Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bɛhwɛ Nsumunam Gua a Ɛso Sen Biara

Bɛhwɛ Nsumunam Gua a Ɛso Sen Biara

Bɛhwɛ Nsumunam Gua a Ɛso Sen Biara

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ JAPAN HƆ

SO W’ANI gye kitikiti a ɛkɔ so wɔ gua so no ho? Gua biako a ebia w’ani begye ho a etumi twetwe nsrahwɛfo fi wiase mmaa nyinaa ne Tsukiji nsumunam gua a ɛbɛn Tokyo kurow mfinimfini no. Wɔkyerɛ sɛ ɛno ne nsumunam gua a ɛso sen biara wɔ wiase.

Ahemadakye ne bere a eye paa a wɔde kɔ hɔ. Bere a Tokyofo pii adeda a wɔnsɔree no, na wɔafi ase redi gua wɔ hɔ. Lɔre akɛse de nsumunam bɛyɛ tɔn mpem abien ba gua no so da biara. Ɛsɛ sɛ woyi saa nnam no nyinaa ntɛm, efisɛ ɛbɛbɔ ahemadakye 3:00 no, na atɔfo no afi ase reba. Adetɔnfo no de ahopere hyehyɛ nnam no wɔ nnaka mu, kyerɛw ahyɛnsode a ɛkyerɛ nnam no mu duru ne beae a efi bobɔ adaka biara ho. Ɛnyɛ den sɛ wubehu atɔfo no. Wɔhyehyɛ rɔba mpaboa ne kyɛw a wɔn nɔma bobɔ ho. Atɔfo no nte sɛ nsrahwɛfo a wɔto wɔn bo ase no, enti wɔde ahopere di akɔneaba hwehwɛ nnam no mu susuw bo a wɔbɛma ho. Wɔn a wɔtɔ poku no kurakura darewa, tɔɔkye nkanea ne mpopaho. Wohia saa nneɛma yi na wɔatumi ahu sɛnea poku yi akɛse te, na sɛ wosuso nnam no mu wie a, wɔde mpopaho no popa wɔn nsa ho.

Sɛ ɛbɔ 5:30 a, ɛhɔ yɛ bagyabagya. Adetɔnfo a wɔwɔ gua no fã ahorow nyinaa woso dɔn de frɛfrɛ atɔfo ma wofi ase di nnam no ano. Sɛ wutwa w’ani hwɛ baabiara a, wuhu adetɔnfo. Nokwasɛm ne sɛ nnwumakuw akɛse ason na wotu nnam ma atɔfo bere koro mu. Na wɔn mu binom wɔ adetɔnfo dodow bi a wɔtɔn nneɛma ahorow ma wɔn. Saa adetɔnfo yi de ɛnne a ɛda nsow bobɔ nnam no ahyɛnsode din, na atɔfo no dannan wɔn nsateaa ɔkwan soronko so de di ano. Wodi ano ntɛmntɛm ara ma enti wɔnkyɛ ho koraa. Atɔfo no bi tumi ne adetɔnfo baanu di nnam ano wɔ bere koro mu. Esiane sɛ ɔdetɔfo biako pɛ na wɔma kwan ma ɔtɔ ɔdan biako mu nnam nti, atɔfo no de ahopere di akɔneaba hwehwɛ nnam a wɔpɛ. Atufo a wɔretu nnam ahorow pii akɔtɔn ama aguadifo foforo no na wɔn ho pere wɔn kɛse.

Sɛ wodi ano wie pɛ a, ntɛm ara na adetɔfo no de nnam no kɔ. Asoafo a wokurakura nteaseɛnam nketenkete bi de mmirika twe nnam no fa akwan nketewa so kɔ ntɛm. Baabiara ayɛ bagyabagya. Sɛ wohwɛ a, asɛ biribiara atu afra ayɛ basaa. Nanso, wɔahyehyɛ dwumadi no pɛpɛɛpɛ na wɔhwɛ so yiye nso. Bere tiaa bi mu no na wɔatɔn nnam bɛboro tɔn apem atwe kɔ. Wɔde nnam no bi kogu sotɔɔ nketewa mu wɔ gua no fã baabi a konkosifo bɛtɔn ama adetɔfo mpempem a wɔbɛba hɔ anɔpa no.

