Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nhabannuru—Ebetumi Aboa Wo?

Nhabannuru—Ebetumi Aboa Wo?

Nhabannuru—Ebetumi Aboa Wo?

NNIPA fi tete de nhabannuru asa yare. Ebers Nhoma a wɔkyerɛw no wɔ Egypt bɛyɛ mfe 3,500 ni no kyerɛkyerɛ nhabannuru pii a na wɔde sa nyarewa ahorow mu. Nanso awofo na na wɔtaa kyerɛ wɔn mma nhabannuru a wɔn nso sua fii wɔn awofo hɔ.

Ɛbɛyɛ sɛ Helani oduruyɛfo Dioscorides a ɔtraa ase bɛyɛ mfe 2,000 ni no na ofii ɛnnɛyi nhabannuru ase. Ɔno na ɔkyerɛw De Materia Medica (Ayaresa Ho Nsɛm) a ɛbɛyɛɛ nhoma titiriw a wɔde dii dwuma mfe 1,600 a edi hɔ no mu. Ɛnnɛ, nnipa da so ara gye tete nhabannuru tom wɔ wiase fã horow pii. Wɔ Germany no, aban no mpo tumi tua nhabannuru a aduruyɛfo de ma ayarefo no ho ka.

Ɛwom sɛ ɛtɔ da a nnipa bi ka sɛ nhabannuru ye sen aborɔfoduru de, nanso asiane wɔ nhabannuru nso mu. Enti nsɛm a wobisa ne sɛ: Bere a obi pɛ sɛ ɔyɛ nhabannuru no, ahwɛyiye bɛn na ehia? Afei nso, tebea ahorow bi wɔ hɔ a ɛbɛma aduyɛ no bi ayɛ papa asen afoforo anaa? *

Sɛnea Nhabannuru Betumi Aboa

Wɔkyerɛ sɛ nhabannuru tumi sa nyarewa pii. Ebi ne sɛ etumi boa nipadua ma ɛko tia yare mmoawa. Wose ebi nso boa ma wotumi didi, siesie nipadua, anaa ɛma yafunu mu gow.

Wotumi de nhabannuru yɛ aduan san de sa yare. Sɛ nhwɛso no, nipadua no nya potassium (nkyene) fi nnua bi te sɛ parsley a ɛma obi dwensɔ pii no mu. Nkyene a ɛwɔ saa nnua yi mu no tumi si nea dwensɔ dodow ma efi nipadua no mu no ananmu. Saa ara nso na calcium (aduannuru a ɛma nnompe mu yɛ den) wɔ valerian dua a wɔtaa de yɛ habannuru no mu. Esiane aduannuru calcium pii a ɛwɔ mu nti, wɔtaa de ma ayarefo ma wotumi da.

Sɛnea Wɔfa Nhabannuru

Wotumi de nhaban yɛ tii anaa wɔde hyɛ dudo nom. Wotumi de nsa hyɛ, na saa ara nso na wotumi yam de to honam so. Wɔnoa nsu ma no huru na woahwie agu nhaban so de ayɛ tii. Mmom nnuruyɛfo bɔ kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde nhaban a wɔde yɛ tii no si gya so noa. Nanso sɛ wɔrehyɛ dudo a, wɔde nsu noa nnubona ne nnua nhini de twe emu nnuru no.

Nea wɔde nsa hyɛ no nso ɛ? Nhoma bi ka sɛ ‘wɔde nsãden ahorow te sɛ brandy ne vodka hyɛ nhaban twe emu nnuru.’ Wɔnam akwan foforo so yam nhaban de kyere nipadua no fã a ɛho akã no, anaa wɔde to so.

Nnipa bu nhabannuru dodow no ara sɛ aduan, enti wɔtaa nom bere a wonnidii. Nnuannuru ne aborɔfoduru nte saa. Wotumi nso de nhaban yɛ topae a wɔnom ma ne fa yɛ mmerɛw. Sɛ wopɛ sɛ wofa nhabannuru a, eye sɛ wugye ho akwankyerɛ fi oduruyɛfo hɔ.

Wɔde nhabannuru sa yare te sɛ ɔpapu, adidi akyi ayamkeka, ayamtim, nnakorokoro ne abofono. Nanso ɛtɔ da bi a wɔde nhaban sa yare a ano yɛ den, anaa wɔde siw ano. Sɛ nhwɛso no, mmarima a wɔanyinyin tumi nya dwensɔyaw a ɛnyɛ kokoram. Wɔ Germany ne Austria no, ahabannuru a wɔfrɛ no saw palmetto na wodi kan de sa saa yare yi. Wɔ aman bi mu no, saa yare yi ka mmarima mu ɔfa kɛse no ara. Mmom ehia sɛ oduruyɛfo di kan hwehwɛ mu hu yare ko no efisɛ sɛ ɛyɛ yare bi te sɛ kokoram a, ɛnde ebegye aduyɛ a ano yɛ den sen saa na wɔde asa.

