Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mɛyɛ Dɛn Anya Bere Ayɛ Sukuu Dwumadi Wɔ Fie?

Mɛyɛ Dɛn Anya Bere Ayɛ Sukuu Dwumadi Wɔ Fie?

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Mɛyɛ Dɛn Anya Bere Ayɛ Sukuu Dwumadi Wɔ Fie?

‘Aka afe na mawie ntoaso sukuu, na me ho kyere me paa. . . . Mewɔ sukuu nnwuma pii a ɛsɛ sɛ meyɛ nanso minnya adagyew nyɛ. Ɛnyɛ asɛm ketewa.’—Ababaa bi a wadi mfe 18.

WOTE nka sɛ sukuu nnwuma pii a wode ba fie da biara no boro wo so? Sɛ saa na wote nka a, ɛnde ɛnyɛ wo nko. Amanneɛbɔ bi a efi United States ka sɛ: “Bere a ɔman no mu sukuu nyinaa bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn nhomasua atu mpɔn na sukuufo anya nkɔanim wɔ sɔhwɛ a wɔyɛ mu no, wɔde dwumadi pii ma sukuufo kɔyɛ wɔ fie. Wɔ mmeae bi no, anadwo biara ntoaso sukuufo binom de nnɔnhwerew bɛboro abiɛsa na ɛyɛ sukuu dwumadi wɔ fie. Nhwehwɛmu bi a Michigan Sukuupɔn mufo bi yɛe kyerɛ sɛ sukuu dwumadi a mmofra nkumaa yɛ nnɛ no te sɛ nea na wɔyɛ no mfe 20 a atwam no de mmɔho abiɛsa.”

Ɛnyɛ sukuufo a wɔwɔ United States no nko na wɔma wɔn dwumadi pii ma wɔkɔyɛ wɔ fie. Bere a wɔbɔ amanneɛ sɛ sukuufo a wɔwɔ hɔ a wɔadi mfe 13 no mu 100 biara mu 30 de nnɔnhwerew bɛboro abien na ɛyɛ sukuu dwumadi da biara no, wɔn a wɔyɛ saa wɔ Taiwan ne Korea no si 100 biara mu 40, na France nso yɛ 100 biara mu 50. Katie a osua ade wɔ U.S. sukuupɔn bi mu no nwiinwii sɛ: “Ɛtɔ da bi na sɛ me sukuu dwumadi no bobɔ so a, ɛma me ho kyere me paa.” Marilyn ne Belinda a wɔkɔ sukuu wɔ Marseilles, France, nso te nka saa ara. Marilyn se: “Yɛtaa de nnɔnhwerew abien anaa nea ɛboro saa yɛ sukuu dwumadi wɔ fie anadwo biara. Ɛyɛ den sɛ wubenya adagyew ayɛ eyi bere a wowɔ nnwuma foforo a ɛsɛ sɛ woyɛ no.”

Menya Bere no Wɔ He?

Sɛ wunya nnɔnhwerew kakra bi de ka da no ho sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi awie wo sukuu dwumadi ne nneɛma foforo a ɛsɛ sɛ woyɛ a, anka enye? Nokwarem no, sɛ wusua Bible nnyinasosɛm a ɛwɔ Efesofo 5:15, 16, no a, wubetumi ayɛ no saa: ‘Monhwɛ mo nantew yiye, ɛnyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa, na mmom sɛ anyansafo. Monhwɛ mo adagyew so yiye anaa montɔ bere mfa.’ Ɛwom sɛ ɛnyɛ sukuu dwumadi na na ɛwɔ Bible kyerɛwfo no adwene mu bere a na ɔrekyerɛw saa nsɛm no de, nanso adwene a ɛwɔ mu no fa yɛn asetra ho. Sɛ wotɔ ade a, wode biribi ma de sesa ade a woretɔ no. Adwene a ɛwɔ eyi mu ne sɛ, sɛ wubetumi anya bere de ayɛ sukuu adwuma wɔ fie a, ebehia sɛ wugyae ade foforo bi yɛ. Ade bɛn saa?

Ababaa bi a ɔde Jillian tu fo sɛ: “Kyerɛw nneɛma a ɛsɛ sɛ wudi kan yɛ no to hɔ.” Ɔkwan foforo so no, hwɛ nneɛma a ɛho hia paa no. Kristofo nhyiam ne ɔsom mu nneɛma na ɛsɛ sɛ edi kan. Mma wo werɛ mmfi abusua mu asɛyɛde a wowɔ, efie nnwuma, ne afei sukuu dwumadi.

