Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmoa—Onyankopɔn Akyɛde

Mmoa—Onyankopɔn Akyɛde

Mmoa—Onyankopɔn Akyɛde

SO WOAKƆ mmoa yɛmmea anaa beae a mmoa di agoru pɛn? So wo kɔn dɔe sɛ woso wɔn mu anaa wode wo nsa fofa wɔn a wɔn ho yɛ fɛ no bi—ebia gyata kɛse anaa ɔsebɔ a ɔso no ho? Ebia w’ani gyei bere a wuhui sɛ obi a ɔhwɛ wɔn so soso wɔn mu no. Bible kyerɛwfo bi kae bɛyɛ mfe 2,000 a atwam ni sɛ: “Ntɔteboa ne ntakraboa ne mmoa a wɔwea ne mmoa a ɛwɔ po mu su nyinaa, nnipa de wɔn su dwudwo wɔn, na wɔadwudwo wɔn.”—Yakobo 3:7.

Mmoa ahorow nyinaa ani gye bere a yefi ɔdɔ mu hwɛ wɔn no. Sɛ wuhu sɛ mmoa a wɔadwudwo wɔn yi atwa nnipa a wɔhwɛ wɔn so no ho ahyia a, ɛyɛ anika kɛkɛ. Roma nhoma kyerɛwfo Pliny a ɔyɛ Bible kyerɛwfo Yakobo bere soni no kaa mmoa bi te sɛ asono, agyata, asebɔ, akɔre, adɛnkyɛm, awɔ ne mpataa mpo a wɔdwudwo wɔn no ho asɛm.

Nokwarem no, mmoa a wɔdwudwo wɔn ma wɔbɛyɛ nyɛmmoa a wɔde gyigye wɔn ani hyɛɛ ase akyɛ. Bere tenten ansa na Yakobo ne Pliny rekyerɛw wɔn nsɛm no, na Egyptfo dwudwo nkekammoa yɛn wɔn wɔ fie de wɔn gyigye wɔn ani. Ɛnnɛ wɔ aman bi so no, nnipa tumi yɛn mmoa a wuhu wɔn wɔ mmoa yɛmmea no bi wɔ wɔn afie mu.

Nnipa ne Mmoa Ntam Abusuabɔ Mfiase

Bible a ɛne adesamma abakɔsɛm kyerɛwtohɔ a akyɛ sen biara no bɔ amanneɛ sɛ, Adam, onipa odi kan no na ɔtotoo mmoa din. Bible ka sɛ: “Nea onipa de frɛɛ abɔde a ɛte ase biara no, ɛno ara ne ne din. Na onipa totoo afieboa nyinaa ne wim nnomaa ne wuram mmoadoma nyinaa din.” (Genesis 2:19, 20) Ɛda adi sɛ Adam behuu mmoa no yiye sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi de din a ɛfata ama wɔn. Nanso na ɛho nhia mpo sɛ ɔbɔ ne ho ban fi nkekammoa no ho. Na wɔne no te hɔ dwoo, na hwɛ anika ara na ɛbɛyɛ bere a mmoa no betwa ne hyia no!

Onyankopɔn de hwɛ a na wɔbɛhwɛ mmoa no ho asɛyɛde hyɛɛ Adam ne ne yere Hawa nsa. Sɛnea wɔaka Onyankopɔn atirimpɔw ho asɛm wɔ Bible mu no, na nnipa ‘bedi ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne ntɔteboa ne asase nyinaa ne mmoa a wɔwea asase so nyinaa so.’—Genesis 1:26.

Abusuabɔ Pa a na Ɛbɛtra Hɔ Daa

Sɛ nnipa di mmoa so wɔ ɔkwan pa so a, wonya abusuabɔ a ɛka koma yiye. Yebetumi abu aboa a yɛn ani gye ne ho yiye sɛ ɔyɔnko pa a ɔka abusua no ho mpo. Nea ɛma yehu nokwasɛm yi ne sɛ, bɛyɛ mfe mpempem a atwam ni no, Bible kaa ɔbarima hiani bi “oguammere ketewa biako” a na ɔwɔ no ho asɛm. Bere a na odiyifo Natan reka ohiani no guammaa no ho asɛm akyerɛ Ɔhene Dawid no, ɔkae sɛ: ‘Odidi a ɔma no bi, na ɔnom ne kuruwa ano, na ɔda ne koko mu, na ɔyɛɛ no sɛ ne babea.’2 Samuel 12:1-3.