Ahwɛyiye Ho Hia

Ɛmfa ho sɛ nnipa pii ka sɛ asiane biara nni nhabannuru mu no, ehia sɛ wohwɛ yiye. Ɛnsɛ sɛ wofa no kɛkɛ sɛ aduru bi fi nhabamma mu ara nti, na eye. Nhabannuru ho nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ: “Awerɛhosɛm ne sɛ asiane wɔ nhabannuru ahorow bi mu paa. Nanso nnipa binom nsuro sɛ wɔbɛfa nhabannuru biara.” Nneɛma a ɛwɔ nhabannuru mu no betumi asakra sɛnea akoma no bɔ fa, ahoɔden a mogya de bɔ, anaasɛ asikre dodow a ɛwɔ mogya mu no. Ne titiriw no, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ komayare, mogya mmoroso ne asikreyare yɛ ahwɛyiye kɛse.

Ɔhaw a ebetumi aba bere a obi anom nhabannuru no bi ne tipae, anisobiri, abofono, anaa ahokeka. Wɔkyerɛ nso sɛ nhabannuru tumi konyan obi ho yare ma emu yɛ den ansa na abrɛ ase. Wɔtaa kyerɛ sɛ nea ɛde eyi ba ne sɛ saa bere no na na aduru no afi ase retu nipadua no mu bɔre.

Owu a ɛtɔ da a nhabannuru ma nnipa bi wu no si so dua sɛ ahwɛyiye ne akwankyerɛ pa ho hia. Sɛ nhwɛso no, aduru a wɔfrɛ no ephedra a akɛsefo bi nom de twe no tumi ma mogya mmoroso. Nnipa bɛboro 100 na wɔkyerɛ sɛ ephedra nnuru ama wɔawuwu wɔ United States, nanso oduruyɛfo Steven Karch a ɔwɔ San Francisco ka sɛ: “Nnipa a minim sɛ wɔanom ephedra awuwu no yɛ wɔn a na wɔwɔ akomayare a emu yɛ den anaa wɔn a wɔfaa aduru no ma ɛboroo so no nko ara.”

Ɔbenfo Logan Chamberlain a wakyerɛw nhabannuru ho nhoma no ka sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ nnansa yi nhabannuru mu haw ho nsɛm a wɔaka no nyinaa fi nnipa a wɔanni akwankyerɛ so. . . . Akwankyerɛ ahorow a wɔde ma wɔ nhabannuru dodow a ɛsɛ sɛ wɔnom ho no fata. Mmu w’ani ngu akwanyerɛ a oduruyɛfo de ma no so mfa no sɛnea wopɛ biara.”

Linda Page a onim nhabannuru no de kɔkɔbɔ yi ma: “Sɛ yare no mu yɛ den koraa mpo a, ɛnyɛ papa sɛ wonom aduru ma ɛboro so. Sɛ woto wo bo ase yɛ no nkakrankakra a, wo ho betumi atɔ wo ntɛm, efisɛ ayaresa gye bere.”

Nhabannuru ho adesua nhoma bi kyerɛkyerɛ mu sɛ, nnuru no bi wɔ hɔ a wotumi fa ma ɛboro so nanso ɛmpira. Sɛ nhwɛso no, sɛ wofa aduru bi a wɔde dwudwo nipadua mu yaw ano ma ɛboro so a, ɛma wofe. Nanso, esiane sɛ nhabannuru nyinaa nte saa nti, ɛsɛ sɛ yɛfa aduru biara sɛnea ɛho akwankyerɛ te pɛpɛɛpɛ.

Nanso nnipa pii gye di sɛ sɛ ahabannuru begye wo a, gye sɛ wofa nea ɛdɔɔso wɔ ɔkwan pa so. Ɛtɔ da bi a ɔkwan a wɔfa so yɛ eyi ara ne sɛ wosiw anaa wɔyam nhaban no kyĩ mu nsu. Saa na wɔyɛ aduru bi a wɔfrɛ no ginkgo biloba a wofi bere tenten de aboa wɔn a wɔyare awerɛfiri ne wɔn a wɔwɔ komayare no. Wohia dua yi nhaban bebree na wɔatumi de ayɛ aduru biako pɛ a ɔyarefo bɛnom.