Sɛ wode w’ani bu a, Tsukiji Gua yi sõ yiye. Adwumakuw akɛse paa ason ne aguadifo nkumaa bɛboro apem na wɔapene so sɛ wɔntɔn nnam wɔ ha. Da biara adetɔfo bɛyɛ 40,000 bedi gua wɔ nsumunam gua yi so, ma enti afe mũ no nyinaa adagyew nni ha koraa.

Ɛhefo na wobedi gua wɔ ha? Wɔn mu bi ne wɔn a wobetu nnam pii kɔma ahɔhodan, adidibea ne aguadidan akɛseakɛse no. Ebi nso ne wɔn a wɔtɔn nnuan ahorow, wɔn a wɔtɔn nsumunam wɔ Tokyo mpɔtam mpɔtam, ne wɔn nso a wɔabue adidibea nketenkete de tɔn aduan bi a wɔde ɛmo yɛ a wɔfrɛ no sushi. Saa adetɔfo yi nyinaa pere hwehwɛ nnam no mu nea eye paa. Ne nyinaa mu no, wobu akontaa sɛ afe biara wɔtɔ nsumunam bɛyɛ tɔn 600,000 a ne bo si U.S. dɔla ɔpepepem 5.

Nokwarem no, ɛnyɛ nsumunam nko na wɔtɔn wɔ Tsukiji. Ɛha nso wɔtɔn nnuaba ne afumduan pii. Tsukiji ka gua akɛse paa 11 a ɛhyɛ Tokyo kuropɔn nniso no ase no ho. Aduan mono ne nnam mono aguadi yi fii ase 1603 mu. Wɔde saa aguadi yi hyɛɛ aban tumi ase wɔ 1877, sɛnea ɛbɛyɛ a dwumadi no bɛyɛ papa na ama ɛhɔ atew. Asasewosow a ɛbaa Tokyo 1923 no sɛee gua a ɛwowɔ Tokyo no, na ɛno na ɛmaa wofii nnɛyi Tsukiji Gua ase wɔ 1935 mu no.

Efi saa bere no, gua no atrɛw kɛse paa. Wiase hefa na wubehu nsumunam ahorow pii saa a wotu kɔtɔn da biara? Wobu akontaa sɛ nsumunam te sɛ safro, ankɔanwona, mmane, adɔde—ahorow ahorow bɛyɛ sɛ 450 a efi wiase mmaa nyinaa—na wɔtɔn wɔ ha. Sotɔɔ nketewa no bi wɔ hɔ a, nsumunam pɔtee bi te sɛ ɛposena anaa mmɔnkɔ nko ara na wɔtɔn wɔ mu.

Nanso nsumunam a wɔde ba saa gua yi so nyinaa mu hene ne poku akɛse a wɔde fa wimhyɛn fi mmeae a ɛwɔ akyirikyiri te sɛ Mediterranea Po ne Amerika Atifi fam ba no. Nsumunam foforo biara nni hɔ a wɔtɔn dodow na ɛwɔ bo sen saa. Poku kɛse biako pɛ bo tumi du dɔla mpempem pii. Da biara wɔtɔn poku mono ɔhaha pii. Adetɔfo no twitwa poku akɛse no mu ma mpɔtam hɔ aguadifo no. Poku no mfe mu nnam a ɛyɛ akɔnnɔ a wɔfrɛ no toro no na wɔde gu sushi aduan a ɛyɛ dɛ paa no so.

Ɛnyɛ nwonwa sɛ Japan na wiase nyinaa nsumunam gua a ɛso paa no wɔ. Ɛpo ahorow anan atwa ɔman no ho ahyia ma enti efi tete no, Japanfo ani agye nsumunam ho. Wɔde nsumunam titiriw na ɛyɛ Japanfo aduan a ɛyɛ dɛ no mu biara. Afe biara Japanni baako di nsumunam nkaribo 150 a emu dodow no ara fi Tsukiji Gua no so. Enti sɛ woba Tokyo a, dɛn nti na wommɛka nsrahwɛfo pii no ho mmɛhwɛ nsumunam gua a ɛso sen biara no?

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 18]

Apataa mfonini: From the book L’Art Pour Tous, Encyclopedie de l’Art Industriel et Decoratif, Vol. 31, 1861-1906

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 19]

James L. Stanfield/NGS Image Collection

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 19]

© Jeff Rotman/www.JeffRotman.com

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 20]

Courtesy of Tokyo Metropolitan Central Wholesale Market