Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Emu Nsɛm Som Bo Paa’

‘Emu Nsɛm Som Bo Paa’

‘Emu Nsɛm Som Bo Paa’

Saa na ayarehwɛbea bi a ɛwɔ Illinois, U.S.A., no kwankyerɛfo kae wɔ Bere a Obi a Wodɔ No Awu nhomawa no ho. Yehowa Dansefo bi a ɔkenkanee wɔ Nyan! nsɛmma nhoma mu sɛ nkwakora ne mmerewa taa di wɔn ho dɔm no na ɔde nhomawa ne saa Nyan! no manee no. Ayarehwɛbea kwankyerɛfo no nsa kaa nhoma yi ara na ɔmaa ho mmuae.

Ɔkwankyerɛfo no kaa sɛ Bere a Obi a Wodɔ No Awu no mu nsɛm som bo paa no, ɔde kaa ho sɛ: “M’ani begye sɛ mede nhomawa yi bi . . . bɛma mmusua de nyansa ne Bible mu nsɛm a ɛwom no akyekye wɔn werɛ.”

Ɔdansefo no yɛɛ ntɛm frɛɛ ɔkwankyerɛfo no wɔ telefon so ne no yɛɛ nsrahwɛ ho nhyehyɛe. Ɔkwankyerɛfo no srɛɛ sɛ ɔmmrɛ no nhomawa no 20 na afei bosome mmienu anaa mmiɛnsa biara ntam ɔmfa bi mmɛka wɔn ho.

Ebia wo anaa obi a wunim no benya awerɛkyekye afi nhomawa a ekura nkratafa 32 yi mu. Sɛ wopɛ sɛ wo nsa ka nhomawa yi bi a, hyehyɛ kratasin a ɛwɔ ase hɔ no na fa mena address a ɛwɔ so no anaa nea ɛfata a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 5 no.

□ Momfa Bere a Obi a Wodɔ No Awu nhomawa no bi mmrɛ me.

□ Mesrɛ sɛ mo ne me mmɛyɛ ofie Bible adesua a wontua hwee.