Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Anwonwade a Esi Afe Biara Wɔ Namaqualand

Anwonwade a Esi Afe Biara Wɔ Namaqualand

Anwonwade a Esi Afe Biara Wɔ Namaqualand

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ SOUTH AFRICA HƆ

Sɛ woto w’ani a, wuhu nhwiren ahorow a ɛyɛ fɛ nyinaa bi wɔ asasetaw no so baabiara. Sɛ nsrahwɛfo hu anwonwade a esi afe biara wɔ Namaqualand no a, ɛtaa ma wɔn ani gye mmoroso. Nsrahwɛfo no mu biako kae sɛ: “Sɛ w’ani bɔ nhwiren no so a, wobɛka sɛ sika kɔkɔɔ a wannan na ɛrepuw fi asase no so baabiara.”

Dɛn na ɛma nhwiren a efifi osutɔbere mu yi yɛ nwonwa saa? Namaqualand yɛ asase kesee a ɛtrɛw yiye wɔ South Africa atifi fam atɔe. Sɛ wokɔ mmepɔw no akyi wɔ atifi fam a, wubehu Orange Asubɔnten no sɛ ɛda asase no ano. Namaqualand asase a ɛso sen Switzerland (ne kɛse bɛyɛ kilomita 50,000) no trɛw kɔfa anafo fam, baabi a efi hɔ kɔ Cape Town nware koraa no. Wɔ afe no mu fã kɛse ara no, wim taa yɛ hyew paa awiabere wɔ asase a hwee nni so yi so, na sɛ edu anadwo a, na awɔw a ano yɛ den aba. Ɛkame ayɛ sɛ nsuten biara nni asase no so, na esiane sɛ nkyene kakra wɔ asase no mu nti, ɛte sɛ nea Namaqualand nyɛ baabi a ɛhɔ yɛ anika biara kosi sɛ afe afe anwonwade no besi!

Afe biara sɛ osutɔbere no ba awiei, efi August mfiase kosi September ɔsram no mfinimfini a, nhwiren pii fifi wɔ Namaqualand asase kesee no so fɛfɛɛfɛ. Wuhu nhwiren a ɛsono emu biara ne ne kɔla sɛ afifi wɔ asase no so nyinaa. Esiane sɛ nhwiren no di adapɛn kakraa bi pɛ wɔ asase no so nti, nsrahwɛfo de ahopere boaboa wɔn ho ano kɔbɔ wɔn ani akɔnhama wɔ beae a nhwiren abɔ kuw bebree fɛfɛɛfɛ yi.

Sɛ nsu tɔ yiye na sɛ owia bɔ sɛnea ɛsɛ a, ɛma nhwiren a ɛyɛ fɛ yi pae wɔ asase yi so. Sɛ ɛba saa a, na obiara rebɔ mpae sɛ apuei fam mframa a ano yɛ hyew no mmɔ, efisɛ sɛ enya bɔ a, na ama nhwiren no nyinaa akisa ahyew.

Anwonwade a esi wɔ Namaqualand no ma wonya nhwiren aba pii wɔ hɔ. Nanso ɛnyɛ afe biara na nhwiren no pii fifi—sɛ ebetumi apae fɛfɛɛfɛ a, na egyina wim tebea pɔtẽẽ bi so. Sɛ nhwiren aba no bi da hɔ afe pɛ a na afifi, nanso afoforo tumi da hɔ mfe pii kosi sɛ ebenya wim tebea a ɛfata ansa na afifi. Nsrahwɛfo biako kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Aba no bi wɔ hɔ a, ɛwɔ nhyehyɛe bi a ɛbɔ ho ban ma enti emfifi wɔ bere a ɛmfata mu. Sɛ́ anka osu biako a ɛbɛtɔ wɔ ahohuru bere mu bɛma saa nhwiren aba yi afifi no, ɛda hɔ kosi sɛ wim bedwo ma asase no ayɛ mmerɛw ansa na afifi—tebea a ɛfata a ebetumi ama anyin yiye wɔ asase a ɛso akyen yi so.”

Afe biara, nsu a ɛtɔ ne mframa a ɛyɛ hyew a ɛbɔ no na ɛkyerɛ nhwiren ko a efifi. Ne saa nti mfe no bi mu nhwiren yɛ fɛ pii sen afoforo. Namaqualand—South African Wild Flower Guide, nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ, “esiane sɛ ɛsono nhwiren biara ne wim tebea a etumi fifi wom, na ebia osu a edi kan no bɛtɔ wɔ April kosi July mu (asram a ɛsono emu biara wim tebea) nti, bere a osu a edi kan no bɛtɔ no na ɛbɛkyerɛ nhwiren ko a ebefifi.”

Nhwiren no dɔɔso paa—egu ahorow bɛboro 4,000, na ɛsono emu biara su, kɔla, ne ɔkwan a ɛfa so fifi! Mmeae bi wɔ hɔ a wotumi hu nhwiren ahorow 10 kosi 20 wɔ baabi kakraa bi. Sɛnea ɛhɔ si yɛ fɛ no ma mfoniniyɛfo adwuma yɛ sɛ nea wɔredi agoru. Sɛ wɔka ho asɛm dɛn ara mpo a, wɔrentumi nkyerɛkyerɛ sɛnea Namaqualand yɛ fɛ mmoroso no mu.

Ne nyinaa akyi no, mfoniniyɛfo, anwensɛm akyerɛwfo, ne nhoma akyerɛwfo kyerɛ ho anigye. South Africa anwensɛm kyerɛwfo, D. J. Opperman, kae sɛ “ɛyɛ da a asase kyerɛɛ sɛnea etumi gu aba, bere a Awurade kotoku ase tuei maa emu aba pa fifi guu fam no.” Ɔbarima bi a n’ani gye Namaqualand anwonwade yi ho kyerɛwee sɛ: “Sɛ wohwɛ a, wobɛka sɛ nyankontɔn na abɛfa anhweatam no so ma ne kɔla atu apete baabiara.” Nsrahwɛfo bi kae sɛ: “Ade fɛfɛ a ɛte sɛɛ ma yɛkyerɛ yɛn Bɔfo no ayamye a ɛdɔɔso ne ne nyansa ho anisɔ.”

Nea ɛsen saa no, sɛnea anwonwade a esi afe biara wɔ Namaqualand yɛ fɛ fa no ma yenya awerɛhyem sɛ Ɔbɔadeɛ no betumi afa adebɔ mu nhyehyɛe a ɛte saa ara so adan asase yi nyinaa Paradise—na n’asomfo anokwafo a wɔkyerɛ ne nnwuma ho anisɔ no anya mu anigye daa daa. (Dwom 37:10, 11, 29) Saa bere no na “Sare so bɛyɛ anika na nhwiren ahan wɔ anhwea pradada so” wɔ asase nyinaa so.—Yesaia 35:1, Today’s English Version.

[Mfonini wɔ kratafa 16, 17]

Nhwiren afifi asasetaw a ne kɛse bɛyɛ kilomita 50,000 no so baabiara