Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nna Ho Yare a Ano yɛ Den a Yebehu

Nna Ho Yare a Ano yɛ Den a Yebehu

Nna Ho Yare a Ano yɛ Den a Yebehu

ƐTƆ mmere bi a, nsɛnkyerɛnne a ɛbɛda adi wɔ obi ho no betumi akyerɛ sɛ wanya nna ho yare a ano yɛ den. Nnakorokoro a ɛkyɛ tumi di boro ɔsram biako na mpɛn pii no, ɛne ɔhaw ahorow te sɛ adwenemhaw wɔ abusuabɔ. Nnakorokoro a aka obi so no betumi akyerɛ nso sɛ wanya yare foforo bi a ano yɛ den.

Ɔhome a Esiw Wɔ Nna Mu

Mario nyaa nna ho yare a na ɛma ɔtaa da bere nyinaa. Sɛ ɔka abusua kar no a, ne yere de n’ani si no so hwɛ no efisɛ na n’aniso tumi yɛ no tumm bere tiaa mu a sɛ n’ani so tetew no a, ontumi nkae nea ɛyɛɛ no. Sɛ ɔda anadwo a, ohuam nkorɔm basabasa denneennen, na ɛtɔ da bi nso a, ne ho wosow ma ɔsɔre fi nna mu a ne home retew. *

Ná Mario wɔ nna ho yare a ɛma ne home siw bere a wada no. Obi home betumi asiw bere a wada bɛyɛ anibu du kosi simma abiɛsa ntam. Mpɛn pii no, nea ne home asiw no pere wɔ kɛtɛ so hwehwɛ sɛ obenya mframa ahome na afei wasan ada. Otumi yɛ saa mpɛn pii anadwo biara. Ɔhome a esi wɔ nna mu no gu afã horow abiɛsa.

Nea edi kan no yɛ bere a nea wada no amemene ntumi mma ɔnhome bere tiaa bi esiane sɛ amemene no fã a ɛboa ma otumi home no nyɛ adwuma nti. Nea ɛto so abien ne menewa a ɛka tom bere tiaa bi bere a obi ada no. Sɛ ɛba saa a menewa no mu kwan siw ma mframa ntumi mfa mu. Nea ɛto so abiɛsa a ɛno na wɔtaa hu no yɛ bere a tebea abien no nyinaa, amemene ne menewa no nyinaa ntumi mma nea wada no nhome wɔ bere tiaa bi mu no. Sɛ obi home siw wɔ nna mu a, ɔbɛsɔre afi nna mu no na wayɛ sɛ obi a wanna anadwo mũ nyinaa!

Wɔn a wɔn home siw wɔ nna mu no nkwa da asiane mu paa efisɛ wobetumi ada wɔ adwumam anaa bere a wɔreka kar. Wobetumi anya mogya mmoroso, wɔn koma betumi ayɛ kɛse, wɔn fã betumi adwudwo, anaa wɔn koma betumi agyae bɔ. Oduruyɛfo William Dement a ɔkyerɛ ade wɔ Stanford Sukuupɔn mu no bu akontaa sɛ, Amerikafo 38,000 na komayare kunkum wɔn afe biara esiane wɔn home a esiw wɔ nna mu nti.

Ɛwom sɛ mmarima a wɔayɛ kɛse mmoroso a wɔadi boro mfirihyia 40 no na wɔn home taa siw wɔ nna mu de, nanso ebetumi ayɛ obiara a mmofra nkumaa mpo ka ho. Wɔnam akwan horow pii so na ɛko yare yi—na ɛsɛ sɛ oduruyɛfo a waben wɔ nna ho yare mu na ɔhwɛ sa. Sɛ wɔanyɛ oprehyɛn a, ɔkwan a eye paa a wɔnam so sa menewa a ɛka tom bere tiaa bi yare no ne sɛ wɔde biribi bɛhyɛ nea wada no menewa mu ma mframa atumi afa mu. Ɔyarefo no de ade hyɛ ne hwenem anadwo, na afiri a wɔde twe mframa a oduruyɛfo akyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ ɛyɛ adwuma no bɛma ɔyarefo no anya mframa a ohia no na ne home ansiw. Sɛ eyi antumi ansiesie tebea no a, wotumi fa akwan pii so yɛ oprehyɛn de twitwa menewa mu nam no bi.

Tɔnkomda

Nna ho yare foforo a ehia sɛ oduruyɛfo hwɛ ne tɔnkomda—ɛyɛ ɛhon nkwaadɔm ho yare a ɛma obi tumi da bere nyinaa bere a ade nsae. Sɛ nhwɛso no, na Buck ani tumi kum bere nyinaa. Sɛ wɔreyɛ nhyiam a ehia paa mpo a, ɛnkyɛ na wada. Enti ofii ase kuraa safe sɛnea ɛbɛyɛ na sɛ efi ne nsa tɔ fam bere a ɔretɔ nko no a, nnyigyei no anyan no. Ɛno akyi no, onyaa yare a ɛma ne ntini dwudwo ma enti sɛ n’ani gye, ne bo fuw, anaa ehu ka no a, na ne kotodwe nyinaa ahodwo. Nea edi hɔ ne sɛ ɛtɔ da a, ansa na nna bɛfa no no na amuntum akye no.

