45-47.

Wubetumi anya Onyankopɔn mu ahotoso sɛ bere a woresom no no, ɔbɛboa wo nso ma wode nnam akasa sɛnea ɔboaa Dawid no, na wama wo “asuafo tɛkrɛma.” (Yesaia 50:4; Mateo 10:18-20) Yiw, denam hokwan ahorow a wode bedi dwuma seesei ama wo kasa atu mpɔn so no, wubetumi abɛyɛ baguam ɔkasafo pa!

[Ase hɔ asɛm]

^ Wɔasesa edin no bi.

[Adaka wɔ kratafa 18]

Wɔatete Wɔn sɛ Akasafo

Wɔayɛ dapɛn biara Bible nkyerɛkyerɛ ho nhyehyɛe a wɔfrɛ no Teokrase Ɔsom Sukuu wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow mu wɔ wiase nyinaa. Adesuafo no de wɔn ho hyɛ dwumadi a adesuakuw no yɛ no mu, ma ɔkasa kyerɛ asafo no, na wɔboa wɔn ma wonya nkɔso. So mfaso wɔ dwumadi no so? Ma Chris a wadi mfe 19 no nka ne suahu nkyerɛ wo.

Ɔka sɛ: “Ansa na mede me ho rehyɛ sukuu no mu no, na nnipa mu kɔ yɛ me den. Mansusuw da sɛ metumi agyina nnipadɔm anim akasa. Nanso asafo no mufo bi hyɛɛ me den kae sɛ, sɛ mede bere no nyinaa po dodo mpo a, wɔn ani begye ho, esiane sɛ wonim sɛ egyee mmɔdemmɔ ansa na meretumi akogyina hɔ nti. Afei sɛ mema ɔkasa biara wie a, na wɔkamfo me. Ɛno boaa me kɛse.”

Mfe anum ni a Chris de ne ho hyɛɛ sukuu no mu, na ɔresiesie ne ho akɔma ne simma 45 ɔkasa a edi kan. So wurenya saa nhyehyɛe yi so mfaso?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16, 17]

Ɔkasafo pa a wobɛyɛ no betumi aboa wo wɔ asetram biribiara a wobɛyɛ mu