Ɔhaw a Nnuru a Wɔnom Fra Tumi De Ba

Sɛ wode nhabannuru fra aborɔfoduru a, etumi sakra ne su wɔ akwan horow so. Sɛ nhwɛso no, ebetumi ama aborɔfoduru no ano ayɛ den kɛse anaa ano adwo anaasɛ ahaw nipadua no kɛse. Aduru bi a wɔfrɛ no St. John’s wort, a wɔtaa de ma wɔn a wɔwɔ adwenemhaw a ano nyɛ den kɛse wɔ Germany no tumi brɛ aborɔfoduru pii ase ntɛm ma ano dwo. Enti sɛ wotaa nom aborɔfoduru bi te sɛ nea wɔde bɔ awo ho ban a, bisa ho akwankyerɛ fi wo duruyɛfo hɔ ansa na woafa ahabannuru.

Nhabannuru ho nhoma bi ka sɛ: “Sɛ wonom nsã, wii, cocaine, tawa anaa nnubɔne afoforo a ɛte saa fra nhabannuru a, ebetumi akum wo. . . . Nyansa wom sɛ wokwati nnuru a ɛte saa, titiriw bere a woyare no.” Ɛsɛ sɛ apemfo ne mmea a wɔawo foforo nso susuw saa afotu no ho yiye. Ɛdefa tawa ne nnubɔne afoforo ho de, ɛda adi sɛ Kristofo wɔ ahobammɔ esiane sɛ wotie Bible ahyɛde yi nti: ‘Monhohoro mo ho mfi ɔhonam ne honhom mu fi nyinaa ho.’—2 Korintofo 7:1.

Nhoma bi de kɔkɔbɔ yi ma wɔ nhabannuru ho: “Sɛ wonyinsɛn bere a wofa ahabannuru bi a, bɔ oduruyɛfo a ɔhwɛ wo no amanneɛ na gyae fa kosi sɛ wo ne no besusuw ho bio. Bɔ mmɔden sɛ wobɛkae dodow a na wofa ne bere tenten a wode faa aduru no.”

Nhabannuru ho nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ, “asiane pii wɔ nhabannuru a obi ankasa yɛ no mu.” Wɔ adaka, “Asiane a Ɛwɔ Nnuru a Wo Ara Wofa Mu” a ɛka asɛm yi ho no, wubehu ɔhaw ahorow no bi.

Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛkari pɛ wɔ nhabannuru ne nnuru foforo nyinaa ho na yɛkae sɛ ɛnyɛ yare nyinaa na yebetumi asa no saa bere yi mu. Nokware Kristofo hwɛ bere a wobeyi nea ɛde yare ne owu ba—sintɔ a yenya fii yɛn awofo a wodi kan hɔ no—afi hɔ koraa wɔ Onyankopɔn Ahenni no nniso a ɛde yiyedi bɛba no ase no kwan.—Romafo 5:12; Adiyisɛm 21:3, 4.

[Ase hɔ asɛm]

^ Nyan! nyɛ aduyɛ nsɛmma nhoma, enti ɛnkamfo aduyɛ anaa adidi ho nhyehyɛe pɔtee biara nkyerɛ. Yɛde krataa yi mu nsɛm rebɔ ammaneɛ kɛkɛ nanso akenkanfo ankasa na ɛsɛ wɔpaw aduyɛ a wɔpɛ.

[Adaka wɔ kratafa 30]

Asiane a Ɛwɔ Nnuru a Wo Ara Wofa Mu

Sɛ woannye oduruyɛfo hɔ akwankyerɛ na wo ara wofa nhabannuru a, asiane a etumi de ba no bi na edidi so yi.

Ebia na wunnim yare pɔtee a ɛhaw wo.

Sɛ wunim yare no mpo a, ebia aduru a wo ara woyɛ no ntumi nsa yare no.

Ebia aduru a wo ara woyɛ no bɛma wo ho atɔ wo kakra ma enti woatu aduyɛ a ebetu wo yare no ase koraa no ahyɛ da.

Aduru a wo ara wofa no betumi asɛe nea oduruyɛfo de ama wo a ebia wofa ka nnuru foforo ho anaa wode ko mogya mmoroso no.

Aduru a wo ara woyɛ no betumi asa wo yare bi nanso ɛbɛma yare foforo bi a ɛwɔ wo so, te sɛ mogya mmoroso, mu ayɛ den.

[Asɛm Fibea]

Baabi a efi: Rodale’s Illustrated Encyclopedia of Herbs