Nea edi hɔ no, kyerɛw nea wode wo bere yɛ ankasa wɔ dapɛn no mu to hɔ. Nea wubehu no betumi ama wo ho adwiriw wo. Bere tenten sɛn na wode hwɛ TV, de yɛ Intanɛt so nhwehwɛmu, kɔhwɛ sini, kasa telefon so, anaa wode kɔsra wo nnamfonom? Afei sɛ wode nneɛma a woyɛ no toto nneɛma a ɛho hia wo paa no ho a, ɛte sɛn? Ebia ɛbɛda adi sɛ bere a worehwehwɛ no pii wɔ nea wode hwɛ TV, kasa telefon so anaa nea wode yɛ Intanɛt so nhwehwɛmu no mu!

Yɛ Nea Ehia Ansa na Woayɛ Nea Ɛfata

Eyi nkyerɛ sɛ gyae TV hwɛ koraa anaasɛ tew wo ho fi nnipa ho. Mmom ebia ɛsɛ sɛ wusi wo bo sɛ wobɛyɛ “nea ehia ansa na woayɛ nea ɛfata.” Bible kyerɛwsɛm a ɛfa eyi ho ka sɛ: ‘Sɔ nneɛma a eye koraa no hwɛ.’ (Filipifo 1:10) Sɛ nhwɛso no, esiane sɛ wo sukuu adesua ho hia nti, wubetumi ayɛ mmara ama wo ho sɛ worensɔ TV kosi sɛ wubewie efie nnwuma, asua Kristofo nhyiam ho ade na afei woayɛ sukuu dwumadi awie ansa. Nokwarem no, sɛ woannya kwan anhwɛ TV so dwumadi a w’ani gye ho paa a, ɛbɛyɛ yaw. Nanso wokae mpɛn dodow bi a woyɛɛ sɛ worekɔhwɛ dwumadi a w’ani gye ho no nkutoo, nanso w’ani baa wo ho so no, na wode anwummere no nyinaa ahwɛ TV a woannyɛ ade foforo biara?

Ɛsɛ sɛ woma Kristofo adesuakɔ nso hia wo. Sɛ wowɔ sɔhwɛ titiriw bi yɛ anaa sukuu dwumadi a ɛsɛ sɛ woyɛ wɔ fie a, wubetumi adi kan asiesie wo ho ansa na da no adu so, sɛnea ɛbɛyɛ a entwitware w’adesuakɔ mu. Wubetumi mpo ne w’akyerɛkyerɛfo asusuw wo tebea no ho na sɛ sukuu dwumadi bi besi adesua da a, wɔama woate no ntɛm. Ebia akyerɛkyerɛfo no bi bɛpene so aboa wo.

Bible asɛm a ɛfa Marta a na ɔyɛ Yesu adamfo ho no kyerɛ yɛn ade foforo a mfaso wɔ so. Ná ɔyɛ ɔdeyɛfo a onni adagyew koraa, nanso na ɔmfa nea ehia no nni kan. Da bi a ɔredi akɔneaba brɛ ne ho sɛ ɔbɛyɛ aduan soronko bi ama Yesu no, na ne nuabaa Maria de, ɔretie nea Yesu reka no a ɔmmoa wɔ adwuma no mu. Bere a Marta nwiinwii eyi ho no, Yesu see no sɛ: ‘Marta, Marta, wudwinnwen na wohaw wo ho nneɛma pii ho; na nneɛma kakraa bi anaa ade biako na ehia: Maria de, wayi nea eye no, ɛno na wɔrennye mfi ne nsam.’—Luka 10:41, 42.

Dɛn na yesua fi eyi mu? Nsoa nneɛma pii ngu wo ho so. Wode saa asɛm yi bedi dwuma sɛn? Wiɛ, ‘wudwinnwen nneɛma pii ho,’ a ebia worebɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ sukuu adwuma wɔ fie asan ayɛ adwuma kakra agye akatua? Hia a ahia w’abusua no nti na woreyɛ saa adwuma no anaa woreyɛ de ahwehwɛ nneɛma bi a wopɛ nanso enhia ankasa?

Nhwɛso bi ne sɛ, wɔ aman bi mu no, mmerante ne mmabaa ho pere wɔn sɛ wobenya wɔn ankasa kar. Karen Turner a otu ntoaso sukuufo fo no kyerɛkyerɛ mu sɛ, “esiane sɛ kar ho ka dɔɔso nti, ɛma ɛnnɛ mmofra a wɔpɛ bi no berɛ wɔn ho yɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya ho sika.” Nanso Turner de asɛm no ba awiei sɛ: “Nneɛma pii te sɛ agodie ne adwumayɛ a wɔde ka adesua dodow ne sukuu adwuma a wɔyɛ no fie ho no tumi yɛ akwanside. Ɛba saa a, nnwuma pii no bɛyɛ adesoa kɛse hyɛ osuani no so.” Adɛn nti na wosoa nnwuma pii gu wo ho so bere a ɛho nhia? Sɛ wo sukuu dwumadi reka akyi a, ebia wubetumi atew adwuma a woyɛ gye akatua no so anaa mpo woagyae.

