Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mfomso Bɛn na Ɛwɔ Telefon So Nguamansɛm Mu?

Mfomso Bɛn na Ɛwɔ Telefon So Nguamansɛm Mu?

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Mfomso Bɛn na Ɛwɔ Telefon So Nguamansɛm Mu?

AMERIKA nsɛmma nhoma bi a agye din kyerɛ sɛ “telefon so nguamansɛm abesi ɔdɔ ho nkrataakyerɛw ananmu sɛ ɔkwan a adɔfo a wɔnte mmɛn fa so di nkitaho.”

Dɛn ne telefon so nguamansɛm? Ɛyɛ nkɔmmɔ a wodi fa nna ho kɔ akyiri wɔ telefon so. * Wɔn a wɔbɔ saa nkɔmmɔ no taa goru wɔn awode ho de dwudwo wɔn nkate ano. Sɛ́ ahuhusɛm no kɔ so wɔ nnipa a wɔrebɛware anaasɛ wɔn a wonnim wɔn ho ntam no, telefon so nguamansɛm aba so paa. Nokwasɛm ne sɛ ebinom mpo rehyɛ ho nkuran pefee.

Ɔbaa bi kyerɛ sɛ: “Ɛno ne ɔbarima ne ɔbaa nna a asiane nnim koraa.” Ɛda adi sɛ nnipa pii ne no yɛ adwene. Sɛ nhwɛso no, esiane sɛ na HIV yare resan nnipa pii nti, wɔ October 2000 mu no, Russiafo nnuruyɛfo bi bɔɔ dawuru wɔ atesɛm nkrataa mu de hyɛɛ telefon so nguamansɛm ho nkuran.

Nnipa foforo nso de, wɔhyɛ telefon so nguamansɛm ho nkuran de pɛ sika. Wɔ United States, sɛ nhwɛso no, nkurɔfo tua sika ma nnwumakuw de tie ahuhusɛm wɔ telefon so—eyi ama saa nnwumakuw no anya wɔn ho tam.

Dɛn nti na saa ade yi abu so saa? Nhoma bi a wɔato din The Fantasy Factory a ɛyɛ nhwehwɛmu wɔ telefon so nguamansɛm mu no kyerɛe sɛ: “Asiane wom sɛ obi de ne ho betwitwiw obi de agyegye n’ani. Etumi de yare a wonya fi ɔbarima ne ɔbaa nna mu, dinsɛe, aniwu, ne akɔnnɔ bɔne mu ɔhaw ba. Telefon so nguamansɛm tew ɔhaw a ɛtete saa no so koraa.”

Ɛwom sɛ nnipa a wɔbɔ saa nkɔmmɔ wɔ telefon so no nsoso wɔn ho mu de, nanso ɛno kyerɛ sɛ mfomso anaa asiane biara nni mu koraa?

So Asiane Nni Telefon So Nguamansɛm Mu?

Nna ho akɔnnɔ mu yɛ den kɛse wɔ mmerantebere ne mmabaabere mu. Bible no frɛ saa bere yi a nna ho akɔnnɔ mu yɛ den sen bere biara no sɛ ‘babunbere.’ (1 Korintofo 7:36) Wɔ saa bere titiriw yi mu no, ɛsɛ sɛ Kristoni aberante anaa ababaa hu sɛnea “obenya n’ankasa n’ade ahotew ne nidi mu.” (1 Tesalonikafo 4:4) Ɛne sɛ, ehia sɛ wutumi gyina nna ho nkate no ano na wudi so. Ɛno na ɛbɛboa ma woanya nna ho adwene a ɛfata.

Telefon so nguamansɛm de, ɛkyerɛkyerɛ sɛ nhyɛ w’akɔnnɔ so na mmom fa gyigye w’ani. Nea ɛsen saa koraa ne sɛ ɛma nkurɔfo nya ɔbaa anaa ɔbarima ho adwene a akyea na ɛyɛ aniwu. Bible kyerɛ sɛ awarefo nko ara na wɔwɔ ho kwan sɛ wɔne wɔn ho da. (Hebrifo 13:4) Telefon so nguamansɛm hyɛ mmerante ne mmabaa a wɔnwaree nkuran sɛ wɔnhwehwɛ nna mu anigye mmom. Bible kyerɛ sɛ nokware anigye fi ɔma mu, ɛnyɛ ogye mu. (Asomafo no Nnwuma 20:35) Nanso telefon so nguamansɛm kyerɛkyerɛ sɛnea obi de afoforo begyigye n’ani. Bible kyerɛkyerɛ awarefo sɛnea wɔbɛfa ɔdɔ ne ahotoso so anya abusuabɔ a emu yɛ den. (Efesofo 5:22, 33) Telefon so nguamansɛm de, nea ɛhyɛ ho nkuran mmom ne sɛ obi de n’anim besie a ne yam nhyehye no mma afoforo.

