Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Abusua Bi Gyidi Ho Sɔhwɛ

Abusua Bi Gyidi Ho Sɔhwɛ

Abusua Bi Gyidi Ho Sɔhwɛ

INDIA yɛ abeawa hoɔfɛfo a wadi mfe akron a ofi Wisconsin, U.S.A., nanso ɔtaa yare. Nokwarem no, wɔayɛ no oprehyɛn akɛse abiɛsa ne nketewa pii dedaw. Lori a ɔyɛ abofra no maame no ka sɛ: “Mfe asia ni, bere biara a yɛde India bɛkɔ ayaresabea no, na ehia sɛ wɔhwɛ no ntɛm, wogye no to hɔ, na yɛkɔ oduruyɛfo nkyɛn.”

Bere a India dii afe ne fã no na yare yi fii ase. Ná ne yam taa hwie, ne ho yɛ hyew kɛse, n’afuru tumi yɛ kapuu, na ne so tumi tew ma ɛyɛ hu. Afei nso na ne yam taa yɛ ne yaw. Bɛyɛ mfe abien no, na da biara India su anadwo, si apini, na ɛtɔ mmere bi mpo a, yaw ma osu teɛteɛm.

India kɔɔ so huu amane kɛse bere a na nnuruyɛfo rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nhwehwɛmu ahu nea ɛhaw no no. Lori ka sɛ: “Ná ɔkɔm rekum yɛn ba no.” India papa Mark nso ka sɛ, “na yehu sɛ yɛn babea no so retew, nanso na yenhu nea yɛnyɛ mfa mmoa no. Mekae sɛ anadwo bi, m’abam bui koraa ma me ne Lori kaa India ayi a yɛbɛyɛ ho asɛm, efisɛ na yenim sɛ saa bere no de, ɛnyɛ dɛn ara a obewu.”

Awiei koraa no, wobehui sɛ India anya akisikuru wɔ ne nsono akɛse no mu. Afei nso na wanya yare bi wɔ ne bɔnwoma ntini mu. Na wobetumi ako nyarewa yi. Nanso na ehia sɛ wɔyɛ ne berɛbo no ho oprehyɛn, na wɔma no aduru a ɔbɛnom ma akum akisikuru a ɛwɔ ne nsono mu no. Wɔ tebea yi nyinaa mu no, na ehia sɛ wɔma ani kũ ne ho bere nyinaa na wɔhwɛ no yiye bere a ne ho retɔ no no.

India yare no fii ase bɛboro mfe ason ni. Esiane sɛ nnuruyɛfo maa wɔn ani kuũ wɔn adwuma ho nti, ne ho retɔ no. Sɛ́ Yehowa Adansefo no, Mark ne Lori te nka sɛ Onyankopɔn Asɛm mu gyidi a wonyae—ne titiriw nea ɛka fa ɔyare, owu ne owusɔre a daakye ɛbɛba ho no—na aboa wɔn ma wɔatumi agyina. Ɛboaa India nso saa ara. Lori ka sɛ “India taa kyerɛkyerɛ owusɔre anidaso a Bible ka ho asɛm no mu a onsuro. Ogye di ankasa.”

Bere bi a na India wɔ beae a mmofra di agoru wɔ ayaresabea hɔ no, ohyiaa abeawa bi a na ne nuabea anya mogya mu kokoram. Lori ka nea esii no ho asɛm sɛ: “Abeawa no ka kyerɛɛ India sɛ osuro sɛ ebia na ne nuabea no awu. Afei India kyerɛkyerɛɛ abeawa no nea Bible ka fa owu ho mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔno de, onsuro sɛ obewu. Ade kyee no, abeawa no maame bebisaa me nsɛm. Sɛnea India de akokoduru kaa nsɛm a ɛte saa no yɛɛ no nwonwa.”

Mark ne Lori ahu sɛ mpae a mfɛfo gyidifo bɔ maa wɔn no boaa wɔn paa. Mark ka sɛ: “Bere bi a atwam no, sɛ meka kyerɛ nnipa bi sɛ mɛkae wɔn mpaebɔ mu anaasɛ me ne wɔn bom bɔ mpae a, na misusuw sɛ ɛyɛ ade ketewaa bi. Seesei, mahu hia a na mpae a me ne wɔn bom bɔ anaa mebɔ ma afoforo no ho hia no. Ná mpaebɔ ne ade titiriw a wobetumi ayɛ de aboa yɛn wɔ yɛn ahohia bere no mu. Hwɛ sɛnea yɛwɔ anuanom a wɔdɔ yɛn!”

Mark te nka nso sɛ India yare no aboa wɔn ama wɔahwehwɛ nneɛma a ɛho hia wɔn paa wɔ asetram no mu. Ɔka sɛ: “Sɛnea yebu honam fam nneɛma no asesa koraa. Sɛ wo ba yare a, ɛte sɛ nea nneɛma no so nni mfaso biara no! Nneɛma a na ɛsom bo ma yɛn wɔ asetram saa bere no ne yɛne Yehowa Nyankopɔn ntam abusuabɔ ne yɛn nuanom a wɔdɔ yɛn no.”

Mark, Lori, India ne ne nuanom mpanyimfo nyinaa hwɛ bere a odiyifo Yesaia kaa ho asɛm siei yi kwan: ‘Ɔmanfo no mu biara renka sɛ, meyare.’—Yesaia 33:24; Adiyisɛm 21:4.

[Mfonini wɔ kratafa 30]

India Erickson

[Mfonini wɔ kratafa 31]

San Diego Mmofra Ayaresabea

[Mfonini wɔ kratafa 31]

India ne n’abusua