Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Gyidi ho Sɔhwɛ

Gyidi ho Sɔhwɛ

Gyidi ho Sɔhwɛ

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ GREAT BRITAIN HƆ

RICHMOND yɛ kurow a ɛyɛ fɛ wɔ North Yorkshire, England. Sɛ wugyina n’abankɛse a wosii no Norman nkonimdi no akyi bere tiaa bi wɔ 1066 mu no mu a, wutumi hu Swale asubɔnten no asubɔnka a ɛkɔfa Yorshire Dales National Park no.

Television so dwumadi a wɔato din The Richmond Sixteen (Richmond Mmarima Dunsia) no ama abankɛse no ho abakɔsɛm a esii yɛn bere yi so no ada adi—asɛm a ɛtoo mmarima 16 a wɔn ahonim nti wɔankɔ ɔko wɔ Wiase Ko I mu ma enti wɔde wɔn guu afiase no. Dɛn na ɛtoo wɔn?

Nnipa a Wɔkyere Wɔn Kɔ Sraadi

Bere a Britain fii ɔko ase wɔ 1914 mu no, ɔman ho dɔ maa mmarima bɛyɛ 2,500,000 de wɔn ho hyɛɛ sraadi mu. Ɔko ho abakɔsɛm kyerɛwfo Alan Lloyd ka sɛ, bere a ɛbɛdaa adi sɛ asraafo no pii apirapira, nanso na ɔko no nnya mmaa awiei sɛnea amammuifo hyɛɛ ho bɔ nti, ɛmaa “asraadi bɛyɛɛ nhyɛ a na wɔnsrɛ nkurɔfo bio.” Enti bere a edi kan koraa wɔ Britain abakɔsɛm mu no, wɔhyɛɛ mmarima ahokwafo de wɔn kɔɔ sraadi wɔ 1916 mu.

Wɔhyehyɛɛ asɛnnibea soronko 2,000 a wɔde betie amanfo nsɛm, nanso nnipa kakraa bi na esiane wɔn ahonim nti wɔamma wɔankɔ sraadi. Wɔmaa wɔde wɔn a wɔn ahonim nti na wɔmpɛ sɛ wɔkɔ ɔko no mu pii kɔyɛɛ nnwuma a na ɛbɛboa asraafo a wɔwɔ akono no. Wobuu wɔn a wɔampene sɛ wɔbɛyɛ nnwuma a ɛte saa no sɛ atuatewfo a ɛsɛ sɛ wɔhyɛ wɔn ma wɔkɔ ɔko, enti wodii wɔn asɛm. Wɔyɛɛ wɔn ayayade de wɔn guu afiase adan bi a na wonnya wɔn ho twabere koraa mu.

Richmond Mmarima Dunsia No

Ná Bible Asuafo, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no, mu baanum ka Richmond Mmarima Dunsia no ho. Herbert Senior a ɔbɛyɛɛ Bible Suani wɔ 1905 mu bere a na wadi mfe 15 no kyerɛwee bɛyɛ mfe 50 akyi sɛ: “Wɔde yɛn guu afiasedan a na emu yɛ sum kabii mu. Sɛnea na efĩ adɔre afiasedan no mu no kyerɛ sɛ na wɔmfaa nnipa nkoguu mu mfe pii ni.” Wɔayi nkyerɛwee ne nneɛma afoforo a nneduafo no kyerɛkyerɛw guu afasu ho a na ɛso akata no akyerɛ ɔmanfo wɔ baguam nnansa yi. Na ebi yɛ edin ahorow ne nsɛm a wɔakyerɛwkyerɛw, nneduafo no adɔfo ho mfonini, ne wɔn gyidi ho nsɛm.

Ɔdeduani bi kyerɛwee tiawa sɛ: “Eye sɛ mekura me gyidi mu awu sen sɛ mewu a minni gyidi.” Nsɛm no bi fa Yesu Kristo ne ne nkyerɛkyerɛ ho, afei na wɔadi mmeamudua ne ahemmotiri ahyɛnsode a saa bere no na Amanaman Ntam Bible Asuafo Fekuw (IBSA) no de di dwuma no ho adwini fɛfɛɛfɛ wɔ afasu no ho. Herbert Senior kae sɛ odii “Bere Akontaabu Pon” a ɛwɔ Bible adesua nhoma The Divine Plan of the Ages mu no ho adwini guu afiasedan a na ɔwom no afasu ho, nanso wonnya nhui. Ebia na ɛka afiasedan kɛse no afasu ho nkyerɛwee a ayera no ho anaasɛ ɛhyɛ beae foforo. Nkyerɛwee foforo kenkan sɛ: ‘Clarence Hall, Leeds, I.B.S.A. May 29th, 1916. Wɔde me kɔɔ France.’