Ɛnnɛ nnipa pii betumi ate nea enti a aboa tumi ne onipa nya ayɔnkofa a emu yɛ den te sɛ nea wofi abusua biako mu no ase. Susuw abusua bi a wɔte bɛn Zimbabwe kuropɔn, Harare mu no ho hwɛ. Awofo no tɔɔ kraman maa mmofra no mu biara na ama ɔne no anantew. Da bi a mmarimaa no mu biako a na saa bere no wadi bɛyɛ mfe awotwe ne ne kraman no retu mpase no, mpofirim na ɔprammiri kɛse bi sian fii dua so beguu abofra no anim. Bere a ɔwɔ no yɛɛ sɛ ɔretow ahyɛ abofra no so no, ntɛm ara na kraman no de mmirika behyiaa ɔwɔ no twitwa gyee abofra no. Wubetumi de w’adwene abu sɛnea na kraman no som bo ma abusua no?

Ade a asotifo nni ho agoru koraa ne nkraman a wɔhyɛ da tete wɔn ma wɔboa wɔn no. Ɔbea bi ka sɛ: “Sɛ Twinkie te dɔn no a, ɔba bɛprɛ me nan ho na odi m’anim de me kɔ abɔnten pon no ano. Saa ara na sɛ Twinkie te sɛ ɛdɔn a ɛwɔ me fononoo ho abɔ a, ɔde mmirika ba me nkyɛn, na midi n’akyi. Wɔatete Twinkie ma sɛ ɔte sɛ wusiw anaa ogya wɔ baabi a, otumi twe m’adwene ba nea asi no so na ɔda fam yɛ biribi de kyerɛ sɛ asiane bi reba.”

Nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow kɛse ne abusuabɔ pa a ɛda anifuraefo ne nkraman a wɔkyerɛ wɔn kwan ntam no. Michael Tucker a ɔtete nkraman a wɔkyerɛ anifuraefo kwan, na ɔno ara nso kyerɛwee The Eyes That Lead (Aniwa a Ɛkyerɛ Kwan) nhoma no susuw sɛ saa nkraman no betumi ama anifuraefo ayɛ nneɛma bi wɔ asetra mu a anka wontumi nyɛ, na wɔma anifuraefo “tumi kɔ baabiara a wɔpɛ na ɛma wonya ayɔnkofa nso.” Nokwarem no, abusuabɔ a ɛda nkraman a wɔte saa ne wɔn wuranom ntam no taa yɛ anika!

Saa ara nso na ɛte wɔ wɔn a wɔadi dɛm na wɔwɔ nkraman a wɔne wɔn bɔ no fam. Wɔakyerɛ kraman a ɔhwɛ ɔbea bi a ɔte mmubuafo akongua mu ma otumi fa telefon ma no, na otumi de ntasu yɛ ne setampo so ma no! Kraman foforo nso tumi di ahyɛde 120 so, na mpo otumi yiyi nkyɛnsee ne nnaka wɔ adetɔnbea ma ne wura. Ne wura a wadi dɛm no de ade kyerɛ dekode a ɔpɛ no so, na afei ne kraman no fa de brɛ no.

Wɔn a wɔn mfe akɔ anim no nso nya nyɛmmoa so mfaso. Oduruyɛfo a ɔsa mmoa yare kae sɛ nyɛmmoa a nkraman ka ho “taa ma wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ani gye asetra mu bere a nnipa ntaa nka nkɔ wɔn ho no.” The Toronto Star atesɛm krataa bɔ amanneɛ sɛ: “Nnipa a wɔne mmoa fa yɔnko no ntaa nnya adwenemhaw, wɔntaa nkɔ ayarehwɛ, na sɛ wonya komayare a, ɛnkyɛ na wɔn ho atɔ wɔn.”