Suban a Epira

Tete Korinto gyee din sɛ kurow a ɔbrasɛe wom paa. Enti ɛfata sɛ ɔsomafo Paulo kyerɛw Kristofo a na wɔwɔ hɔ no sɛ: “Misuro sɛ ebia, sɛnea ɔwɔ no de n’anitew bɛdaadaa Hawa no, saa ara nso na wɔbɛsɛe mo adwene afi Kristo fam kronnyɛ no ho.” (2 Korintofo 11:3) Telefon so nguamansɛm yɛ ade biako a nnɛ Ɔbonsam de resɛe mmerante ne mmabaa suban.

Telefon so nguamansɛm abɛyɛ suban bi a mmerante ne mmabaa binom ntumi nhyɛ so koraa. Aberante bi a yɛbɛfrɛ no Jim di “eyi” ho adanse. Jim huu telefon nɔma bi a wotumi frɛ de ka aguamansɛm. Ɔde nɔma no too ne tirim na akyiri yi ɔfrɛe sɛ ɔde rehwɛ sɛnea ɛte. Afei ɔtoatoaa so frɛe araa ma, n’ani baa ne ho so no, na wabɔ telefon ho ka bɛyɛ ₡5,000,000!

Afei nso, sɛ wohyɛ da ma akɔnnɔ bɔne ba wo tirim bere a wonwaree a, etia Onyankopɔn Asɛm mu afotu a ɛhyɛ nkuran yi: “Enti, munkum mo akwaa a ɛwɔ asase so no: aguamammɔ, afideyɛ, akɔnnɔ nhyɛso.”—Kolosefo 3:5.

Nantew a Edi Aware Anim Mu Asiane

Ɛnde mmerante ne mmabaa a wɔn nantew kyerɛ sɛ wɔrebɛn aware ho nso ɛ? Ɛwom, ɛyɛ ne kwan so sɛ nnipa a wɔdɔ wɔn ho bedi wɔn nkate ho nkɔmmɔ. Bible mmere mu no, ababaa bi a osuro Onyankopɔn kaa ne dɔfo ho asɛm sɛ: “Me de, meyɛ me dɔfo de, na me na n’ani gyina me.” (Nnwom mu Dwom 7:10) Ɛfata sɛ adɔfo a wɔn aware abɛn no bedi atirimsɛm. Nanso, telefon so nguamansɛm yɛ ɔkwan pa a wɔfa so bɔ ɔdɔ ho nkɔmmɔ?

Dabi. Ɛsɛ sɛ adɔfo a wɔrebɛware mpo di ɔsomafo Paulo afotu no akyi: “Na aguamammɔ ne afideyɛ nyinaa anaa anibere de, mommma wɔmmmɔ din po wɔ mo mu, sɛnea ɛsɛ ahotefo, ɛne aniwude ne nkwaseasɛm anaa asereseresɛm a ɛnsɛ, na mmom aseda. Efisɛ munim dedaw sɛ aguaman biara anaa afideyɛfo anaa oniberefo a ɔyɛ ɔbosonsonni nni apɛgyade Kristo ne Nyankopɔn ahenni mu.”—Efesofo 5:3-5; Kolosefo 3:8.

Atirimsɛm a wɔhyɛ da de twetwe nguamansɛm anaa ɛma obi goru n’awode ho no ho ntew wɔ Yehowa ani so. Ebetumi ama wɔato Onyankopɔn mmara akɛse mpo. Sɛ nhwɛso no, na adɔfo bi a wɔrebɛware nanso wɔnte faako taa di wɔn ho nkɔmmɔ wɔ telefon so sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu wɔn ho. Nanso ankyɛ na wɔn nkɔmmɔbɔ no dan kɔɔ nguamansɛm so. Wɔn nkɔmmɔ a edidi so no kaa nna ho nsɛm kɔɔ akyiri. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ bere a wonyaa kwan hyiae no, wɔde wɔn ho hyɛɛ nneyɛe a ɛmfata mu.

