Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nyɛmmoa—Nya Wɔn Ho Adwempa

Nyɛmmoa—Nya Wɔn Ho Adwempa

Nyɛmmoa—Nya Wɔn Ho Adwempa

SƐNEA yɛadi kan aka no, wɔde asase ne emu mmoa nyinaa hyɛɛ onipa nsa sɛ ɔhwɛ wɔn so. Bible ka sɛ: “[Onyankopɔn] de nneɛma nyinaa ahyɛ n’anan ase: nguan ne anantwi nyinaa ne wuram mmoa nso, wim nnomaa ne po mu mpataa, mmoa a ɛnam po mu akwan so.”—Dwom 8:6-8; 115:16.

Ɔkwan a nnipa fa so ne mmoa di no ho hia. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Ɔtreneeni nim n’afieboa kra.” (Mmebusɛm 12:10) Nokwarem no, Onyankopɔn mmara a ɔde maa Israel no sii hia a na ehia sɛ wɔda tema adi kyerɛ mmoa no so dua mpɛn pii. (Deuteronomium 22:4, 10; 25:4) Bere a nnipa redi wɔn asɛyɛde ho dwuma no, wɔafa mmoa no bi ayɛn wɔn wɔ fie de gyigye wɔn ani, na mpo wɔadwudwo nkekaboa no bi nso ayɛn wɔn.—Genesis 1:24.

Nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Bible si nsonsonoe a ɛda nnipa ne mmoa ntam no so dua. Nnipa ‘na Onyankopɔn yɛɛ wɔn wɔ ne suban so’ na ɛnyɛ mmoa. (Genesis 1:26) Bere a wammɔ mmoa sɛ wɔntra ase daa no, nnipa wɔ anidaso sɛ wɔbɛtra asase so daa. (Genesis 3:22, 23; Dwom 37:29) Yesu Kristo kae sɛ, sɛ yebenya “daa nkwa” a, ɛsɛ sɛ yenya Onyankopɔn ho nimdeɛ na yɛkyerɛ ne mu gyidi—nneɛma a mmoa ntumi nyɛ. (Yohane 3:36; 17:3) Bio nso, Bible de wɔn a wɔmfata sɛ wonya owusɔre no toto “mmoa a wonni adwene a wɔn su ne sɛ wɔawo wɔn sɛ wɔnkyere wɔn nsɛe wɔn” no ho.—2 Petro 2:9-12.

Wɔbɔɔ Wɔn maa Nnipa Yiyedi

Nnipa yiyedi nti na Onyankopɔn bɔɔ mmoa. Nnipa betumi de mmoa ayɛ wɔn nnwuma, na wobetumi ne wɔn afa yɔnko anaa afa wɔn sɛ nyɛmmoa a wɔde wɔn gyigye wɔn ani. Wɔma yehu Onyankopɔn dɔ ne ne nyansa nso. Hwɛ anigye ara ɛyɛ sɛ wobɛhwɛ mmoa a wɔn ho yɛ fɛ a wofi nkate mu yɛ ade nyansam ma ɛyɛ nwonwa no, na wonam wɔn so asua Ɔbɔadeɛ no ho ade pii. (Dwom 104:24; Mmebusɛm 30:24-28; Romafo 1:20) Nkoekoemmoa ma yehu nyansa a ɛte saa a mmoa de yɛ ade no ho nhwɛso biako. Nokwarem no, ɔkwan a nwowa fa so ne wɔn ho di nkitaho de kyerɛ baabi a aduan wɔ no ɛyɛ nwonwa—na ɔkwan a wɔfa so yɛ ɛwokyɛm no koraa de, yɛnka.

Nnipa betumi de mmoa ayɛ aduan. Mfiase no, Onyankopɔn de nhaban nkutoo na ɛmaa nnipa sɛ aduan. Nanso, bɛboro mfe 1,600 akyi—wɔ Noa Nsuyiri akyi—no, Onyankopɔn kae sɛ: ‘Nea ɛkeka ne ho a ɛwɔ nkwa nyinaa, ɛ́nyɛ mo aduan; mede ne nyinaa mama mo, sɛnea mede nhaban momono memaa mo no.’ (Genesis 1:29; 9:3) Ne saa nti, Onyankopɔn de hokwan maa nnipa sɛ wɔnwe mmoa. Ɛwom sɛ mfiase no Onyankopɔn amfa nnam anka nnipa aduan ho de, nanso ɛda adi sɛ na hokwan yi bɛboa wɔn.