Wɔde Wɔn Kɔɔ France—Nanso Wɔsan Bae

Ná France ne Belgium akofo no pii retotɔ akono a na enye koraa. Enti na ɔko ho soafo panyin Horatio Herbert Kitchener ne Britian Sahene Douglas Haig hia asraafo pii a na mmarima awarefo nso ka ho. Eduu May 1916 no, na wɔahyɛ mmarima yi de wɔn kɔ sraadi. Nea ɛbɛyɛ na wɔahyɛ mmarima ma wɔde wɔn ho ahyɛ akodi mu no, mpanyimfo no kunkum ebinom a ahonim nti na wɔmpɛ sɛ wɔkɔ ɔko no de hunahunaa wɔn. Enti wɔde tuo gyinaa Richmond Mmarima Dunsia no so de nkɔnsɔnkɔnsɔn guguu wɔn nsa de wɔn guu keteke mu faa kwantenten bi so kɔɔ France a obiara anhu wɔn. Heritage nsɛmma nhoma ka sɛ: Bere a woduu Boulogne mpoano no, “wɔde dade nsɔe kyekyeree mmarima no fam dua ho te sɛ nea wɔrebɔ wɔn asɛndua mu,” na asraafo kuw bi bɔɔ Britainni bi a oguanee tuo kum no wɔn anim. Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ sɛ wɔantie nea wɔbɛka akyerɛ wɔn a, saa ara na ɛbɛto wɔn.

Wɔ June 1916 mfinimfini mu no, wɔmaa nneduafo no bɔɔ nsra wɔ asraafo 3,000 anim sɛ wɔrebebu wɔn kumfo, nanso saa bere yi de, na Kitchener awu ma Britain soafo panyin no de ne ho agye asɛm no mu. Na obi akyerɛw krataa akɔma atumfoɔ a wɔwɔ London no ma wɔatwa asraafo ahyɛde no mu. Wɔde ahyɛde maa Ɔsahene Haig sɛ ontwa wɔn a na wɔabu wɔn kumfɔ no nyinaa atemmu no mu na wɔmfa wɔn nkogu afiase mfirihyia du.

Amanneɛbɔ a efi aban mu kyerɛ sɛ bere a wɔde Richmond Mmarima 16 no san baa Britain no, wɔde wɔn mu binom kɔɔ baabi a Scotlandfo pae abo ma wɔkɔyɛɛ “adwuma a ɛho bɛba ɔman no mfaso” wɔ tebea a na enye koraa mu. Woyii nneduafo afoforo a na Herbert Senior ka wɔn ho no fii asraafo afiase de wɔn kɔɔ ɔmanfo afiase.

Asuade a Ɛwom

Esiane sɛ afiasedan no agogow nti, wɔayɛ baabi a wɔde nneɛma kyerɛ wɔ Richmond Abankɛse no mu a mprempren English Heritage adwumakuw no na wɔhwɛ so. Wɔnam kɔmputa so yi mfonini bi a ɛma nsrahwɛfo tumi hu sɛnea nneɛma te ankasa nanso wɔnsɛe no. Adesuafo a wɔkɔ hɔ nsrahwɛ no ani gye sɛ wohu sɛ ahonim nti na nnipa bi penee so sɛ wobehu amane wɔ afiase, na mpo wɔde wɔn nkwa too asiane mu esiane wɔn gyidi a na emu yɛ den nti.

Richmond Mmarima Dunsia no “tumi maa ɔmanfo nyinaa huu ahonim ho ɔsɛmpɔw no na nnipa pii tee wɔn ase afei.” Eyi boaa atumfoɔ no ma wonyaa wɔn a wɔkyerɛw wɔn din sɛ ahonim nti wɔrenkɔ ɔsa wɔ Wiase Ko II mu no ho ntease kɛse.

Wɔ afe 2002 mu no, wohyiraa turo fɛfɛ bi a ɛwɔ abankɛse no mu so maa nkurɔfo bi a na Richmond Mmarima Dunsia no ka ho de kyerɛɛ wɔn gyidi a wokuraa mu no ho anisɔ.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 28, 29]

Fi benkum kɔ nifa: Richmond Abankɛse no abantenten a wosii no afeha a ɛto so 12 mu a afiase adan wom

Herbert Senior, Richmond Mmarima Dunsia no mu biako

Afiase adan a wɔde Richmond Mmarima Dunsia guu mu no biako

Ɔfasu ho nkyerɛwee: Afiase afasu ho nkyerɛwee bi a aka