Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Afoforo Betumi Aboa

Sɛnea Afoforo Betumi Aboa

Sɛnea Afoforo Betumi Aboa

EBIA wunim obi a wanya adwenemhaw anaa adwenemyare a ɛma ɔyɛ ade tra so. Sɛ saa a, ɔkwan bɛn so na wubetumi aboa no? D. J. Jaffe a ɔwɔ Ɔman Asoɛe a Ɛhwɛ Wɔn a Wɔanya Adwenemyare no de afotu pa yi ma sɛ: “Mmu ɔyarefo no sɛnea wubu yare no; mmom no, tan yare no na nya ɔdɔ ma ɔyarefo no.”

Ɔbea bi a wɔfrɛ no Susanna daa boasetɔ ne ɔdɔ a ɛte saa ara adi. Ná ɔwɔ adamfo bi a wanya adwenemyare a ɛma ɔyɛ ade tra so. Susanna ka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a na ɔmpɛ sɛ ɔbɛn me koraa.” Sɛ́ anka Susanna begyae n’adamfo no akyi di no, ɔyɛɛ nhwehwɛmu de suaa adwenemyare no ho ade. Ɔka sɛ: “Afei na mahu sɛnea m’adamfo no yare no nyaa ne nneyɛe so tumi no.” Susanna te nka sɛ sɛ wobɔ mmɔden sɛ wobɛte ɔyarefo no ase a, wubenya so akatua pii. Ɔde ka ho sɛ: “Ebetumi aboa wo ma woanya ɔdɔ kɛse ama onipa a ne ho nni asɛm a ɔyare no.”

Sɛ yarefo no yɛ obusuani a, ehia sɛ obiara boa no. Mario a yɛadi kan aka ne ho asɛm no nyaa eyi mu suahu. Ne yere Lucia a yɛadi kan aka ɔno nso ho asɛm no wɔ adwenemyare a ɛma ɔyɛ ade tra so. Mario ka sɛ: “Mfiase no, me yere a me ne no kɔɔ ne duruyɛfo hɔ, ne sua a misuaa yare a ɛyɛ hu yi ho ade sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ahu asɛm a ato yɛn no mu yiye no, boaa me paa. Ná me ne Lucia bɔ nkɔmmɔ paa na yɛkɔɔ so de biakoyɛ gyinaa tebea biara a na ɛsɔre no ano.”

Mmoa a Kristofo Asafo no Betumi De Ama

Bible no tu Kristofo nyinaa fo sɛ ‘wɔnkyekye wɔn a wɔn koma atu werɛ,’ na ‘wɔntɔ wɔn bo ase mma nnipa nyinaa.’ (1 Tesalonikafo 5:14) Wobɛyɛ dɛn ayɛ eyi? Nea edi kan no, ehia sɛ wote nsonsonoe a ɛda adwenemyare ne honhom mu yare ntam no ase. Sɛ nhwɛso no, Bible kyerɛwfo Yakobo kae sɛ mpaebɔ betumi ama nea ɔyare honhom mu no ho atɔ no. (Yakobo 5:14, 15) Nanso Yesu kae sɛ wɔn a wɔyare honam fam no hia ɔyaresafo. (Mateo 9:12) Nokwarem no, ɛteɛ bere nyinaa sɛ yɛbɛbɔ Yehowa mpae wɔ biribiara a ɛhaw yɛn ho, a yɛn akwahosan nso ka ho. (Dwom 55:22; Filipifo 4:6, 7) Nanso Bible no nka sɛ honhom fam dwumadi pii no na ɛbɛma yɛanya yare a ɛhaw yɛn nnɛ no ano aduru.

Enti ɛnsɛ sɛ Kristofo a wosusuw nneɛma ho yiye no ka sɛ wɔn a wɔanya adwenemhaw no ankasa na wɔreyɛ wɔn ho. Saa nsɛm no bɛyɛ te sɛ nsɛm a Hiob gyamserefo no ka de haw no no. (Hiob 8:1-6) Nokwarem no, adwenemhaw pii wɔ hɔ a, gye sɛ oduruyɛfo de ne ho gye nsɛm mu ansa na watumi asa. Eyi te saa titiriw bere a obi anya adwenemhaw a emu yɛ den na ɔpɛ sɛ odi ne ho dɔm mpo no. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, ehia sɛ wɔde no kɔ ayaresabea.