‘Tɔ Bere’ Wɔ Sukuu Mu

Nea yɛaka no nyinaa akyi no, dwene sɛnea wubetumi ahwɛ w’adagyew so yiye bere a wowɔ sukuu mu no ho. Josue ka sɛ: “Sɛ minya hokwan a, mebɔ mmɔden yɛ sukuu dwumadi no bi wɔ sukuu mu. Sɛ ɛba saa na sɛ mente biribi ase wɔ da no dwumadi mu a, minya ɔkyerɛkyerɛfo no bisa no mu.”

Ade biako nso ne sɛ wobɛtew adesua foforo a wo ara wopaw sɛ wubesua aka ho no so. Wubetumi nso agyae agodie a wo ne sukuufo di no bi. Sɛ woyɛ nsakrae wɔ eyinom nyinaa mu a, wubetumi anya adesua bere no bi aka ho.

Hwɛ W’adagyew So Yiye

Eye, yɛmfa no sɛ watwitwa nneɛma bi so agyae bi nso akyi di de anya bere no bi aka nea wode yɛ sukuu adwuma wɔ fie no ho. Ɔkwan bɛn na wobɛfa so de bere no adi dwuma yiye? Sɛ wutumi yɛ sukuu adwuma a woyɛ no daa no fã ka ho a, wunnye nni sɛ ɛbɛma woanya adagyew de ayɛ ade foforo? Nyansahyɛ a ɛbɛma woatu mpɔn no bi na edidi so yi.

Yɛ ho nhyehyɛe. Ansa na wobɛhyɛ dwumadi no ase no, susuw nsɛm yi ho: Emu nea ɛwɔ he na ɛsɛ sɛ wudi kan yɛ? Bere tenten sɛn na ɛsɛ sɛ wode yɛ? Nneɛma bɛn na wubehia de awie—nhoma ahorow, pɛn, nkrataa, afiri a wɔde bu akontaa?

Hwehwɛ baabi a wubesua ade. Ne yiye mu no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ baabi a biribiara ntwetwe w’adwene. Ababaa bi a ɔde Elyse ka sɛ: ‘Sɛ ɔpon wɔ hɔ a, tra ho sua ade. Ɛno ma wutumi de w’adwene si adesua no so sen sɛ wobɛda mpa so.’ Sɛ wo ne wo nuanom na ɛda dan koro mu a, ebia wɔbɛpene so ayɛ komm ama w’asom adwo wo bere a woresua ade no. Ebia wubetumi akosua ade wɔ baabi a ɛhɔ dwo anaa wubetumi akɔ nhomakorabea. Sɛ wowɔ wo ara wo dan a, nsɔ TV nsi so anaa mmɔ nnwom mfa nhaw w’adwene bere a woresua ade no.

Ɛyɛ a gye w’ahome. Sɛ wuhu sɛ w’adwene ntumi nkɔ nea woresua no so bio na sɛ wugye w’ahome kakra a, ebetumi aboa wo.

Nyɛ mmɔtohɔ! Katie a yɛaka ne ho asɛm dedaw no se: “Meyɛ mmɔtohɔ paa. Metaa twɛn kosi bere a nneɛma reyɛ aka akyi ansa na mafi ase ayɛ dwumadi no.” Yɛ bere nhyehyɛe pɔtee ma sukuu dwumadi a wobɛyɛ wɔ fie na di so fa siw mmɔtohɔ ano.

Sukuu dwumadi ho hia de, nanso sɛnea Yesu twee Marta adwene sii so no, adwuma a ‘ehia paa’ ne nea ɛfa ɔsom ho no. Hwɛ yiye sɛ sukuu adwuma a woyɛ wɔ fie no nsiw dwumadi a ɛho hia te sɛ Bible akenkan, asɛnka adwuma a wobɛyɛ, ne Kristofo nhyiam a wobɛkɔ no kwan. Eyinom ne nneɛma a ɛbɛma w’asetra atu mpɔn daa!—Dwom 1:1, 2; Hebrifo 10:24, 25.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 15]

Sɛ wosoa nnwuma pii gu wo ho so a, ɛbɛyɛ den sɛ wubenya adagyew ayɛ sukuu adwuma wɔ fie

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Nhyehyɛe pa a wobɛyɛ no bɛboa wo ma woanya adagyew ayɛ sukuu dwumadi wɔ fie