Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nuklea Akodi—Yebetumi Akwati?

Nuklea Akodi—Yebetumi Akwati?

Nuklea Akodi—Yebetumi Akwati?

“Wɔbɛyɛn wɔn ho na wɔabutubutuw hɔ, na obi renyi wɔn hu.”—Sefania 3:13.

OBIARA kɔn dɔ sɛ obenya wiase bi a nuklea akodi ho asiane nni mu mu atra. Nanso sɛnea nneɛma rekɔ so wɔ wiase no ama nnipa pii anidaso asa. The Guardian Weekly atesɛm krataa no ka sɛ: “Adwene a US ne amanaman no kura sɛ wɔbɛtew akode so, na awiei koraa, wɔatu nuklea akode ase no ho asɛm nhia wɔn biara.”

Ne nyinaa akyi no, nnipa binom twe adwene si mmɔden a aman bi abɔ wɔ eyi ho no so. Sɛ nhwɛso no, wobu akontaa sɛ United States nkutoo sɛe sika bɛboro dɔla ɔpepepem 2 wɔ afe biako mu de siw nuklea akodi ano. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi nyɛ sika ketewa koraa. Nanso nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɔman koro yi ara sɛe dɔla ɔpepepem 27 afe biara de siesie wɔn ho ma nuklea akodi no haw nnipa pii adwene.

Na asomdwoe ho apam ahorow no nso ɛ? So mmɔden a ɛte saa a wɔbɔ no betumi ama yɛanya anidaso bi?

Nuklea Akode a Wosiw Ano Ho Apam Ahorow

Efi bere a nuklea atopae bae no, wɔayeyɛ apam ahorow pii a wɔde besiw ano anaasɛ wɔde bɛtew so. Emu bi ne Nuklea Akode a Wɔmma Ɛnnɔɔso Ho Apam (NPT), Nhyiam a Wɔyɛ De Siw Nuklea Akode Dodow Ano, Nhyiam a Wɔyɛ De Tew Nuklea Akode So, ne Apam a Wɔde Bara Nuklea Akode a Wɔsɔ Hwɛ Koraa. So eyinom antumi amma nuklea ho asiane no to antwa?

Sɛ apam biara bɛyɛ yiye a, egyina di a afanu no nyinaa bedi wɔn bɔhyɛ so no so. Sɛ nhwɛso no, sɛ NPT apam a wɔpamee wɔ 1970 mu, a ebeduu December 2000 no na aman 187 de wɔn nsa ahyɛ ase no bɛyɛ yiye a, na egyina saa aman a wɔwɔ nuklea akode ne wɔn a wonni bi no so. Bere a apam no mma aman a wonni nuklea akode no kwan sɛ wɔbɛyɛ bi anaa wɔbɛtɔ bi no, ɛhwehwɛ nso sɛ aman a wɔwɔ nuklea akode no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe wɔn nuklea akode a wɔwɔ no. So eyi atumi ayɛ yiye? Carey Sublette kyerɛkyerɛ mu wɔ nhoma bi a wɔato din “Nuklea Akode Ho Nsɛm a Wɔtaa Bisa” mu sɛ: “Ɛwom sɛ yɛrentumi mfa yɛn ho nyinaa nto NPT apam no so de, nanso atumi aboa ma nuklea akode nkodii nnipa afoforo nsam ma wɔmfa nyɛɛ nneɛma afoforo, na ama wɔhwɛ bɔ ho ban nso.”

Sublette ka sɛ, ɛwom sɛ apam no atumi ayɛ biribi de, “nanso entumi mmaa aman pii nnyae akode yi akyidi koraa.” Nanso ɔka sɛ wɔn a wodi akode akyi nam Nuklea Akode a Wɔmma Ɛnnɔɔso Ho Apam nhyehyeɛ no akyi na wɔyɛ saa. Sɛ apam biara bɛyɛ yiye a, na egyina aman a wɔn nsa hyehyɛ ase no nokwaredi so. Yebetumi agye nnipa bɔhyɛ ahorow atom ara kɛkɛ? Adesamma abakɔsɛm ma mmuae no da adi pefee.

Ɛnde, ɛhe na yebetumi anya anidaso?

Yɛn Nsusuwii a Yɛbɛsesa

Wɔ December 2001 mu no, nnipa 110 a wɔanya Nobel abasobɔde no bi penee so de wɔn nsa hyɛɛ asɛm a edi so yi ase: “Anidaso koro pɛ a ɛwɔ hɔ ma yɛn daakye no gyina amanaman ntam biakoyɛ a wɔnam demokrase so benya so. . . . Sɛ yebetumi atra wiase a yɛama asakra no mu a, ɛsɛ sɛ yesua sɛ yɛbɛsesa yɛn nsusuwii.” Nanso nsusuwii “foforo” bɛn na yehia? So yebetumi agye adi ampa ara sɛ wɔn a wɔde wɔn nuklea akode rehunahuna wiase no bɛsesa wɔn adwene?

Bible tu yɛn fo sɛ: “Mommfa mo ho nnto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so.” (Dwom 146:3) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ saa? Bible no bua sɛ: “Enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Yeremia 10:23) Yiw, nokwasɛm a ɛwom ara ne sɛ nnipa nni tumi a wɔde bedi asase so asomdwoe mu. Sɛnea Bible ka no, “onipa di onipa so tumi ma ɛdan no bɔne.”—Ɔsɛnkafo 8:9.

Sɛ nnipa ntumi nni asase yi so a, ɛnde hena na obetumi adi so? Bible hyɛ bɔ sɛ nniso bi a ɛwɔ tumi a yebetumi de yɛn ho ato so de asomdwoe bɛba. Wɔka saa nniso yi ho asɛm wɔ Bible mu sɛ Onyankopɔn Ahenni, na nnipa ɔpepem pii nam Awurade Mpaebɔ no so abɔ nniso yi ho mpae a wonnim: “Yɛn Agya a wowɔ soro, . . . w’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mateo 6:9, 10) Yesu Kristo, Asomdwoe Hene no na ɔyɛ Ahenni no so Hene. Bible reka ne nniso ho asɛm no, ɛka sɛ: “N’ahenni mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba.”—Yesaia 9:6, 7.

Sɛ “ahene” anaa amammuifo, ne nnipa nniso ntumi nsesa wɔn nsusuwii a, wubetumi asesa wo de. Yehowa Adansefo aboa nnipa ɔpepem pii ma wɔanya anidaso a Bible de ma no bi denam Bible adesua a wontua ho hwee a wɔne wɔn yɛ so. Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, yɛsrɛ wo, kyerɛw wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi, anaasɛ wubetumi akɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa a ɛwɔ baabi a wote no.

[Mfonini wɔ kratafa 8, 9]

Wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso ase no, nuklea akode renhunahuna nnipa bio