The New Encyclopædia Britannica ka anigyesɛm yi sɛ: “Mmoayɛn ma awofo nya ho kwan kyerɛ wɔn mma ma wohu sɛ, sɛ wobenya hokwan ahorow a, na ebegyina asɛyɛde a wotumi di ho dwuma so, na ɛma wotumi kyerɛ wɔn biribi fa ɔbea ne ɔbarima nna ho nso. Sɛ ɛbaa saa, ɛnkyɛ na mmofra no ahu sɛnea mmoa foro wɔn ho, bere tenten a wɔde nyinsɛn, awo ho haw ahorow ne sɛnea wɔhwɛ wɔn mma a wɔawo wɔn foforo no.”

Nyɛmmoa Ho Dɔ

Wɔ aman bi mu no, esiane sɛ nnipa binom tu wɔn ho koraa ma mmoa nti, ɛma wonya wɔn nyɛmmoa ho dɔ kɛse sen wɔn abusuafo mpo. Ɛtɔ da na sɛ wɔredi awaregyae ho asɛm a, wotumi de nea ɛsɛ sɛ ayɛmmoa kodi ne hɔ no ho asɛm ka ho. Nnipa binom akyerɛw wɔn nyɛmmoa din wɔ wɔn nsamansew mu na wɔde ahode a ɛdɔɔso mpo agya wɔn.

Ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa a wodi nyɛmmoa ho gua nnɛ no nya mfaso pii! Nhoma ne nsɛmma nhoma pii wɔ hɔ a ɛde afotu horow nyinaa bi ma wɔ nyɛmmoa ho. Esiane sɛ aguadifo ahu sɛ mmoayɛnfo wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛsɛe sika pii wɔ wɔn nyɛmmoa ho nti, wɔtɔn biribiara a mmoayɛnfo pɛ no bi.

Sɛ nhwɛso no, obi betumi de n’ayɛmmoa akɔma oduruyɛfo a otumi sa nyarewa a ɛhaw nyɛmmoa nyinaa. Yɛwɔ nyɛmmoa adwenemyare ho nnuruyɛfo a wotumi ma mmoa no nnuru de sa wɔn yare. Bio nso, yɛwɔ ayɛmmoa ho mmaranimfo, akwanhyia ho sika ho adwumayɛfo, wɔn a wosiesie ayɛmmoa ho ne mmeae a wosua mmoayɛn ho ade. Sɛ nyɛmmoa wu a, wɔyɛ wɔn ayi. Na wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛfa ɔkwan soronko so ama nyɛmmoa bi awo wɔn sɛso pɛpɛɛpɛ—wɔyɛ eyi nyinaa de pɛ sika!

Ɛda adi sɛ, nnipa a wɔwɔ wiase mmeae nyinaa ani gye nyɛmmoa ho. Mmoa ho Oduruyɛfo Jonica Newby kae wɔ ne nhoma The Animal Attraction (Mmoa Ho Anigye) mu sɛ: “Sɛ yɛba fie na kraman tu mmirika behyia yɛn, na ɔrehim ne dua frɛdɛfrɛdɛ, taforotaforo yɛn ho te sɛ nea ba a yɛaba fie no ama n’ani agye sen biara a, na ɛkyerɛ ‘ɔdɔ.’” Ntease wom sɛ mmoayɛnfo pii yɛ biribi de si “ɔdɔ” a mmoa da no adi kyerɛ wɔn no ananmu.

Nanso mmɔden a wobɛbɔ ne ayɛmmoa adi no sɛ nnipa no betumi de ɔhaw aba. Sɛnea ɛte biara no, ayɛmmoa ntumi mma obi nsa nka nea ne mfɛfo nnipa betumi de ama no no. Bio nso, mmoa pii a wɔyɛn wɔn wɔ nkuro akɛse mu no de ɔhaw ahorow ba mmoayɛnfo binom ne wɔn nyɛmmoa so. Yebesusuw saa nsɛm yi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Mfonini wɔ kratafa 11]

Wɔadwudwo nkekammoa firi tete

[Asɛm Fibea]

A detail from The Great King of the Parthians Hunts With His Tame Panthers by Giovanni Stradanno: © Stapleton Collection/CORBIS

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Israel nguanhwɛfo fi ayamhyehye mu hwɛɛ wɔn nguammaa

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 13]

Nyɛmmoa betumi aboa wɔn a wɔadi dɛm ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim