Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nuklea Akodi—Ɛda So Ara Yɛ Asiane?

Nuklea Akodi—Ɛda So Ara Yɛ Asiane?

Nuklea Akodi—Ɛda So Ara Yɛ Asiane?

Efi Nyan! kyerɛwfo a ɔwɔ Japan hɔ

“Onipa biara a n’adwenem da hɔ suro nuklea akodi, nso ɔman biara a anya mfiridwuma mu nkɔanim yɛ ho nhyehyɛe. Obiara nim sɛ nyansa biara nni mu, nanso ɔman biara wɔ nea ɔde yi ne ho ano wɔ ho.”—Carl Sagan, nsoromma ho nimdefo.

WƆ AUGUST 6, 1945 mu no, Amerikafo akohyɛn bi gyaee atom topae bi too Hiroshima, Japan, na ntɛm ara ekunkum nnipa, sɛee nneɛma pii. Eyi ne atom topae a edi kan a wɔde dii ako. Topae no sɛee kurow no fã a ne kɛse nyinaa yɛ kilomita 13, a nnipa 343,000 na na wɔtete so no pasaa. Kurow no mu adan dodow no ara dwuruw gui, maa anyɛ yiye koraa no, nnipa 70,000 wuwui ɛnna 69,000 nso pirapirae. Nnansa akyi no, wogyaee atom topae a ɛto so abien too Nagasaki, na ekunkum nnipa 39,000 maa 25,000 pirapirae. Kurow no mu adan bɛyɛ fã dwuruw gui anaa ɛsɛee. Ebesi saa bere no, na wɔmfaa akode a ɛte saa nnii dwuma da wɔ adesamma abakɔsɛm nyinaa mu. Ɛmaa wiase sakrae na ɛhyɛnee bere bi a wɔfrɛ no Nuklea bere mu. Mfe kakraa bi mu no, United States ne kan Soviet Union, Great Britain, France, ne China yeyɛɛ nuklea akode a ano yɛ den.

Apuei ne Atɔe Ntam Ntawntawdi no na ɛhyɛɛ aman afoforo nkuran ma wɔyɛɛ nuklea akode a edi mu na etumi kɔ akyirikyiri. Ehu kaa wiase no bere a wɔyɛɛ ICBM (aprɛm a wotumi tow kɔ nsasepɔn ɛwɔ akyirikyiri so) a na ebetumi ama wɔasoma nuklea akode akɔ aman a ɛwɔ akyirikyiri bɛboro kilomita 5,600 so wɔ simma kakraa bi mu sen sɛ anka ebedi nnɔnhwerew bi wɔ kwan so no. Wɔde nuklea aprɛm pii a wobetumi atow akɔ mmeae horow 192 hyehyɛɛ po ase akohyɛn mu. Wobuu akontaa bere bi sɛ nuklea aprɛm mmoba a wɔde asie bedu 50,000! Bere a Apuei ne Atɔe Ntam Ntawntawdi no rekɔ so no, adesamma tebea no duu baabi a na nnipa bi frɛ no nuklea Harmagedon—ɔko a ɛbɛsɛe afanu no nyinaa.

Apuei ne Atɔe Ntam Ntawntawdi no Awiei

The Encyclopædia Britannica kyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔ 1970 mfe no mu no, “aman abien a wɔwɔ tumi sen biara no pamee de too akode a wɔde dum topae ano gya ne nea wɔde soma aprɛm kɔ akyirikyiri no ano hye.” Ɛno maa Apuei ne Atɔe Ntam Ntawntawdi no brɛɛ ase “esiane SALT I ne II [Nhyiam a Wɔde Sɔ Nuklea Akode Ano] apam no nti.” Afei wɔ 1980 mfe no awiei mu no, Apuei ne Atɔe Ntam Ntawntawdi no twae koraa.

Amanneɛbɔ bi a Carnegie Amanaman Ntam Asomdwoe Ho Foto de too gua ka sɛ “Apuei ne Atɔe Ntam Ntawntawdi a ɛbaa awiei no maa nnipa nyaa anidaso bi sɛ ntawntawdi a na ɛda United States ne Russia ntam no reba awiei.” Esiane nuklea akode a na wɔpɛ sɛ wogyae yɛ nti, wɔabubu nuklea akode korabea ɔhaha pii nnansa yi. Wɔ 1991 mu no, Soviet Union ne United States de wɔn nsa hyɛɛ Apam a Wɔde Sɔ Nuklea Akode Ano ase. Eyi de asɛyɛde too aman abien yi so sɛ ɛnyɛ sɔ nko na wɔbɛsɔ akode dodow a wɔwɔ no ano na mmom wɔbɛyɛ ade a wɔnyɛɛ bi da wɔ abakɔsɛm mu a ɛne sɛ wɔbɛtew wɔn aprɛm mmoba a ayɛ krado no so ma obiara de aka 6,000. Bere a afe 2001 baa awiei no, aman abien no nyinaa kae sɛ wɔadi apam no so denam tew a wɔtew wɔn nuklea akode a ayɛ krado so no so. Bio wɔ 2002 mu no, wogyee Moscow Apam a ɛhyɛe sɛ wɔnsan ntew so mma ɛnka bɛyɛ 1,700 kosi 2,200 wɔ mfe du a edi hɔ no toom.

Amanaman Nkabom Kyerɛwfo Panyin Kofi Annan kae sɛ ɛmfa ho nea akɔ so nyinaa akyi no, “ɛnyɛ bere a ɛsɛ sɛ yɛde nuklea akodi ho asɛm di agoru ni.” Ɔtoaa so sɛ: “Nuklea akodi yɛ biribi a ebetumi asi, na ɛyɛ hu paa wɔ afeha a ɛto so 21 yi mfiase.” Awerɛhosɛm ne sɛ nuklea ho asiane—nea ɛyɛ hu sen nea esii wɔ Hiroshima ne Nagasaki no—da so ara yɛ hu wɔ yɛn bere yi mu. Hena na anhwɛ a ɔde bɛba? Nea ehia sen biara no, so yebetumi akwati?