Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsu Aworoeɛ Fɛfɛ a Wɔkɔhwehwɛ Hɔ

Nsu Aworoeɛ Fɛfɛ a Wɔkɔhwehwɛ Hɔ

Nsu Aworoeɛ Fɛfɛ a Wɔkɔhwehwɛ Hɔ

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ ZAMBIA HƆ

EBEDUU 1855 mu no, na Scotlandni David Livingstone a ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo na okyin hwehwɛ nsase so no de mfe pii abɔ aporɔw wɔ Afrika—asasetam kɛse a na nnipa afoforo pii nnim ho asɛm no mu. Bere a otuu kwan faa Asubɔnten Zambezi ano no, ɛhɔfo no de anigye kaa nsu aworoeɛ kɛse bi a ɛwɔ wɔn anim no ho asɛm kyerɛɛ no. Esiane sɛ nsu no woro so kɛse ma nsuwisiw pii tu nti, ɛhɔfo frɛ no Mosi-oa-Tunya, a ɛkyerɛ “Nsuwisiw a Ɛbobom sɛ Aprannaa.”

Livingstone sii gyinae sɛ ɔbɛbɛn hɔ akɔhwɛ nsu aworoeɛ a ɛnnɛ wɔfrɛ no Victoria Aworoeɛ no. Ɔrekyerɛkyerɛ nea odii kan hui mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Bere a mede ahodwiriw weawea kɔɔ amoa donkudonku no ano no, mebɔɔ kɔnten hwɛɛ ɛkã kɛse a asubɔnten Zambezi atwa no, na mihui sɛ nsu a ɛtrɛw bɛyɛ mita apem a esiane bɛyɛ mita aduasa begu fam no tene gu amoa donkudonku bi mu fa ɛkã kɛse no mu.”

Sɛ Victoria Aworoeɛ a ɛtene fa Zambia ne Zimbabwe no yiri a, ɛtrɛw sen nsu biara wɔ asase so nnɛ! Sɛ edu saa bere no a, simma biara nsu lita 545,000,000 siane fi soro bɛyɛ mita 108 begu amoa donkudonku kɛse bi mu. Afei Zambezi asubɔnten no nyinaa tene fa ɛka ketewa bi a emu dɔ na akontonkonton mu. Sɛnea Victoria Aworoeɛ no su te no ma ɛhɔ yɛ anika kɛkɛ.

Asase a atwa aworoeɛ hɔ ahyia no nso ma ɛhɔ yɛ fɛ mmoroso. Esiane sɛ wɔayɛ saa beae no sɛ ɔman mmoa yɛmmea nti, nnua ahorow nyinaa bi wɔ hɔ ka mmoa a wɔn ho yɛ anika te sɛ susono, asono, kɔntenten, atorɔm, sare so afurum ne agyata mpo ho. Ntakraboa a wɔn ho yɛ fɛ te sɛ akɔre ne akoroma ahorow nso yɛ wɔn buw wɔ abotan no so.

Livingstone ka sɛ “biribiara nni Engiresi a yebetumi de ne fɛ atoto aworoeɛ yi ho. Europafo nhui da; nanso sɛ abɔfo tu nam wim a, wɔhwɛ ade a ɛyɛ fɛ sɛɛ.” Bɛyɛ mfe 150 ni a Livingstone dii kan huu saa beae no na ɔde Engiresi Hemmaa Victoria din too so ma wɔbɛfrɛɛ no Victoria Aworoeɛ. Afe biara nnipa mpempem pii fi wiase mmaa nyinaa bɛhwɛ nsu aworoeɛ a ɛyɛ fɛ yiye no.

Sɛ Victoria Nsu Aworoeɛ no agye din sɛ adebɔ mu anwonwade no mu biako a, ɛfata. Nsu aworoeɛ nketewa pii nso wɔ Zambia asubɔnten pii mu a ɛyɛ fɛ yiye. Yɛsrɛ sɛ ka yɛn ho ma yɛnkɔhwehwɛ emu binom.

Ngonye Aworoeɛ

Bɛyɛ mfe abien ansa na Livingstone rehu Victoria Aworoeɛ no, da bi a na wim ayɛ hyew wɔ November mu no, obeduu Ngonye Aworoeɛ a wɔsan frɛ no Sioma Nsu Aworoeɛ no ho. Ɔkyerɛwee sɛ: “Nhaban a akata nsupɔw a ɛwɔ aworoeɛ yi atifi so nyinaa yɛ fɛ ankasa. Sɛ wugyina abotan a ɛwɔ aworoeɛ no atifi na wohwɛ a, ɛyɛ beae a ɛyɛ fɛ sen biara a mahu pɛn.” Nsrahwɛfo a wɔba Ngonye Nsu Aworoeɛ hɔ nnɛ no ne Livingstone yɛ adwene koraa.

Livingstone kyerɛe sɛ: “asubɔnten no tene fa ɛka ketewa bi mu kɔ akyirikyiri. Sɛ nsu no retene a, woro a ɛworo so no ma wuhu sɛ nsu kɛse bi na ɛrebu fa so, na ɛma ɛyɛ den sɛ obi a onim asuguare yiye mpo betumi aguare a ɔnnɔ sukɔ.”