Ampa ara ɛsɛ sɛ yɛn a yɛpɛ sɛ yɛsɔ Onyankopɔn ani no hwɛ yiye na yɛankɔtɔ telefon so nguamansɛm afiri no mu. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

‘Hyɛ Wo Nipadua Ahometew’

Sɛ́ obi begyae telefon so nguamansɛm no betumi ayɛ den. Enti sɛ yɛbɛsɔ Yehowa ani a, ehia sɛ ‘yɛhyɛ yɛn nipadua ahometew, na yedi no nya.’ (1 Korintofo 9:27) Sɛ wobɔ nguamansɛm ho nkɔmmɔ wɔ telefon so a, dɛn nti na wonhwehwɛ ɛho mmoa? Ɛbɛyɛ papa sɛ wobɔ w’awofo a wɔyɛ Kristofo no amanneɛ. Ɛwom, ebia wɔn bo befuw wo de, nanso wɔn na wobetumi aboa wo yiye sɛnea ɛbɛyɛ a worensan nkɔyɛ bio. Yehowa Adansefo asafo a wowom no mu mpanyimfo nso ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo.

Sɛ worebɛware a, si wo bo sɛ wubedi wo ho ni, bere a worekasa telefon so mpo. Leticia yɛ Kristoni baa a ɔrebɛware na ose: “Me ne me dɔfo no abom akenkan nsɛm a egyina Bible so a ɛfa ahotew ho na yɛn ani agye sɛnea aboa yɛn ma yɛakura ahotew mu no ho.” Sɛ ɛba sɛ mo nkɔmmɔbɔ no redan akɔ nsɛm a ɛho ntew so a, nya akokoduru fa sesa asɛm no. Mommom nsusuw hia a ehia sɛ mobɛma mo nkɔmmɔbɔ ho atew ho.

Wɔ aman bi so no, wɔbɔ telefon so nguamansɛm ho dawuru wɔ television so bere a ade asa paa no. Enti ebia nea ɛbɛboa ara ne sɛ wubegyae ɔdasum TV hwɛ. Obi awode a obegoru ho no kanyan nna ho akɔnnɔ, entumi mmrɛ no ase. Enti ehia paa sɛ wokwati saa afideyɛ no. * Sɛ wode w’adwene si nneɛma pa so a, wubetumi atu nsusuwii bɔne ase. (Filipifo 4:8) Wo ne nnamfo a wɔn kasa ho tew mmɔ, na kenkan Onyankopɔn Asɛm ne Kristofo nhoma daa fa hyɛ wo ho den. Saa kwan yi so no, woremma nsɛnhunu kwan mma ɛmmɛsɛe w’adwene. Nea ehia paa ne sɛ wobɛbɔ Onyankopɔn mpae asrɛ ne hɔ mmoa. Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Momfa mo dadwen ne haw nyinaa nto no so, efisɛ odwen mo ho.”—1 Petro 5:6, 7.

Kristoni ababaa bi a ofi Brazil ka sɛ: “Wɔhyɛ mmerante ne mmabaa so kɛse sɛ wɔmmɔ aguaman.” Nanso Yehowa nim nsɛnnennen a wuhyia. Enti nya awerɛhyem sɛ ɔbɛboa wo ɔkwan biara so ma woakura w’ahotew mu wɔ n’anim.—Efesofo 6:14-18.

[Ase hɔ nsɛm]

^ Ɔbra bɔne a ɛte saa ara kɔ so wɔ Intanɛt so nkɔmmɔbɔ mu.

^ Obi a odi n’awode ho agoru betumi anya nyansahyɛ a ɛbɛma wagyae wɔ Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma a Yehowa Adansefo atintim, no nkratafa 198-211, mu.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 20, 21]

Ɛsɛ sɛ ɔbarima ne ɔbaa a wɔrebɛware hwɛ yiye na wɔammɔ afide ho nkɔmmɔ

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 20, 21]

Telefon ne ne Intanɛt so nguamansɛm ho nkɔmmɔ redɔɔso

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Wokenkan Onyankopɔn Asɛm ne Kristofo nhoma horow a, ɛbɛhyɛ wo den bere a woasi wo bo sɛ wobɛma wo ho atew no