Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmoa—Nya Wɔn Ho Anigye Daa

Mmoa—Nya Wɔn Ho Anigye Daa

Mmoa—Nya Wɔn Ho Anigye Daa

HWƐ sɛnea mmoa si gu ahorow, na ɛsono wɔn mu biara su! Ɔdɔ ne ayamhyehye a yebenya ama wɔn no yɛ ɔkwan biako a yebetumi afa so abɛn wɔn Bɔfo no. Maria nhwɛso no ma yehu eyi.

Bɛyɛ mfe abiɛsa a atwam ni a na Maria te Lisbon, Portugal no, ne kraman a n’ani gye ne ho yerae, ma enti ɔma wɔbɔɔ eyi ho dawuru wɔ radio so. Yehowa Dansefo bi a na wahu kraman a wɔreka ne ho asɛm no ne Maria dii nkitaho. Bere a wɔn baanu hyiae no, wohuu kraman no, na Ɔdansefo no kae sɛ esiane sɛ Maria ani gye mmoa ho nti, akyinnye biara nni ho sɛ n’ani begye ho sɛ ɔbɛtra wiase foforo a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no mu. Ɔdansefo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, saa bere no nnipa ne mmoa nyinaa bɛtra ase wɔ asomdwoe mu.

Maria penee nsa a ɔto frɛɛ no sɛ ɔmmra Adansefo nhyiam no so. Nea ɔtee na ohui wɔ hɔ no kanyan n’anigye araa ma ɔpɛe sɛ wɔne no yɛ Bible adesua. Bere a adesua no kɔɔ so no, Maria ani gyee nea wasua afa Yehowa Nyankopɔn ne daa nkwa wɔ asase so a ɔde ahyɛ bɔ wɔ wiase foforo a trenee te mu no ho. (Dwom 37:29; Yohane 17:3) Awiei koraa no, wɔ February 16, 2002 mu no, ɔde nsu mu asubɔ yɛɛ n’ahosohyira a wayɛ ama Yehowa no ho sɛnkyerɛnne.

Onyankopɔn Mfiase Atirimpɔw

Te sɛ Maria no, nnipa pii ani agye adanse a ɛwɔ Bible no mu a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn mfiase atirimpɔw ma adesamma sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ paradise asase so, na wɔahwɛ ɛso mmoa nyinaa so no bɛbam. (Genesis 1:28) Bible ka sɛ Onyankopɔn ‘ammɔ asase no hunu,’ na mmom ‘ɔnwenee sɛ wɔntra so.’ Ɛda adi sɛ, na anka nnipa benya asase ne ɛso mmoa ho anigye daa.—Yesaia 45:18.

Bible kɔ so si Onyankopɔn tirim a wabɔ sɛ ɔbɛma ne mfiase atirimpɔw abam na ama asase no abɛyɛ paradise no so dua. Ɔka sɛ “Makasa,” na ɔtoa so sɛ: “Na mɛma aba mu.” Bio nso, Yehowa ka sɛ: “Saa ara na m’asɛm a efi m’anom bɛyɛ: ɛrensan mma me nkyɛn kwa, gye sɛ ɛyɛ nea mepɛ na ewie nea enti a mesomae no.”—Yesaia 46:11; 55:11.

Ɛda adi pefee sɛ, na Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ adesamma benya anigye wɔ paradise asase so daa. Yebetumi anya ahotoso koraa sɛ wɔ bere a ɛsɛ mu no, saa atirimpɔw no bɛbam. Momma yɛnhwehwɛ ɛho nkyerɛkyerɛmu kakra a wɔde ama wɔ Bible no mu a ɛfa sɛnea asetra bɛyɛ wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu ho. Nokwarem no, yebehu mmoa nyinaa bi, afieboa ne akekaboa nyinaa ne adesamma bɛbom atra asomdwoe mu.—Yesaia 65:17, 21-25; 2 Petro 3:13.

Onyankopɔn Wiase Foforo no Mu Nyɛmmoa

Wɔ Yehowa wiase foforo mu no, nnipa betumi de wɔn nsa aka gyata kɔn mu nhwi kuhaa no, de wɔn nsa asoso ɔsebɔ ho nhwi nsensanee no mu, yiw, nnipa betumi ada wuram a wɔrensuro sɛ aboa bi beyi wɔn hu. Hyɛ Onyankopɔn bɔhyɛ yi nsow: ‘Na mɛtɔre mmoa bɔne ase, asase no so, na [nnipa] atra sare so dwoodwoodwoo, na wɔadeda kwae mu.’—Hesekiel 34:25; Hosea 2:18.

Nokwarem no, saa bere no, nkekaboa bɛbrɛ wɔn ho ase ahyɛ mmofra nkumaa mpo ase! Bible ka sɛ: “Ɛnna habɔdɔm ne oguanten ba bɛtra, na ɔsebɔ ne apapowa ada, na nantwi ba ne gyata ba ne nantwi a wadɔ bɛtra faako, na abofra ketewa aka wɔn.”

Nanso ɛnyɛ ne nyinaa nen! Kyerɛwnsɛm no toa so sɛ: “Nantwibere ne osisi bɛbom adidi na wɔn mma ada faako, na gyata awe wura sɛ nantwi. Akokoaa begoru ahurutoa amoa ano, na nea watwa nufu ateɛ ne nsa aka ɔkyereben bɔn. Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so, na Awurade hu bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no.”—Yesaia 11:6-9.

Wɔ Yehowa wiase foforo no mu no, ɛremma sɛ nnipa ne wɔn ayɛmmoa bɛkyere so wɔ nkurow akɛse mu. Nokwasɛm ne sɛ, nnɛ mpo, nnipa ani gye wɔn mmoa ho, na pii anya mmoa ho adwempa ahwɛ wɔn so yiye. Nanso, twa anidaso a ɛyɛ anigye a ɛne sɛ yɛne ayɛmmoa bɛtra ase daa wɔ wiase a trenee te mu no ho mfonini wɔ w’adwenem hwɛ! Ɔdɔ mu a yebefi ahwɛ wɔn so no bɛhyɛ Ɔbɔadeɛ Kunini a ɔbɔɔ nneɛma a nkwa wom nyinaa no anuonyam ampa.

Sɛ wunsuaa Onyankopɔn atirimpɔw ahorow a ɛyɛ anigye no ho biribi te sɛ nea na Maria te no a, yɛde anigye to nsa frɛ wo sɛ wo ne wɔn a wotintim saa nsɛmma nhoma yi nni nkitaho anaa hu Yehowa Adansefo no bi, na n’ani begye ho sɛ ɔbɛboa wo ma woasua Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ho ade.

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Wɔ Onyankopɔn wiase foforo mu no, yɛn ani begye mmoa ho daa