Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wiase a Emu Nyɛ Dɛ a Wɔwo Obi Tom!

Wiase a Emu Nyɛ Dɛ a Wɔwo Obi Tom!

Wiase a Emu Nyɛ Dɛ a Wɔwo Obi Tom!

WƆWO abofra to wiase bi a emu asetra yɛ yaw, emu nyɛ dɛ na dadwen ahyɛ mu ma mu. Ɛwom sɛ akokoaa no ntumi nka ne nkate ho asɛm ankasa de, nanso nyansahufo binom gye di sɛ, ɔba a ɔhyɛ yafunum mpo nim nea ɛrekɔ so ansa na wɔawo no.

The Secret Life of the Unborn Child (Akokoaa a Ɔhyɛ Yafunum Ho Ahintasɛm) nhoma no ka sɛ: “Seesei, yenim sɛ abofra a woyem no no yɛ onipa a onim nea ɛrekɔ so, na ne nkate nyinaa yɛ adwuma fi bere a wadi asram asia (anaa nea ennu saa mpo).” Ɛwom sɛ akokoaa no ntumi nkae ahokyere a ɔfaa mu wɔ n’awo mu de, nanso nyansahufo binom susuw sɛ ebia ebetumi aka n’asetra akyiri yi.

Ɔhaw no toa so wɔ n’awo akyi. Sɛ wonya wo abofra a, onnidi mfa ne funuma mu bio. Wotwa ne funuma a ná mframa ne aduan fa mu no. Enti sɛ ɔbɛkɔ so atra ase a, ɛsɛ sɛ n’ankasa hyɛ ase home na odidi. Ohia obi a ɔbɛma no aduan na wahwɛ no.

Ɛsɛ sɛ abofra a wɔawo no foforo no nyin wɔ adwene, nkate ne honhom mu nso. Ne saa nti, ɛsɛ sɛ obi tete abofra no. Hena na ɔfata paa sɛ ɔyɛ saa? Dɛn na abofra pɛ sɛ n’awofo yɛ ma no? Ɔkwan pa bɛn so na wobetumi adi ahiade ahorow yi ho dwuma? Nsɛm a edidi so no bɛboa ama yɛabua nsɛmmisa yi.