Mpɛn pii no, tɔnkomda fi ase bere a obi adi mfe 10 kosi 30. Bere bi wɔ hɔ a wɔn a wɔwɔ yare no bi no tebea sakrasakra nanso wontumi nkae nneɛma a wɔayɛ atwam no. Nea ɛyɛ hu wɔ yare yi ho ne sɛ etumi di mfe pii a wonhu, na nea wɔtaa ka fa nea wanya yare no ho ara ne sɛ ɔyɛ ɔkwadwofo, ne ti awu, anaa ɔnyɛ papa biara. Mprempren wobu yare no sɛ nea wontumi nsa, nanso wɔnam aduruyɛ ne asetram nsakrae a ɔyarefo no bɛyɛ so betumi asa yare no—a ɛsono sɛnea obiara ho betumi atɔ no afa. *

Nna Ho Yare Afoforo

Nna ho yare afoforo abien a ɛtɔ da a ne nyinaa ka onipa biako no tumi sɔ ɔyarefo no nan anaa ne nsa ma onya nnakorokoro a ɛkyɛ. Emu biako ne bere a ɔyarefo no nan anaa ne nsa tumi wosow bere tiaa bi, na ɛtɔ da bi a ɛpopo bere a wada no. Susuw Michael ho hwɛ. Nhwehwɛmu a wɔyɛe kyerɛe sɛ anadwo biara ne nan a ɛwosow no tumi ma onyan fi nna mu bɛyɛ mpɛn 350!

Yare foforo a ɛka eyi ho nso ne anan a entumi nna hɔ dinn. * Sɛ ɛba saa a ɔyarefo no te nka sɛ ɔnkeka ne ho mma ne kotodwe anaa ne nan so, ma etumi sɛe ne nna. Wɔkyerɛ sɛ sɛ obi ntaa nteɛteɛ n’apɔw mu anaa ne mogya mmɔ yiye a, na onya saa yare yi, nanso ebi wɔ hɔ a na efi anonne te sɛ kɔfe anaa tii a ɔnom. Ɛtɔ da a, mmosa a obi nom nso tumi ma yare no yɛ kɛse.

Nna ho yare foforo ne setwɛre. Sɛ obi taa twɛre ne sẽ bere a wada a, ebetumi ama ne sẽ ahi na n’apantan ayɛ no yaw ma wanya nnakorokoro a ano yɛ den. Sɛnea yare no te no na wogyina so sa. Wotumi yɛ anom oprehyɛn anaa wɔde ade hyehyɛ ɔyarefo no anom anadwo.

Nsɛm kakra a yɛaka afa nna ho yare pii a edi nsɛ ho no ma yehu sɛ sɛ yebu ani gu so a, ebetumi apira yɛn. Ebetumi aba sɛ ne sa bɛyɛ mmerɛw anaa ɛbɛyɛ den, nanso mpɛn pii no, ɛho hia sɛ yɛsa. Sɛ wo anaa wo dɔfo bi wɔ nnakorokoro a ɛkyɛ anaa ɔyɛ nneɛma a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ nna ho yare a ano yɛ den a, ɛbɛyɛ papa sɛ mobehu oduruyɛfo ntɛm. Sɛ wɔsa na sɛ ankɔ koraa a, ebetumi atew asiane a ebetumi afi mu aba no so na ama ayɛ mmerɛw sɛ obiara begyina tebea no ano. Afei daakye nso, bere a Bible bɔhyɛ ahorow renya mmamu no, ‘ɔmanfo no mu biara renka sɛ: meyare.’ Wobeyi nyarewa nyinaa afi hɔ bere Onyankopɔn ‘yɛ ade nyinaa foforo no.’—Yesaia 33:24; Adiyisɛm 21:3-5.

[Ase hɔ nsɛm]

^ Ɛsono nkorɔm basabasa a ano yɛ den na ɛsono nea ano nyɛ den a ɛtɔ da a nnipa pii huam—a nea ɛhaw adwene wɔ ho ara ne sɛ etumi nyan wɔn a wɔne nea ɔrehuam nkorɔm no da dan koro mu no.

^ Sɛ wopɛ tɔnkomda ho nsɛm pii a, hwɛ Engiresi Nyan! a ɛbae April 8, 1991, kratafa 19-21.

^ Hwɛ yare yi ho nsɛm pii wɔ Engiresi Nyan! a ɛbae, November 22, 2000 no mu.

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Oduruyɛfo na ɛsɛ sɛ yɛma ɔhwɛ nna ho yare

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Nkorɔm betumi ayɛ ɔhome a esiw wɔ nna mu ho sɛnkyerɛnne

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Wɔtaa di mfomso susuw sɛ obi a ɔyare tɔnkomda yɛ ɔkwadwofo

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Ade a wɔde hyɛ menewa mu no betumi ama ɔhome a esiw wɔ nna mu no agyae