Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dua a Etumi Nyin Kyɛ Wɔ Asase Pradadaa So

Dua a Etumi Nyin Kyɛ Wɔ Asase Pradadaa So

Dua a Etumi Nyin Kyɛ Wɔ Asase Pradadaa So

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ NAMIBIA HƆ

WƆ NAMIB Anhweatam a ɛwɔ Afrika anafo fam atɔe ha no, mframa pa bɔ. Ewim tew, nanso owia repue no na ahohuru nso reba. Woto w’ani a, anhwea ne mmosea nko ara na wuhu. Yɛde ahodwiriw hwehwɛɛ hɔ. Dɛn na abua nohoa hɔ te sɛ dɔtɔ yi? Yɛbɛn ho no, yebehui sɛ ɛyɛ dua nwonwaso Welwitschia mirabilis a ne nsɛso nni baabiara wɔ wiase. Asɛmfua mirabilis yɛ nyansahu mu din a efi Latin kasa mu a ɛkyerɛ “biribi a ɛyɛ nwonwa.”

Angola ne Namibia anhweatam so nko na welwitschia nnua fifi. Esiane sɛ ɛsono dua no koraa wɔ nnua foforo ho nti, nyansahufo ka sɛ dua foforo biara ne no nsɛ. Nnua ne afifide ho ɔbenfo Chris Bornman kyerɛwee wɔ ne nhoma Welwitschia—Paradox of a Parched Paradise mu sɛ: “Nnua ahorow 375,000 a nnipa nim nyinaa mu biara nni hɔ a nnua ne afifide ho animdefo ani gye ho kɛse sɛ Welwitschia, nso nnipa ntumi nkyerɛɛ ne su pɔtee.”

Sɛ wohwɛ Welwitschia a, ɛte sɛ dunsin bi a wura abua ho, nanso dua no nhaban yɛ mmienu pɛ. Sare so mframa no ma emu tetew nteateaa. Afrikaans kasa mu no edin a wɔde frɛ dua yi ase ne “nhaban mmienu a entumi nwu.” Saa din no fata no yiye! Sɛ ade kye wɔ ha a, wim tumi yɛ hyew paa, nanso sɛ ade sa a, mframa a ano yɛ nwini a ɛbɔ wɔ anhwea pradadaa no so no de awɔw kɛse ba. Nnua pii nhini na ɛtwetwe nsu fi asase mu nanso welwitschia nte saa. Afe mũ no nyinaa, nsu kakraa bi na ɛtɔ wɔ Namib anhweatam no so. Edu bere bi mpo a, nsu ntɔ mfe pii mu. Tebea a ɛte saa mu mpo welwitschia nhaban no kɔ so yɛ frɔmfrɔm. Nyansahufo adwene sɛnea etumi kɔ so yɛ frɔmfrɔm no ho akyɛ. Wosusuw sɛ, ɛbɛyɛ sɛ welwitschia nhaban no twetwe nsu fi ɛbɔ a ɛpo mframa ma esi anhweatam no so anɔpa biara no mu.

Welwitschia nhaban mmienu no kɔ so nyin, na ɛmpo kosi sɛ dua no bewu. Wɔbaee ahaban biako mu no, na ne tenten du bɛyɛ mita 9 (anamɔn 28)! Sɛ welwitschia ahaban no ano nwu ma ɛntetew ngu a, hwɛ sɛnea anka ne tenten bɛyɛ! Sɛnea Veld & Flora nsɛmma nhoma a ɛka nyansahu mu nsɛm kyerɛ no, “anka welwitschia a etumi di mfe 1,500 no ahaban bɛyɛ tenten akodu mita 225 (anamɔn 740).” Enti dua no tumi nyin kyɛ saa? The World Book Multimedia Encyclopedia si so dua sɛ: “Welwitschia nnua nnyin ntɛmntɛm na ɛtaa di mfe 1,000 kosi 2,000.”

Welwitschia dua tumi nyin kyɛ ampa. Dɛn na etumi ma dua soronko no nyin kyɛ saa wɔ anhwea pradadaa so? Nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara ne sɛ yɛbɛda Yehowa Nyankopɔn, Ɔbɔadeɛ Nyansafo a “Ɔma wura fifi ma . . . onipa” no ase.—Dwom 104:14.