Nyɛmmoa Ho Haw a Wohyia Nnɛ

Wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, ɛda adi sɛ na wɔntaa nyɛn mmoa wɔ fie, na saa na ɛte wɔ mmeae pii. Nanso nnansa yi, esiane sɛ nnipa tu kɔ nkurow akɛse mu na wonya wɔn ho nti, ama mmoa a wɔyɛn wɔn fie abu so. Eyi de ɔhaw ahorow bi aba wɔ wiase aman a wodi yiye no so.

Wobu akontaa sɛ nyɛmmoa ɔpepem 500 a wɔwɔ wiase nyinaa no mu bɛboro ɔha mu nkyem 40 na wɔwɔ United States. Nkraman bɛyɛ ɔpepem 59 ne nnyinammoa ɔpepem 75 na wɔyɛn wɔn wɔ hɔ. Nanso wɔ London ne Paris nkurow mu biara no, nkraman ne nnyinammoa a wɔwɔ fie biara mu no dɔɔso sen dodow a ɛwɔ New York City afie mu!

Mfe kakraa a atwam ni no, wɔde mfiri bɛyɛ 70 mae wɔ Paris sɛ wɔmfa nsesa nkraman agyanan a egugu kwan ho no. Wobuu akontaa sɛ, da biara nkraman 250,000 a wɔwɔ Paris no tumi gya wɔn nan tɔn 25 a na mfiri no ntumi nsesa emu fã mpo. Wɔbɔɔ amanneɛ sɛ, nkraman agyanan a nnipa tia so ma wɔpatiriw no ma pii pirapira afe biara ma wogye wɔn to ayaresabea.

Ɔhaw foforo bio ne dede a wɔyɛ no. Ebinom a wɔwɔ nkraman no nya suban a wɔn nyɛmmoa da no adi no ho abotare, nanso sɛ ɛyɛ nnipa a anka wɔrempene so da. Intanɛt dwumadibea bi a ɛkyerɛkyerɛ ɔkwan a wɔfa so ne nyɛmmoa di nsɛm kyerɛ sɛ, “ɛte sɛ nea nnipa a wɔwɔ nkraman a wɔpɔw pii no tumi bu wɔn ani gu dede a wɔyɛ no so.” Sɛ nhwɛso no, ebinom nyɛ biribi a ɛbɛma wɔn nkraman agyae pɔw bere a dede no tuatua wɔn aso ma wontumi nte asɛm a ehia mpo no.

Ɔkwan foforo so no, sɛ kraman wura wɔ fie a, otumi yɛ dinn, nanso sɛ ne wura nni hɔ a, otumi haw mpɔtam hɔfo. Ɛmfa ho suban a ɛmfata a nyɛmmoa da no adi nyinaa akyi no, wɔn wuranom ani tumi gye wɔn ho. Nanso sɛ obi a ɔwɔ mpɔtam hɔ yɛ adwuma anadwo na ɔpɛ sɛ ɔda awia anaa ɛna bi rebɔ mmɔden adeda ne ba na sɛ mmoa yi yɛ dede a, ebetumi ahyɛ no abufuw. Bio nso, mmoa a wɔn ani nka baabi a wɔwɔ no suban betumi asɛe. Wɔn ho tumi yeraw wɔn ma mpo wɔyɛ basabasa.

Ɔhaw foforo a mmoa a wɔyɛn wɔn nkurow akɛse mu de ba ne wo a wɔwo ntɛmtɛm no. Wobu akontaa sɛ afe biara wɔwo nkraman ɔpepem 17 ne nnyinammoa ɔpepem 30 wɔ United States. Wɔde wɔn mu ɔpepem pii kɔ mmeae a wɔhwɛ mmoa so, na wɔ saa ɔman no nkutoo mu no, afe biara wokunkum nyɛmmoa a wɔte saa no mu bɛyɛ ɔpepem anan kosi ɔpepem asia.

Dɛn nti na wɔde mmoa pii kɔ mmeae a wɔhwɛ wɔn so no? Mpɛn pii nea ɛde ba ne sɛ ɛnkyɛ na anigye a wɔwɔ wɔ ayɛmmoa ho no abrɛ ase. Ɛnkyɛ na kraman ba anaa agyinamoa ba a ne ho yɛ anika no anyin ayɛ aboa kɛse a ehia sɛ wɔma ani ku ne ho. Nanso ebia na obiara nni fie a ɔwɔ adagyew anaa abotare a ɔne ayɛmmoa no bedi agoru anaa ɔbɛtete no. Mmoa ho nimdefo ne nhoma kyerɛwfo, Oduruyɛfo Jonica Newby ka sɛ: “Nea ɛne adwene a nnipa pii wɔ nhyia no, nhwehwɛmu a wɔayɛ wɔ wiase nyinaa ma ɛda adi bere nyinaa sɛ ɛnyɛ po a wɔapo nkraman dodow no ara nti na ɛma wɔde wɔn kɔ mmeae a wɔhwɛ mmoa so no, na mmom pɔw a wɔpɔw tuatua nkurɔfo aso, nneɛma a wɔsɛe no, ne wɔn ho a ɛyɛ den dodo no haw wɔn wuranom.”

Intanɛt so amanneɛbɔ bi a ɛfa ayɛmmoa a wɔredɔɔso dodo ho bɔ tebea no tɔfa wɔ saa kwan yi so: “Abɔde a nkwa wom abɛyɛ sɛ sumina so ade, sɛ ɛho yɛ anika a, yɛn ani gye ho, na sɛ yenhia bio a na yɛatow akyene. Ani a wobu gu mmoa so saa no abu so baabiara na ɛnyɛ suban pa.”

Nneɛma a Ehia sɛ Yesusuw Ho

Sɛ wobɛyɛn mmoa, titiriw wɔ kurow kɛse mu a, ɛsɛ sɛ wususuw nneɛma ho yiye. Mmoa a wɔn ho yɛ den hia sɛ da biara da wode wɔn pue kokyinkyin ma wɔn ho sisi wɔn ho so. “Ɔmanfo ne Ayɛmmoa Ho Nhwehwɛmu” a wɔyɛe wɔ Australia kyerɛ sɛ: “Sɛ wode kraman nantenantew ma ɔteɛteɛ n’apɔw mu a, ɛboa no ma ne ho yɛ den na ɛma n’adwene yɛ adwuma yiye. Sɛ nkraman anteɛteɛ wɔn apɔw mu sɛnea ɛsɛ a, ebetumi ayɛ den sɛ wobɛhwɛ wɔn so.” Nanso nkraman wuranom pii befi adwuma aba afie no, na wɔabrɛ dodo sɛ wɔde wɔn nkraman bɛnantenantew ama wɔn ho atɔ wɔn.

Enti ɛsɛ sɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wɔyɛn mmoa no bisa wɔn ho nsɛm yi: ‘So metumi ahwɛ m’ayɛmmoa so yiye? So m’ayɛmmoa no bɛka fie da mu nyinaa a obiara nhwɛ no so? So menya adagyew de m’ayɛmmoa anantenantew anaa me ne no adi agoru? Sɛ me kraman hia ntetee a, so masiesie me ho sɛ mɛyɛ saa anaa ɛsɛ sɛ mede no kɔ beae a wɔde ntetee ma wɔn no? So aboa a mɛyɛn no no begye bere a mede yɛ nneɛma a ehia paa no?’

Ade foforo a ɛsɛ sɛ wususuw ho ne ɛka a wubetumi abɔ wɔ ayɛmmoa no ho. Nnipa a wɔwɔ ayɛmmoa ho nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ United States no bɛdaa adi sɛ, sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, ɛka a wɔbɔ afe biara de sa kraman biako yare no si dɔla 196, na wɔbɔ agyinamoa nso ho ka dɔla 104. Nokwarem no, ɛka a wɔbɔ wɔ wɔn adidi ne nneɛma afoforo a ehia ho no nka ho. Bio nso, wɔ aman bi mu no, wotua mmoa ho tow.

