Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Mogya Ko a Wowɔ no na Ɛkyerɛ Wo Nipasu?

So Mogya Ko a Wowɔ no na Ɛkyerɛ Wo Nipasu?

Bible no Adwene

So Mogya Ko a Wowɔ no na Ɛkyerɛ Wo Nipasu?

WƆ AMAN bi mu no, wɔtaa gyina mogya kuw a obi wɔ so kyerɛ ne nipasu. Wɔ Japan, sɛ nhwɛso no, ebinom taa bisa asɛm yi de fi nkɔmmɔbɔ ase: “Mogya kuw bɛn mu na wowɔ?” Nnipa a wogyina saa nsusuwii yi akyi no ka sɛ nnipa a wɔwɔ mogya kuw a wɔfrɛ no A mu no dwo, wodi wɔn asɛyɛde ho dwuma, nanso wonni afoforo ho adwempa. Ɛnna nnipa a wɔwɔ mogya kuw a wɔfrɛ no B mu no nso wɔ ayamye su, wɔyɛ dinn, na ɛnyɛ den sɛ wɔbɛdaadaa wɔn, ne nea ɛkeka ho. Wɔka nso sɛ ebetumi ayɛ den anaasɛ ayɛ mmerɛw ama obi sɛ ɔne onipa foforo a ɔne no nni mogya kuw koro mu no bɛbɔ.

Esiane nsusuwii yi nti, ebinom bu mogya kuw a obi wom sɛ ade a ɛho hia a wogyina so hyehyɛ adesuafo wɔ sukuu mu, paw adwumam mpanyimfo, anaasɛ wɔde paw ahokafo mpo. So adanse bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ mogya kuw a yɛwom na ɛkyerɛ yɛn nipasu? So Bible nkyerɛkyerɛ bi wɔ hɔ a ɛfa asɛm yi ho?

Mogya Mu Nkyekyem, Ɛyɛ Dɛn?

The World Book Multimedia Encyclopedia kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ahoɔdennuru bi a wɔfrɛ no antigens wɔ mogya mu nkwammoaa kɔkɔɔ no nkataho mu. Na ahoɔdennuru yi bɛboro 300 na wɔahu.” Bere a nnipa binom wɔ ahoɔdennuru ahorow bi no, afoforo nni bi, na ahoɔdennuru no bi ntumi ne afoforo mmom ntra. Ne saa nti, sɛnea nhoma no ka no, “nyansahufo agyina wɔ a obi wɔ ahoɔdennuru no bi anaasɛ onni bi no so akyekyɛ nnipa mogya mu akuwakuw.”

Mogya mu nkyekyɛm a nnipa dodow no ara gye tom ne ABO, na wogyina ɛno so kyekyɛ nnipa mogya mu akuw anan—A, B, AB, ne O. Afei nso, wɔtaa gyina mogya mu nkwammoaa a wɔko tia nyarewa so kyekyɛ mogya mu. Nokwarem no, ɔkwan a wɔfa so kyekyɛ mogya mu no gu ahorow 20. Enti ɛda adi pefee sɛ mogya mu nneɛma dɔɔso. Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Esiane sɛ ahoɔdennuru a ɛwɔ mogya mu nkwammoaa kɔkɔɔ mu gu ahorow nti, ɛma ɛyɛ den paa sɛ nnipa a wɔnnyɛ ntafo a wodi nsɛ bɛwɔ mogya kuw biako mu.”

Eyi ma yehu sɛ ɛsono obiara “mogya.” Enti ka a wɔka sɛ nnipa a wɔwɔ mogya kuw biako mu wɔ nipasu koro no nni nnyinaso biara. Yɛn nipasu gyina nneɛma pii so.

Yɛn Nipasu Gyina Dɛn So?

Encyclopædia Britannica kyerɛ sɛ: “Nipasu yɛ nneyɛe bi a obi nya fi awo mu anaasɛ osua, na ɛma ankorankoro biara da nsow.” Nea ɛka su a yenya fii awo mu ho no, nneɛma afoforo te sɛ tebea a abusua bi wom, ntetee, fekubɔ, ne asetra mu osuahu ahorow betumi aka ankorankoro nipasu. Ne saa nti yɛn nipasu nnyina yɛn awosu nkutoo so. Ɛsono ntafo a wɔsɛ wɔn ho a wɔwɔ awosu koro mpo mu biara nipasu.

Nokwasɛm foforo a ɛho hia ne sɛ obi nipasu betumi asesa nkakrankakra anaasɛ biribi betumi aka no ma wasakra mpofirim. Ɔsomafo Paulo sii tumi a Kristofo nkyerɛkyerɛ wɔ a etumi sakra nnipa no so dua. Ɔkyerɛwee sɛ: “Munyi onipa dedaw no ne ne nneyɛe ngu, na monhyɛ onipa foforo a wɔyɛ no foforo kɔ nimdeɛ mu nea ɔbɔɔ no no suban so no.” (Kolosefo 3:9, 10) Kristofo nim sɛ wɔyɛ abɔnefo na wɔanya subammɔne afi awo mu. Sɛ Onyankopɔn begye wɔn atom a, na ɛsɛ sɛ wɔsesa wɔn nipasu.

Dɛn na ɛma wotumi yɛ nsakrae a ɛte saa? Egyina ahoɔden a Onyankopɔn asɛm wɔ so. Paulo kyerɛw faa nkɛntɛnso kɛse a Onyankopɔn asɛm a ɛwɔ Bible mu nnɛ no wɔ no ho sɛ: “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu, na ano yɛ nnam sen nkrante anofanu biara, na ehwirew mu kodu sɛ ɛpaapae ɔkra ne honhom, akwaa ne hon mu, na ɛyɛ koma nsusuwii ne adwene temmufo.” (Hebrifo 4:12) Sɛ obi ma Onyankopɔn honhom yɛ ne mu adwuma na ɔbɔ mmɔden sɛ obedi abrabɔ pa ho gyinapɛn a ɛwɔ Bible mu no akyi a, ne nipasu betumi asesa nkakrankakra. Kristofo nipasu a ɛte saa no bi ne “ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, abodwokyɛre.”—Kolosefo 3:12.

Ɛsɛ sɛ Kristofo Da Ntease Adi

Nokwarem no, Bible mu nnyinasosɛm biara nni hɔ a ɛbara mogya akuw mu nhwehwɛmu a obi bɛyɛ. Nanso sɛ́ mogya kuw betumi anya nnipa nneyɛe so nkɛntɛnso no nso yɛ asɛm foforo. Sɛnea ɛte wɔ asetra mu nsɛm nyinaa ho no, ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn Asɛm kyerɛ yɛn anammɔn kwan. (Dwom 119:105) Na saa ara nso na ɛsɛ sɛ yɛda ntease adi.—Filipifo 4:5.

Ɛbɛyɛ nea ntease nnim sɛ obi begyina mogya kuw a ɔwɔ so ayi ne ho ano, bere a ɔmmɔ mmɔden biara sɛ ɔbɛsakra ne sintɔ ahorow. Ɛmfa ho sɛnea wɔn awosu te biara no, ɛsɛ sɛ Kristofo kɔ so nwene wɔn nipasu ma ɛne su horow a Yehowa ne Yesu wɔ hyia.—Efesofo 5:1.

Bio no, Kristofo bɔ mmɔden sɛ wobebu afoforo sɛnea Yehowa bu wɔn no. “Onyankopɔn nhwɛ onipa anim.” (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Yehowa ani gye nnipa nyinaa ho, na ogye wɔn tom. Ne saa nti, ɛbɛyɛ nea ntease nnim na ɛmfata Kristofo sɛ wɔbɛpo sɛ wɔne nnipa bi bɛbɔ esiane mogya ko a wɔwɔ nti. Na saa ara nso na ɛmfata sɛ yɛne wɔn a yɛne wɔn mogya “hyia” no nkutoo bɔ. Bible no de afotu ma sɛ: “Sɛ mohwɛ anim yiyi nnipa mu a, moyɛ bɔne.”—Yakobo 2:9.

Bere a nyansahu ne mfiridwuma ho nimdeɛ nya nkɔanim no, ɛde nipadua ho nsɛm afoforo ne nkyerɛkyerɛ pii ba. Ɛnyɛ nwonwa sɛ adwene a ɛte saa no bɛtwetwe obi. Nanso, ɛsɛ sɛ Kristofo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma Bible no akyerɛ wɔn nsusuwii kwan mmom sen sɛ wobedi nnipa nkyerɛkyerɛ akyi. Ehia sɛ Kristofo ‘sɔ ade nyinaa hwɛ, na woso nea eye no mu’ wɔ asetram biribiara a wɔyɛ mu.—1 Tesalonika 5:21.