Lumangwe Aworoeɛ

Nsu aworoeɛ afoforo a ɛwɔ Zambia no atew ne ho a nnipa nsɛee hɔ. Ɛsono emu biara kɛse. Lumangwe Aworoeɛ no yɛ Victoria Aworoeɛ no nsusuwso ketewaa bi. Nanso aworoeɛ no nyɛ nketewa saa. Nsu aworoeɛ bi a ɛwɔ hɔ no tene fi beae a ɛwɔ soro bɛyɛ mita 30 na ɛtrɛw bɛyɛ mita 100. Bosu a efi aworoeɛ yi mu no mpo ma kwae ketewaa bi a ɛda hɔ no yɛ frɔmfrɔm.

Kalambo Aworoeɛ

Kalambo Nsu Aworoeɛ a ɛtene fi nkoko a ɛwɔ Afrika Abon Akɛse mu no wɔ soro sen aworoeɛ biara wɔ Zambia. Efi beae a ɛwɔ soro bɛboro mita 200 tene begu abo kuronkuron ne ntrantraa a ɛsam ase no so, beae a asukɔnkɔn akɛse a wɔn ho yɛ na to nkesua bɔ wɔn mma wɔ ɔpɛ bere mu no.

National Monuments of Zambia (Zambia Ɔman Nkaedum) nhoma no kyerɛ sɛ, “Tugela Aworoeɛ a ɛwɔ South Africa akyi no, Kalambo de no ne nsu aworoeɛ a ɛto so abien wɔ Afrika a ɛwɔ soro paa na ɛtene bere nyinaa, na ɛno na ɛto so dumien wɔ wiase nyinaa—ɛwɔ soro bɛboro Victoria Aworoeɛ no so mpɛn abien.”

Ɛwom sɛ ɛyɛ den sɛ wobɛkɔ nsu aworoeɛ hɔ de, nanso sɛnkyerɛwfo a ɔwɔ hɔ, C. A. Quarmby kyerɛkyerɛ Kalambo mu sɛ “mmeae a ɛhɔ yɛ anika wɔ Afrika no mu biako.” Ɔkyerɛ sɛ: “Ɛbegye bere ansa na nnipa nyinaa atumi ahu hɔ. . . . Nnipa kakraa bi na wonya hokwan kɔ Kalambo.”

Nokwarem no, nsu aworoeɛ a ɛwɔ Zambia ne abɔde mu nneɛma pii a ɛyɛ fɛ no wowɔ akyiri. National Monuments of Zambia nhoma no ka sɛ “wɔ mmeae a akwan no nye no, gye sɛ kar nkutoo na ebetumi akɔ hɔ, na mmeae bi nso, gye sɛ wonantew.” Nokwasɛm ne sɛ ɛno ka ho bi na ɛma mmeae yi yɛ soronko koraa no. Nanso yegye nsrahwɛfo wɔ ha. Owura Kagosi Mwamulowe a ɔyɛ abotan ne asase ho nimdefo a ɔwɔ Zambia Ɔman Ahyehyɛde a Ɛkora Abɔde So kyerɛkyerɛ mu sɛ wɔn botae ne sɛ wɔbɛma ɔmanfo abɛhwɛ mmeae a ɛhɔ yɛ anika yi na bere koro no ara wɔabɔ sɛnea ɛhɔ si yɛ fɛ no ho ban.

Zambia Agyapade a Ɛsom Bo Sen Biara

Ɔkyerɛwfo Richard Vaughan ka wɔ ne nhoma Zambia mu sɛ: “Zambia da so ara yɛ ɔman a abɔde a ɛyɛ fɛ ahyɛ mu ma a nsrahwɛfo ne Zambiafo mpo nnim emu pii ho nsɛm. . . . Ɔman no wɔ atare, asubɔnten, kwae ne mmepɔw akɛse pii.” Nanso ɔman no wɔ agyapade bi a ɛsom bo sen biara.

Vaughan ka sɛ: “Ɔman no mufo agye din sɛ nkurɔfo a wɔpɛ nnipa, wɔn anim tew na wɔyɛ nsi nso.” Ɔkyerɛwfo foforo, David Bristow kyerɛɛ mu sɛ “ade titiriw a wɔde hu Zambia man no yiye ne emu nnipa a wɔda ayamye kɛse adi no.” Sɛ ɛba sɛ woba wiase yi fã a ɛyɛ fɛ yi da bi a, yegye di sɛ wone wɔn bɛyɛ adwene.

[Asase Mfonini/Mfonini ahorow wɔ kratafa 26]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

TANZANIA

DEMOCRATIC REPUBLIC OF CONGO

ANGOLA

ZAMBIA

KALAMBO AWOROEƐ

LUMANGWE AWOROEƐ

Lusaka

NGONYE AWOROEƐ

VICTORIA AWOROEƐ

ZIMBABWE

MOZAMBIQUE

INDIA PO

[Mfonini ahorow]

Lumangwe Aworoeɛ—ɛyɛ Victoria Aworoeɛ nsusuwso ketewaa bi

Kalambo Aworoeɛ—ɛwɔ soro bɛboro Victoria Aworoeɛ no so mpɛn abien

Ngonye Aworoeɛ—“wɔ nna no pii mu no, nsrahwɛfo ntaa nkɔ hɔ”

[Nsɛm Fibea]

Lumangwe ne Ngonye Aworoeɛ: Marek Patzer/www.zambiatourism.com; map: Mountain High Maps® Copyright © 1997 Digital Wisdom, Inc.

[Mfonini wɔ kratafa 24, 25]

Victoria Aworoeɛ—“Nsuwisiw a Ɛbobom sɛ Aprannaa”

[Asɛm Fibea]

Marek Patzer/www.zambiatourism.com