Ɛyɛ Den sɛ Yebenya Ayɛmmoa Ho Adwene a Ɛkari Pɛ

Sɛ yɛkyerɛ mmoa a yɛn Bɔfo no abɔ wɔn no ho anigye, na yɛda tema adi kyerɛ wɔn a, n’ani gye. Ɛnde, so wunnye ntom sɛ ɛnyɛ papa sɛ yɛbɛyɛ mmoa ayayade? Nanso, wɔtaa ma mmoa bi te sɛ nantwinini, nkraman, ne nkokɔ kõ, yɛ wɔn ho ayayade, na wokunkum wɔn ho ma nnipa hwɛ de gyigye wɔn ani. Awerɛhosɛm ne sɛ, ɔkwan a nnipa ne mmoa di no nna tema a Onyankopɔn wɔ ma mmoa no adi.

Nea ɛne eyi bɔ abira no, nnipa binom dwen nyɛmmoa ho kɛse sen nsɛm a ehia paa mpo. Nokwasɛm ne sɛ, nnipa a wɔn ani gye mmoa ho mmoroso no betumi ama nyɛmmoa nkwa ho ahia wɔn kɛse asen nnipa de mpo. Ɛho nhwɛso ni, bere a ogya tɔɔ mmoa ayaresabea bi mu no, nnipa a na wɔabɔ dɔmpem wɔ abɔnten a wɔwɔ ayɛmmoa no binom de nusu bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɔ awura “odumgyafo kuw a na wɔatwa hɔ ahyia no mu sɛ wɔpɛ sɛ wɔne wɔn nyɛmmoa a wɔn ani gye wɔn ho no wu.”

Ɛwom, sɛ wuhu sɛ ayɛmmoa a w’ani gye ne ho rewu a, ebetumi ahyɛ wo awerɛhow. Nanso wɔ tebea a ɛte saa mu mpo no, ɛsɛ sɛ wokari pɛ. Sɛnea yɛadi kan ahu no, Onyankopɔn ammɔ mmoa wɔ ne suban so, na saa ara nso na wammɔ wɔn sɛ wɔntra ase daa sɛnea ɛte wɔ nnipa fam no. Ɛdefa sɛnea Onyankopɔn bɔɔ nnipa ho no, Bible ka sɛ: “Ɔde daa nkwa ahyɛ yɛn adwene mu.” Nanso ɔnkaa biribi a ɛte saa mfaa mmoa ho.—Ɔsɛnkafo 3:11, Byington.

Ne saa nti, Bible nka sɛ ɛyɛ mfomso sɛ obi bekum mmoa—nokwasɛm ne sɛ, seesei nnipa pii de yɛ aduan di. Sɛ ayɛmmoa rehu amane a, wubetumi akum no? Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ ahometew sɛ wubesi gyinae a ɛte saa! Nanso obi a n’ani gye ayɛmmoa ho betumi asi gyinae sɛ, sɛ́ obekum aboa no ntɛm a ɔmma no nni yaw no ye sen sɛ ɔbɛsɛe sika pii wɔ aduyɛ a ɛbɛma aboa no ateetee akyɛ ho—na mpo ebetumi ama abusua no abɔ ka pii.

Sɛ Onyankopɔn dɔ nnipa a wabɔ wɔn no a, so ɛnsɛ sɛ yɛn nso yɛdɔ mmoa a ɔde wɔn ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛnhwɛ wɔn no? Nnipa a wɔwɔ mmoa ho dɔ a ɛte saa no ani begye anidaso a yɛwɔ sɛ yɛne mmoa bebom atra sɛnea yɛn Bɔfo no bɔɔ ne tirim mfiase no ho. Ɔfã a yɛde bewie nsɛm a edidi so yi bɛka nyɛmmoa ho nsɛm a ɛte saa.

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Dɛn nti na afe biara wokum nyɛmmoa ɔpepem pii a wɔwɔ beae a wɔhwɛ mmoa so no?

[Asɛm Fibea]

© Hulton-Deutsch Collection/CORBIS

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16, 17]

Sɛ wobɛyɛn mmoa titiriw wɔ kurow kɛse mu a, ɛhwehwɛ pii sen sɛnea nnipa pii susuw no

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Sɛ yɛne mmoa di no yiye a, yɛn Bɔfo no ani gye