Ne nyinaa akyi no, pii wɔ hɔ a mfɛfo Kristofo betumi ayɛ de aboa. Nanso, boasetɔ ho hia. Sɛ nhwɛso no, Kristofo nnwuma bi wɔ hɔ a ne yɛ betumi ayɛ den ama wɔn a wɔanya nkate mu yare no. Obi a wanya adwenemyare a ɛma ɔyɛ ade tra so a wɔfrɛ no Diane ka sɛ: “Ɛyɛ den ma me sɛ mede me ho bɛhyɛ asɛnka adwuma mu. Sɛ mete nka sɛ minni anigye a, ɛyɛ den ma me sɛ mede asɛmpa a ɛyɛ anigye a efi Bible mu no bɛma afoforo.”

Sɛ wubetumi aboa ayarefo no a, ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden sɛ wobɛda tema adi. (1 Korintofo 10:24; Filipifo 2:4) Bɔ mmɔden sɛ wode wo ho bɛtoto ɔyarefo no tebea no ho sen sɛ wode w’adwene bebu nsɛm. Nhwɛ kwan sɛ ɔyarefo no bɛyɛ biribi a ɛboro ne tebea no so ma ahaw no. Carl a ɔwɔ adwenemhaw no ka sɛ: “Sɛ wɔte me ase a, ɛma mete nka sɛ wɔdɔ me. Ɛdenam mmoa a me nnamfonom kakra a wɔanyinyin de ama me no so, matumi ne Onyankopɔn anya abusuabɔ a emu yɛ den, na ama manya anigye kɛse wɔ afoforo a meboa wɔn ma wɔyɛ saa ara no nso mu.”

Sɛ wɔn a wɔyare no nya mmoa a, wɔn ho tumi tɔ wɔn koraa. Susuw Kristoni bea bi a wɔfrɛ no Brenda a ɔwɔ adwenemyare a ɛma ɔyɛ ade tra so no ho hwɛ. Ɔka sɛ: “Me nnamfo a wɔwɔ asafo no mu no boaa me paa bere a na nneɛma nkɔ yiye koraa no, na wɔnka nkyerɛɛ me da sɛ mayɛ mmerɛw wɔ honhom fam. Ɛtɔ mmere bi a wɔma me di wɔn akyi kɔ asɛnka kotie nsɛm a wɔka no bi, anaasɛ wotumi pɛ agua wɔ Ahenni Asa so to hɔ ma me sɛnea ɛbɛyɛ na sɛ obiara tra ase wie a, matumi akɔtra ase.”

Mmoa a asafo mu mpanyimfo a wɔwɔ tema fi ɔdɔ mu de ma Cherie a ɔwɔ adwenemhaw a yɛadi kan aka ne ho asɛm no aboa no kɛse. Ɔka sɛ: “Sɛ mpanyimfo no kyekye me werɛ sɛ Yehowa dɔ me, na wɔkenkan asɛm bi fi Onyankopɔn Asɛm, Bible, mu kyerɛ me, na wɔka Yehowa atirimpɔw a ɛfa paradise a asomdwoe ne ahotɔ wom ho asɛm kyerɛ me na wɔne me bɔ mpae—wɔ telefon so mpo—a, ɛma me koma tɔ me yam. Minim sɛ Yehowa ne me nuanom nyaw me, na ɛno ara hyɛ me nkuran.”

Akyinnye biara nni ho sɛ sɛ abusuafo ne nnamfonom de mmoa a ehia ma a, wobetumi aboa paa ma ɔyarefo no ho atɔ no. Lucia ka sɛ: “Misusuw sɛ seesei de mitumi yɛ biribiara. Me ne me kunu de biakoyɛ abɔ mmɔden sɛ yebegyina tebea no ano, na nneɛma kɔ yiye sen kan no.”

Nnipa a ɛnnɛ adwenemyare haw wɔn no ahu sɛ egye bere tenten na wɔatumi ako yare no. Nanso Bible no hyɛ bɔ sɛ, wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no, “ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow!” (Yesaia 33:24) Nyarewa ne ahoɔmmerɛw a ɛhaw nnipa pii no befi hɔ koraa. Nokwarem no, ɛyɛ anigye sɛ yɛbɛhwɛ Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛne wiase foforo a nyarewa nyinaa—a nkate mu yare ka ho—befi hɔ koraa no kwan. Bible no ka sɛ, saa bere no, ‘owu ne osu ne ɛyaw’ befi hɔ koraa a ɛremma bio.—Adiyisɛm 21:4.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]

Yesu kae sɛ wɔn a wɔyare no hia ɔyaresafo.—MATEO 9:12

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 13]

Bible no hyɛ bɔ sɛ, wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no, “ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow!”—YESAIA 33:24