Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛyɛ Adwumam Anaa Akono?

Ɛyɛ Adwumam Anaa Akono?

Ɛyɛ Adwumam Anaa Akono?

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ GERMANY HƆ

“Afei ná mintumi nnyina ano bio. Na me ne adwumakuw no ayɛ adwuma bɛboro mfe 30, anya dibea sɛ adwuma sohwɛfo. Saa bere no ara na yenyaa adwumam panyin foforo. Ɔyɛ aberante a na ɔyɛ nnam, a na ɔwɔ adwuma no ho nimdeɛ pii. Na osusuw sɛ mesiw adwuma no nkɔso kwan, enti ofii ase haw me. Bere a ɔyeyaw me, kaa me ho nsɛmmɔne, guu m’anim ase asram pii no, mantumi anyina ano bio. Enti bere a adwumakuw no maa me sika sɛ menkɔ pɛnhyen no, mepenee so.”—Peter. *

NÁ Peter yɛ wɔn a wosisi wɔn wɔ adwumam no mu biako. Wɔ Germany, faako a Peter te no, wobu nkontaa sɛ nnipa bɛyɛ 1,200,000 na wɔteetee wɔn wɔ adwumam. Wɔ Netherlands no, ɛnyɛ dɛn ara a nnipa 4 biara mu 1 behyia adwumam ateetee ansa na wakɔ pɛnhyen. Na amanneɛbɔ bi a efi Amanaman Ntam Adwumayɛfo Ahyehyɛde hɔ ka sɛ, adwumayɛfo a wɔteetee wɔn no yɛ ɔhaw a ɛreyɛ kɛse wɔ Australia, Austria, Britain, Denmark, Sweden, ne United States. Nanso dɛn koraa ne saa ateetee a ɛkɔ so wɔ adwumam no?

“Akutiabɔ”

Sɛnea German atesɛm krataa Focus kyerɛ no, ateetee a ɛkɔ so wɔ adwumam no yɛ “ɔhaw a ɛtaa kɔ so mpɛn pii.” Ɛsen kasantwi a ɛkɔ so wɔ adwumam—te sɛ akutiabɔ, kasatia, serew a wɔserew obi anaa obi ho a wɔgoro—a etumi sɛe obi adwene no. Nea enti a wɔyɛ saa ne sɛ wobeyi onii no baako ahyɛ ne nsa ma n’ani so atan no wɔ adwuma no mu. *

Ɔhaw no tumi fi akayɔ nketenkete so kosi nsɛmmɔnedi a etumi pira obi ankasa. Wɔtaa di wɔn a wɔyɛ wɔn saa no ho nseku, yeyaw wɔn, kasa kyerɛ wɔn abufuw so, munamuna kyerɛ wɔn. Wɔhyɛ da ma wɔn mu bi yɛ adwuma boro so anaasɛ wɔma wɔn nkutoo yɛ nnwuma a ɛyɛ den a obiara mpɛ sɛ ɔyɛ no. Adwumayɛfo no bi betumi asɛe onii no adwuma denam nsɛm a ohia a ebia wɔde bɛkame no so. Ɛtɔ mmere bi a, wɔn a wɔteetee nkurɔfo yi tumi pae wɔn kar tae anaasɛ wobuebue wɔn kɔmputa so bere a wonni ho kwan sɛ wɔyɛ saa.

Ɛtɔ da a, onipa biako pɛ tumi teetee obi wɔ adwumam. Nanso mpɛn pii no, adwumayɛfo binom ka wɔn ti pam ho tu wɔn ani si odwumayɛni biako so teetee no.

Nea ɛyɛ nwonwa koraa wɔ asɛm no mu ne sɛ mpɛn pii no, wobɛhwɛ na adwumam panyin paa no nim ho bi. Nhwehwemu bi a wɔyɛe wɔ Europa no maa ɛbɛdaa adi sɛ ateetee no mu fã fi adwuma so ahwɛfo, na mpɛn pii no, wɔn ankasa na wodi saa nsɛmmɔne no. Sɛnea German atesɛm krataa Frankfurter Allgemeine Zeitung kyerɛ no, eyi nyinaa ma “akutiabɔ ne ateetee kɔ so kyɛ” wɔ adwumam.

Ɛnyɛ Adwuma Nko na Ɛsɛe

Mpɛn pii no, ɛnyɛ adwumam nko na ateetee no sɛe ade. Wɔn a wɔteetee wɔn no tumi fa ho nya nyarewa a emu yɛ den. Nyarewa a ateetee tumi ma wonya no bi ne adwenemhaw, kɔdaanna, na ɛma wɔtaa bɔ birim. Ɔhaw bɛn na Peter a yɛfaa n’asɛm kae mfiase no hyiae? Ɔtee nka sɛ n’anim ayɛ hare paa. Ɔbea bi a ɔno nso fi Germany a wɔfrɛ no Margaret kae sɛ ne duruyɛfo tuu no fo sɛ ɔnkɔhwehwɛ mmoa wɔ adwenemyare ayaresabea. Dɛn ntia? Esiane adwumam ateetee nti. Adwumam ateetee betumi asɛe obi aware anaa n’abusua.

Wɔ Germany no, adwumam ateetee abu so araa ma adwumakuw bi a wɔboa ma wotua ayaresa ho ka no ayɛ nhyehyɛe ma wɔn a wɔteetee wɔn no tumi frɛ wɔn wɔ telefon so hwehwɛ wɔn hɔ mmoa. Adwumakuw no behui sɛ wɔn a wɔfrɛɛ wɔn wɔ telefon so no mu fã kɛse no ara ntumi nyɛ adwuma ntoa so adapɛn asia, wɔn mu nkyem abiɛsa mu biako ntumi nyɛ adwuma ntoa so asram abiɛsa, na wɔn a wɔboro ɔha mu nkyem 10 ntumi ntoa so nyɛ adwuma mmoro asram abiɛsa. Germanfo nnuruyɛ ho nsɛmma nhoma bi bu nkontaa sɛ “wɔn a wodi wɔn ho dɔm no mu ɔha mu nkyem 20 yɛ wɔn a wɔteetee wɔn wɔ adwumam.”

Ɛda adi pefee sɛ, ateetee betumi ama adwumam ayɛ hu. So ɔkwan bi wɔ hɔ a wobetumi afa so asiw ano? Ɔkwan bɛn so na asomdwoe betumi atra adwumam?

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 3 Wɔasesa din ahorow a ɛwɔ nsɛm yi mu.

^ nky. 6 Akontaabu kyerɛ sɛ wɔtaa haw mmea wɔ adwumam sen mmarima, nanso ɛnyɛ nwonwa esiane sɛ mmea taa ka wɔn nsɛm kyerɛ hwehwɛ ho mmoa nti.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 4]

Ateetee ma akutiabɔ kɔ so kyɛ wɔ adwumam